Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 6/15 kr. 22-27
  • Nnipa A Woyi Wɔn Wɔ Wiase Nyinaa Nsu No Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnipa A Woyi Wɔn Wɔ Wiase Nyinaa Nsu No Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnipa a Woyi Wɔn, Wiase Nyinaa Adwumaden
  • Nkɔso wɔ Wiase Nyinaa Mpataayi Adwuma no Mu
  • Wɔn Nyinaa Nya Mu Kyɛfa
  • Nneɛma a Ɛde Nkɔso Ba
  • So Yebetumi Anya Nkɔso?
  • Som A Yɛbɛsom Sɛ Nnipa Yifo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • So Yɛyɛ “Nnipa Yifo”?
    Yɛn Ahenni Som—1980
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Dɛn Na Asawu Ne Mpataa No Kyerɛ Ma Wo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 6/15 kr. 22-27

Nnipa A Woyi Wɔn Wɔ Wiase Nyinaa Nsu No Mu

“Na sɛ meka asɛmpa no a, ɛnyɛ me ahohoahoa, na etwa me sɛ meka, na sɛ menka asɛmpa no a, anka minnue!”​—1 KORINTOFO 9:16.

1, 2. (a) Henanom na wɔatumi adi asɛm a ɛyɛ den a ɛda adi wɔ 1 Korintofo 9:16 no ho dwuma ankasa, na dɛn nti na wubua saa? (b) Asɛyɛde bɛn na Yehowa Adansefo agye atom?

HENANOM na wɔ afeha 20 yi mu no, wɔatumi adi asɛm a ɛyɛ den a Paulo nsɛm a ɛwɔ atifi hɔ da no adi no ho dwuma ankasa? Nnipa ɔpepem pii bɛn na wɔakɔ wiase no mu rekoyi mmarima ne mmea a “wɔn honhom fam nneɛma ho hia wɔn” no? (Mateo 5:3, New World Translation) Henanom na wɔahyia afiasenna ne owu, a Yesu ahyɛde a ɛwɔ Mateo 24:14 a wɔma enya mmamu nti wɔayɛ wɔn saa?

2 Kyerɛwtohɔ no bua sɛ: Yehowa Adansefo. Afe a etwaam no nkutoo mu no, Adansefo ɔpepem anan ne akyi kɔɔ afie afie ‘kɔkaa asɛmpa no’ wɔ aman ne nsasesin 211 mu, ne wɔ kasa horow bɛboro 200 mu. Na eyinom nyɛ asɛmpatrɛwfo kuw bi a wɔatete wɔn a wɔapaw wɔn kɛkɛ. Dabi, Yehowa Adansefo nyinaa te nka sɛ ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔ afie afie, ne bere biara a ɛfata mu. Dɛn nti na wɔte nka sɛ ehia sɛ wɔka wɔn gyidi ho asɛm kyerɛ afoforo? Efisɛ wohu sɛ nimdeɛ de asɛyɛde ba.​—Hesekiel 33:8, 9; Romafo 10:14, 15; 1 Korintofo 9:16, 17.

Nnipa a Woyi Wɔn, Wiase Nyinaa Adwumaden

3. Wɔbɛyɛ mpataayi adwuma no akodu he?

3 Ɛnyɛ asubɔnten anaa ɔtare bi, anaasɛ po biako pɛ bi mu na wɔyɛ mpataayi adwuma kɛse yi, sɛnea yɛbɛka no no. Dabi, sɛnea Yesu hyɛe no, wɔbɛyɛ wɔ “amanaman nyinaa” mu. (Marko 13:10) Ansa na Yesu reforo akɔ n’Agya nkyɛn no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne ɔba ne honhom kronkron din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.”​—Mateo 28:19, 20.

4. (a) Dɛn na ebia ɛmaa Yesu akyidifo a wɔyɛ Yudafo a wodi kan no ho dwiriw wɔn? (b) Yehowa Adansefo bu faako a ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn asɛnka adwuma no kodu no dɛn?

4 Ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ ahyɛde a ɛyɛ nwonwa maa Yesu akyidifo a wɔyɛ Yudafo no. Na ɔreka akyerɛ n’asuafo a wɔyɛ Yudafo no sɛ afei wɔbɛkɔ Amanaman Mufo a ‘wɔn ho ntew,’ a wofi amanaman nyinaa mu no nkyɛn akɔkyerɛkyerɛ wɔn. Na ɛsɛ sɛ wɔyɛ nsakrae bi na wɔatumi agyina nkɛntɛnso a adwuma no benya wɔ wɔn so no ano, na wɔadi ho dwuma. (Asomafo no Nnwuma 10:9-35) Nanso na biribi foforo biara nni hɔ a wobɛyɛ; na Yesu aka akyerɛ wɔn wɔ ɛbɛ bi mu sɛ “afuw no ne wiase no.” Enti, Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ no bu wiase mu no nyinaa sɛ baabi a wobetumi ayi wɔn mpataa no. Wɔrentumi nka sɛ wonyi mpataa wɔ “nsu a ne trɛw yɛ kilomita 20” nkutoo mu, na ato wɔn ahyɛde a efi Nyankopɔn hɔ no ano hye. Ɛtɔ mmere bi a, anifere ho hia wɔ baabi a ɔsom mu ahofadi nni hɔ no. Nanso, wɔde ntɛmpɛ na eyi mpataa no. Dɛn nti na ɛte saa? Efisɛ nsɛm a esisi wɔ wiase no ne Bible nkɔmhyɛ mmamu kyerɛ sɛ yɛwɔ wiase nyinaa mpataayi adwuma no fã a etwa to no mu.​—Mateo 13:38; Luka 21:28-33.

Nkɔso wɔ Wiase Nyinaa Mpataayi Adwuma no Mu

5. Nnipa bɛn na wɔreyɛ wiase nyinaa mpataayi adwuma no ho biribi?

5 “Woyii” Ahenni adedifo a wɔasra wɔn no mu fã kɛse no ara fii amanaman no mu ansa na 1935 reba, enti wɔn dodow no ankasa aso. Enti, efi 1935 titiriw no, Yehowa Adansefo hwehwɛ nnipa ahobrɛasefo a wobetumi aka wɔn ho asɛm sɛ “wɔn a wodwo” a “wobenya asase no adi.” (Dwom 37:11, 29, NW) Eyinom yɛ nnipa a ‘wosisi apini di akyide a wɔyɛ no ho nkɔmmɔ.’ Wɔregyina Onyankopɔn Ahenni nniso no afã ansa na “ahohiahia kɛse” no abɛsɛe Satan nneɛma nhyehyɛe a aporɔw no, na ɛde n’asomfo agu “ogya fononoo,” a ɛne ɔsɛe a etwa to mu.​—Hesekiel 9:4; Mateo 13:47-50; 24:21.

6, 7. (a) Dɛn na wɔyɛe wɔ 1948 mu wɔ asɛnka adwuma no ho? (b) Dɛn na afi mu aba?

6 Ebedu saa bere yi, so wiase nyinaa mpataayi adwuma no atumi asow aba? Ma nokwasɛm ahorow no nka nkyerɛ yɛn. Wɔ 1943 mu no, na Wiase Ko II rekɔ so, nanso anuanom anokwafo a wɔasra wɔn a na wɔwɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti wɔ Brooklyn, New York, no hu siei sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ wiase nyinaa mpataayi adwuma bi. Enti, nhyehyɛe bɛn na wɔyɛɛ?a​—Adiyisɛm 12:16, 17.

7 Wɔ 1943 mu no, Ɔwɛn Aban Asafo no tew asɛmpatrɛwfo sukuu bi a wɔfrɛ no Gilead (Hebri, “Adanse-Kuw”; Genesis 31:47, 48) a efii ase tetee asɛmptrɛwfo ɔha asram asia biara, na wɔatumi asoma wɔn sɛ sɛnkyerɛnne kwan so apofofo akɔ asase so nyinaa. Saa bere no, na Adansefo 126,329 pɛ na wɔde nnamyɛ reyi nnipa wɔ nsase 54 so. Wɔ mfe du ntam no, na ɛkame ayɛ sɛ wɔn dodow adu Adansefo 519,982 wɔ nsase 143 so! Akyinnye biara nni ho sɛ na Gilead sukuu no retete apofofo mmarima ne mmea akokodurufo a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛkɔ aman afoforo so akoyi mpataa wɔ nsu afoforo mu. Nea efii mu bae ne sɛ nnipa komapafo mpempem pii tiee asɛm no. Saa asɛmpatrɛwfo no ne saa aman no mu Adansefo a wɔne wɔn yɛɛ adwuma no too nhyɛase maa nkɔanim a wɔrenya mprempren no.

8, 9. (a) Asɛmpatrɛw adwuma a ɛda nsow no mu nhwɛso ahorow bɛn na yebetumi aka ho asɛm? (b) Ɔkwan bɛn so na asɛmpatrɛwfo anya nkɔso atitiriw wɔ wɔn nsasesin mu? (Hwɛ 1992 Yearbook of Jehovah’s Witnessess no nso mu.)

8 Anokwafo a wofi Gilead adesuakuw a edi kan mu no mu pii da so ara resom wɔ amannɔne, ɛwom sɛ mprempren wɔadi boro mfe 70 anaa 80 mpo de. Nhwɛso biako a ɛkyerɛ nea eyinom mu pii ayɛ no fa Eric Britten a wadi mfe 82, ne ne yere Christina a wowiee Gilead adesua a ɛto so 15 wɔ 1950 mu, na wɔda so ara resom wɔ Brazil no ho. Bere a na wɔrekɔ akɔsom wɔ Brazil no, na saa ɔman no mu Adansefo nnu 3,000. Mprempren bɛboro 300,000 na wɔwɔ hɔ! Akyinnye biara nni ho sɛ “akumaa adan ɔman a ɛyɛ den” wɔ Brazil, efisɛ mpataayi adwuma no asow aba.​—Yesaia 60:22.

9 Na dɛn na yebetumi aka wɔ asɛmpatrɛwfo a wɔwɔ Afrika no ho? Wɔn mu fã kɛse no ara atumi adan wɔn ho sɛ aman no mma, na wɔanya ɔdɔ ama Afrikafo. Nhwɛso ne John ne Eric Cooke ne wɔn yerenom Kathleen ne Myrtle, a mprempren wɔresom wɔ South Africa no. John ne Eric wiee adesua a ɛto so awotwe wɔ 1947 mu. Wɔasom wɔ Angola, Zimbabwe, Mozambique, ne South Africa. Nyarewa nti asɛmpatrɛwfo binom awu wɔ Afrika, na ɔko ne ɔtaa akunkum afoforo te sɛ Alan Battey ne Arthur Lawson a wowuwui wɔ ɔmanko a esii nnansa yi wɔ Liberia no mu no. Nanso, ada adi sɛ wɔayi mpataa pii afi Afrika nsu no mu. Adansefo 400,000 ne akyi na wɔwɔ asasepɔn kɛse yi so nyinaa.

Wɔn Nyinaa Nya Mu Kyɛfa

10. Dɛn nti, na ɔkwan bɛn so na akwampaefo reyɛ adwuma a ɛfata nkamfo?

10 Nanso, ɛsɛ sɛ yehu sɛ ɛwom sɛ asɛmpatrɛwfo a wofi amannɔne no dodow bɛyɛ mpempem pii de, nanso ɛhɔnom adawurubɔfo ne akwampaefob no dodow adu ɔpepem pii. Wɔn na wɔreyɛ asɛnka adwuma no mu fã kɛse wɔ asase so nyinaa. Wɔ 1991 mu no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, na akwampaefo ne ahwɛfo akwantufo 550,000 na wɔwɔ hɔ. Dodow a ɛsɔ ani bɛn ara ni, sɛ yesusuw sɛnea Adansefo anokwafo yi nyinaa rebɔ mmɔden yiye sɛ wobɛyɛ mpataayi adwuma kɛse no bi, na sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, wɔde nnɔnhwerew bɛyɛ 60 kosi 140 na ɛka asɛm ɔsram biara no ho a. Wɔn mu fã kɛse no ara de nneɛma pii bɔ afɔre na wɔayɛ saa. Dɛn ntia? Efisɛ wɔde wɔn koma, wɔn adwene, wɔn kra, ne wɔn ahoɔden nyinaa dɔ Yehowa wɔn Nyankopɔn, na wɔdɔ wɔn yɔnkonom nso sɛ wɔn ankasa ho.​—Mateo 22:37-39.

11. Nokware adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Yehowa honhom reyɛ adwuma wɔ ne nkurɔfo mu?

11 Dɛn na yebetumi aka wɔ Adansefo afoforo bɛboro ɔpepem abiɛsa ne fã a wɔnyɛ bere nyinaa som adwuma no, nanso wɔyɛ nea wobetumi nyinaa wɔ Yehowa som mu, sɛnea wɔn nsɛm tebea ma wɔn kwan no nso ho? Ebinom yɛ ɔyerenom, ɛnanom mpo a wɔrehwɛ mmofra nketewaa, nanso wɔde wɔn bere a ɛsom bo no bi yɛ wiase nyinaa mpataayi adwuma no bi. Pii nso yɛ okununom anaasɛ agyanom a wokura honam fam adwuma a wɔde bere nyinaa yɛ; nanso woyi bere si hɔ dapɛn awiei ne anwummere de kyerɛkyerɛ afoforo nokware no. Afei ahokwafo dɔm kɛse ne mmofra nkumaa a wɔka asɛm no bi a wɔde wɔn abrabɔ kamfo nokware no kyerɛ nso wɔ hɔ. Nyamesom kuw foforo bɛn na ɛwɔ nnipa ɔpepem anan ne akyi a wɔatu wɔn ho ama a wontua wɔn ka, a wɔka Onyankopɔn Ahenni nniso ho asɛmpa ɔsram biara? Akyinnye biara nni ho sɛ eyi di adanse sɛ Yehowa honhom reyɛ adwuma!​—Dwom 68:11; Asomafo no Nnwuma 2:16-18; fa toto Sakaria 4:6 ho.

Nneɛma a Ɛde Nkɔso Ba

12. Dɛn nti na nnipa retie nokware no, na nnipa baahe na wɔyɛ saa?

12 Nneɛma a ɛyɛ nwonwa fi saa asɛnka adwuma kɛse yi mu ba afe biara. Wɔ 1991 mu no, wɔbɔɔ Adansefo afoforo 300,000 asu denam nsu mu a wɔde wɔn hyɛe koraa no so. Wɔn dodow no yɛ asafo ahorow bɛboro 3,000 a Adansefo 100 wɔ emu biara mu! Ɛyɛɛ dɛn na wotumi yɛɛ eyi nyinaa? Ma yɛnkae nea Yesu kae no: “Obi ntumi mma me nkyɛn, gye sɛ agya a ɔsomaa me no twe no . . . Wɔakyerɛw adiyifo no mu sɛ: Wɔn nyinaa bɛyɛ nnipa a [Yehowa] akyerɛkyerɛ wɔn. Obiara a wate afi Agya no nkyɛn na wasua no na ɔba me nkyɛn.” Enti, ɛnyɛ onipa mmɔdenbɔ na ɛma obi yɛ mpataayi adwuma no ho biribi. Yehowa hu wɔn a wɔfata no komam tebea, na ɔtwe wɔn ba ne nkyɛn.​—Yohane 6:44, 45; Mateo 10:11-13; Asomafo no Nnwuma 13:48.

13, 14. Su pa bɛn na Adansefo pii ada no adi?

13 Nanso, apofofo a wɔyɛ nnipa ne adwumayɛfo a Yehowa de wɔn di dwuma de twe nnipa ba ne nkyɛn. Enti wɔn su wɔ nnipa no ne asasesin a woyi mpataa wom no ho hia. Hwɛ nkuranhyɛ a ɛyɛ sɛ nnipa bebree atie Paulo asɛm a ɔkyerɛw kɔmaa Galatifo no: “Na mommma yɛmmmrɛ papayɛ mu; na sɛ yɛampa abaw a, yebetwa so aba ne bere mu.”​—Galatifo 6:9.

14 Adansefo anokwafo pii de mfe du du pii aka asɛm no, bere a wɔhwɛ nsɛm a ɛresisi wɔ wiase no yiye no. Wɔahu sɛnea Nasi, Fasist, ne katabaako nniso nhyehyɛe horow baa so ne wɔn asehwe. Ebinom ahu ako pii a wɔadi fi 1914 reba no. Wɔahu sɛnea wiase akannifo de wɔn ho too Amanaman Apam ne afei Amanaman Nkabom no so. Wɔahu sɛnea wɔbaraa Yehowa adwuma no, na afei wogye toom wɔ mmara mu wɔ nsase pii so. Wɔ eyinom nyinaa mu no, Yehowa Adansefo mmrɛe wɔ papayɛ mu, a som a wɔsom sɛ nnipa yifo no ka ho. Mudi mukura ho kyerɛwtohɔ a ɛda nsow bɛn ara ni!​—Mateo 24:13.

15. (a) Mmoa bɛn na yɛanya na yɛadi yɛn wiase nyinaa asasesin no mu ahiade ahorow ho dwuma? (b) Nhoma ahorow aboa wo dɛn wɔ wo dwumadi no mu?

15 Nneɛma afoforo wɔ hɔ a aboa ma nkɔso yi aba wiase nyinaa. Biako ne fakaayɛ su a nnipa yifo no de di asasesin no mu ahiade ahorow ho dwuma no. Esiane sɛ nnipa a ɛsono wɔn amammerɛ, ɔsom ne kasa tu kɔtra mmeae afoforo nti, ama Yehowa Adansefo ate adwenhorow a ɛsonsonoe yi ase yiye. Na wiase nyinaa asafo no aboa yiye denam Bible ne Bible nhoma a ɛwɔ kasa horow bɛboro 200 mu a asiesie no so. New World Translation of the Holy Scriptures mũ no nyinaa, anaasɛ ne fã bi, wɔ kasa horow 13 mu mprempren a Czech ne Slovak ka ho. Mprempren Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa! brochure no wɔ kasa horow 198 mu, efi Albanian kosi Zulu mu, na wɔatintim mfuamfua ɔpepem 72. Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn nhoma no wɔ kasa horow 69 mu dedaw. Mankind Search For God a wɔatintim wɔ kasa horow 29 mu no ma yehu faako a wiase no mu nyamesom nhyehyɛe atitiriw no gyidi horow no fi, na ɛreda adi sɛ ɛyɛ mmoa a ɛda nsow wɔ wiase nyinaa mpataayi adwuma no mu.

16. Ebinom adi nsase foforo so ahiade ahorow ho dwuma dɛn?

16 Dɛn bio na ama wiase nyinaa mpataayi adwuma no anya nkɔanim? Nnipa mpempem pii anya ɔpɛ sɛ wobegye ‘Makedonia ɔfrɛ’ no so. Te sɛ nea na Paulo wɔ ɔpɛ sɛ obetu afi Asia Kumaa akɔtra Makedonia wɔ Europa, bere a Onyankopɔn kae sɛ ɔnyɛ saa no, saa ara nso na Adansefo pii atu akɔtra nsase ne nsasesin a wohia Ahenni asɛnka pii, mpanyimfo ne asafo mu asomfo wɔ hɔ no so. Wɔayɛ te sɛ apofofo ankasa a wohu sɛ wɔayi wɔn mpɔtam hɔnom nsu no mu nam pii yiye, na wotu kɔ nsu a akorow kakraa bi wɔ so na mpataa dɔɔso pii wom no so no.​—Asomafo no Nnwuma 16:9-12; Luka 5:4-10.

17. Wɔn a wɔagye ‘Makedonia ɔfrɛ’ no so ho nhwɛso ahorow bɛn na yɛwɔ?

17 Adesuafo a wofi Europa aman ahorow mu a wɔasua Engiresi kasa akɔ Gilead asɛmpatrɛw sukuu a wɔayɛ no nnansa yi no bi, na wɔde wɔn ho ama sɛ wɔbɛyɛ adwuma wɔ asase ne aman afoforo so. Saa ara nso na wɔ Asomfo Ntetee Sukuu no mu no, wɔde asram abien ntetee a ɛkɔ akyiri ma anuanom mmarima ahokwafo pii, na afei wɔde wɔn kɔ aman afoforo so sɛ wɔnkɔhyɛ asafo ahorow no ne amansin no den. Mmeae afoforo a wobetumi ayi mpataa wɔ hɔ a ɛda nsow wɔ nsasesin a mprempren wɔafi ase reyɛ mu adwuma wɔ Europa Apuei Fam ne kan Soviet aman mu.​—Fa toto Romafo 15:20, 21 ho.

18. (a) Dɛn nti na akwampaefo taa yɛ asomfo a wotu mpɔn? (b) Ɔkwan bɛn so na wobetumi aboa afoforo wɔ asafo no mu?

18 Mmoa foforo wɔ wiase nyinaa mpataayi adwuma no mu ne Akwampaefo Ɔsom Sukuu a daa akwampaefo kɔ no. Wɔ adapɛn abien a wɔde sua nhoma Shining as Illuminators in the World a wɔasiesie ama akwampaefo nkutoo no fefeefe mu no, wɔn ho kokwaw kɛse wɔ wɔn som adwuma no mu, bere a wosusuw nsɛmti te sɛ “Ɔdɔ Kwan so a Wɔfa,” “Di Yesu Akyi sɛ nhwɛso,” ne “Wo Kyerɛkyerɛ a Wobɛma Atu Mpɔn” ho no. Aseda bɛn ara na asafo ahorow no nyinaa de ma sɛ wɔwɔ apofofo a wɔfata a wɔkɔ afie afie a wobetumi atete nnipa pii wɔ mpataayi adwuma kɛse yi mu sɛɛ yi!​—Mateo 5:14-16; Filipifo 2:15; 2 Timoteo 2:1, 2.

So Yebetumi Anya Nkɔso?

19. Te sɛ ɔsomafo Paulo no, ɔkwan bɛn so na yebetumi ama ɔsom adwuma no atu mpɔn?

19 Te sɛ Paulo no, yɛpɛ sɛ yenya adwempa ne anidaso. (Filipifo 3:13, 14) Otumi dii nnipa ahorow nyinaa ne nsɛm tebea horow ho dwuma. Na onim sɛnea obenya biribi a wɔn adwene behyia wɔ ho, ne sɛnea obegyina nnipa no su ne wɔn amammerɛ so ne wɔn asusuw nsɛm ho. Yebetumi afi Bible adesua ahorow ase denam nea ofiewura no yɛ wɔ Ahenni nkrasɛm no ho a yebehu na yɛasakra yɛn asɛm a yɛka kyerɛ no mu ma ɛne n’ahiade ahorow ahyia no so. Esiane sɛ yɛwɔ Bible adesua mmoa ahorow pii nti, yebetumi de nea ɛne onii no adwene hyia ama no. Fakaa a yɛbɛyɛ ne yɛn ani a yɛbɛma ada hɔ nso yɛ ade a ɛho hia wɔ mpataayi adwuma a ɛsow aba mu.​—Asomafo no Nnwuma 17:1-4, 22-28, 34; 1 Korintofo 9:19-23.

20. (a) Dɛn nti na yɛn mpataayi adwuma no ho hia kɛse saa nnɛ? (b) Asɛyɛde bɛn na yɛwɔ sɛ ankorankoro nnɛ?

20 Dɛn nti na mpataayi adwuma a ɛda nsow yi ho hia saa nnɛ? Efisɛ Bible nkɔmhyɛ ahorow a ɛda adi wɔ nsɛm a asisi ne nea ɛresisi mu no ma yehu sɛ Satan wiase nhyehyɛe no rekɔ awiei ma ɛyɛ hu. Enti, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛn, Yehowa Adansefo, no yɛ? Adesua nsɛm abiɛsa a ɛwɔ nsɛmma nhoma yi mu no asi asɛyɛde a yɛwɔ sɛ yɛde nsiyɛ ne nnamyɛ bɛyɛ yɛn mpataayi adwuma no wɔ wiase yi nsu no fã a wɔde ama yɛn no mu no so dua. Yɛwɔ awerɛhyem pintinn wɔ Bible no mu sɛ Yehowa werɛ remfi yɛn mpataayi adwuma a yɛde nsi yɛ no. Paulo kae sɛ: “Efisɛ Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ a ne werɛ befi mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔe ne din ho, sɛ mosom ahotefo na moda so som wɔn. Na yeyi yɛn yam pɛ sɛ mo nyinaa mmiako mmiako yi saa mmɔdenbɔ yi adi kyerɛ wɔ anidaso a akyinnye nni mu koraa mu de kodu ase.”​—Hebrifo 6:10-12.

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ Adiyisɛm​—N’awiei Koraa Abɛn! a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc tintimii no nkratafa 185 ne 186 no nso mu.

b “Ɔkwampaefo ɔdawurubɔfo . . . Yehowa Adansefo bere nyinaa dwumayeni.”​—Webster’s Third New International Dictionary.

So Wokae?

◻ Dɛn nti na Yehowa Adansefo bu wiase mũ no nyinaa sɛ baabi a ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn mpaatayi adwuma no?

◻ Nhyira bɛn na Gilead asɛmpatrɛw sukuu no ayɛ ama mpataayi adwuma no?

◻ Nneɛma bɛn na aboa ma Yehowa Adansefo asow aba?

◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi atu mpɔn wɔ yɛn Kristofo som adwuma no mu sɛ ankorankoro?

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 24]

NEA AFI AMANAMAN MU MPATAAYI NO MU ABA

Afe Nsase Adansefo

1939 61 71,509

1943 54 126,329

1953 143 519,982

1973 208 1,758,429

1983 205 2,652,323

1991 211 4,278,820

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Wɔda so ara reyɛ adansedi adwuma no wɔ Galilea apofofo mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena