Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w91 11/15 kr. 13-18
  • Ahosodi Aba A Yɛbɛsow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ahosodi Aba A Yɛbɛsow
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Suro ne Bɔne Tan
  • Ahosodi, Adeyɛ a Nyansa Wom
  • Ɔdɔ a Pɛsɛmenkominya Nnim Boa
  • Gyidi ne Ahobrɛase sɛ Aboafo
  • Ahosodi Wɔ Abusua Kɔntɔnkrɔn no Mu
  • Mmoa a Onyankopɔn De Ma a Yɛde Bedi Dwuma
  • Ahosodi​—Dɛn Nti Na Ɛho Hia Saa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Da Ahosodi Adi, Na Woanya Nkonim Bo no!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Monkyerɛ Mo Nimdeɛ Mu Ahosodi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Nya Ahosodi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
w91 11/15 kr. 13-18

Ahosodi Aba A Yɛbɛsow

“Na honhom aba ne ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, ahosodi. Mmara bi ngu eyinom.”​—GALATIFO 5:22, 23, New World Translation.

1. Henanom na wɔde ahosodi ho nhwɛso pa a ɛsen biara ama yɛn, na kyerɛw nsɛm bɛn na ɛma yehu?

YEHOWA NYANKOPƆN ne Yesu Kristo de ahosodi ho nhwɛso pa a ɛsen biara ama yɛn. Efi bere a onipa yɛɛ asoɔden wɔ Eden turo no mu no, ‘Yehowa akɔ so ada su yi adi. (Fa toto Yesaia 42:14 ho.) Yɛkenkan mpɛn akron wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu sɛ “n’abodwo kyɛ.” (Exodus 34:6) Ɛno gye ahosodi. Na akyinnye biara nni ho sɛ Onyankopɔn Ba no daa ahosodi kɛse adi, efisɛ “wɔyaw no, na wanyaw bi.” (1 Petro 2:23) Nanso, na anka Yesu betumi abisa ne soro Agya no ma ɔde “abɔfo asafotow dumien ne akyiri” abɛboa no.​—Mateo 26:53.

2. Ahosodi a nnipa a wɔnyɛ pɛ daa no adi ho nhwɛso pa bɛn na yɛwɔ wɔ kyerɛwnsɛm mu?

2 Yɛwɔ ahosodi a nnipa a wɔnyɛ pɛ daa no adi ho nhwɛso pa ahorow bi wɔ Kyerɛwnsɛm no mu. Sɛ nhwɛso no, agya panyin Yakob ba Yosef yii su yi adi wɔ asɛm titiriw bi a esii wɔ n’asetra mu no mu. Hwɛ ahosodi ara a Yosef daa no adi bere a Potifar yere bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛdaadaa no no! (Genesis 39:7-9) Hebrifo mmerantewa baanan a wɔdaa ahosodi adi denam pow a wopowee sɛ wonnni Babilon hene nnuan esiane sɛ Mose Mmara no bara nti no so ho nhwɛso nso wɔ hɔ.​—Daniel 1:8-17.

3. Nnipakuw bɛn na wɔde wɔn suban pa nim wɔn, na adanse bɛn na ɛma yehu?

3 Sɛ yɛpɛ nnɛ bere mu ahosodi ho nhwɛso horow a, yebetumi atwe adwene asi Yehowa Adansefo sɛ kuw no so. Nkamfo a New Catholic Encyclopedia de ma wɔn no fata wɔn​—kyerɛ sɛ wɔyɛ “wiase no mu akuw a emufo bu bra pa sen biara no mu biako.” Philippine sukuupɔn kyerɛkyerɛfo bi kae sɛ “Adansefo no de nea wosua fi Kyerɛwnsɛm no mu di dwuma pɛpɛɛpɛ.” Polandni sɛnkyerɛwfo bi kaa Adansefo no nhyiam a wɔyɛe wɔ Warsaw wɔ 1989 mu ho asɛm sɛ: “Nnipa 55,000 annom sigaret biako mpo nnansa! . . . Mede anigye ne ahodwiriw kyerɛɛ ahosodi a ɛkyɛn nea nnipa da no adi yi ho anisɔ.”

Onyankopɔn Suro ne Bɔne Tan

4. Nneɛma a ɛboa kɛse sen biara a ɛma yɛda ahosodi adi mu biako ne dɛn?

4 Mmoa a ɛsen biara wɔ ahosodi nya mu no mu biako ne Onyankopɔn suro, yɛ a yɛrenyɛ nea ɛnsɔ yɛn ɔsoro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no ani ho osuro pa. Yebetumi ahu sɛnea ehia sɛ yenya Onyankopɔn suro pa no denam nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Kyerɛwnsɛm no ka ho asɛm mpɛn pii no so. Bere a Abraham de ne ba Isak rebɛbɔ afɔre no, Onyankopɔn kae sɛ: “Mfa wo nsa nka abarimaa no, nso nyɛ no hwee, na afei mahu sɛ wusuro Onyankopɔn, na woankame me wo ba koro no.” (Genesis 22:12) Esiane sɛ na wahaw kɛse nti, ebia egyee Abraham ahosodi kɛse ansa na ɔredi Onyankopɔn ahyɛde so kosii sɛ ɔmaa ne sekan so sɛ ɔde rekum ne ba Isak a ɔdɔ no no. Yiw, Onyankopɔn suro bɛboa yɛn ma yɛada ahosodi adi.

5. Dwuma bɛn na bɔne tan di wɔ ahosodi a yɛbɛda no adi no mu?

5 Nea ɛne Yehowa suro sɛ yiye ne bɔne a yebekyi. Yɛkenkan wɔ Mmebusɛm 8:13 sɛ: “[Yehowa] suro ne bɔne tan.” Bɔne tan nso boa yɛn ma yɛda ahosodi adi. Mpɛn pii no, Kyerɛwnsɛm no ka kyerɛ yɛn sɛ yɛntan​—yiw, yenkyi​—bɔne. (Dwom 97:10; Amos 5:14, 15; Romafo 12:9) Bɔne taa yɛ nea ɛyɛ anigye kɛse, ɛsɔ yɛn hwɛ yiye, ɛtwetwe akɔnnɔ kɛse ma enti ɛsɛ sɛ yɛtan na ama yɛahyɛ yɛn ho den ako atia. Bɔne a yɛbɛtan no saa no hyɛ mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛda ahosodi adi no mu den, ma enti ɛbɔ yɛn ho ban.

Ahosodi, Adeyɛ a Nyansa Wom

6. Dɛn nti na nyansa wom sɛ yebesiw yɛn pɛsɛmenkominya su horow ano denam ahosodi a yɛbɛda no adi no so?

6 Ade foforo a ɛbɛboa wɔ ahosodi a yɛbɛda no adi no mu ne sɛ yebehu nyansa a ɛwɔ saa su yi a yɛbɛda no adi no mu. Yehowa ka kyerɛ yɛn sɛ yɛnna ahosodi adi na ayɛ mfaso ama yɛn ankasa. (Fa toto Yesaia 48:17, 18 ho.) N’Asɛm kura afotu pii a ɛkyerɛ sɛnea nyansa wom sɛ yebesiw yɛn pɛsɛmenkominya su horow ano denam ahosodi a yɛbɛda no adi no so! Yɛrentumi nkwati Onyankopɔn mmara ahorow a ɛnsakra no. N’Asɛm ka kyerɛ yɛn sɛ: “Nea onipa gu no, ɛno ara na obetwa. Nea ogu gu ne honam so no fi honam mu betwa porɔwee, na nea ogu gu honhom so no fi honhom mu betwa daa nkwa.” (Galatifo 6:7, 8) nhwɛso a ɛda adi pefee no fa adidi ne asanom ho. Esiane sɛ nnipa didi anaa wɔnom nsa tra so nti, ɛde nneɛma bɔne pii ba. Pɛsɛmenkominya a ɛte sɛɛ a obi ma ho kwan no ma ohwere obu a ɔwɔ no. Nea ɛsen saa no, obi rentumi mma pɛsɛmenkominya kwan a ɔrensɛe ɔne afoforo ntam abusuabɔ nso. Nea anibere wom sen biara no, ahosodi a yenni sɛe yɛne yɛn soro Agya ntam abusuabɔ.

7. Mmebusɛm nhoma no asɛmti titiriw bi ne dɛn, na Bible kyerɛw nsɛm bɛn na ɛkyerɛ saa?

7 Enti, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ka kyerɛ yɛn ho sɛ pɛsɛmenkominya ma yɛhwere ade mmom. Mmebusɛm nhoma no asɛmti titiriw bi a esi ahohyɛso so dua ne sɛ mfaso nni pɛsɛmenkominya so, na nyansa wɔ ahosodi a wɔda no adi no mu. (Mmebusɛm 14:29; 16:32) Na momma yɛnhyɛ no nsow sɛ nneɛma pii wɔ ahohyɛso mu sen bɔne a yɛbɛkwati ara kwa. Yehia ahohyɛso anaa ahosodi nso na yɛayɛ nea ɛteɛ, ade a ne yɛ betumi ayɛ den esiane sɛ ɛko tia yɛn bɔne su horow nti.

8. Osuahu bɛn na esi nyansa a ɛwɔ ahosodi a yɛbɛda no adi mu no so dua?

8 Nea ɛkyerɛ sɛ nyansa wɔ ahosodi a wɔda no adi mu no ne Yehowa Ɔdansefo bi a na ogyina sikakorabea santento bi mu bere a ɔbarima bi betwaa ne ho kogyinaa n’anim asɛm no. Ɛwom sɛ ɛyɛɛ Ɔdansefo no ahi kakra de, nanso ɔdaa ahosodi adi. Na ɛsɛ sɛ okohu mfidwumayeni bi ma ɔde ne nsa hyɛ Ahenni Asa ho nkrataa ase saa da no ara. Na hena ne saa mfidwumayeni no? Ɔbarima a otwaa ne ho kogyinaa n’anim wɔ sikakorabea hɔ no ara! Ɛnyɛ adamfofa su nko na mfidwumayeni no daa no adi, na mmom nso sika a ogyee Ɔdansefo no nnu nea wogye no mu nkyem du mu biako mpo. Hwɛ anigye ara a Ɔdansefo no nyae sɛ ɔdaa ahosodi adi saa da no, sɛ wamma anhyɛ no abufuw!

9. Sɛ wɔyeyaw yɛn wɔ yɛn som adwuma no mu a, dɛn na nyansa wom sɛ yɛyɛ?

9 Mpɛn pii no, sɛ yɛkɔka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa wɔ afie afie, anaasɛ yegyina borɔn so mantwea bi sɛ yɛrebɔ mmɔden akanyan wɔn a wotwam no ma wɔanya yɛn nkrasɛm no ho anigye a, wɔyeyaw yɛn. Dɛn na nyansa wom sɛ yɛyɛ? Wɔaka anyansasɛm yi wɔ Mmebusɛm 15:1 sɛ: “Mmuae bɔkɔɔ sianka anibere.” Ɔkwan foforo so no, ehia sɛ yɛda ahosodi adi. Ɛnyɛ Yehowa Adansefo nkutoo na wɔahu sɛ eyi yɛ nokware, na mmom afoforo nso ahu saa ara. Nnuruyɛfo rehu ayaresa tumi a ahosodi wɔ no kɛse.

Ɔdɔ a Pɛsɛmenkominya Nnim Boa

10, 11. Dɛn nti na ɔdɔ boa ankasa wɔ ahosodi a yɛbɛda no adi no mu?

10 Ɔdɔ ho nkyerɛkyerɛmu a Paulo de ama wɔ 1 Korintofo 13:4-8 no kyerɛ sɛ tumi a ɔdɔ wɔ no betumi aboa ma yɛada ahosodi adi. “Ɔdɔ wɔ abodwokyɛre.” Egye ahosodi na obi anya abodwokyɛre. “Ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw; ɔdɔ nyɛ ahoahoa, ɛnhoran.” Ɔdɔ su boa yɛn ma yedi yɛn nsusuwii ne yɛn nkate horow so, ma yesiw su biara a ɛbɛma yɛayɛ ahoɔyaw, ahoahoa yɛn ho, anaasɛ yɛahoran no ano. Ɔdɔ kanyan yɛn ma yɛyɛ nea ɛne eyi bɔ abira, ɛma yɛbrɛ yɛn ho ase, nya ahobrɛase adwene te sɛ Yesu.​—Mateo 11:28-30.

11 Paulo toa so ka sɛ ɔdɔ ‘nyɛ ne ho sɛnea ɛmfata.’ Egye ahosodi nso na ama yɛayɛ ade ɔkwan a ɛfata so bere nyinaa. Ɔdɔ su mma yɛnyɛ adifudepɛ, ɛmma ‘yɛnhwehwɛ yɛn ankasa nkutoo de.’ Ɔdɔ “bo mfuw.” Hwɛ sɛnea ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛn bo befuw esiane nea afoforo ka anaasɛ wɔyɛ nti! Nanso ɔdɔ bɛboa yɛn ma yɛada ahosodi adi, na yɛanka anaasɛ yɛanyɛ nneɛma a akyiri yi yebenu yɛn ho wɔ ho. Ɔdɔ ‘mfa bɔne nhyɛ ne yam.’ Nnipa su ne sɛ wobenya afoforo ho menasepɔw anaasɛ wɔde wɔn ho abufuw bɛhyɛ wɔn mu. Nanso ɔdɔ bɛboa yɛn ma yɛayi nsusuwii a ɛte sɛɛ afi yɛn adwenem. Ɔdɔ ‘ani nnye nea ɛnteɛ ho.’ Egye ahosodi na yɛatan nea ɛnteɛ, te sɛ ɔbrasɛe anaasɛ TV so dwumadi a ɛsɛe ɔbra pa. Ɔdɔ ‘tie ade nyinaa,’ na “egye ade nyinaa di.” Egye ahosodi na yɛagyina nneɛma ano, na yɛagyina sɔhwɛ anaa ɔhaw a emu yɛ den ano, na amma yɛampa abaw, amma yɛamfa bɔne antua bɔne so ka, anaasɛ yɛannya ɔpɛ sɛ yebegyae Yehowa som.

12. Dɛn ne ɔkwan biako a yɛbɛfa so akyerɛ nea Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo ayɛ ama yɛn no nyinaa ho anisɔ?

12 Sɛ yɛdɔ yɛn soro Agya no ampa, na yɛkyerɛ ne su horow a ɛyɛ nwonwa ne nea wɔayɛ ama yɛn nyinaa ho anisɔ a, yɛbɛpɛ sɛ yɛsɔ n’ani denam ahosodi a yɛbɛda no adi bere nyinaa no so. Afei nso, sɛ yɛdɔ yɛn Awurade ne Yɛn Wura Yesu Kristo ankasa, na yɛkyerɛ nea wayɛ ama yɛn nyinaa ho anisɔ a, yebedi n’ahyɛde a ese ‘yɛmfa yɛn asɛndua na yɛnkɔ so nni n’akyi’ no so. (Marko 8:34) Akyinnye biara nni ho sɛ ɛno hwehwɛ sɛ yɛda ahosodi adi. Ɔdɔ ma yɛn Kristofo nuanom no nso remma yempira wɔn denam pɛsɛmenkominya ade bi a yɛbɛyɛ no so.

Gyidi ne Ahobrɛase sɛ Aboafo

13. Dɛn nti na gyidi betumi aboa yɛn ma yɛanya ahosodi?

13 AAde foforo a ɛbɛboa yɛn kɛse wɔ ahosodi a yɛbɛda no adi mu ne Onyankopɔn ne ne bɔhyɛ ahorow mu gyidi. Gyidi betumi ama yɛanya Yehowa mu ahotoso, na yɛatwɛn bere a ɛsɛ a obesiesie nneɛma no. Ɔsomafo Paulo ka asɛnkoro no ara bere a ɔka wɔ Romafo 12:19 sɛ: “Adɔfo, munnnidi mo ho were, . . . Na wɔakyerɛw sɛ: Me na aweredi wɔ me, me ara metua ka, [Yehowa] na ɔka saa.” Ahobrɛase nso betumi aboa yɛn wɔ saayɛ mu. Sɛ yɛwɔ ahobrɛase a, yɛremma yɛn bo mfuw ntɛmntɛm esiane sɛ yesusuw sɛ wɔayɛ yɛn biribi anaa wɔayɛ saa ampa nti. Yɛremfa mmara no nyɛ nea yɛpɛ ntɛm ara, sɛ yɛbɛka no saa a, na mmom yebenya ahosodi ne ɔpɛ sɛ yɛbɛtwɛn Yehowa.​—Fa toto Dwom 37:1, 8 ho.

14. Osuahu bɛn na ɛkyerɛ sɛ wɔn a wonni ahosodi kɛse mpo no betumi anya bi?

14 Wɔma yehu nea ɛkyerɛ sɛ yebetumi asua sɛnea yɛbɛda ahosodi adi no pefee wɔ ɔbarima bi a na ne bo haw no no osuahu no mu. Na ne koma haw no araa ma bere a dede a ɔne ne papa yɛe nti wɔkɔfrɛɛ polisifo bae no, ɔbɔɔ polisifo baasa hwee fam ansa na afoforo tumi kyeree no! Nanso, ankyɛ ɔne Yehowa Adansefo bɔe na osuaa sɛnea wɔda ahosodi, Onyankopɔn honhom aba no biako no adi. (Galatifo 5:22, 23) Ɛnnɛ, wɔ mfe 30 akyi no, ɔbarima yi da so ara som Yehowa wɔ nokwaredi mu.

Ahosodi Wɔ Abusua Kɔntɔnkrɔn no Mu

15, 16. (a) Dɛn na ɛbɛboa okunu ma wada ahosodi adi? (b) Ahosodi ho hia titiriw wɔ tebea bɛn mu, na osuahu bɛn na ɛma yehu? (d) Dɛn nti na ɔyere hia ahosodi?

15 Akyinnye biara nni ho sɛ ahosodi ho hia wɔ abusua kɔntɔnkrɔn no mu. Dɔ a okunu bɛdɔ ne yere sɛ n’ankasa ho no hwehwɛ sɛ ɔda ahosodi kɛse adi wɔ ne nsusuwii, nsɛm a ɔka, ne ne nneyɛe mu. (Efesofo 5:28, 29) Yiw, egye ahosodi na okununom adi ɔsomafo Petro nsɛm a ɛwɔ 1 Petro 3:7 yi so: “Okununom, mo ne wɔn ntra nimdeɛ mu saa ara.” Bere a ne yere nyɛ gyidini no titiriw na ebehia sɛ okunu da ahosodi adi.

16 Nhwɛso ni: Na ɔpanyin bi wɔ ɔyere a onnye nni a ne koko haw no yiye. Nanso, ɔdaa ahosodi adi, na onyaa mu mfaso araa ma ne duruyɛfo ka kyerɛɛ no sɛ: “John, ebia awosu mu no, wowɔ boasetɔ yiye anaasɛ ɔsom a ɛwɔ tumi yiye.” Yɛwɔ ɔsom a ɛwɔ tumi yiye, efisɛ “Onyankopɔn amma yɛn ehu honhom, na mmom ahoɔden ne ɔdɔ ne adwenemtew de,” na etumi ma yɛda ahosodi adi. (2 Timoteo 1:7) Afei nso, egye ahosodi na ɔyere abrɛ ne ho ase, ne titiriw bere a ne kunu nyɛ gyidini no.​—1 Petro 3:1-4.

17. Dɛn nti na ahosodi ho hia wɔ ɔwofo ne ɔba ntam abusuabɔ mu?

17 Ahosodi nso ho hia wɔ ɔwofo ne ɔba ntam abusuabɔ mu. Sɛ awofo benya mma a wɔwɔ ahosodi a, ɛsɛ sɛ wɔn ankasa di kan yɛ nhwɛso pa. Na sɛ mmofra hia nteɛso bi a, ɛsɛ sɛ wɔde ma wɔ odwo ne ɔdɔ mu, ade a egye ahosodi ankasa. (Efesofo 6:4; Kolosefo 3:21) Afei nso, sɛ mmofra bɛkyerɛ sɛ wɔdɔ wɔn awofo ankasa a, ɛhwehwɛ sɛ wɔyɛ osetie, na akyinnye biara nni ho sɛ osetie hwehwɛ ahosodi.​—Efesofo 6:1-3; fa toto 1 Yohane 5:3 ho.

Mmoa a Onyankopɔn De Ma a Yɛde Bedi Dwuma

18-20. Dɛn ne honhom mu nsiesiei abiɛsa a ɛsɛ sɛ yɛde di dwuma de nya su horow a ɛbɛboa yɛn ma yɛada ahosodi adi?

18 Sɛ yebenyin wɔ Onyankopɔn suro mu, wɔ ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim mu, wɔ bɔne tan mu, ne ahosodi mu a, ehia sɛ yɛde mmoa a Yehowa de ama no nyinaa di dwuma. Ma yensusuw honhom mu nsiesiei abiɛsa a ebetumi aboa yɛn ma yɛanya ahosodi no ho. Nea edi kan koraa no, yɛwɔ hokwan a ɛsom bo a ɛne mpaebɔ. Yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ wɔn a wonni adagyew koraa sɛ wɔbɛbɔ mpae. Yiw, ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ ‘yennnyae mpaebɔ da,’ na ‘yebekura mpaebɔ mu daa.’ (1 Tesalonikafo 5:17; Romafo 12:12) Momma yɛmmɔ ahosodi a yebenya no ho mpae. Nanso sɛ yentumi nna ahosodi adi a, momma yɛmfa ahonu nsrɛ yɛn soro Agya no hɔ fafiri.

19 Ade a ɛto so abien a ɛbɛboa yɛn ma yɛada ahosodi adi ne sɛ yebenya mmoa a efi Onyankopɔn Asɛm ne nhoma a ɛboa yɛn ma yɛte Kyerɛwnsɛm no ase na yɛde di dwuma no sua mu ba no. Ɛyɛ mmerɛw kɛse sɛ yebebu yɛn ani agu yɛn ɔsom kronn no fã yi so! Ɛsɛ sɛ yɛda ahosodi adi, na yɛkɔ so ka kyerɛ yɛn ho sɛ nhoma a ehia sɛ wɔkenkan biara nni hɔ a ɛsen Bible no ne nea “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de ma no, ma enti ɛsɛ sɛ yɛde di kan. (Mateo 24:45-47) Wɔaka no yiye sɛ yɛrentumi nyɛ biribiara wɔ yɛn da biara asetra mu, nanso ɛsɛ sɛ yɛpaw nea yɛde yɛn bere bɛyɛ. So yɛyɛ honhom mufo ampa? Sɛ yɛma yɛn honhom mu ahiade ho asɛm hia yɛn a, yɛbɛda ahosodi a yehia no adi ma yɛadum TV no, na yɛasiesie yɛn ho ama yɛn nhyiam anaasɛ yɛakenkan Ɔwɛn-Aban a ebia aba foforo no.

20 Nea ɛto so abiɛsa ne sɛ yɛbɛkɔ yɛn asafo nhyiam horow ne nhyiam akɛse. So etwa sɛ yɛkɔ nhyiam a ɛte sɛɛ no nyinaa? Sɛ yɛkɔ a, so yesiesie yɛn ho sɛ yɛde yɛn ho behyem, na yɛyɛ saa bere a yenya hokwan no? Dodow a yɛkɔ yɛn nhyiam horow no, dodow no ara na ɛbɛhyɛ yɛn den wɔ yɛn bo a yɛasi sɛ yɛbɛda ahosodi adi wɔ tebea biara mu no mu.

21. Akatua a yebenya afi honhom aba a ɛne ahosodi a yebenya no mu bi ne nea ɛwɔ he?

21 Akatua bɛn na yɛhwɛ kwan sɛ yebenya afi mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛda ahosodi adi bere nyinaa no mu? Ade biako ne sɛ yɛrentwa pɛsɛmenkominya aba a ɛyɛ awerɛhow no da. Yebenya obu ama yɛn ho ne ahonim a emu tew. Yɛbɛkwati ɔhaw ahorow pii, na yɛakɔ so anantew nkwa kwan no so. Bio nso, yebetumi ayɛ afoforo papa a ɛsen biara. Nea ɛsen ne nyinaa no, yebedi Mmebusɛm 27:11 so: “Me ba yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm mabua nea ɔbɔ me ahohora.” Na ɛno ne akatua a ɛso sen biara a yebetumi anya​—hokwan a yɛde bɛma yɛn soro Agya Yehowa a ɔwɔ ɔdɔ no koma ani agye!

So Wokae?

◻ Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn suro boa yɛn ma yɛda ahosodi adi??

◻ Dɛn nti na ɔdɔ boa yɛn ma yɛda ahosodi adi?

◻ Ɔkwan bɛn so na ahosodi boa wɔ abusua mu abusuabɔ mu?

◻ Sɛ yebenya ahosodi a, nsiesiei bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde di dwuma pa?

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Yosef daa ahosodi adi bere a wɔsɔɔ no hwɛe no

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Odwo ne ɔdɔ mu a wofi de nteɛso ma abofra gye ahosodi ankasa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena