Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 12/1 kr. 27-31
  • Migyae Ɔhempɔn Som Ba Nokware Som Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Migyae Ɔhempɔn Som Ba Nokware Som Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nyamesom Ntetee Wɔ Mmofrabere Mu
  • Ɔko Mfe No
  • Mibenya Anidaso Foforo
  • Akwampae Adwuma no mu Anigye
  • Wiase Foforo no Ho Mpopoe
  • Anisɔ a Mewɔ Wɔ Me Dwumadi Ahorow Ho
  • Nneɛma Pii a Ɛma Midi Ahurusi
  • Yehowa Twe Ahobrɛasefo Ba Nokware No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Wɔde ‘Atom Ɔtopae Yii Me Papa Fii Afiase’
    Nyan!—1994
  • Wɔaboa Me Ma Madi Me Fɛre So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Sɛ Obi Frɛ A, So Wugye So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 12/1 kr. 27-31

Migyae Ɔhempɔn Som Ba Nokware Som Mu

SƐNEA ISAMU SUGIURA KA KYERƐE

Ɛwom sɛ na ɛda adi wɔ 1945 mu sɛ Japan redi nkogu wɔ Wiase Ko II no mu de, nanso na yɛwɔ ahotoso sɛ kamikaze (“nyame mframa”) bɛbɔ abedi atamfo no so nkonim. Kamikaze yɛ ahum bi a etui wɔ 1274 ne 1281 mu a ɛsɛee Mongolfo po so akohyɛn a na ɛwɔ Japan mpoano no fã kɛse, na ɛhyɛɛ wɔn ma woguanee.

ENTI, bere a Ɔhempɔn Hirohito bɔɔ ɔman no amanneɛ wɔ August 15, 1945 sɛ Japan agyae ko de wɔn ho ahyɛ Aman a Wɔayɛ Apam no ase no, anidaso a na nnipa ɔpepem ha a wɔde wɔn ho ama no no wɔ bɛyɛɛ kwa. Saa bere no na meyɛ sukuuni abarimaa, na me nso m’anidaso yɛɛ kwa. Adwene a ɛbaa me tirim ne sɛ, ‘Sɛ ɔhempɔn no nyɛ Nyankopɔn teasefo no de a, ɛnde ɛyɛ hena? Hena na ɛsɛ sɛ mede me ho to ne so?’

Nanso, nokwasɛm ne sɛ nkogu a Japan dii wɔ Wiase Ko II mu no buee hokwan maa me ne Japanfo afoforo mpempem pii suaa nokware Nyankopɔn, Yehowa, ho ade. Ansa na mɛka nsakrae a ɛho behiae sɛ meyɛ no ho asɛm no, momma menka nyamesom ntetee a minyae ho asɛm.

Nyamesom Ntetee Wɔ Mmofrabere Mu

Wɔwoo me wɔ Nagoya kurow mu wɔ June 16, 1932, na na meyɛ mmabarima baanan mu nea otwa to. Paapa yɛɛ adwuma sɛ obi a osusuw nsase wɔ kurow no mu. Ná Maame kura Tenrikyo, Shintosom mu kuw bi, mu denneennen, na na wɔatete me nuabarima panyin paa no ma wabɛyɛ Tenrikyosom no kyerɛkyerɛfo. Ná me ne Maame ka paa, enti na ɔde me kɔ nhyiambea ma yɛkɔsom.

Wɔkyerɛɛ me sɛnea mesi me ti ase abɔ mpae. Tenrikyosom no kyerɛkyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ wonya ɔbɔadeɛ bi a wɔfrɛ no Tenri O no Mikoto, ne anyame nketewa du nso mu gyidi. Emufo de wɔn ho hyɛɛ gyidi ayaresa mu, na wosii mmoa a wɔde bɛma afoforo ne ɔsom no nkyerɛkyerɛ a wɔbɛtrɛw mu so dua.

Sɛ́ abarimaa no, na mepɛ nneɛma mu ahu. Ɔsram no ne nsoromma huhaa a ɛwɔ wim anadwo no yɛɛ me ahodwiriw, na na midwen baabi a ahunmu trɛw kodu ho. Ɔkwan a nturopo ne ɛferɛ a miduae wɔ yɛn afikyifuw mu faa so nyinii no yɛɛ me fɛ. Adebɔ nnwuma a mehwɛe no maa Onyankopɔn mu gyidi a mewɔ no mu yɛɛ den.

Ɔko Mfe No

Bere a mede kɔɔ mfitiase sukuu fi 1939 kosi 1945 no ara na Wiase Ko II no kɔɔ so. Wosii ɔhempɔn som, a na ɛyɛ Shintosom mu ade titiriw no so dua wɔ yɛn sukuu adesua mu. Wɔmaa yɛn shushin mu nkyerɛkyerɛ a na ɛyɛ abrabɔ fam ntetee a ɔmampɛ ne ɔsa ho nimdeɛ frafra mu. Ná frankaa a wɔma so si hɔ ho guasodeyɛ, ɔman dwom a wɔto, ahemman adesua ho ahyɛde ahorow a wosua, ne ɔsom a wɔde ma ɔhempɔn no mfonini no nyinaa ka yɛn sukuu nhyehyɛe ho.

Yɛkɔɔ Shintofo abosonnan nso mu kɔsrɛɛ Nyankopɔn sɛ ɔmma ahemman no asraafo nni nkonim. Ná me nuabarimanom baanu wɔ sraadi mu. Esiane sɛ na wɔde ɔmampɛ ne ɔsom ho nsɛm ahyɛ m’adwene mu nti, sɛ mete sɛ Japan asraafo dɔm no redi nkonim a na m’ani agye.

Nagoya ne baabi titiriw a na wɔyɛ wimhyɛn ho adwuma wɔ Japan, enti ɛhɔ titiriw na U.S. Wim Akohyɛn no totoo atopae pii gui. Sɛ edu awia a, na B-29 Superfortress wim akohyɛn no bom tu kɔ soro bɛyɛ mita 9,000 fa kurow no so, na wɔtoto atopae tɔn ɔhaha pii gu mmeae a adwinnan no wɔ no. Sɛ nkanea a wɔde hwɛ wim no tɔ wim akohyɛn no so anadwo a, wotumi hu sɛ aba fam araa abedu bɛyɛ mita 1,300. Atopae a ano yɛ hyew pii a wɔtotow fii wimhyɛn mu no maa ogya tɔɔ mmeae a nkurɔfo tete no. Wɔ ɔko no asram akron a edi akyiri mu no, wimhyɛn bɛtotoo atopae guu Nagoya nkutoo mpɛn 54, na eyi maa nkurɔfo huu amane kɛse, na nnipa bɛboro 7,700 wuwui.

Ebeduu saa bere no, na wɔafi ase retoto atuo fi po so akohyɛn mu ba mpoano nkurow du mu, na na nkurɔfo reka sɛ U.S. asraafo dɔm no reyɛ asi yɛn asase so wɔ baabi a ɛbɛn Tokyo. Wɔkyerɛɛ mmea ne mmarimaa sɛnea wɔde mpampuro mpeaw ko na wɔde abɔ ɔman no ho ban. Ná yɛn fene ne “Ichioku Sougyokusai,” a ɛkyerɛ sɛ “Yebegyae mu de, anka ɔpepem 100 nwuwu.”

August 7, 1945 no, atesɛm krataa mu asɛm bi kae sɛ: “Wɔde Topae Foforo Bi Ato Hiroshima.” Nnanu akyi no, wɔtow foforo too Nagasaki. Ná ɛyɛ atom atopae, na akyiri yi wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ, sɛ wɔka bom a ekunkum nnipa bɛboro 300,000. Afei wɔ August 15, bere a yɛakosua sɛnea wɔde dua atuo tu aperenten awie no, yɛtee ɔhempɔn no kasa a ɔde too gua sɛ Japan agyae mu no. Ná wɔama yɛanya ahotoso sɛ yebedi nkonim, nanso afei de yɛn anidaso na ayɛ pasaa yi!

Mibenya Anidaso Foforo

Bere a Amerika asraafo dɔm fii ase baa ɔman no mu no, yebegye toom nkakrankakra sɛ United States adi nkonim wɔ ɔko no mu. Wɔde dodow amammu baa Japan, ne afei ɔman mmara foforo a ɛmaa nkurɔfo nyaa nyamesom mu ahofadi nso. Ná asetra mu yɛ den, aduan ho yɛ na, na wɔ 1946 mu no, aduammɔne kum me papa.

Saa bere no ara mu no, na wɔafi ase rekyerɛ Engiresi kasa wɔ sukuu a na mekɔ no mu, na NHK radio dwumadibea no fii ase yɛɛ dwumadi bi a na wɔde Engiresi kasa bɔ nkɔmmɔ wom. Mede mfe anum tiee dwumadi a na nkurɔfo pii ani gye ho yi da biara da bere a na mikura ho nhoma. Eyi ma minyaa ɔpɛ sɛ da bi mɛkɔ United States. Esiane sɛ na mapa aba wɔ Shinto ne Buddhasom ho nti, mifii ase nyaa adwene no sɛ ebia nokware a ɛfa Nyankopɔn ho no bɛwɔ Atɔe fam aman no som ahorow mu.

Wɔ 1951 April mfiase mu hɔ no, mihyiaa Grace Gregory a na ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no sɛmpatrɛwfo. Ná ogyina Nagoya keteke gyinabea hɔ rekyekyɛ Engiresi Ɔwɛn-Aban ne Japan kasa mu nhomawa bi a ɛka Bible mu asɛm. M’ani gyee ahobrɛase mu a ofi yɛɛ saa adwuma no ho. Migyee nhoma abien no nyinaa na mepenee so ntɛm ara sɛ ɔne me nyɛ Bible adesua. Mehyɛɛ bɔ sɛ nna kakraa bi akyi no, mɛba ne fie ma ɔne me ayɛ Bible adesua.

Bere a metraa keteke mu na mifii ase kenkan Ɔwɛn-Aban no, asɛmfua a edi kan “Yehowa,” a wɔde hyɛɛ asɛm a edi kan no ase a m’ani bɔɔ so no ma migyinae. Ná minhuu saa din no da. Mansusuw sɛ ɛwɔ nsɛm asekyerɛ nhoma ketewa a Engiresi wɔ afã na Japan kasa nso wɔ afã a na mikura no mu, nanso na ɛwom! “Yehowa . . . , Bible no Nyankopɔn.” Afei de na mafi ase rehu Kristosom Nyankopɔn no!

Bere a edi kan a mekɔɔ asɛmpatrɛwfo fie hɔ no, metee sɛ Nathan H. Knorr a saa bere no na ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani rebɛma Bible kasa bi wɔ adapɛn kakraa bi mu. Ná ɔne ne kyerɛwfo, Milton Henschel rebɛsra Japan, na na wɔbɛba Nagoya. Ɛwom sɛ na minni Bible mu nimdeɛ pii de, nanso m’ani gyee ɔkasa no ne fekuw a me ne asɛmpatrɛwfo no ne afoforo a wɔbaa bi no bɔe no ho kɛse.

Bɛyɛ asram abien akyi no, adesua a me ne Grace yɛe no ma mihuu Yehowa, Yesu Kristo, agyede no, Satan Ɔbonsam, Harmagedon, ne Paradise asase no ho nsɛntitiriw. Asɛm a na merekyin hwehwɛ ara ne Ahenni no ho asɛmpa no. Bere a mifii ase suaa ade ara na mifii asafo nhyiamkɔ nso ase. M’ani gyee adamfofa a na wɔda no adi wɔ nhyiam horow yi ase no ho, faako a asɛmpatrɛwfo no ne Japanfo bɔe denneennen, na wɔne yɛn tratraa tatami (kɛtɛ a wɔde sare anwene) so no.

Wɔ October 1951 mu no, wɔyɛɛ ɔmansin nhyiam a edi kan wɔ Japan wɔ Nakanoshima Ɔmanfo Asa a ɛwɔ Osaka kurow mu no so. Ná Adansefo a wɔwɔ Japan nyinaa nnu 300; nanso nnipa bɛyɛ 300 na ɛbaa nhyiam no, a asɛmpatrɛwfo a wɔreyɛ adu 50 ka ho. Minyaa ɔfã ketewa bi mpo wɔ dwumadi no mu. Nea mihui ne nea metee no kaa me koma araa ma misii gyinae wɔ me komam sɛ mɛsom Yehowa me nkwa nna nyinaa. Da a edi hɔ no, wɔbɔɔ me asu wɔ nsu bi a emu nyɛ hyew na emu nyɛ nwini wɔ ɔmanfo aguaree bi a ɛbɛn hɔ mu.

Akwampae Adwuma no mu Anigye

Ná mepɛ sɛ meyɛ ɔkwampaefo, sɛnea wɔfrɛ Yehowa Adansefo bere nyinaa asomfo no, nanso metee nka nso sɛ ɛyɛ m’asɛyɛde nso sɛ meboa m’abusua. Bere a minyaa akokoduru kaa nea mepɛ sɛ meyɛ no kyerɛɛ me panyin no, ɛyɛɛ me nwonwa sɛ ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Sɛ ɛno na ɛbɛma w’ani agye a, mɛboa wo ma woayɛ.” Meyɛɛ adwuma nnanu pɛ wɔ dapɛn biara mu, nanso ne nyinaa akyi no, mitumi boaa me maame wɔ fie sika fam. Metee nka te sɛ anomaa bi a wɔagyaa no afi berebuw mu ankasa.

Bere a tebea no kɔɔ so yɛɛ yiye no, mifii ase yɛɛ akwampae adwuma wɔ August 1, 1954, wɔ asasesin bi a ɛwɔ Nagoya keteke gyinabea no akyi, a ɛbɛn faako a mihyiaa Grace nea edi kan no mu. Asram bi akyi no, minyaa dwumadi sɛ menkɔyɛ ɔkwampaefo titiriw wɔ Beppu, kurow bi a ɛwɔ atɔe fam supɔw Kyushu so no. Tsutomu Miura na wɔde no maa me sɛ me hokafo wɔ adwuma no mu.a Saa bere no na Yehowa Adansefo asafo biara nni supɔw no so baabiara, nanso seesei yɛwɔ ɔhaha pii a wɔakyekyem ayɛ no amansin 22!

Wiase Foforo no Ho Mpopoe

Bere a Onua Knorr san bɛsraa Japan wɔ April 1956 mu no, ɔma mekenkan Engiresi Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no mu nkyekyem kakraa bi kyerɛɛ no. Wanka nea enti a ɔma meyɛɛ saa, nanso asram kakraa bi akyi no, wɔde krataa too nsa frɛɛ me sɛ menkɔ Gilead asɛmpatrɛw sukuu no adesuakuw a ɛto so 29 no bi. Enti wɔ November saa afe no, misii mu wɔ akwantu a na ɛyɛ anigye a ɛde me kɔɔ United States maa me botae a na esi m’ani so dedaadaw no baa mu no mu. Brooklyn Betel abusua kɛse no a me ne wɔn trae ne wɔn yɛɛ adwuma asram kakra bi no maa Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu no mu gyidi a mewɔ no mu yɛɛ den.

Wɔ February 1957 mu no, Onua Knorr de yɛn asuafo no mu baasa traa kar mu kɔɔ Gilead Sukuu no atrae wɔ South Lansing, New York atifi fam. Bere a wɔde Yehowa Asɛm kyerɛkyerɛɛ me wɔ Gilead Sukuu asram anum a edi hɔ, na me ne mfɛfo sukuufo traa baabi a ɛhɔ yɛ fɛ no, minyaa Paradise ho mpopoe. Wɔmaa asuafo 103 no mu nnipa du a meka ho, dwumadi wɔ Japan.

Anisɔ a Mewɔ Wɔ Me Dwumadi Ahorow Ho

Bere a mesan baa Japan October 1957 no, na Adansefo bɛyɛ 860 na wɔwɔ hɔ. Wɔma mekɔyɛɛ akwantu adwuma sɛ ɔmansin sohwɛfo, nanso midii kan nyaa saa adwuma no ho ntetee fii Adrian Thompson hɔ wɔ Nagoya. Ná me mansin no fi Shimizu, a ɛbɛn Fuji Bepɔw no, kɔka Shikoku Supɔw no so, na na nkurow akɛse te sɛ Kyoto, Osaka, Kobe, ne Hiroshima ka ho.

Wɔ 1961 mu no, wɔmaa me dwumadi sɛ ɔmantam sohwɛfo. Eyi maa mitutuu akwan twaa kilomita bɛyɛ 3,000 fii atifi fam supɔw Hokkaido a sukyerɛmma tɔ wɔ hɔ kɛse no so kɔɔ Okinawa supɔw a ɛhɔ hyew no yɛ hɔ-ne-hɔ no so de kɔkaa Ishigaki nsupɔw a ɛbɛn Taiwan no mpo so.

Afei, wɔ 1963 mu no, wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmra asram du Gilead Sukuu adesua wɔ Brooklyn Betel. Bere a yegu adesua no so no, Onua Knorr sii hia a ɛho hia sɛ yenya adwene a ɛfata wɔ adwuma a wɔde ma yɛn no ho so dua. Ɔkae sɛ tiafi so asiesie yɛ adwuma a ɛho hia te sɛ krakyedwuma pɛpɛɛpɛ. Ɔkae sɛ, sɛ tiafi no so antew a, ɛbɛka Betel abusua mũ no nyinaa ne wɔn adwuma. Akyiri yi, adwuma a wɔde maa me wɔ Japan Betel no biako ne sɛ mesiesie agyanan so, na ɛma mekaee saa afotu no.

Bere a mesan kɔɔ Japan no, wɔsan ma mekɔyɛɛ akwantu adwuma. Mfe bi akyi wɔ 1966 mu no, mewaree Junko Iwasaki, ɔkwampaefo titiriw bi a na ɔwɔ Matsue kurow mu. Lloyd Barry, a saa bere no na ɔyɛ Japan baa dwumadibea sohwɛfo no na ɔmaa ayeforohyia ɔkasa a na ɛka koma no. Enti Junko bɛkaa me ho wɔ akwantu adwuma no mu.

Wɔsesaa yɛn dwumadi wɔ 1968 mu bere a wɔtoo nsa frɛɛ me ma mekɔkyerɛɛ nhoma ase wɔ Tokyo baa dwumadibea no. Esiane sɛ na adan ho ayɛ na nti, na mifi Sumida Ward, Tokyo na ɛkɔ adwuma, na Junko yɛɛ adwuma sɛ ɔkwampaefo titiriw wɔ ɛhɔ asafo no mu. Ebeduu saa bere no, na baa dwumadibea adan akɛse ho abehia. Enti wɔ 1970 mu no, wɔtɔɔ asase wɔ Numazu a ɛne Fuji Bepɔw no ntam kwan nware. Wosii adwinnan bi a ɛtoa so abiɛsa ne trabea wɔ so. Ansa na wɔrefi ɔdansi no ase no, wɔyɛɛ Ahenni Som Sukuu a wɔde tete asafo mu ahwɛfo wɔ asase no so adan pii mu. Minyaa hokwan kyerɛɛ ade wɔ sukuu no mu, na Junko nso yɛɛ aduan maa asuafo no. M’ani gyee sɛ mihui sɛ wɔrema Kristofo mmarima ɔhaha pii ntetee soronko ama ɔsom adwuma no.

Da koro awia, me nsa kaa tɛlɛgram bi a ɛhwehwɛ sɛ meyɛ ade ntɛm so. Ná wɔagye Maame ato ayaresabea ma ɔregye nna awu. Mefaa keteke a ɛkɔ mmirika paa no kɔɔ Nagoya, na mede ahoɔhare kɔɔ ayaresabea hɔ. Ná watɔ mum, nanso metraa ne ho maa ade kyee. Ade kyee anɔpatutuutu na Maame wui. Bere a meresan akɔ Numazu no, metee nusu waawaa bere a mekaee amanehunu a me maame faa mu wɔ ne nkwa nna mu ne ɔdɔ a na ɔwɔ ma me no. Sɛ ɛyɛ Yehowa pɛ a, owusɔre no du a, mehu no bio.

Mfe kakraa bi akyi no, na Numazu baa dwumadibea no sua ma yɛn. Enti wɔtɔɔ asase a ne kɛse yɛ ahama 18 wɔ Ebina Kurow mu, na wofii ase sii baa dwumadibea foforo wɔ so wɔ 1978 mu. Seesei wɔasisi adwinnan ne atrae ahorow ne Nhyiam Asa a ɛfa nnipa bɛboro 2,800 wɔ saa asase no so ma ɛso ayɛ ma. Ɔdan a etwa to koraa a wosi kaa ho ne atrae abien a ɛtoa so 13 ne baabi a wɔde kar sisi san siesie mfiri, a ɛtoa so 5 a wowiee no afe yi ara no. Seesei yɛn Betel abusua no mufo yɛ bɛyɛ 530, nanso adan a wɔatrɛw mu no betumi afa nnipa bɛyɛ 900.

Nneɛma Pii a Ɛma Midi Ahurusi

M’ani gye sɛ mahu Bible nkɔmhyɛ mmamu, na nokwarem no, mahu sɛ “akumaa adan ɔman a ɛyɛ den.” (Yesaia 60:22) Mekae sɛ wɔ 1951 mu no, me nuanom biako bisaa me sɛ, “Adansefo baahe na wɔwɔ Japan?”

Mibuae sɛ: “Bɛyɛ 260.”

Obisae fɛwdi so sɛ: “Mo dodow ara ne no?”

Mekae sɛ mekae wɔ me tirim sɛ, ‘Daakye na yebehu nnipa dodow a Yehowa bɛtwe wɔn afi saa Shintofo ne Buddhafo man yi mu aba ne som mu.’ Na Yehowa ama ho mmuae! Ɛnnɛ, nsasesin biara nni Japan a asɛnka adwuma no nkɔ so wɔ hɔ, na nokware asomfo dodow akɔ soro akodu nea ɛboro 222,000 wɔ asafo ahorow 3,800 mu!

Mfe 44 a atwam ni a mede ayɛ bere nyinaa som adwuma—a emu 32 yɛ nea me ne me yere boom yɛe—no ne anigye bere paa wɔ m’asetra mu. Mede saa mfe dodow no mu 25 ayɛ adwuma wɔ Nsɛm Asekyerɛ Dwumadibea wɔ Betel. Wɔ September 1979 no, wɔtoo nsa frɛɛ me ma mebɛyɛɛ Japan Yehowa Adansefo no baa boayikuw no muni.

Ɛyɛ hokwan san yɛ nhyira sɛ manya komapafo a wɔdɔ asomdwoe a wɔboa wɔn ma wɔba Yehowa som mu no mu kyɛfa kakra. Nnipa pii ayɛ nea meyɛe no bi—wɔagyae ɔhempɔn som abɛsom nokware Nyankopɔn koro, Yehowa, no. Mewɔ ɔpɛ a efi komam sɛ mɛboa nnipa pii aka ho sɛnea metumi biara ama wɔaba Yehowa a wadi nkonim no afã, na wɔanya nkwa a enni awiei wɔ wiase foforo a asomdwoe wom no mu.—Adiyisɛm 22:17.

[Ase hɔ asɛm]

a Ná ne papa ne Ɔdansefo nokwafo bi a onyaa ne ti didii mu wɔ atom topae a wɔtow too Hiroshima bere a na ɔda Japan afiase wɔ 1945 mu no. Hwɛ October 8, 1994, Nyan!, nkratafa 11-15.

[Kratafa 29 mfonini]

Ná sukuu adesua gyina ɔhempɔn som so

[Asɛm Fibea]

The Mainichi Newspapers

[Kratafa 29 mfonini]

Me ne Onua Franz, wɔ New York

[Kratafa 29 mfonini]

Me ne me yere, Junko

[Kratafa 31 mfonini]

Mereyɛ adwuma wɔ Nsɛm Asekyerɛ Dwumadibea hɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena