Sɛ Obi Frɛ A, So Wugye So?
SƐNEA SHINICHI TOHARA KA KYERƐE
WƆ M’ASETRA fã a edi kan mu no, manfrɛ Onyankopɔn, na manhwehwɛ akwankyerɛ amfi ne hɔ. Me nenanom tu fii Japan baa Hawaii, na na m’awofo yɛ Budhafo. Ná wɔnyɛ nnam wɔ wɔn gyidi no mu, enti Onyankopɔn ho adwene amma me tirim kɛse bere a merenyin no.
Afei misuaa adannandi ho ade na mibehuu sɛnea nyansa nnim sɛ wobegye Onyankopɔn adi no. Nanso, bere a na me nhomasua rekɔ anim no, nyansahu ho adesua ma misuaa ɔsoro abɔde, physics, ne abɔde a nkwa wom ho nneɛma. Edu anadwo a, mehwɛ wim na misusuw nea ɛyɛe a nsoromma ahorow no baa hɔ no ho. Ɛne bi fii ase bisaa wɔ me mu bɔkɔɔ sɛ: ‘So ebetumi aba sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ a odi eyinom nyinaa so?’ Mebɛtee nka sɛ Obi bɛwɔ soro hɔ. Me koma fii ase bisae sɛ, ‘Hena ne Onyankopɔn yi?’
Miwiee ntoaso sukuu no, mihui sɛ m’adwuma sɛ mfiri ho nimdefo wɔ baabi a wɔyɛ sake nsã no ma me ho kyere me, na amma mannya kwan ansusuw asemmisa a ɛfa Onyankopɔn ho no ho. Ankyɛ na mihuu Masako a ɔbɛyɛɛ me yere wɔ 1937 mu no, na akyiri yi, yenyaa mmofra baasa. Hwɛ ɔboafo nokwafo ne ɛna mmɔdenbɔfo ara a Masako ada no adi sɛ ɔyɛ!
Afei a mibenyaa abusua no, misusuw yɛn daakye ho anibere so. Mifii ase pue kɔhwɛɛ nsoromma no bio. Migye dii sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ. Ná minnim onii ko a saa Onyankopɔn no yɛ, nanso mifii ase frɛɛ no. Mesrɛɛ no mpɛn pii sɛ: ‘Sɛ wowɔ hɔnom baabi a, mesrɛ wo boa m’abusua no ma yenhu ɔkwan a yɛbɛfa so anantew anigye mu.’
Awiei Koraa no Wogyee Me Frɛ no So
Ná efi bere a yɛwaree no, yɛne m’awofo na ɛte, nanso wɔ 1941 mu no, yɛtew yɛn ho kɔtraa Hilo, Hawaii. Yɛkɔtraa yɛn ofi foforo no mu ara pɛ na Japanfo tow hyɛɛ Pearl Harbor so wɔ December 7, 1941 mu. Ná ɛyɛ bere a emu yɛ hu, na daakye ho asɛm haw obiara.
Wɔtow hyɛɛ Pearl Harbor so akyi ɔsram biako no, na merepopa me kar ho bere a ɔbarima bi bae de nhoma bi a wɔato din Children, bɛkyerɛɛ me no. Ɔkae sɛ wɔfrɛ no Ralph Garoutte, na ɔyɛ Yehowa Adansefo ɔsomfo. Mante nea na ɔreka no ase, nanso na m’ani gye Onyankopɔn ho nti, migyee nhoma no. Dapɛn a edi hɔ no, Ralph san bae na ɔkae sɛ ɔne me bɛyɛ Bible adesua. Ɛwom sɛ na mate Bible din de, nanso eyi ne bere a edi kan a mihuu bi ankasa. Migyee Bible adesua no toom, na me yere ne ne nuabea kumaa bɛkaa ho.
M’ani gyee nokware a ɛyɛ sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm no ho ankasa. (2 Timoteo 3:16, 17) Sɛ́ Yehowa wɔ atirimpɔw no mpo ma m’ani gyei kɛse. Ɔne Ɔbɔadeɛ a na merehwehwɛ no no! (Yesaia 45:18) Yɛn ani gyei sɛ yehui sɛ wɔbɛsan de mfitiase Paradise a ɛyerae no asi hɔ bio wɔ asase so ha yi ara, na yebetumi ayɛ emufo. (Adiyisɛm 21:1-4) Ná Onyankopɔn a mefrɛɛ no no ho mmuae ni!
Yɛkaa nokware foforo a yɛahu yi ho asɛm kyerɛɛ obiara. M’awofo susuwii sɛ yɛabobɔ dam, nanso ɛno ammu yɛn abam. Asram abiɛsa Bible adesua a adagyew nnim akyi no, wɔbɔɔ me ne me yere asu wɔ April 19, 1942 mu de yɛɛ yɛn ahosohyira ma yɛn Nyankopɔn Yehowa, no ho sɛnkyerɛnne. Wɔbɔɔ Masako nuabea kumaa Yoshi ne ne kunu Jerry a saa bere no na wɔne yɛn na ɛbom sua ade no asu kaa yɛn ho. Ná Kyerɛw Kronkron no mu nimdeɛ kakraa bi na yɛwɔ, nanso ɛkaa yɛn ma na yɛpɛ sɛ yɛsom Onyankopɔn.
Esiane sɛ na wiase ko a ɛto so abien no rekɔ so nti, misusuwii sɛ nneɛma nhyehyɛe yi awiei abɛn pɛɛ na me ne me yere tee nka sɛ ehia sɛ yɛbɔ nkurɔfo kɔkɔ wɔ eyi ho. Ná Garoutte abusua no ne yɛn nhwɛsofo wɔ eyi mu. Ná Ralph ne ne yere nyinaa yɛ akwampaefo, Yehowa Adansefo bere nyinaa asomfo. Mede yɛn tebea no totoo Ralph de ho. Ná ɔwɔ yere ne mma baanan. Ná mewɔ yere ne mma baasa pɛ. Sɛ watumi ayɛ a, ɛsɛ sɛ me nso mitumi yɛ. Enti yɛn asubɔ akyi ɔsram biako no, yebisaa akwampae adwuma ho kwan.
Ansa na wɔregye me atom sɛ ɔkwampaefo mpo no, metow nneɛma a ɛho nhia nyinaa gui, a nea ɛka ho ne me dade sanku, ne sanku afoforo no. Ná m’ani gye nnwom ho kɛse, nanso metow biribiara gui ma ɛkaa m’abɛn ketewaa bi pɛ. Ná m’ani nnye m’adwuma wɔ beae a wɔyɛ sake nsã no nso ho bio. (Filipifo 3:8) Meyɛɛ lɔre a ɛte sɛ ɔdan de twɛnee sɛ ebia Yehowa bebua m’adesrɛ sɛ ɔmfa me nni dwuma no. Mantwɛn ankyɛ. Wogyee yɛn toom sɛ akwampaefo fi June 1, 1942 mu. Yɛde yɛn ho hyɛɛ Yehowa bere nyinaa som adwuma no mu ntɛm ara na yennuu yɛn ho wɔ saa gyinaesi no ho.
Akwampae Adwuma wɔ Hawaii
Yɛne Garoutte abusua no yɛɛ adwuma wɔ Hawaii, Big Island, a Kona, a ɛhɔ agye din yiye sɛ beae a wɔyɛ kafe ho adwuma, ne Kau ka ho. Saa bere no na yɛde gramafon na ɛyɛ adwuma. Ná emu yɛ duru, nanso na yɛda so ara yɛ mmerante ne mmabaa a yɛwɔ ahoɔden. Enti, bere a yɛn nsa biako kura gramafon na biako nso kura bag a nhoma wom no, yɛkɔɔ baabiara a wobetie yɛn wɔ kafe mfuw mu ne wɔ baabiara. Afei yewiee supɔw no nyinaa no, wɔde yɛn kɔɔ Kohala a ɛwɔ Big Island so no. Ná Kohala yɛ beae ketewaa a wodua ahwerew a nnipa a wɔwɔ hɔ ne Caucasiafo, Filipinofo, Chinafo, Hawaiifo, Japanfo, ne Portugalfo. Ná kuw biara wɔ wɔn amanne ahorow, nsusuwii ahorow, nneɛma a wɔpɛ ne wɔn ɔsom horow.
Mifii akwampae ase no, manyɛ honam fam adwuma bio. Wɔ bere bi mu no, na sika a mede asie no na yedi, na bere a eho behiae no, miyii mpataa. Ɛyɛ nwonwa sɛ na bere biara mede nam ba fie. Ná yɛtetew nhabamma wɔ kwan ho na na eyi na yedi. Mede nkankyee yɛɛ fononoo, na Masako suaa bodobodo tõ. Ɛno ne bodobodo a ɛyɛ dɛ sen biara a madi pɛn.
Bere a yɛkɔɔ Kristofo nhyiam wɔ Honolulu wɔ 1943 mu no, Donald Haslett a na saa bere no ɔyɛ Hawaii baa dwumadibea sohwɛfo no ka kyerɛɛ yɛn sɛ yentu mmra hɔ na yɛmmɛtra ɔdan ketewaa bi a ɛwɔ Ɔwɛn Aban Asafo no lɔre korabea no so no mu. Wɔpaw me sɛ menhwɛ baa dwumadibea fie hɔ nneɛma so, na ɛhɔ na metra yɛɛ akwampae adwuma mfe anum a edii hɔ no.
Ɔfrɛ a na Yɛnhwɛ Kwan
Yɛtee wɔ 1943 mu sɛ Asafo ti no afi sukuu bi a wɔde tete asɛmpatrɛwfo ma amannɔne adwuma ase. Hwɛ sɛnea yenyaa bi a, anka yɛbɛkɔ! Nanso na mmusua a wɔwɔ mma nka ho, enti yɛansusuw ho bio. Nanso, wɔ 1947 mu no, Onua Haslett ka kyerɛɛ yɛn sɛ Asafo ti no bɛpɛ sɛ wohu sɛ Hawaiifo bi wɔ hɔ a wɔbɛpɛ sɛ wɔkɔsom wɔ Japan a. Obisaa yɛn nea yesusuw wɔ ho, na te sɛ Yesaia no, mekae sɛ: “Soma me.” (Yesaia 6:8) Me yere tee nka saa ara. Yɛantwentwɛn yɛn nan ase sɛ yebegye Yehowa ɔfrɛ no so.
Enti wɔtoo nsa frɛɛ yɛn kɔɔ Ɔwɛn Aban Bible Gilead Sukuu ma wɔkɔtetee yɛn sɛ asɛmpatrɛwfo. Ná yɛn mma nkumaa baasa no nso ka ho. Wɔtoo nsa frɛɛ nnipa baanum afoforo nso, Donald ne Mabel Haslett, Jerry ne Yoshi Toma, ne Elsie Tanigawa, na yɛn nyinaa de yɛn ani kyerɛɛ New York wɔ 1948 awɔwbere mu.
Yɛde bɔs na ɛkɔe. Yɛtraa bɔs no mu nnansa akyi no, na yɛn nyinaa abrɛbrɛ, na Onua Haslett kae sɛ yennyina na yɛnkɔda ahɔhodan bi mu mma ade nkye. Bere a yesisi fii bɔs no mu no, ɔbarima bi baa hɔ na ɔteɛɛm sɛ: “Japanfo! Merekɔ fie akɔfa me tuo abɛtow wɔn!”
Onua Haslett kae sɛ: “Wɔnyɛ Japanfo. Wɔyɛ Hawaiifo. Wuntumi nhu sɛ ɛsono wɔn?” Asɛm a ɔkaa no ntɛm yi gyee yɛn nkwa.
So ná yɛka Gilead adesua kuw a ɛto so 11 no ho ampa? Ná ɛyɛ yɛn sɛ ɔdae nwonwaso bi. Nanso ankyɛ na nokwasɛm a ɛyɛ no daa adi. Wɔ yɛn adesua kuw no mu no, na nea na ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani saa bere no, Nathan H. Knorr, apaw adesuafo 25 a wɔbɛtete wɔn na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wɔakɔyɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ Japan. Esiane sɛ m’ase fi Japan na mete Japan kasa kakraa nti, wɔpaw me sɛ menkyerɛ asuafo kuw yi kasa no. Esiane sɛ na mintumi nka kasa no yiye nti, eyi anyɛ mmerɛw; nanso yɛn nyinaa yɛɛ ade ara!
Saa bere no na yɛn babarima, Loy, adi mfe du, na na mmeawa no nso, Thelma adi mfe awotwe, na Sally nso mfe asia. Bere a yɛwɔ sukuu no, na wɔn nso wɔyɛ dɛn? Ná wɔn nso wɔkɔ sukuu! Ná bɔs bɛfa wɔn anɔpa na asan de wɔn aba. Sɛ mmofra no fi sukuu ba a, ná Loy ne anuanom a wɔwɔ Asafo ti afuw mu no yɛ adwuma, na ná Thelma ne Sally yɛ adwuma wɔ beae a wɔhoro nneɛma, na ná wɔbobow nnuku.
Yesiesie Yɛn Adwene ma Baabi a Yennim
Bere a yewiee Gilead August 1, 1948 mu no, na yɛn ho pere yɛn sɛ yebedu faako a wɔama yɛn dwumadi no. Onua Haslett dii yɛn kan kɔhwehwɛɛ baabi a asɛmpatrɛwfo no bɛtra. Awiei koraa no, onyaa abansoro fie a ɛtoa so abien bi wɔ Tokyo, na August 20, 1949 mu no, yɛn abusua no siim sɛ yɛrekɔ faako a ɛbɛyɛ yɛn fie daakye no.
Ansa na yɛrekɔ Japan no, na metaa susuw Apuei Fam asase yi ho. Na midwen Japanfo nokwaredi ma wɔn nnipa awuranom ne ɔhempɔn no ho. Japanfo pii de wɔn nkwa too hɔ maa nnipa atumfo yi. Wɔ wiase ko a etia abien mu no, wimhyɛn kafo wuwu maa ɔhempɔn no denam wimhyɛn no a wɔde kɔhyɛn atamfo no akodi po so hyɛn mu no so. Mekae sɛ misusuwii sɛ, sɛ Japanfo di nokware ma nnipa awuranom sɛɛ a, dɛn na wɔbɛyɛ sɛ wohu nokware Awurade, Yehowa no a?
Bere a yeduu Japan no, na asɛmpatrɛwfo baason pɛ ne adawurubɔfo kakraa bi na wɔwɔ asase no nyinaa so. Yɛn nyinaa fii adwuma ase, na mebɔɔ mmɔden sɛ mɛte kasa no kɛse na mitumi ne pii a na wɔrefrɛ Onyankopɔn wɔ wɔn komam no fii Bible adesua ase. Wɔn a me ne wɔn dii kan fii Bible adesua ase yi bi asom nokwaredi mu abesi nnɛ.
Yɛne Yɛn Mma Wɔ Asɛmpatrɛw Adwuma Mu
Yɛbɛyɛ dɛn ayɛ asɛmpatrɛw adwuma bere a yɛwɔ mmofra nkumaa baasa a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ wɔn no? Tumi a na ɛhyɛ ne nyinaa akyi no ne Yehowa. Ná yenya sika kakraa bi fi Asafo ti na na Masako pam ntade ma mmofra no. Bio nso na yenya mmoa kakra fi m’awofo hɔ.
Bere a Loy wiee mfinimfini sukuu no, ɔsomee wɔ Ɔwɛn Aban Bible ne Nkratawa Asafo no Japan baa dwumadibea hɔ kakra. Nanso, esiane ɔyare nti, osii gyinae sɛ ɔbɛsan akɔ Hawaii akɔyɛ ne ho aduru. Ɛnnɛ ɔne ne yere resom Yehowa nokwaredi mu wɔ California. Nhyira a afi n’aware mu aba ne mmanana nokwaredifo baanan a yɛanya no. Wɔn nyinaa agye asubɔ, na obiako ne ne yere resom wɔ Brooklyn Betel, Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti.
Bere a me mmabea Thelma ne Sally nyinii no, wɔyɛɛ wɔn asɛmpatrɛwfo. Mprempren Thelma resom sɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ Toyama kuropɔn mu. Sally waree onua ɔsɛmpatrɛwfo, Ron Trost, na wɔasom wɔ Japan sɛ asɛmpatrɛwfo wɔ ahwɛfo akwantufo adwuma no mu bɛboro mfe 25.
Yefi Atifĩ Fam Bɛsen Kɔ Anafo Fam
Yedii mfe abien wɔ Tokyo akyi no, wɔde yɛn kɔɔ Osaka mfe abien. Baabi a wɔde yɛn kɔɔ bio ne Sendai wɔ atifĩ fam, faako a yɛsomee bɛyɛ mfe asia no. Saa mfe a yedii wɔ Sendai no siesiee yɛn adwene maa supɔw a ɛwɔ Japan ɔmantifi paa a ɛne Hokkaido adwumayɛ. Ɛyɛ Hokkaido na wɔyɛɛ yɛn mmabea no asɛmpatrɛwfo. Ɛyɛ hɔ nso na na ɛsɛ sɛ yesua sɛnea yɛbɛtra awɔwbere mu wim tebea a na ɛtɔ mmere bi a ɛyɛ nwunu sen biara no mu. Ná nsonsonoe kɛse da eyi ne Hawaii de no ntam!
Afei, da koro metee ɔfrɛ foforo denam krataa bi a efi Asafo ti bae so. Ná ese mimmue baa dwumadibea wɔ Okinawa a na ɛda so ara hyɛ U.S. ase no. Ná Japan ɔmantifĩ awɔw no mu a yebefi aba faako a mprempren abɛyɛ Japan anafo fam mansin a ɛwɔ akyiri sen biara no bɛyɛ asɛnnennen kɛse ama yɛn. Ná mɛyɛ dɛn? Na mete nka sɛ memfata de, nanso mikoduu Okinawa wɔ November 1965 mu a sɛnea ɛte bere nyinaa no, me yere nokwaredifo no ka me ho. So asetra wɔ Okinawa te sɛ Japan asetra? Na wɔn amanne nso ɛ? So nkurɔfo no ani begye Yehowa nkwagye asɛm no ho?
Bere a yedui no, na adawurubɔfo a wɔwɔ Okinawa nnu 200. Ɛnnɛ wɔn dodow boro 2,000. Mfiase no, na meyɛ ɔmansin sohwɛfo fã ne baa dwumadibea sohwɛfo fã. Supɔw no nyinaa so a mikyinii no boaa me ma me ne anuanom a wɔwɔ hɔ no nyaa abusuabɔ a emu yɛ den, na mibu no sɛ hokwan a minya de som wɔn.
Ɔhaw Biara Nnim?
Yɛn asɛmpatrɛw adwuma no anyɛ nea ɔhaw biara nnim. Bere a yɛredi akwamma wɔ United States wɔ 1968 mu no, Masako yaree a na ɛsɛ sɛ wɔyɛ no oprehyɛn. Woyii biribi a na ahon ne nsono mu, na ne ho yɛɛ no den ntɛm ma ɛyɛɛ nwonwa. Ná yenni ayarehwɛ insurance enti na ɛhaw yɛn sɛ ebia yɛrentumi nsan nkɔ baabi a yɛsom no. Nanso nea ɛyɛɛ yɛn nwonwa ne sɛ nnamfo a wɔwɔ gyidi no mu hwɛ yɛɛ biribiara.
Ɛdefa m’ankasa ho no, mprempren merehyia ɔhaw a ɛtaa ba wɔn a wɔyare asikreyare so no bi. Ɛwom sɛ m’ani mfurae de, nanso m’ani so ayɛ wusii kɛse. Nanso ɛnam Yehowa adɔe so no, mitumi di honhom mu aduan daa denam Ɔwɛn-Aban ne Nyan! mu nsɛm a ɛwɔ kasɛt so a mitie no so. Anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ gyidi no mu nso boa me denam nhoma ahorow a wɔkenkan kyerɛ me no so.
Mɛyɛ dɛn akɔ so de m’ani a ayɛ wusii no ama baguam ɔkasa horow? Mfiase no, na mema ɔkasa no gu kasɛt so na wɔbɔ gu akasam afiri mu bere a migyina hɔ yɛ te sɛ nea merekasa no. Nanso ɛdenam me babea nyansahyɛ so no, minyaa nkɔso wɔ eyi yɛ mu. Afei de, mede me kasa no gu kasɛt ketewaa bi so na bere a mede ade ahyɛ m’asom retie no, mema ɔkasa no kyerɛ.
Bere biara a yehyiaa ɔhaw ankasa no, yɛannyae sɛ yɛbɛfrɛ Yehowa da. Awiei koraa no, na nhyira a efi ɔhaw no ho dwuma a Yehowa di mu ba no taa yɛ kɛse sen sɛnea na ɔhaw no ankasa te. Sɛ́ yɛbɛkɔ so wɔ ne som mu ne ɔkwan koro pɛ a yɛbɛfa so ada no ase.
Yedii mfirihyia 23 wɔ Okinawa akyi no, wɔsan de yɛn baa beae koro no ara a yɛsomee bere a yedii kan baa Japan no. Asafo ti no adwumayɛbea ne asɛmpatrɛwfo fie kɛse no da so ara wɔ faako a na abansoro dan a ɛtoa so abien no si wɔ Tokyo a Onua Haslett tɔe mfe pii a atwam no.
Me ne Masako akyi no, yɛn abusuafo 11 resom sɛ asɛmpatrɛwfo mprempren wɔ Japan. Ɛyɛ hokwan kɛse ma yɛn nyinaa sɛ yɛahu nkɔso kɛse a Yehowa ama aba asase a Budhafo ne Shinto amammerɛ ayɛ so ma yi so no. Adwuma no fii ase ketewaa wɔ Japan, nanso Yehowa tumi ama ayɛ “ɔman” bi a asɛmpa no ho adawurubɔfo a wɔboro 167,000 na wɔwom.—Yesaia 60:22.
Bere a mefrɛɛ Onyankopɔn no, ogyee me so. Bere a ɔtoo nsa frɛɛ me no, migyee so. Me ne me yere te nka sɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ara na yɛayɛ no. Na wo nso ɛ? Sɛ wo Bɔfo no frɛ wo a, so wugye so?
[Mfonini wɔ kratafa 28]
Tohara abusua no ne wɔn akwampaefo kuw no mufo binom wɔ Hawaii, 1942 mu
[Mfonini wɔ kratafa 29]
Tohara mma no wɔ Gilead wɔ 1948 mu
[Mfonini wɔ kratafa 31]
Shinichi ne Masako Tohara a ɛyɛ wɔn anigye sɛ wogyee ɔfrɛ no so no awie mfirihyia 43 wɔ asɛmpatrɛw adwuma mu