Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w07 12/1 kr. 31
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Som A Yɛbɛsom Sɛ Nnipa Yifo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nnipa A Woyi Wɔn Wɔ Wiase Nyinaa Nsu No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • So Yɛyɛ “Nnipa Yifo”?
    Yɛn Ahenni Som—1980
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
w07 12/1 kr. 31

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Ɛsɛ sɛ Kristoni bu ahayɔ ne mpataayi dɛn?

Bible nkasa ntia ahayɔ anaa mpataayi. (Deuteronomium 14:4, 5, 9, 20; Mateo 17:27; Yohane 21:6) Nanso, ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔyɛ ha anaa woyi mpataa no susuw Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm ahorow ho.

Onyankopɔn maa Noa ne n’asefo kwan sɛ wonkum mmoa na wonni, nanso na ɛsɛ sɛ wohwie mmoa no mogya gu ansa na wɔawe nnam no. (Genesis 9:3, 4) Saa ahyɛde yi sii so dua sɛ, ɛsɛ sɛ wobu mmoa nkwa sɛ efi Onyankopɔn hɔ. Enti, ɛnsɛ sɛ Kristofo kunkum mmoa de gyigye wɔn ani kɛkɛ, na saa ara nso na ɛnsɛ sɛ wɔyɛ wɔn ayayade.—Mmebusɛm 12:10.

Nea ɛsɛ sɛ yesusuw ho nso ne adwene a yɛde yɛ ha anaa yɛde yi mpataa no. Ɛda adi sɛ, sɛ ná asomafo a wɔyɛ apofofo no yi mpataa pii a, na wɔn ani gye. Nanso, biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ na wɔde sɛnea wonim mpataayi anaa ahayɔ no hoahoa wɔn ho, anaasɛ na wɔne afoforo si akan wɔ mpataayi anaa ahayɔ ho de kyerɛ sɛ wɔwɔ akokoduru, wɔn ho yɛ hare, na wonim sɛnea wokum mmoa yiye de gyigye wɔn ani.—Dwom 11:5; Galatifo 5:26.

Enti, yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘So mibu nkwa te sɛ nea Yehowa bu nkwa no de yɛ nhwɛso ma afoforo? So ahayɔ anaa mpataayi ne ade a midwen ho kɛse na mebɔ ho nkɔmmɔ bere nyinaa? So sɛnea mebɔ me bra no ma nkurɔfo hu me sɛ meyɛ obi a m’ani gye mmoa kum ho, anaasɛ wonim me sɛ meyɛ Onyankopɔn somfo? So ahayɔ anaa mpataayi ma me ne wɔn a wɔnyɛ gyidifo fa nnamfo denneennen, anaa ɛmma minnya bere mma m’abusua?’—Luka 6:45.

Sɛ edu bere a ahayɔ anaa mpataayi adwuma sɔre no a, ebia wɔn a wɔyɛ ha anaa woyi mpataa de pɛ wɔn ano aduan no bebu wɔn ani agu Kristofo nnwuma a ɛsɛ sɛ wɔyɛ no so de ayɛ saa nnwuma no, na wɔasusuw sɛ mfomso biara nni ho. Nanso, nea ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ Onyankopɔn mu gyidi ne ahotoso ne sɛ yɛremma biribiara ntwitware Onyankopɔn som adwuma a yɛyɛ no mu. (Mateo 6:33) Bio nso, sɛ́ ebia atumfo no hwɛ ma mmara a “Kaesare” ahyɛ afa ahayɔ ne mpataayi ho no nyinaa yɛ adwuma anaasɛ wɔnyɛ saa no, Kristofo di so.—Mateo 22:21; Romafo 13:1.

Ebia ɛho behia sɛ ebinom sesã wɔn nsusuwii na ama wɔde nea Yehowa ka fa ahayɔ anaa mpataayi ho no ayɛ adwuma. (Efesofo 4:22-24) Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛkasa tia gyinae a afoforo gyina wɔn ahonim so sisi no. Ɔsomafo Paulo de afotu a ɛfata mae wɔ eyi ho sɛ: “Mommma yemmmubu yɛn ho yɛn ho atɛn bio, na mmom momfa eyi nyɛ mo botae, sɛ moremfa hintidua anaa akwanside nto onua biara anim.” (Romafo 14:13) Sɛ yenya ɔdɔ kann a ɛte saa ma yɛn nuanom Kristofo, na yɛankasa antia wɔn wɔ wɔn gyinaesi ho a, ɛma asomdwoe tra asafo no mu, na ɛno ma Onii a ɔyɛ yɛn nkwa Mafo ne yɛn Bɔfo no ani gye.—1 Korintofo 8:13.a

[Ase hɔ asɛm]

a San hwɛ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛwɔ May 15, 1990, Ɔwɛn-Aban mu no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena