Adesuafo a Esii Wɔn Yiye Adan Asɛmpatrɛwfo a Asi Wɔn Yiye
BERE a Will reka ntetee a ɔne ne yere Patsy nya wiei nkyɛe sɛ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu adesuakuw a ɛto so 103 no mu adesuafo ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Ɛyɛ me nwonwa ara sɛ yɛanya saa hokwan yi!” Zahid ne Jeni ne no yɛɛ adwene. Wɔkae sɛ: “Yɛte nka sɛ wɔadi yɛn ni sɛ yɛaba ha.” Adesuafo no nyinaa yeree wɔn ho suaa ade yiye wɔ sukuu no mu. Afei de na wɔn ho pere wɔn sɛ wobefi wɔn adwuma ase sɛ asɛmpatrɛwfo. Nanso nea edi kan no, wɔmaa wɔn afotu a ɔdɔ wom a ɛbɛboa wɔn ma asi wɔn yiye wɔ wɔn asɛmpatrɛw adwuma no mu wɔ wɔn adesua awiei dwumadi no ase wɔ September 6, 1997 mu.
Ná dwumadi no guamtrani ne Theodore Jaracz, Sodikuw no muni. Ɔdaa no adi sɛ—ɔne Betel abusua no ne Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea 48 ananmusifo—nnamfo ne abusuafo a wofi Canada, Europa, Puerto Rico, ne United States no aba hɔ sɛ wɔrebɛma adesuafo no awerɛhyem sɛ wogyina wɔn akyi na wɔdɔ wɔn. Onua Jaracz kae sɛ asɛmpatrɛwfo a Kristoman asɔre ahorow soma wɔn no taa yi wɔn adwene fi asɛmpatrɛw adwuma no so na wofi ase di nhomasua akyi, na wɔde wɔn ho hyehyɛ amammuisɛm mu mpo. Nea ɛne eyi bɔ abira no, Gilead adesuafo yɛ nea wɔatete wɔn sɛ wɔnyɛ no. Wɔkyerɛkyerɛ nkurɔfo Bible no.
Robert Butler a ofi Asafo ti no Brooklyn adwumayɛbea kaa asɛmti “Ma Ensi Wo Yiye” ho asɛm. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ bere a nnipa de sika anaa wɔn ahode foforo na ɛkyerɛ sɛ asi wɔn yiye no, nea ehia ankasa ne sɛnea Onyankopɔn kyerɛ sɛ asi obi yiye. Yesu som adwuma no sow aba, ɛnyɛ sɛ ɔsakraa nnipa bebree nti, na mmom sɛ́ odii nokware wɔ n’adwuma mu nti. Yesu hyɛɛ Yehowa anuonyam, na wamma wiase angu ne ho fĩ. (Yohane 16:33; 17:4) Eyinom yɛ nneɛma a Kristoni biara betumi ayɛ.
Robert Pevy a na ɔyɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ Apuei fam no tuu wɔn fo sɛ: “Monyɛ Nkoa Mma Nnipa Nyinaa.” Ná ɔsomafo Paulo yɛ ɔsɛmpatrɛwfo a esii no yiye. Dɛn na ɛma esii no yiye? Ɔyɛɛ ne ho akoa maa nnipa nyinaa. (1 Korintofo 9:19-23) Ɔkasafo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Obi a wawie Gilead a okura saa su no remmu asɛmpatrɛw adwuma no sɛ dibea, nea obegyina so anya dibea atitiriw wɔ ahyehyɛde no mu. Ɔsɛmpatrɛwfo de botae biako pɛ na ɛkɔ baabi a ɔrekɔyɛ n’adwuma no—sɛ ɔrekɔsom, efisɛ saa na nkoa yɛ.”
Bere a Gerrit Lösch a ɔyɛ Sodikuw no muni de n’afotu gyinaa 2 Korintofo atiri 3 ne 4 so titiriw no, otuu adesuafo no fo sɛ “Wɔnna Yehowa Anuonyam Adi sɛ Nhwehwɛ.” Ɔkaee wɔn sɛ Onyankopɔn nimdeɛ te sɛ hann a ɛma Kristoni hyerɛn bere a obue ne komam gye no. Yɛda saa hann no adi denam asɛmpa no a yɛka ne ɔbra pa a yɛbɔ no so. Ogye toom sɛ: “Ɛtɔ da bi a, wobɛte nka sɛ womfata. Sɛ wote nka saa a, fa wo ho to Yehowa so, ‘na tumi a ɛboro so no ayɛ Onyankopɔn dea.’” (2 Korintofo 4:7) Bere a Onua Lösch de Paulo nsɛm a wɔakyerɛw wɔ 2 Korintofo 4:1 reka asɛm no, ɔsrɛɛ adesuafo no sɛ: “Munnnyae mo asɛmpatrɛw adwuma no. Mompopa mo ahwehwɛ no anim!”
Karl Adams a ɔka Gilead akyerɛkyerɛfo no ho no, kaa asɛmti a ɛkanyan anigye a ɛne “Ɛhe Na Yehowa Wɔ?” ho asɛm. Asɛm no nkyerɛ baabi a Onyankopɔn te wɔ amansan yi mu, na mmom ɛkyerɛ hia a ɛho hia sɛ yesusuw adwene a Yehowa wɔ ne nea n’akwankyerɛ hwehwɛ sɛ yɛyɛ ho. Ɔkae sɛ: “Wɔ ahokyere mu no, obi a ɔde bere tenten asom Yehowa mpo werɛ betumi afi ɛno.” (Hiob 35:10) Yɛn bere yi mu nso ɛ? Ná Onyankopɔn nkurɔfo hia akwankyerɛ wɔ 1942 mu. So na asɛnka adwuma no reba awiei, anaasɛ na adwuma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ? Na dɛn na Yehowa pɛ sɛ ne nkurɔfo yɛ? Bere a wosuaa Onyankopɔn Asɛm no, wohuu mmuae no pefee. Onua Adams kae sɛ: “Ansa na afe no reba awiei no, na wɔayɛ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu no ho nhyehyɛe.” Ɛda adi sɛ Yehowa ahyira asɛmpatrɛwfo a saa sukuu no asoma wɔn no adwuma so.
Mark Noumair ne ɔkyerɛkyerɛfo a ɔto so abien a ɔkasae. Wɔ ne kasa a n’asɛmti ne sɛ “Wode Wo Talente no Bedi Dwuma Dɛn?” mu no, ɔhyɛɛ adesuafo no nkuran sɛ wɔmfa ntetee a wɔanya wɔ Gilead no nni dwuma bere a wɔadu beae foforo a wɔde wɔn rekɔ hɔ ara pɛ no. Ɔkae sɛ: “Bɔ mmɔden kyerɛ afoforo ho anigye. Kyerɛ wɔn asetra ho anigye. Fa ahopere sua ɔman no amammerɛ, abakɔsɛm, ne wɔn aseresɛm. Sɛ wusua kasa no ntɛm a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama wo.”
Adesuafo a Wɔyɛ Nnam Nya Anigye Wɔ Ɔsom Adwuma no Mu
Bere a na adesuafo no rebɔ wɔn adesua ho mmɔden wɔ Gilead no, wɔmaa wɔne hɔnom asafo 11 bɔ kaa ho. Wɔde nsiyɛ yɛɛ asɛnka adwuma wɔ adapɛn awiei. Wallace Liverance a ɔka Gilead akyerɛkyerɛfo ho no frɛɛ wɔn mu pii ma wɔbɛkaa wɔn suahu kyerɛɛ atiefo no. Wɔn anigye daa adi bere a wɔkaa osuahu ahorow a na wɔanya bere a wodii adanse wɔ aguadidan mu, lɔre gyinabea, nsasesin a nnwuma wom mu, mmɔnten so, ne afie afie no. Wɔn mu binom hwehwɛɛ akwan a wɔbɛfa so adu nnipa a wɔka aman foforo so kasa a wɔte wɔn asafo no asasesin mu yɛ adwuma wom no nkyɛn. Anyɛ yiye koraa no, adesuakuw a ɛto so 103 no mufo fii ofie Bible adesua du ase wɔ wɔn asram anum ntetee no mu.
Asɛmpatrɛwfo a Wɔakyɛ Ka Nea Ɛma Esii Wɔn Yiye Kyerɛ
Wɔ dwumadi no fã a ɛyɛ anigye yi akyi no, Patrick Lafranca ne William Van de Wall frɛɛ Baa Boayikuw mufo baason ma wɔbɛkaa nea wɔasua wɔ wɔn asɛmpatrɛw adwuma mu kyerɛe na adesuafo no anya so mfaso. Wotuu adesuafo no fo sɛ wommu wɔn asɛmpatrɛw adwuma no sɛ efi Yehowa hɔ na wonsi wɔn bo sɛ wɔrennyae adwuma no. Wɔkaa sɛnea asɛmpatrɛwfo a wɔatete wɔn wɔ Gilead no anya adwuma no so nkɛntɛnso pa wɔ aman foforo so ho asɛm.
Dɛn na ɛboaa Baa Boayikuw yi mufo ma wɔde mfe pii asom sɛ asɛmpatrɛwfo a wɔwɔ anigye na wɔsow aba no? Wɔne baabi a wɔwɔ no anuanom boom yɛɛ adwuma, na wosuaa biribi fii wɔn hɔ. Wɔyeree wɔn ho suaa kasa no bere a woduu baabi a wɔde wɔn kɔe no ara pɛ. Wosuae sɛ wɔbɛyɛ fakaa na wɔagye hɔnom amammerɛ atom. Charles Eisenhower, a owiee Gilead adesua a edi kan a ɔde mfe 54 ayɛ asɛmpatrɛw adwuma kaa “nneɛma” anum a asɛmpatrɛwfo a asi wɔn yiye asua ho asɛm: (1) Sua Bible no daa, (2) sua kasa no, (3) yɛ hyew wɔ ɔsom adwuma no mu, (4) ma asomdwoe ntra asɛmpatrɛwfo fie hɔ, na (5) bɔ Yehowa mpae daa. Ɛnyɛ afotu pa a adesuafo no nsa kae no nko na ɛkaa wɔn koma na mmom anigye a ɛda adi sɛ asɛmpatrɛwfo a wɔn ho akokwaw yi anya wɔ Yehowa som adwuma mu no nso. Sɛnea Armando ne Lupe ka no, “wɔn ani gye bere a wɔka wɔn asetra ho asɛm no.”
Bere a wobisabisaa wɔn nsɛm wiei no, na aka ɔkasa biako. Albert Schroeder, Sodikuw no muni paw “Onyankopɔn Asɛm Ho Asomfo Anokwafo Da Nokware a Ɛsom Bo Adi” sɛ n’asɛmti. Esiane sɛ Bible no ne Gilead Sukuu nhoma titiriw nti, na adesuafo no ani gye nea na ɔrebɛka no ho. Onua Schroeder daa no adi sɛ bere a wofii New World Translation of the Holy Scriptures ho adwuma ase mfe 50 ni no, Wiase Foforo Bible Nkyerɛase Boayikuw no anhwehwɛ nnipa anim dom na mmom wɔde wɔn ho too honhom kronkron no akwankyerɛ so. (Yeremia 17:5-8) Nanso, nnansa yi nnipa atitiriw bi ahu gyinapɛn a ɛkorɔn a New World Translation de asi hɔ no. Nhomanimfo biako kyerɛw wɔ krataa bi a ɔde brɛɛ Asafo ti no mu sɛ: “Sɛ mihu nhoma a ɛsom bo a, mihu, na mo ‘Wiase Foforo Bible Nkyerɛase Boayikuw’ no ayɛ wɔn adwuma yiye paa.”
Wɔ ɔkasa yi akyi no, wɔde adesuafo no adesua ho adansedi nhoma maa wɔn, na wɔkaa baabi a wɔama wɔn dwumadi kyerɛɛ atiefo no. Na ɛyɛ bere a ɛkanyan adesuafo nkate. Bere a adesuafo no mu biako rekenkan krataa a wɔde da wɔn anisɔ adi no, supɔw hinii nnipa pii na wɔn ani tɛɛtɛɛ nsu. Na adesuafo no mu binom de mfe pii na asiesie wɔn ho ama asɛmpatrɛw adwuma no. Esiane sɛ na ebinom nim sɛ wɔde Engiresi kasa na ɛbɛyɛ Gilead adesua no nti, wotu kɔɔ asafo ahorow a wɔka Engiresi kasa mu na ama wɔate kasa no yiye. Ná afoforo nso atu akɔ baabi a wohia akwampaefo kɛse, wɔ wɔn man mu anaa amannɔne. Ná afoforo nso asiesie wɔn ho denam osuahu ahorow a wɔkenkanee, nhwehwɛmu a wɔyɛe, ne Asafo ti no video a ɛne To the Ends of the Earth a wɔhwɛɛ mpɛn pii no so.
Anigye a wɔdaa no adi kyerɛɛ adesuafo no maa Will ne Patsy a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ asɛm yi mfiase no ho dwiriw wɔn. “Nnipa a wonnim yɛn mpo yɛɛ yɛn atuu twitwaa yɛn mfonini. Sodikuw no muni biako kyiaa yɛn nsam kae sɛ, ‘Yɛn ani gye mo ho!’” Akyinnye biara nni ho sɛ wɔdɔ adesuakuw a ɛto so 103 no mu adesuafo no paa. Wɔatete wɔn yiye. Nkyerɛkyerɛ a wɔn nsa kae wɔ Gilead no bɛma wɔayɛ adesuafo a esii wɔn yiye a wɔbɛyɛ asɛmpatrɛwfo a ebesi wɔn yiye.
[Kratafa 22 adaka]
Adesuakuw no Ho Nsɛm
Aman dodow a wofi so: 9
Aman dodow a wɔama wɔn hɔ dwumadi: 18
Adesuafo no dodow: 48
Awarefo dodow: 24
Mfe dodow a wɔadi nkyekyem: 33
Mfe dodow a wɔadi wɔ nokware no mu nkyekyem: 16
Mfe dodow a wɔayɛ bere nyinaa som adwuma no nkyekyem: 12
[Kratafa 23 mfonini]
Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu Adesuakuw a Ɛto so 103 a Wɔawie Wɔn Adesua
Wɔahyehyɛ akuw no fi anim kɔ akyi, na kuw biara mu din no fi benkum kɔ nifa wɔ ase hɔ din no mu.
(1) Bunn, A.; Dahlstedt, M.; Campaña, Z.; Boyacioglu, R.; Ogando, G.; Nikonchuk, T.; Melvin, S. (2) May, M.; Mapula, M.; Lwin, J.; Hietamaa, D.; Hernandez, C.; Boyacioglu, N.; Sturm, A.; Melvin, K. (3) Thom, J.; Mapula, E.; Nault, M.; Teasdale, P.; Wright, P.; Pérez, L.; Shenefelt, M.; Pak, H. (4) Murphy, M.; Campaña, J.; Stewart, S.; Cereda, M.; Reed, M.; Pérez, A.; Teasdale, W.; Pak, J. (5) Stewart, D.; Wright, A.; Cereda, P.; Nikonchuk, F.; Reed, J.; Hietamaa, K.; Ogando, C.; Shenefelt, R. (6) Murphy, T.; Hernandez, J.; Nault, M.; Bunn, B.; Thom, R.; Dahlstedt, T.; Lwin, Z.; May, R.; Sturm, A.
[Kratafa 24 mfonini]
Ɛhe na yɛrekɔ?