Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 11/1 kr. 8-9
  • Silo Kɔ​—Mmofra Pa Ne Mmofra Bɔne

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Silo Kɔ​—Mmofra Pa Ne Mmofra Bɔne
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Onyinii Yehowa Anim’
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Samuel Maa Nokware Som Nyaa Nkɔso
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Abofra Ketewa Som Nyankopɔn
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Yefta Bɔhyɛ No
    Sua Biribi Fi Bible Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 11/1 kr. 8-9

Bɔhyɛ Asase No So Mmeae Ahorow

Silo Kɔ​—Mmofra Pa Ne Mmofra Bɔne

SƐ WUSUSUW Bɔhyɛ Asase no nkurow akɛse, nketewaa anaa mmeae horow ho a, so mmarima ne mmea atitiriw bi ho asɛm ba w’adwenem? Ebia ɛte saa, efisɛ Bible mu nsɛm no pii fa mpanyimfo ho. Na mmofra a na wɔwɔ hɔ saa bere no nso ɛ? So woyɛ wɔn ho mfonini wɔ w’adwenem sɛ wɔwɔ mmeae ahorow yi?

Beae a yehu wɔ atifĩ hɔ no betumi aboa ma yɛde yɛn adwene asi nsɛm a ɛfa mmofra a na ebinom yɛ nhwɛso pa ma Kristofo ne afoforo nso a wɔyɛ kɔkɔbɔ nhwɛso so. Ɛda adi sɛ koko kurukuruwa a ɛwɔ mfinimfini hɔ no ne baabi a Silo wɔ.a

Ebia wobɛkae sɛ bere a Israel hyɛnee Bɔhyɛ Asase no so no, wodii kan de Onyankopɔn ntamadan no sii Gilgal a ɛbɛn Yeriko no. (Yosua 4:19) Nanso bere a wɔrekyekyɛ asase no, wɔde ntamadan kronkron yi​—faako a na Israelfo som yi​—baa Silo ha. (Yosua 18:1) Ná eyi bɛyɛ akwansin 20 wɔ Yerusalem kusuu fam wɔ Ephraim mantam a ɛhɔ yɛ mmepɔw mmepɔw no. Mmarima ne mmea a wofi Israel nyinaa kɔɔ Silo; na nnipadɔm pii tumi boaboa wɔn ho ano wɔ obon no mu wɔ faako a ebetumi aba sɛ na ntamadan no si no anafo fam. (Yosua 22:12) So wubetumi ayɛ ho mfonini wɔ w’adwenem sɛ mmofra bɛba ha?

Ebinom bae. Nea ɔyɛɛ nhwɛso a wonim sen biara a ɛsɛ sɛ yehu ho asɛm ne abofra kumaa Samuel. Ná n’awofo Elkana ne Hana te kurow bi a ɛda bepɔw no so wɔ atɔe fam mu. Ná afe biara wɔba ha a, ebia wɔne Elkana yere biako no mma na ɛba. Awiei koraa no, Yehowa de ɔbabarima a wɔtoo no din Samuel hyiraa Hana. Akyiri yi, n’awofo de no bae sɛ ɔmmɛtra Silo na ɔne ɔsɔfo panyin Eli asom wɔ ntamadan no mu.​—1 Samuel 1:1-2:11.

Ná abofra no wɔ adwuma yɛ wɔ Onyankopɔn fi, na ebetumi aba sɛ onyaa hokwan pii de kyinkyinii mmepɔw a ɛbemmɛn no so. (1 Samuel 3:1, 15) Ná ebinom so trɛw a ngodua ayɛ so ma, sɛnea wohu wɔ mfonini a ɛwɔ kratafa 9 no. Hwɛ ɔwɛn-aban a wɔde abo nketewaa asi no. Ná akuafo anaa nguanhwɛfo a wɔatew wɔn ho betumi awɛn wɔ ɔwɛn-aban a ɛte sɛɛ so, nanso wubetumi ayɛ abofra kumaa Samuel nso a ɔreforo akɔhwɛ bi no ho mfonini wɔ w’adwenem. (Fa toto 2 Beresosɛm 20:24 ho.) Eyi betumi ayɛ beae a eye a wogyina hwɛ wuram mmoa.

Saa bere no na nnua pii wɔ hɔ sen nnɛ, ne kwae a wuram mmoa nenam mu mpo. (Yosua 17:15, 18) Yehu eyi wɔ asɛm bi a esii bere a na Elisa ne Onyankopɔn diyifo titiriw no. Ná Elisa fi Yeriko reforo aba Betel, enti na ɔwɔ mpɔtam ha, bɛyɛ akwansin du wɔ Silo anafo fam. Ná nnipa a wɔwɔ Betel a abɛyɛ beae a wɔsom sika nantwiba no begye no dɛn? (1 Ahene 12:27-33; 2 Ahene 10:29) Ɛda adi sɛ mpanyimfo no sɔre tiaa Yehowa diyifo no na ɛte sɛ nea wɔn su yi nyaa wɔn mma so tumi.

Ahene nhoma a etia abien 2:23, 24 ka kyerɛ yɛn sɛ mmofra kuw bi dii Onyankopɔn diyifo no ho fɛw sɛ: “Tipae, foro ɛ, tipae, foro ɛ!” Nea Elisa yɛe ne sɛ, “ɔde [Yehowa] din domee wɔn. Na asisibere abien fi kwae no mu bae bɛtetew wɔn mu mmofra aduanan abien.” Saa Siriafo asisi yi ani tumi bere yiye bere a obi akopue wɔn nso mpofirim anaa bere a ɛte sɛ nea wɔn mma aba asiane mu no. (2 Samuel 17:8; Mmebusɛm 17:12; 28:15) Onyankopɔn de wɔn dii dwuma de ɔsoro atemmu baa wɔn a wɔnam nea ɔsomaa no a wobuu no animtiaa so buu Yehowa animtiaa no so.

Sɛ́ abofra betumi ahyia mmoa a wɔyɛ keka sɛɛ wɔ Silo mmepɔw so no boa yɛn ma yehu gyidi a Samuel awofo daa no adi sɛ wɔde no bae sɛ ɔmmɛsom wɔ ntamadan no mu no kɛse. Ná nokware somfo foforo bi adi kan ada gyidi ne ahofama a ɛte saa ara adi​—ɔne Ɔtemmufo Yefta. Ɔtraa Gilead man a ɛda bepɔw so no mu wɔ Yordan apuei fam. Esiane Yefta nnamyɛ ma Yehowa de tia atamfo Amonfo no nti, ɔkaa ntam sɛ ɔde nea ebedi kan afi ne fi abehyia no no bɛbɔ afɔre ama Yehowa. Ne babea ɔbaabun no na obehyiaa no. Enti ɔde ne ba koro no kɔɔ Onyankopɔn asɔrefi hɔ wɔ Silo, faako a ɔtra somee nokwaredi mu mfe pii no.​—Atemmufo 11:30-40.

Nokwarem no, gyidi ne ahofama a Samuel ne Yefta babea no daa no adi wɔ Silo mpɔtam hɔ no yɛ ade fɛfɛ a ɛbɔ nhwɛso bɔne a asoɔdenfo 42 a wodii Yehowa diyifo ho fɛw yɛe wɔ ɔmantam koro yi ara mu no abira.​—Fa toto 1 Korintofo 10:6, 11 ho.

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛ wopɛ mfonini yi kɛse a, hwɛ 1992 Calendar of Jehovah’s Witnesses no mu.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 8]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 9]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 9]

Safari Zoo, Ramat-Gan, Tel Aviv

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena