Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 4/15 kr. 26-30
  • Ɔfã 1​—Yehowa Hwɛɛ Yɛn Bere A Na Wɔabara Yɛn No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔfã 1​—Yehowa Hwɛɛ Yɛn Bere A Na Wɔabara Yɛn No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔhaw Ahorow Mfiase
  • Wɔbara Yɛn Adwuma No
  • Nhyiamyɛ wɔ Bere a Wɔbaraa Yɛn no Mu
  • Me Dwumadi Titiriw a Edi Kan
  • Yehowa mu Ahotoso
  • Yehowa Hwɛ
  • Ɔfã 2​—Yehowa Hwɛɛ Yɛn Bere A Na Wɔabara Yɛn No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Ɔfã 3​—Yehowa Hwɛɛ Yɛn Bere A Na Wɔabara Yɛn No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Yehowa Adansefo A Wɔwɔ Europa Epuei Fam
    Nyan!—1991
  • Yehowa Dii M’akyi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 4/15 kr. 26-30

Ɔfã 1​—Yehowa Hwɛɛ Yɛn Bere A Na Wɔabara Yɛn No

Mfe du du pii no, na Yehowa Adansefo dwen wɔn nuanom a wɔwɔ aman a wɔato wɔn Kristofo dwumadi ahorow no ano hye wom mu no ho. Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛde nsɛm abiɛsa a ɛda nsɛm a esisii no bi adi no mu nea edi kan bɛma. Eyinom yɛ Kristofo anokwafo a wɔwɔ faako a anka wɔfrɛ hɔ sɛ East Germany no ankasa kyerɛwtohɔ.

WƆ 1944 mu no, na meyɛ Germanni ɔko mu deduani a mereyɛ adwuma wɔ ayaresabea wɔ Cumnock Camp a ɛbɛn Ayr, Scotland. Na wɔma mifi adi, ɛwom sɛ na wɔabara me sɛ me ne kurom hɔfo mmɔ de. Da koro Kwasida bi a na meretu mpase no, mihyiaa ɔbarima bi a ɔbɔɔ mmɔden yiye sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ Bible mu nsɛm mu akyerɛ me. Ɛno akyi no, na yɛtaa bom kotu mpase.

Ankyɛ ɔtoo nsa frɛɛ me ma mekɔɔ nhyiam bi wɔ ofi bi mu. Na ɔde ne ho reto asiane mu, efisɛ na meyɛ ɔman a wɔyɛ no tamfo muni. Saa bere no, manhu sɛ na ɔyɛ Yehowa Ɔdansefo​—ɛda adi sɛ na nhyiam no yɛ wɔn Bible adesua akuw nketewa no mu biako. Ɛwom sɛ na mente nsɛm no ase yiye de, nanso mekae abofra bi a ɔhyɛ atade fitaa yuu bi a ɔne gyata ne oguammaa gyina faako mfonini no yiye. Saa wiase foforo a wɔka ho asɛm wɔ Yesaia nhoma no mu ho mfonini no kaa me koma yiye.

Woyii me fii afiase wɔ December 1947 mu. Bere a mesan kɔɔ me man Germany mu no, mewaree Margit a na minim no ansa na ɔko no reba no. Yesii yɛn fie wɔ Zittau, a ɛbɛn Poland ne Czechoslovakia ahye so no. Nna kakraa bi ntam no, Yehowa Ɔdansefo bi bɛbɔɔ yɛn pon mu. Meka kyerɛɛ me yere sɛ: “Sɛ eyinom ne kuw no ara a mihyiaa wɔn wɔ Scotland no a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho bɔ wɔn.” Saa dapɛn no ara, yɛne Adansefo no kɔɔ yɛn nhyiam a edi kan.

Ankyɛ yesua fii Bible no mu sɛ ehia sɛ yɛkɔ Kristofo nhyiam horow daa, na yenya asɛnka adwuma no mu kyɛfa. Nokwarem no, ankyɛ koraa na nea Adansefo no kyerɛkyerɛɛ yɛn fii Bible no mu no bɛyɛɛ ade titiriw a ɛsen biara wɔ yɛn asetra mu. Ankyɛ mifii ase hwɛɛ kuw bi Bible adesua so. Afei, wɔ February 1950 mu no, Kristofo ahwɛfo akwantufo baanu bisae sɛ: “So mompɛ sɛ wɔbɔ mo asu?” Saa awia no ara me ne Margit de asubɔ yɛɛ yɛn ahosohyira ma Onyankopɔn ho sɛnkyerɛnne.

Ɔhaw Ahorow Mfiase

Na Zittau wɔ Germany fa a ɛhyɛ Rusia ase, na na wɔafi mmɔden a wɔbɔe sɛ wɔbɛhaw Yehowa Adansefo no ase wɔ 1949 mu. Yɛbrɛe yiye ansa na yɛrennya baabi ayɛ nhyiam ketewaa bi wɔ Bautzen. Afei, wotwaa keteke atitiriw a na yɛde bɛkɔ ɔmantam nhyiam kɛse wɔ Berlin no ho nhyehyɛe mu mpofirim wɔ ahohuru bere mu. Nanso, nnipa mpempem pii kɔe.

Wɔsɛee asafo nhyiam horow nso. Na ahawfo ba nhyiam no ase bɛteɛteɛm bɔ hwirema kɛkɛ. Da koro bi, ɛkame ayɛ sɛ wɔmaa ɔhwɛfo kwantufo bi gyaee ne kasa a ɔrema no. Nsɛm ho amanneɛbɔfo frɛɛ yɛn ɔsɛe ho adiyifo. Atesɛm nkrataa mu nsɛm mpo kyerɛe sɛ yɛaboaboa yɛn ho ano wɔ mmepɔw atifi retwɛn ma wɔabɛfa yɛn afa amununkum mu akɔ. Atesɛm nkrataa no faa mmeawa bi nsɛm kae sɛ Adansefo no bɔɔ mmɔden sɛ wɔne wɔn bebu ɔbra bɔne. Wokyinkyim nkyerɛkyerɛmu a ese ‘wɔn a wohyira wɔn ho so ma Yehowa no benya daa nkwa’ no ma ɛkae sɛ wɔn a wɔne Adansefo no bɛda ɔbarima ne ɔbea nna no benya daa nkwa.

Akyiri yi wɔbɔɔ yɛn sobo nso sɛ yɛyɛ wɔn a wɔma ɔko ba. Wɔkyerɛkyerɛɛ nea yɛkae wɔ Onyankopɔn Harmagedon ko ho no mu sɛ yɛhyɛ akodeyɛ akansi ne ɔko ho nkuran. Nkwaseasɛm bɛn ara ni! Nanso, wɔ August 1950 mu, bere a miduu ɛhɔnom atesɛm krataa adwumayɛbea a na meyɛ adwuma wɔ hɔ sɛ nhoma tintimfo sɛ merekɔyɛ adwuma anadwo no, wɔma migyinaa ɔpon no ano. Ɔwɛmfo a polisifo ka ne ho kae sɛ: “Wɔayi wo adi. Mo saa nnipa yi pɛ ɔko.”

Mesan kɔɔ fie no, Margit koma tɔɔ ne yam. Ɔkae sɛ: “Worenkɔ adwuma anadwo bio.” Anyɛ yɛn adwennwene. Ankyɛ minyaa adwuma foforo. Yɛde yɛn ho too Yehowa so sɛ ɔnhwɛ yɛn, na ɔyɛɛ saa.

Wɔbara Yɛn Adwuma No

August 31, 1950, no, wɔbaraa Yehowa Adansefo dwumadi wɔ German Democratic Republic mu. Wɔkyekyeree nnipa pii wɔ ɛno akyi. Wodii Adansefo asɛm, na wɔde ebinom too afiase wɔn nkwa nna nyinaa.

Komunistfo no de wɔn mu baanu a wofi Zittau, a na wɔahu amane wɔ adwumayɛban mu wɔ Nasifo ase no koguu afiase.

Wɔkyeree yɛn asafo no sohwɛfo ne ne yere. Wɔn a wɔkyeree wɔn no gyaw wɔn mma nkumaa baanu nkutoo wɔ fie hɔ sɛ wɔn ankasa nhwɛ wɔn ho. Mmofra no nananom bɛfaa wɔn, na mprempren mmeawa baanu yi nyinaa de nnamyɛ reka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm akyerɛ afoforo.

East Germany asafo ahorow no mu asomafo kɔɔ Berlin kɔfaa nhoma bae wɔ baabi a wɔde begu wɔ atɔe fam a wɔwɔ ahofadi no. Wɔkyeree asomafo akokodurufo yi mu pii, wodii wɔn asɛm wɔ asennibea na wɔde wɔn too afiase.

Polisifo baa yɛn fie da koro anɔpatutu sɛ wɔrebɛhwehwɛ hɔ. Na yɛhwɛ kwan sɛ wɔbɛba hɔ, enti na mede asafo no kyerɛwtohɔ nyinaa a na mehwɛ so no akogu aduannan bi a ɛwɔ kotokurodu twaw bi ho no mu. Mmoawa no anhaw me da, nanso bere a mmarima no fii ase hwehwɛɛ hɔnom no, kotokurodu no tow hyɛɛ wɔn so mpofirim. Nea mmarima no tumi yɛe ara ne sɛ woguan kɔpɛɛ hintabea!

Na Yehowa nam nhyiam horow a yɛyɛe wɔ 1949 mu no so asiesie yɛn ama bara a wɔbaraa yɛn no. Dwumadi no hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkɔ so nyɛ kokoam adesua, nkɔ nhyiam, nyɛ yɛn asɛnka adwuma no, na yɛmfa mmoa ne nkuranhyɛ mma yɛn ho yɛn ho. Eyi boaa yɛn ma yekuraa yɛn nokwaredi mu. Enti, ɛwom sɛ na nkurɔfo taa kasa tia yɛn dome yɛn de, nanso yɛamma eyi anhaw yɛn pii.

Nhyiamyɛ wɔ Bere a Wɔbaraa Yɛn no Mu

Wɔ amanneɛbɔ a ese wɔabara yɛn akyi no, me ne me mfɛfo Adansefo baanu hyiae susuw sɛnea yɛbɛkɔ so ayɛ asafo nhyiam horow no ho. Na asiane wɔ nhyiamkɔ mu, efisɛ na wɔ a wowɔ hɔ no betumi akyerɛ sɛ wobɛda afiase. Yɛkɔɔ yɛn mpɔtam hɔ Adansefo no nkyɛn. Na ebinom koma atu, nanso na ɛhyɛ nkuran sɛ obiara hui sɛ ehia sɛ ɔkɔ nhyiam horow.

Onigyeni bi a na ɔwɔ aduannan de mae sɛ yenhyiam wɔ hɔ. Ɛwom sɛ na aduannan no wɔ afuw bi mu, a obiara ani tuae de, nanso na ɔpon bi a wɔfa mu kosi ɔkwan bi so da akyi a wura mma wonhu. Enti wɔanhu akɔneaba a yedii no. Wɔ awɔw bere no mu nyinaa mu no, yɛde kyɛnere yɛɛ yɛn nhyiam horow, a na nnipa bɛyɛ 20 ba wɔ aduannan dedaw no mu. Na yehyia dapɛn biara kosua Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no, na yɛyɛ Ɔsom Nhyiam no. Wɔsakraa dwumadi no mu ma ɛne yɛn tebea horow hyiae, na na esi so dua sɛ yɛnyɛ hyew honhom mu. Ankyɛ yɛn ani gyei sɛ yɛmaa onigyeni yi ara akwaaba baa nokware no mu sɛ yɛn nua foforo.

Wɔ 1950 mfe no mfinimfini mu hɔ no, wɔtew asennibea asotwe no so, na woyii anuanom binom fii afiase. Wotwaa wɔn mu pii asu kɔɔ West Germany. Wɔ me fam no, nneɛma sakrae mpofirim bere a onua bi a ofi West Germany bɛsraa yɛn no akyi.

Me Dwumadi Titiriw a Edi Kan

Onua no frɛɛ ne ho sɛ Hans. Wɔ yɛn nkɔmmɔbɔ no akyi no, ɔka kyerɛɛ me sɛ memmra baabi wɔ Berlin. Bere a mihuu agyiraehyɛde no wɔ ɔpon no anim no, wɔka kyerɛɛ me sɛ memmra mu. Nnipa baanu bɛkaa me ho na wɔne me bɔɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye. Afei wɔkae nea wɔpɛ sɛ wɔyɛ: “Sɛ wɔma wo dwumadi titiriw bi a, so wubegye atom?”

Mibuae sɛ: “Mɛyɛ saa.”

Wɔkae sɛ: “Eye, nea yɛpɛ sɛ yehu nyinaa nen. Nantew yiye.”

Adapɛn abiɛsa akyi no, wɔka kyerɛɛ me sɛ mesan mmra Berlin, na mekɔɔ saa ɔdan no mu bio. Bere a wɔde Zittau ne hɔ mpɔtam ho asase mfonini maa me no, anuanom no kaa atirimpɔw titiriw nti a wɔfrɛɛ nhyiam yi ho asɛm. Yentumi ne Adansefo a wɔwɔ mpɔtam hɔ no nni nkitaho. So wubetumi ama yɛne wɔn adi nkitaho?”

Mibuae ntɛm ara sɛ: “Nokwarem no, mɛyɛ saa.” Na beae no so, ne tenten fi Riesa kosi Zittau bɛboro kilomita 100, na ne trɛw bɛyɛ kilomita 50. Na baesekre nkutoo na mewɔ. Bere a yetumi ne Adansefo ankorankoro dii nkitaho no, yɛmaa obiara asafo a ɔbɛtra mu a ɛsoma obi kɔ Berlin kogye nhoma ne akwankyerɛ ba. Ɔkwan a yɛfaa so yɛɛ ade yi amfa asafo afoforo anto asiane mu bere a aban no retaa asafo bi no.

Yehowa mu Ahotoso

Ɔtaa no nyinaa akyi no, yɛde yɛn Onyankopɔn Ahenni ho nkrasɛm no kɔɔ afie afie bere nyinaa de yɛɛ dii Bible akwankyerɛ so. (Mateo 24:14; 28:19, 20; Asomafo no Nnwuma 20:20) Yɛkɔɔ nnipa a ankorankoro a yenim wɔn dedaw kamfo wɔn kyerɛ yɛn no nkyɛn, na yenyaa osuahu ahorow bi a ɛyɛ anigye. Ɛtɔ mmere bi mpo a, yɛn mfomso ahorow dan yɛ nhyira horow, sɛnea asɛm a edi so yi yɛ ho nhwɛso no.

Wɔde obi address maa me ne me yere sɛ yɛnkɔsra no, nanso yɛyeraa kwan kɔɔ ofie foforo mu. Bere a wobuee ɔpon no, yehui sɛ polisini atade bi sɛn mu. Margit anim yɛ hoaa; me koma tui. Eyi betumi ama wɔde yɛn ato afiase. Yɛbɔɔ mpae ntɛm ara.

Ɔbarima no bisaa tiawa sɛ: “Moyɛ nnipa bɛn?” Yɛyɛɛ komm.

Margit kae sɛ: “Migye di sɛ minim wo wɔ baabi, nanso menkae faako. Yiw, woyɛ polisini. Ɛbɛyɛ sɛ mahu wo wɔ w’adwumam.”

Eyi dwudwoo no, na ɔde adamfofa nne bisae yɛn asɛm. “So moyɛ Yehowafo?”

Mede m’ano toom bi sɛ: “Yiw, yɛyɛ bi, na ɛsɛ sɛ wugye tom sɛ egyee akokoduru ansa na yɛrebɔ wo pon mu. Yɛn ani gye wo ho ankasa.”

Ɔma yɛkɔɔ ne fie. Yɛkɔɔ ne nkyɛn mpɛn dodow bi, na yɛne no fii Bible adesua ase. Ankyɛ ɔbarima yi bɛyɛɛ yɛn nua Kristoni. Hwɛ sɛnea saa osuahu no hyɛɛ ahotoso a yɛwɔ wɔ Yehowa mu no mu den!

Na anuawanom taa yɛ adwuma sɛ asomafo, a na ɛhwehwɛ sɛ wonya Yehowa mu ahotoso a edi mu. Ɛbaa saa, bere bi a Margit kɔɔ Berlin kɔfaa nhoma no. Na bebree wɔ hɔ sen sɛnea ɔhwɛɛ kwan. Na wɔde hama a wɔhata nneɛma wɔ so akyekye bag a emu yɛ duru a nneɛma ayɛ mu ma aboro so no ano. Biribiara kɔɔ so pɛpɛɛpɛ kosii sɛ Margit koduu keteke no mu. Afei ɔhye so polisini bi bae.

Obisae sɛ: “Ɛyɛ hena dea,” bere a na ɔde ne nsa rekyerɛ bag no?

Margit buae sɛ: “Ɛyɛ me nneɛma a mahoro.

Wannye anni enti ɔkae sɛ ommue ano. Margit hyɛɛ da fii ase san nhama a wasi no pɔw no mmiako mmiako brɛoo. Esiane sɛ na ɔhye so polisini no adwuma hwehwɛ sɛ ɔtra keteke no mu kodu baabi, na afei osi fam fa keteke foforo san n’akyi nti, na ne ho pere no yiye. Awiei koraa, bere a aka pɔw abiɛsa na wasan awie no, ɔpaa abaw. Ɔteɛm sɛ: “Fi ha kɔ! Na fa wo nneɛma a wahoro no ka ho kɔ.”

Yehowa Hwɛ

Na mentaa nna mmoro nnɔnhwerew anan anadwo, efisɛ na metaa di asafo mu nneɛma ho dwuma anadwo. Anadwo adwuma a ɛte sɛɛ bi akyi na polisifo bɛbɔɔ yɛn pon mu anɔpa. Wɔbae sɛ wɔbɛhwehwɛ yɛn hɔ. Na aka akyi dodo sɛ mede biribi behintaw.

Polisifo no de anɔpa mũ no nyinaa hwehwɛɛ hɔ fefeefe, na wɔkɔhwɛɛ tiafi no so sɛ ebia mede biribi ahintaw wom anaa. Obiara annya adwene sɛ ɔbɛhwehwɛ me soro atade a ɛsɛn hɔ no mu. Na mede ahoɔhare de nhoma pii ahyɛ ne nkotoku pii no mu. Na nneɛma a polisifo no hwehwɛ no ayɛ nkotoku no mu ma, nanso wɔde wɔn nsapan na ɛkɔe.

Bere foforo wɔ August 1961 mu no, na mewɔ Berlin. Ɛno ne bere a etwa to a mekɔfaa nhoma ansa na wɔreto Berlin Ɔfasu no. Na nnipa ayɛ Berlin keteke gyinabea hɔ ma bere a na meresiesie me ho asan aba Zittau no. Keteke no bae, na obiara tuu mmirika sɛ ɔrekɔforo. Me ne nnipadɔm no kɔe, na mihuu me ho wɔ baabi a obiara nni hɔ. Meforoo keteke no pɛ, ɔwɛmfo no too apon no mu wɔ akyi. Na me nkutoo gyina keteke no fã bi, bere a wɔde afoforo no kɔ keteke no mu mmeae afoforo no.

Yesim sɛ yɛrekɔ Zittau. Bɛyɛ bere bi no, na me nkutoo na mewɔ hɔ. Afei keteke no gyinae, na wobuee ɔpon a wɔde ba me hɔ no. Asraafo pii wuraa mu. Saa bere no ansa na mihui sɛ mete baabi a wɔagyaw ama Rusiafo asraafo. Ɛkaa me nko a, anka asase no abue n’anom amene me. Nanso na ɛte sɛ nea asraafo no anhu sɛ biribi atoto.

Yɛtoaa yɛn akwantu no so kɔɔ Zittau, na wobuee faako a yɛte no apon na asraafo no huruhuru sii fam. Wofii ase hwehwɛɛ akwantufo a wɔwɔ keteke gyinabea hɔ no nyinaa nneɛma mu. Me nkutoo na wɔma mekɔe a wɔanyɛ me hwee. Asraafo no mu pii kyiaa me mpo, a na wosusuw sɛ meyɛ aban panyin bi.

Ɛno akyi ansa na mihui sɛnea nhoma no som bo, efisɛ Berlin Ɔfasu no a wɔtoe no sɛee akwan a yɛfa so nya yɛn nneɛma no bere tiaa bi. Nanso, na saa nhoma no dɔɔso a na ebedi yɛn ahiade ho dwuma asram pii. Saa bere no mu no, na wobetumi ayɛ nhyehyɛe a ɛbɛma wɔatumi ne yɛn adi nkitaho.

Berlin Ɔfasu no to wɔ 1961 mu no sakraa nneɛma maa yɛn a na yɛwɔ East Germany no. Nanso, Yehowa di kan hu nsɛm a ebesisi no bere nyinaa. Ɔkɔɔ so hwɛɛ yɛn bere a na wɔabara yɛn no.​—Sɛnea Hermann Laube ka kyerɛe.

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Yenyaa nhyiam ketewaa bi a yɛyɛe wɔ Bautzen no mu anigye

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena