Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 11/15 kr. 8-13
  • Ahosodi​—Dɛn Nti Na Ɛho Hia Saa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ahosodi​—Dɛn Nti Na Ɛho Hia Saa?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti a Ahosodi Ho Hia Kɛse
  • Kɔkɔbɔ Nhwɛso Horow
  • Nea Ɛsɛ sɛ Yedi So
  • Nea Enti a Ahosodi Yɛ Ade a Ɛyɛ Den Kɛse
  • Ahosodi Aba A Yɛbɛsow
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Da Ahosodi Adi, Na Woanya Nkonim Bo no!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Monkyerɛ Mo Nimdeɛ Mu Ahosodi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Nya Ahosodi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 11/15 kr. 8-13

Ahosodi​—Dɛn Nti Na Ɛho Hia Saa?

“Mommɔ mmɔden nyinaa mfa nka ho, na monkyerɛ mo gyidi mu mmaninyɛ, ne mmaninyɛ no mu nimdeɛ, ne nimdeɛ no mu [ahosodi].”​—2 PETRO 1:5, 6.

1. Nipadua a wotumi hyɛ so wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so ho nhwɛso bɛn na ɛdaa adi wɔ afeha a ɛto so 19 no mu?

AKYINNYE biara nni ho sɛ Charles Blondin na ɔde sɛnea wotumi hyɛ nipadua no so wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa sen biara so ho nhwɛso biako mae wɔ afeha a ɛto so 19 no mu mfe a etwa to no mu. Sɛnea amanneɛbɔ biako kyerɛ no, otwaa Niagara Falls mpɛn dodow bi, ɔnam hama a ne tenten yɛ mita 340 a ɛwɔ soro mita 50 wɔ nsu no so no so na otwaa nea edi kan wɔ 1859 mu. Ɛno akyi no, ɔnam akwan horow so twae wɔ mmere horow mu: otwae bere a wɔakata n’ani, n’anan hyɛ kotoku mu, a opia kudoo, ɔde nnua nantew, ne bere a obi hyɛ n’akyi. Bere foforo nso, ɔde nnua a ɔde nantew buu afurupata wɔ hama a ɛsa soro mita 52 so. Sɛ wobɛyɛ saa a worenhwe ase a, ɛhwehwɛ sɛ wohyɛ wo nipadua so yiye. Blondin nyaa din ne ahonyade sɛ n’akatua.

2. Dwumadi afoforo bɛn na ɛhwehwɛ sɛ wɔhyɛ nipadua no so?

2 Ɛwom sɛ nnipa kakraa bi na wobetumi ayɛ biribi a ɛbɛn eyi mpo de, nanso yɛn nyinaa nim sɛnea ehia sɛ wɔhyɛ nipadua no so wɔ adwuma ho nimdeɛ a wɔde di dwuma anaasɛ agumadi mu no. Sɛ nhwɛso no, bere a odwontofo bi reka ahokokwaw kɛse a na sankubɔfo Vladimir Horowitz a wagye din, a wawu no de bɔ sankɔ ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Me de, nea na ɛyɛ me nwonwa ne ahosodi a edi mũ nka a wote no . . ., ahoɔden kɛse a enni ano a ɔde di dwuma a wote nka no.” Horowitz ho amanneɛbɔ foforo kaa “nsateaa a na ɔde bɔ no ntɛmntɛm a ɛyɛɛ biribiara pɛpɛɛpɛ wɔ mfe aduɔwɔtwe mu” ho asɛm.

3. (a) Dɛn ne ahosodi a ɛyɛ den sen biara, na wɔakyerɛ ase dɛn? (b) Hela asɛmfua a wɔakyerɛ ase “ahosodi” wɔ Bible no mu no kyerɛ dɛn?

3 Egye mmɔdenbɔ kɛse na woatumi ayɛ nneɛma a ɛte saa. Nanso, nea ehia kɛse na ɛyɛ den ne obi ankasa ho so a odi. Wɔakyerɛ ase sɛ “obi ankasa nkate anaasɛ n’akɔnnɔ so a ɔhyɛ.” Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu no, wɔakyerɛ asɛmfua a wɔakyerɛ ase “ahosodi” wɔ 2 Petro 1:6 (New World Translation) ne mmeae afoforo no ase sɛ “su a obi a otumi di n’apɛde ne n’akɔnnɔ so, ne titiriw ne honam akɔnnɔ so wɔ.” Wɔaka obi ho so a odi ho asɛm sɛ “ade a ɛsen biara a onipa betumi ayɛ.”

Nea Enti a Ahosodi Ho Hia Kɛse

4. Ahosodi a wɔnna no adi ama wɔatwa aba bɔne bɛn?

4 Hwɛ aba a ahosodi a wonni ma wotwa! Ɛnnɛ wiase no mu ɔhaw pii no fi ahosodi a wonni titiriw. Ampa, yɛwɔ “nna a edi akyiri” no mu, bere a ‘mmere a emu yɛ den aba.’ Mpɛn pii no adifudepɛ nti, nnipa “nnya ahosodi,” na biako ne yɛ a wɔyɛ “wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn.” (2 Timoteo 3:1-5, NW) Wɔama yɛahu nokware a ɛyɛ aniberesɛm yi pefee denam nnipa bɛboro 40,000 a wɔyɛɛ bɔne, a wotuu wɔn fii Kristofo asafo no mu wɔ ɔsom afe a etwaam no mu, esiane abrabɔ bɔne a anibere wom titiriw nti no so. Ɛsɛ sɛ yɛde pii a ɔbarima ne ɔbea nna mu abrabɔ titiriw nti wɔkaa wɔn anim, a ne nyinaa fi ahosodi a wɔanna no adi no ka ho. Nea ɛyɛ aniberesɛm nso ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ade koro no ara nti hokwan a ebinom a wɔayɛ mpanyimfo akyɛ wɔ no nyinaa afi wɔn nsa sɛ ahwɛfo no.

5. Yebetumi akyerɛkyerɛ sɛnea ahosodi ho hia no mu dɛn?

5 Yebetumi de kar akyerɛkyerɛ sɛnea ahosodi hia no mu. Ɛwɔ ntwahonan anan a etumi ma ɛkɔ, engine a ɛwɔ ahoɔden kɛse a etumi ma saa anan no twa ne ho ntɛmntɛm, ne breki a ebetumi ama agyina. Nanso, asiane betumi aba, gye sɛ obi ka kar no de kyerɛ faako a ɛsɛ sɛ anan no kɔ, sɛnea ɛsɛ sɛ etwa ne ho ntɛmntɛm, bere a ɛsɛ sɛ egyina, denam stia no a obekyinkyim, ogya no so a obetia ne breki no a ɔde bedi dwuma no so.

6. (a) Ɔdɔ ho nnyinasosɛm bɛn na yebetumi de adi dwuma wɔ ahosodi nso ho? (b) Afotu bɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem?

6 Ɛsɛ sɛ wɔkɔ so si sɛnea ahosodi ho hia no so dua daa. Yebetumi aka nea ɔsomafo Paulo kae wɔ 1 Korintofo 13:1-3 faa sɛnea ɔdɔ ho hia ho no afa ahosodi nso ho. Sɛnea ebia yɛn ano atew sɛ baguam akasafo no mfa ho, nimdeɛ ne gyidi kɛse a ebia yɛanya afi adesua pa mu no mfa ho, nneɛma a ebia yɛyɛ ma afoforo nya mu mfaso no mfa ho, sɛ yɛanna ahosodi adi a, ne nyinaa yɛ ɔkwa. Ɛsɛ sɛ yɛma Paulo nsɛm yi tra yɛn adwenem: “Munnnim sɛ wɔn a wosi ammirika kane no, wɔn nyinaa tu mmirika no de, nanso obiako na onya nkonimbo no? Muntu mmirika saa ara, na moanya bi. Na obiara a osi agumadi kane no, ɔda ahosodi adi wɔ ade nyinaa mu.” (1 Korintofo 9:24, 25, NW) Nea ɛbɛboa yɛn ma yɛada ahosodi adi wɔ nneɛma nyinaa mu ne Paulo kɔkɔbɔ a ɛwɔ 1 Korintofo 10:12 no: “Nea ɛyɛ no sɛ ogyina hɔ nhwɛ yiye, na wanhwe ase.”

Kɔkɔbɔ Nhwɛso Horow

7. (a) Ɔkwan bɛn so na ahosodi a wɔanna no adi fii ase sɛee adesamma abusua no? (b) Ahosodi a wɔanna no adi ho nhwɛso ahorow a edi kan bɛn na Kyerɛwnsɛm no de ma yɛn?

7 Esiane sɛ Adam maa nkate na ɛnyɛ adwene kyerɛɛ nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ nti, wantumi anna ahosodi adi. Esiane eyi nti, “bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae.” (Romafo 5:12) Awudi a ɛdi kan no nso fi ahosodi a wɔanna no adi, efisɛ na Yehowa Nyankopɔn abɔ Kain kɔkɔ sɛ: ‘Ɛdɛn nti na wo bo afuw, na ɛdɛn nti na woamuna yi? Bɔne butuw ɔpon ano, nanso di no so.’ Esiane sɛ Kain anni bɔne so nti, okum ne nua Habel. (Genesis 4:6-12) Lot yere nso anna ahosodi adi. Wantumi anko antia sɔhwɛ a ɛma ɔhwɛɛ n’akyi no. Dɛn na ahosodi a wanna no adi no ma ɔhweree? Ne nkwa ankasa!​—Genesis 19:17, 26.

8. Tete mmarima baasa bɛn osuahu na ɛde sɛnea ɛho hia sɛ yenya ahosodi ho kɔkɔbɔ ma?

8 Yakob abakan Ruben kandi fii ne nsa efisɛ wanna ahosodi adi. Oguu n’agya Yakob mpa ho fi denam n’ayefam mu biako a ɔne no dae no so. (Genesis 35:22; 49:3, 4; 1 Beresosɛm 5:1) Esiane sɛ Mose bo fuwii wɔ sɛnea Israelfo no de wɔn anwiinwii ne wɔn atuatew sɔɔ no hwɛe ho nti, wɔde hokwan kɛse a ɛne Bɔhyɛ Asase no so a ɔbɛkɔ no kamee no. (Numeri 20:1-13; Deuteronomium 32:50-52) Ɔhene Dawid ɔnokwafo mpo, ‘Onyankopɔn koma so barima’ no tɔɔ ɔhaw kɛse mu, esiane ahosodi a wanna no adi bere bi nti. (1 Samuel 13:14; 2 Samuel 12:7-14) Nhwɛso ahorow a ɛte sɛɛ nyinaa de kɔkɔbɔ pa ma sɛ ɛsɛ sɛ yɛda ahosodi adi.

Nea Ɛsɛ sɛ Yedi So

9. Kyerɛw nsɛm bɛn na esi sɛnea ahosodi ho hia so dua?

9 Nea edi kan koraa no, ahosodi fa yɛn nsusuwii ne yɛn nkate ho. Wɔtaa de nsɛmfua te sɛ “koma” ne “asabo” di dwuma wɔ sɛnkyerɛnne kwan so de ka eyinom ho asɛm wɔ Kyerɛwnsɛm no mu. Nea yɛde yɛn adwene si so boa yɛn anaasɛ esiw yɛn kwan wɔ mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛsɔ Yehowa ani no mu. Sɛ yebetie Kyerɛwnsɛm mu afotu a ɛwɔ Filipifo 4:8, a ese yɛnkɔ so nnwen nea a ɛyɛ nokware, nea ɛho tew, ne nea ɛwɔ din pa ho no a, ahosodi ho hia. Odwontofo no daa adwene a ɛte saa ara adi wɔ mpaebɔ mu se: “Ma . . . me komam nkɔmmɔ nsɔ w’ani, [Yehowa] me Botan ne me Gyefo.” (Dwom 19:14) Mmara nsɛm a ɛto so du​—mma w’ani mmere biribiara a ɛyɛ wo yɔnko de​—no hwehwɛ sɛ obi di ne nsusuwii so. (Exodus 20:17) Yesu sii sɛnea yɛn nsusuwii ne yɛn nkate so a yebedi no yɛ aniberesɛm no so dua, bere a ɔkaa eyi no: “Obiara a ɔhwɛ ɔbaa na ne kɔn dɔ no no, na wafa no ne komam dedaw.”​—Mateo 5:28.

10. Bible kyerɛw nsɛm bɛn na esi sɛnea ehia sɛ yɛhwɛ yɛn kasa yiye so dua?

10 Ahosodi fa yɛn nsɛm, yɛn kasa nso ho. Kyerɛw nsɛm pii na ɛde afotu ma yɛn sɛ yɛnto yɛn tɛkrɛma nnareka. Nhwɛso ni: “[Nokware] Nyankopɔn wɔ ɔsoro, na wo de, wowɔ asase so; enti ma wo nsɛm nyɛ kakraa bi.” (Ɔsɛnkafo 5:2) “Mfomso mpa ɔkasa dodow mu, na nea osianka n’ano yɛ onimdefo.” (Mmebusɛm 10:19) “Mommma asɛm a ɛmfra biara mmfi mo anom, na mmom asɛm a eye na ɛma nkɔso a ehia . . . Momma wonyi anobow ne bobɔne nyinaa. . . ɛne bɔnepɛ nyinaa mfi mo mu.” Na Paulo kɔ so tu yɛn fo sɛ yennyae nkwaseasɛm ne nsɛnkwaa a ɛnsɛ ka.​—Efesofo 4:29, 31; 5:3, 4.

11. Yakobo ka ɔhaw a ɛne tɛkrɛma a yɛbɛto no nnareka ho asɛm dɛn?

11 Yesu ne na ba Yakobo, kasa tia tɛkrɛma a wɔnto no nnareka no, na ɔkyerɛ sɛnea ɛyɛ den sɛ yebedwudwo tɛkrɛma no. Ɔka sɛ: “Saa ara na tɛkrɛma nso yɛ ɔhonam akwaa mu ketewa, nanso ɛhoahoa ne ho ade kɛse ho. Ogya ketewa nso, monhwɛ kwae kɛse a ebetumi asɔ! Na tɛkrɛma nso yɛ ogya. Tɛkrɛma wɔ yɛn akwaa mu a ɛyɛ nea ɛnteɛ. Ɛde nkekae keka nipadua nyinaa, na ɛsɔ nkwa nkyimii a etwa ne ho fi awo mu no, na efi amanehunu kurow no mu na wɔasɔ ano. Na ntɔteboa ne ntakraboa ne mmoa a ɛwɔ po mu su nyinaa, nnipa de wɔn su dwudwo wɔn, na wɔadwudwo wɔn. Na tɛkrɛma de, onipa biara ntumi nnwudwo no, ɛyɛ ade bɔne a ɛyɛ keka, awuduru ayɛ no ma. Ɛno na yɛde hyira [Yehowa] ne Agya no, ɛno ara nso na yɛde dome nnipa a wɔayɛ wɔn Onyankopɔn suban so. Ano koro no ara mu na nhyira ne nnome fi. Me nuanom, ɛnsɛ sɛ eyinom ba saa!”​—Yakobo 3:5-10.

12, 13. Kyerɛw nsɛm a ɛkyerɛ sɛnea ehia sɛ yɛhwɛ yɛn suban yiye no bi ne nea ɛwɔ he?

12 Nokwarem no, ahosodi fa yɛn nneyɛe ho. Beae biako a ahosodi kɛse ho hia ne yɛne wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu no ntam abusuabɔ. Wɔhyɛ Kristofo sɛ: “Munguan ɔbarima ne ɔbea ntam nna mu ɔbrasɛe.” (1 Korintofo 6:18, New International Version) Wotu okununom fo sɛ wɔne wɔn ankasa yerenom nkutoo na ennya ɔbarima ne ɔbea nna mu kyɛfa, na nea wɔka kyerɛɛ wɔn no fa bi ne sɛ: “Nom w’abura mu nsu ne nsu a ɛsen fi wo nsuti mu.” (Mmebusɛm 5:15-20) Wɔka kyerɛ yɛn pefee sɛ “nguaman ne awaresɛefo de, Onyankopɔn bebu wɔn atɛn.” (Hebrifo 13:4) Wɔn a wobenya ahokwafo akyɛde no titiriw hia ahosodi.​—Mateo 19:11, 12; 1 Korintofo 7:37.

13 Yesu twaa yɛne yɛn mfɛfo nnipa ntam nsɛnnii ho asɛm no nyinaa tiawa, bere a ɔde nea wɔfrɛ no “Mmara Pa” no mae se: “Enti ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara; na eyi na mmara ne adiyifo no kyerɛ.” (Mateo 7:12) Ampa, egye ahosodi na yɛamma pɛsɛmenkominya su horow a yɛwɔ no anaasɛ wɔn a wɔnyɛ asafo no mufo nhyɛso anaasɛ sɔhwɛ ahorow amma yɛne afoforo anni wɔ ɔkwan a ɛne sɛnea yɛpɛ sɛ wɔne yɛn di no bɔ abira so.

14. Afotu bɛn na Onyankopɔn Asɛm de ma wɔ aduan ne nsa ho?

14 Afei aduan ne nsa ho ahosodi ho asɛm no nso wɔ hɔ. Onyankopɔn Asɛm tu fo nyansam sɛ: “Mfra sadweamfo, ne wɔn a wodi nam fuu no mu.” (Mmebusɛm 23:20) Yesu de kɔkɔbɔ mae wɔ yɛn nna yi ho titiriw sɛ: “Na monhwɛ mo ho so yiye, na potwaa ne asabow ne nkwa yi mu nneɛma ho dadwen ne haw anhyɛ mo koma so, na ɛda no ammɛto mo mpofirim te sɛ afiri.” (Luka 21:34, 35) Yiw, ahosodi fa yɛn nsusuwii ne yɛn nkate, nsɛm a yɛka ne yɛn nneyɛe ho.

Nea Enti a Ahosodi Yɛ Ade a Ɛyɛ Den Kɛse

15. Ɔkwan bɛn so na Kyerɛwnsɛm no kyerɛ sɛ ahosodi a Kristofo bɛda no adi a Satan sɔre tia no yɛ nokware?

15 Ahosodi nya nyɛ mmerɛw, na sɛnea Kristofo nyinaa nim no, yɛwɔ tumi abiɛsa a wɔko tia ahosodi a yɛbɛda no adi no. Wɔn a wodi kan ne Satan ne n’adaemone. Kyerɛwnsɛm no ma yehu pefee sɛ wɔwɔ hɔ ampa. Enti, yɛkenkan sɛ “Satan hyɛn” Yuda “mu” ansa na ɔrekoyi Yesu ama. (Yohane 13:27) Ɔsomafo Petro bisaa Anania sɛ: “Adɛn nti na Satan ahyɛ wo koma ma sɛ bedi atoro kyerɛ honhom kronkron?” (Asomafo no Nnwuma 5:3) Petro bɔɔ kɔkɔ nso wɔ ɔkwan a ɛfata sen biara so sɛ: “Mo ani nna hɔ, monwɛn, efisɛ mo tamfo Bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene.”​—1 Petro 5:8.

16. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo nya ahosodi wɔ wiase yi mu?

16 Bere a Kristofo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛda ahosodi adi no, ɛsɛ sɛ wɔne wiase yi a ɛda “ɔbɔne,” Satan Ɔbonsam “mu no” di ako. Yohane kyerɛw eyi ho asɛm sɛ: “Monnnɔ wiase anaa nneɛma a ɛwɔ wiase. Sɛ obi dɔ wiase a, agya no dɔ nni ne mu. Na nea ɛwɔ wiase nyinaa, honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetra mu ahohoahoa, emfi agya no, na mmom efi wiase. Na wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.” Sɛ yɛanna ahosodi adi, na yɛanko antia su biara a ɛbɛma yɛadɔ wiase no a, ne nkɛntɛnso bedi yɛn so, te sɛ nea ɛyɛɛ Paulo kan yɔnko dwumayɛni Dema no.​—1 Yohane 2:15-17; 5:19; 2 Timoteo 4:10.

17. Ahosodi ho ɔhaw bɛn na wɔde woo yɛn?

17 Sɛ Kristofo no, sɛ yebetumi ako atia yɛn ankasa honam fam mmerɛwyɛ ne sintɔ a yenya fii awo mu na yɛadi nkonim a, yehia ahosodi nso. Yɛrentumi nkwati nokwasɛm a ɛne sɛ “onipa komam adwene yɛ bɔne fi ne mmofraase” no. (Genesis 8:21) Te sɛ Ɔhene Dawid no, ‘wɔwoo yɛn amumɔyɛ mu, na bɔne mu na yɛn nanom nyinsɛn yɛn.’ (Dwom 51:5) Abofra a wɔawo no foforo nnim ahosodi ho hwee. Sɛ ɔpɛ biribi a, ɔkɔ so su kosi sɛ wɔde bɛma no. Mmofra ntetee ho amanneɛbɔ biako se: ‘Sɛnea mmofra dwen no yɛ soronko koraa wɔ sɛnea mpanyimfo yɛ no ho. Mmofra yɛ ahopɛfo, na wɔntaa nnye nsɛm a ɛdan adwene sen biara a ntease wom ntom, efisɛ wontumi “nte nka mma afoforo.’” Ampa, “agyimisɛm kyekyere abofra koma ho.” Nanso, sɛ wɔde “nteɛso abaa” di dwuma a, nkakrankakra osua sɛ yɛwɔ mmara ahorow a ɛsɛ sɛ odi so, na ɛsɛ sɛ wosiw pɛsɛmenkominya ano.​—Mmebusɛm 22:15.

18. (a) Sɛnea Yesu kyerɛ no, su horow bɛn na ɛwɔ sɛnkyerɛnne kwan so koma no mu? (b) Paulo nsɛm bɛn na ɛkyerɛ sɛ na onim ahosodi ho ɔhaw no?

18 Yiw, sɛ edu bere a ɛsɛ sɛ yɛda ahosodi adi a, yɛn pɛsɛmenkominya su horow a wɔde woo yɛn no ma ɛyɛ den sɛ yɛbɛyɛ saa. Saa su horow no wɔ sɛnkyerɛnne kwan so koma no mu, nea Yesu kaa ho asɛm sɛ: “Na koma mu na adwemmɔne, awudisɛm, ayerefasɛm, aguamansɛm, awifosɛm, adansekurum ne abususɛm fi.” (Mateo 15:19) Ɛno nti na Paulo kyerɛwee sɛ: “Na papa a mepɛ no, menyɛ, na mmom bɔne a mempɛ no, ɛno na meyɛ. Na sɛ nea mempɛ no meyɛ a, ɛnde ɛnyɛ me na meyɛ bio, na mmom ɛyɛ bɔne a ɛte me mu no.” (Romafo 7:19, 20) Nanso, na ɛnyɛ tebea a Paulo yɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye, efisɛ Paulo kyerɛwee sɛ: “Mehyɛ me nipadua ahometew, na midi no nya, na mereka asɛm makyerɛ ebinom yi, m’ankasa manyɛ nea ɔmfra.” Na ne nipadua a ɔbɛhyɛ no ahometew no hwehwɛ sɛ ɔda ahosodi adi.​—1 Korintofo 9:27.

19. Dɛn nti na Paulo tumi kaa no yiye sɛ ɔhyɛɛ ne nipadua ahometew?

19 Na Paulo betumi aka sɛ ɔhyɛ ne nipadua ahometew, efisɛ nipadua mu ɔhaw pii te sɛ mogya mmoroso, ntini mu yare, kɔda anna, tipae, ayamtim, ne nea ɛkeka ho ma ahosodi a yɛbɛda no adi no yɛ den. Yebesusuw su horow ne nneɛma a ɛbɛboa yɛn ma yɛada ahosodi adi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

So Wokae?

◻ Dɛn nti na ahosodi ho hia?

◻ Wɔn a esiane ahosodi a na wonni nti wɔhweree nneɛma ahorow ho nhwɛso no bi ne nea ɛwɔ he?

◻ Nneɛma bɛn mu na ɛsɛ sɛ yɛda ahosodi adi?

◻ Atamfo baasa bɛn na wɔma ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛda ahosodi adi?

[Mfonini wɔ kratafa  10]

Ɛsɛ sɛ Kristofo nya ahosodi wɔ adidi ne asanom mu

[Mfonini wɔ kratafa  11]

Ahosodi bɛboa yɛn na yɛanni nseku a epira

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 8]

Historical Pictures Service

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena