Buronya—Dɛn Nti Na Agye Din Wɔ Japan Saa?
BUDHAFO ne Shintofo man a ɛne Japan mu mmofra gye Papa Buronya di yiye. Japanfo mmofra kyerɛw nkrataa 160,000 kɔmaa Santa World wɔ Sweden wɔ 1989 mu. Ɔman foforo biara nni hɔ a ɛkyerɛw pii saa. Wɔkyerɛw nkrataa no a na wɔhwɛ kwan sɛ wobenya nea wɔn koma pɛ, ebia 18,000-yen (¢51,000) “Graphic Computer” agode, anaasɛ 12,500-yen (¢36,100) video so agoru afiri.
Japanfo mmeawa fam no, mmarimaa a wɔne wɔn bɛyɛ nhyehyɛe afi adi Da a wosi Buronya dua no kyerɛ biribi titiriw ma wɔn. Mainichi Daily News no se: “Sɛnea nsɛm a wobisabisaa mmabaa kyerɛ no, wɔn mu ɔha biara mu 38 kae sɛ na wɔayɛ nhyehyɛe ama Buronya dua si da no bere a aka ɔsram biako ma adu no. Mmerantewa kura adwene afoforo wɔ pɛ a wɔpɛ sɛ wɔne wɔn nnamfowanom bepue wɔ da a wosi Buronya dua no ho. Mmerante nsɛmma nhoma bi de nyansahyɛ ma sɛ: “Adwene a ɛyɛ papa ne sɛ wo ne w’adamfowa no bɛbom abɔ mpae wɔ kommyɛ mu. Monyɛ saa wɔ beae a ɛhɔ agye din. Mo ntam abusuabɔ no mu bɛyɛ den ntɛmntɛm.”
Japan kununom nso hwɛ kwan sɛ wɔnam wɔn Buronya amammerɛ a ɛne “keeki bi” a wɔbɛtɔ, bere a wofi adwuma rekɔ fie no so benya nkonyaayi tumi bi. Wɔkyerɛ sɛ yɛ a wɔyɛ wɔn ho sɛ Papa Buronya no ma wɔde biribi ma wɔn abusua de hyɛ wɔn ani a wobu gu wɔn so wɔ nna a aka wɔ afe no mu no ananmu.
Nokwarem no, Japanfo a wɔnyɛ Kristofo anya Buronya ho anigye yiye. Nokwarem no, wɔn a aguadibea bi bisabisaa wɔn nsɛm no mu ɔha biara mu 78 kae sɛ wɔyɛ biribi soronko ma Buronya. Sɛ wɔde toto ho a, wɔdɔɔso yiye wɔ ɔman a emufo mu ɔha biara mu nkyem 1 pɛ na wɔkyerɛ sɛ wogye Kristosom di no mu. Ɛwom sɛ wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Budhafo anaa Shintofo de, nanso ɛnhaw wɔn koraa sɛ wobedi “Kristofo” dapɔnna. Wɔ Shinto Ise a agye din no kalenda so no, wɔakyerɛw December 25 sɛ “Kristo awoda” de aka Japanfo afahyɛ ahorow ho. Nanso wɔn a wɔnyɛ Kristofo a wohu wɔn sɛ wɔregye wɔn ani yiye wɔ Buronya mu no ma asemmisa yi sɔre:
Buronya Yɛ Henanom Afahyɛ?
Webster’s Ninth New Collegiate Dictionary kyerɛ Buronya ase sɛ “Kristofo afahyɛ a wodi December 25 . . . a ɛkae Kristo awo.” Wɔabu no sɛ bere a ɛsɛ sɛ “Kristofo” “bom di Kristo awoda ho ahurusi.”
Ebia wɔn a wodi Buronya sɛ nyamesom afahyɛ ankasa no bebu wɔn a wɔnam anigye ne akyɛde a wɔde mema so dan saa da no wiasefo afahyɛ no sɛ wodi abufusɛm na wɔyɛ abusude mpo. Amerikani bi a ɔte Japan kyerɛwee sɛ: “Wɔ Japan no, ɛyɛ aguadi ankasa: ɛnyɛ Kristo.” Ɔfoforo kyerɛw Japanfo Buronyadi ho asɛm sɛ: “Sɛnea Apuei Famfo hu no no, ɛnyɛ krakum [a wɔntaa nhu wɔ Japanfo gua so no] na wunhu, na mmom nea ehia sen biara no, [Buronya] honhom no.”
Ɛnde, Buronya honhom no yɛ dɛn? So ɛyɛ asɔre ne emu anigye nnwom, nhwiren ne kyɛnere a pii de di dwuma wɔ asɔre a wɔkɔ no pɛnkoro afe biara no mu no? Anaasɛ ɛyɛ ɔdɔ, animtew, ne akyɛde a wɔde mema no na ɛkanyan ebinom ma woyi ayamye adi kyerɛ no? So ɛyɛ akono a ɛyɛ dinn bere a asraafo di “asomdwoe wɔ asase so” nna kakraa bi no?
Anwonwasɛm ne sɛ Buronya honhom no ntaa mfa asomdwoe mma fie mpo. Sɛnea 1987 nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ England kyerɛ no, wobuu akontaa sɛ ‘ofie ntɔkwaw’ besi wɔ Britaniafo afie ɔha biara mu kyem 70 mu wɔ saa afe no Buronya mu. Sika ho akasakasa titiriw na ɛde bɛba. Asanom pii ne obi abusua mu asɛyɛde a onni ho dwuma nso de ntɔkwaw ba.
Atɔe Famni bi a ɔte Japan, a ɔkɔɔ ne kurom wɔ afe a etwaam no Buronya bere no mu no kyerɛwee sɛ: “Mibisa sɛ ebia biribi wɔ nea Buronya kyerɛ ankasa ho a yenhui? Dec. 25 biara no, mete anigyina koro no ara nka sɛ mensan nkodi saa tete Buronya a ne bere atwam—abosonsomfo guasodeyɛ a wɔnam nnuasom ne agobɔne so hyɛ awɔw bere mu awia no ho fã. Yɛda so ara wɔ abosonsom nneɛma no nyinaa—nyankonnuru, nhwiren, buronya dua ne nea ɛkeka ho—nanso ɔkwan bi so no, Buronya nyɛɛ sɛnea na ɛte fi bere a Kristofo gyei na wɔdan no nyamesom afahyɛ no.”
Akyinnye biara nni ho sɛ Buronya yɛ abosonsom dapɔnna. The World Book Encyclopedia se: “Tete Kristofo no anni buronya efisɛ wobuu obiara awodadi sɛ abosonsom amanne.” Abosonsomfo afahyɛ a ɛne Saturnalia ne Afe Foforo na ɛde anigye ne akyɛde a wɔde ma wɔn ho wɔn ho no bae.
Sɛ Buronya yɛ abosonsom ankasa a, ɛsɛ sɛ nokware Kristofo bisa sɛ, So ɛsɛ sɛ Kristofo di Buronya? Ma yɛnhwɛ nea Bible no ka wɔ Kristo awodadi ho.
[Adaka wɔ kratafa 4]
Buronya Fibea
Ɛwom sɛ kyɛ a akyɛ no mma yenhu ho nkyerɛkyerɛmu a ɛyɛ pɛpɛɛpɛ no de, nanso ɛda adi sɛ eduu 336 Y.B. no, na Roman asɔre no di buronya bi. The New Encyclopœdia Britannica kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔhyɛɛ da de Buronya da no hyɛɛ December 25, na wɔde apia owia nyame no afahyɛ kɛse no ato nkyɛn.” Saa bere no na abosonsomfo de wɔn ho hyɛ agobɔne mu wɔ Romafo Saturnalia ne Celtic ne Germanfo awɔw bere afahyɛ no mu. The New Caxton Encyclopedia ka sɛ “asɔre no de hokwan no dii dwuma de dan afahyɛ ahorow yi Kristofo afahyɛ.”