Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w92 12/1 kr. 18-20
  • Gilead Ntetee Mu Nhyira Horow Trɛw Kɔ Wiase Nyinaa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Gilead Ntetee Mu Nhyira Horow Trɛw Kɔ Wiase Nyinaa
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akyerɛkyerɛfo De Afotu Ma
  • Asɛmpatrɛwfo Pii Ma Wiase Nyinaa Otwa Adwuma No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Gilead Ntetee wɔ Gyidi Kronkron a Ɛsen Biara Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Ahofama Honhom na Ɛde Nkurɔfo Ba Gilead
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Adesuafo a Esii Wɔn Yiye Adan Asɛmpatrɛwfo a Asi Wɔn Yiye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
w92 12/1 kr. 18-20

Gilead Ntetee Mu Nhyira Horow Trɛw Kɔ Wiase Nyinaa

WIASE dedaw yi mu nhomasua so mfaso sua. Esiane sɛ egyina nnipa nsusuwii so titiriw na ɛnyɛ Onyankopɔn nokware so nti, entumi mma wonnya nokware atirimpɔw wɔ asetra mu. Nanso Gilead Sukuu no yɛ soronko. Wɔ nnianim nsɛm a ɔkae wɔ Gilead adesuakuw a ɛto so 93 adesuawie dwumadi ase no mu no, Theodore Jaracz a ɔyɛ Sodikuw no muni no kae sɛ sukuu yi de ntetee a mfaso ankasa wɔ so ma. Sɛnea Dwom 119:160 ka no, “[Onyankopɔn] asɛm ntoano yɛ nokware.” Enti, ɛyɛ anigye kɛse na atiefo a wɔreyɛ adu 6,000 de tiee adesuawie dwumadi no wɔ September 13, 1992 mu.

Anɔpa no mu ɔkasa a edi kan a Lon Schilling a ɔyɛ Watchtower Farms Boayikuw no muni mae no asɛmti ne “Monkɔ so Nni Wiase no ne ne Sodifo no so Nkonim.” Onua Schilling twee adwene sii Adiyisɛm 12:11 so na ɔkae sɛ nkyekyem no kyerɛ akwan abiɛsa a wɔfa so di nkonim: (1) ɛnam Oguammaa no mogya so, (2) ɛnam adansedi so, ne (3) ɛnam ho a wɔde bɔ afɔre honhom a wonya so. Ɔkaee adesuafo no sɛ Yehowa nkoa pii ada honhom a ɛte saa adi na wɔanya ɔpɛ mpo sɛ wobewu sɛnea ɛbɛyɛ a wobekura wɔn nokwaredi ne mudi mu.

“Bɔ Adepa a Wɔde Ahyɛ Wo Nsa no ho Ban” ne asɛmti a John E. Barr a ɔyɛ Sodikuw no muni no kaa ho asɛm. Bere a ɔrekasa anigye so sɛnea ɔtaa yɛ no, ɔde Yehowa ne ne nkoa ntam ahotoso no totoo ahotoso a wonya wɔ aware pa mu no ho. Ɔde nsɛm a ɛwɔ 2 Timoteo 1:12, 13 dii dwuma de hyɛɛ adesuafo no nkuran sɛ wɔmmɔ ade a wɔde ahyɛ wɔn nsa no ho ban denam “nsɛm pa a eye” a ɛwɔ Bible mu no a wɔbɛma asom bo ama wɔn no so. Osii kokoam adesua a wɔde bɛyɛ da biara da dwumadi nhyehyɛe no fã bi no so dua na ofi ayamye mu tuu adesuafo no fo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔma nhyiam ase mmuae a wɔma no yɛ nea wɔma ara kwa, na mmom ɛsɛ sɛ wɔma ɛyɛ nea aba wom bere nyinaa.

William Van De Wall a ɔyɛ Ɔsom Dwumadibea Boayikuw no muni na ɔmaa ɔkasa a edi hɔ, “Kyerɛ sɛ Wufi Ɔdɔ mu Dwen Nnipa a Wɔte sɛ Nguan Ho” no. Obisaa adesuafo no su horow a wɔbɛhwehwɛ afi oduruyɛfo bi a ɔhwɛ wɔn abusua no hɔ na ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wonnya tema, ayamhyehye, ne mmɔborɔhunu a ɛbɛsom bo ama wɔn no ara bi.

Daniel Sydlik a ɔyɛ Sodikuw no muni no de ɔhyew kaa asɛmti a ese “Onyankopɔn Fam no, Biribiara Betumi Ayɛ Hɔ” ho asɛm. Ɔkaee adesuafo no sɛ ɔbabarima a na Abraham ne Sara benya wɔ wɔn onyin bere mu ho anidaso a na ɛte sɛ nea ɛrentumi mma mu no yɛɛ wɔn serew. Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow no pii te sɛ nea ɛrentumi mma mu wɔ nnipa ani so; nanso sɛnea ɔbɔfo no bisaa Abraham no, ‘so biribi yɛ Yehowa yɛna?’ (Genesis 18:14) Onua Sydlik tuu adesuafo no fo sɛ wɔnkyerɛ sɛnea Onyankopɔn tumi yɛ nea entumi nyɛ hɔ no mu gyidi, na ɛnsɛ sɛ wɔma saa gyidi no ano brɛ ase anaa ehinhim, ɛmfa ho sɛ sɔhwɛ bɛn ara na wobehyia.

Akyerɛkyerɛfo De Afotu Ma

Gilead akyerɛkyerɛfo baanu no ne wɔn a Wodi hɔ a wɔkasae. Jack D. Redford dii kan kaa asɛmti “Din Pa Nya Wɔ Onyankopɔn Anim” ho asɛm. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ nea ɛma din bi yɛ papa anaa bɔne no ne onii a ɛda no so no. Ɔde din ahorow te sɛ Adam, Nimrod, Isebel, Saul, ne Yuda totoo edin ahorow te sɛ Noa, Abraham, Rut, Paulo, ne Timoteo ho. Edin biara kanyan nsusuwii ne nkate ahorow pii esiane sɛnea nea edin no da ne so no buu ne bra nti. Obisaa adesuafo no din ko a efi saa bere no, wobenya wɔ mfe 10, 100, 1,000 mpo akyi​—wobenya din sɛ obi a ɛnkyɛ na n’abam bu anaa onwiinwiifo anaasɛ ɔsɛmpatrɛwfo ɔnokwafo. Otuu wɔn fo sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn adwene si ɔhaw ahorow so na mmom ano aduru ne botae ahorow a wobenya so.

“Wobɔ Wo Gyidi ho Ban Yiye Dɛn?” ne asɛmti a ɛkanyan adwene a Ulysses V. Glass kaa ho asɛm. Ɔde gyidi a emu yɛ den totoo kompase papa bi a ɛkyerɛ kwan sɛnea ɛsɛ bere nyinaa ho. Asase akyi no, nneɛma afoforo a ɛwɔ magnɛt ahoɔden tumi nya kar mu kompase so nkɛntɛnso, na ehia sɛ wokum nneɛma a ɛtete sɛɛ no ahoɔden ano. Saara na wiase dedaw yi mu wɔ nkɛntɛnso ahorow a ebetumi adan yɛn gyidi anaa agow mu, sɛ yɛma kwan a. Bere a ɔde nkɛntɛnso a ɛtete sɛɛ ho kɔkɔbɔ maa adesuakuw no, Onua Glass kamfoo wɔn wɔ sɛnea wɔma wɔn ani ba afoforo su ne nkate ahorow so no ho.

Onua Albert D. Schroeder a ɔyɛ Sodikuw no muni na ɔmaa ɔkasa a etwa to wɔ anɔpa no mu. Ɔhyɛɛ adesuafo no nkuran sɛ “Monkɔ so Nkura Asɛmpatrɛw Honhom no Mu” na ɔkamfoo wɔn wɔ sɛnea wɔda asɛmpatrɛw honhom koro no ara a adesuakuw a wodi kan no daa no adi wɔ 1943 mu, bere a na ɔresom sɛ sukuu no panyin, no bi adi no ho. Ɔkae sɛ na wɔn ani gye nnipa ho, asɛnka yɛ wɔn su, na wɔpɛ sɛ Onyankopɔn honhom kyerɛ wɔn kwan. Ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ, wɔnkɔ so mma saa honhom no nyɛ kɛse, na wɔmfa New World Translation no nni dwuma nkosi ase wɔ wɔn kokoam adesua mu. Ɔkyerɛkyerɛɛ Dwom 24 nkyekyem ahorow no mu nnidiso nnidiso sɛ nhwɛso de wiei.

Afei, Gilead adesuafo no bɛyɛɛ wɔn a wɔawie Gilead Sukuu! Wɔde wɔn adesua ho adanse nkrataa memaa wɔn bere a wɔbobɔɔ mmeae a wɔama wɔn dwumadi no, na atiefo no bɔɔ wɔn nsam pii.

Awiabere mu no, Calvin Chyke a ɔyɛ Nhoma Tintimbea Boayikuw no muni no hwɛɛ Ɔwɛn-Aban Adesua no so. Nea edii hɔ ne adesuafo no dwumadi bi a ɛyɛ anigye, na na ɛfa asɛnka mu osuahu ahorow a adesuafo no nyae wɔ wɔn asram anum adesua mu no ho, na woyii aman a wɔde wɔn rekɔ so no binom ho sini ahorow nso. Bio nso, wobisabisaa awarefo bi a wɔn mfe akɔ anim nsɛm, na wɔkaa nyansa ne osuahu ahorow a mfe pii a wɔde ayɛ asɛmpatrɛwfo no ama wɔanya no bi kyerɛe. Wɔyɛɛ drama bi a ɛfata ma bere no a wɔato din Mommma Wɔnnnaadaa Mo Anaasɛ Munnsi Onyankopɔn Atwetwe, de wiee awia dwumadi no.

Atiefo no de ahosɛpɛw fii hɔ a wɔn ani agye nea ntetee wɔ Onyankopɔn nokware mu tumi yɛ a wohui no ho, na wonyaa anigye nso wɔ nim a wonim sɛ wɔbɛte ntetee a ɛte sɛɛ nka wɔ wiase nyinaa no mu. Bere a asɛmpatrɛwfo 48 yi di mpaapaemu kɔ mmeae a wɔama wɔn dwumadi no, nnipa pii bɔ mpae a ɛda anidaso ne ahotoso a efi komam a wɔwɔ sɛ saa anokwafo yi bɛyɛ nhyira ama Onyankopɔn nkurɔfo wɔ baabiara a wɔbɛkɔ adi no ma wɔn.

[Adaka wɔ kratafa 19]

Adesuakuw no ho Nsɛm

Aman dodow a wofi so: 7

Aman dodow a wɔama wɔn hɔ dwumadi: 18

Adesuafo no dodow: 48

Wɔn a wɔyɛ aware mu ahokafo dodow: 24

Mfe dodow a wɔadi nkyekyem: 32.8

Mfe dodow a wɔadi wɔ nowkare no mu nkyekyem: 15.3

Mfe dodow a wɔayɛ bere nyinaa ɔsom adwuma nkyekyem: 10.4

[Adaka wɔ kratafa 20]

GILEAD SUKUU FÃ FOFORO NO ADESUAKUW WIE WƆN ADESUA

Wɔ June, 21, 1992 mu no, asɛmpatrɛwfo 24 kuw bi wiee adesua wɔ Gilead Sukuu Fã Foforo no adesuakuw a ɛto so anan no mu wɔ Selters/Taunus, Germany. Adesuakuw no mufo yɛ aware mu ahokafo 11 ne anuawanom ahokwafo 2, wofi aman ason so, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, wɔn mu biara adi mfe 32, wɔbɔɔ no asu mfe 14 ni, na ɔde mfe 8.5 na ayɛ bere nyinaa asɛmpaka adwuma no. Nnipa bɛboro 2,000 na wɔkɔɔ adesuawie dwumadi no ase.

Onua Jaracz de Mmebusɛm 11:24 a ese, “obi wɔ hɔ a ɔpete, nanso ɔkɔ so dɔ ara ho nkyekyerɛmu na efii dwumadi no ase. Ɔkae sɛ wɔrebɛpete adesuafo no na wɔbɛma nkɔso aba ampa.

Wɔn a wɔmaa kyerɛwsɛm mu ɔkasa ahorow a ɛhyɛ nkuran no bi ne Richard Kelsey, a ɔne German Baa Boayikuw no kyerɛwfo; Wolfgang Gruppe a ɔwɔ Ɔsom Dwumadibea; Werner Rudtke ne Edmund Anstadt a wɔn nso yɛ Baa Boayikuw no mufo; ne akyerɛkyerɛfo baanu no, Dietrich Forster ne Lothar Kaemmer. Albert Schroeder a ɔyɛ Sodikuw no muni no de ɔkasa titiriw a ɛyɛ anigye a eti asɛm ne “Monkɔ so Nyɛ Honhom mu Aboɔden Abo Hwehwɛfo” no mae. Nea wɔde wiee dwumadi no ne mmeae a wɔbɛkɔ akɔyɛ adwuma a wɔde memaa wɔn wɔ aman 11 a ɛwɔ Afrika, Mfinimfini Fam Amerika, ne Europa Apuei Fam no, na ɛno akyi no, wɔn a wɔawie adesua no mu biako kenkan adesuakuw no krataa de kɔma Sodikuw no a ɛda wɔn anisɔ a efi komam adi no kyerɛe.

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Ɔwɛn Aban Bible Gilead Sukuu Adesuakuw a Wɔto so 93 a Wɔawie Wɔn Adesua

Wɔahyehyɛ akuw no fi anim kɔ akyi ne kuw biara mu din no fi benkum kɔ nifa wɔ ose hɔ din no mu.

(1) Hitesman, C.; West, P.; Evans, D.; Hipps, M.; Simonelli, N.; Wood, S.; Corkle, M.; Flores, C.; Thomas, J. (2) Jones, M.; Nissinen, J.; Sponenberg, M.; Zachary, K.; Ravn, G.; Backman, M.; Wettergren, A.; Evans, D.; Flores, R.; Caporale, G. (3) Simonelli, N.; Rechsteiner, M.; Rechsteiner, M.; Ruiz-Esparza, L.; Gerbig, B.; Simpson, C.; Zanewich, C.; Zachary, B.; Ricketts, L.; (4) Simpson, J.; Backman, J.; Corkle, G.; Gerbig, M.; Ricketts, B.; Bagger-Hansen, L.; Jones, A.; Zanewich, K.; Ravn, J.; Hipps, C. (5) Sponenberg, S.; Hitesman, A.; Caporale, L.; Ruiz-Esparza, S.; Thomas, R.; Bagger-Hansen, B.; Wood, M.; West, M.; Wettergren, C.; Nissinen, E.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena