Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 5/1 kr. 28-31
  • “Mini, Soma Me!”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Mini, Soma Me!”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Biribi a Mepaw Ntɛm wɔ Asetra Mu
  • Wɔde Me kɔ Singapore
  • Me Dwumadi wɔ Shanghai
  • Hong Kong ne Afei Burma
  • Mesan ba Australia
  • Yɛnkɔ Mfiase Bio
  • Asetra Mu Anigye A Manya Wɔ Onyankopɔn Apɛdeyɛ Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Yehowa Di M’ahiade Biara Ho Dwuma
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Yehowa, M’ahotoso Fi Mmofraberem
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Minyaa Yehowa Adɔe Ne Ne Mmoa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 5/1 kr. 28-31

“Mini, Soma Me!”

SƐNEA WILFRED JOHN KA KYERƐE

Burma asraafo awɛmfo a wokurakura akode fi asubɔnten no afanu nyinaa baa yɛn so. Bere a wɔde asekan ahyehyɛ wɔn atuo ano na wɔde akyerɛ yɛn so no, wɔfaa nsu a ɛdeda wɔn sisi no mu, na wotwaa yɛn ho hyiae wɔ ɔtempɔn twene no ase.

ME NE me hokafo no bo tui. Ná dɛn na aba? Ɛwom sɛ na yɛnte kasa no de, nanso ankyɛ na yehuu nea asi ​—na wɔakyere yɛn. Bere a mpopaho ara kwa na etware yɛn asen no, wɔde yɛn kɔɔ police station a ɛbɛn hɔ a wɔanyɛ amanneɛ kwan so ade biara, na Polisini panyin bi a ɔka Engiresi kasa bisabisae yɛn nsɛm.

Ná ɛyɛ 1941, wɔ wiase nyinaa ko a ɛto so abien no mu, na na wosusuw sɛ yetutu ɔman ase. Yɛkyerɛkyerɛɛ yɛn Kristofo asɛnka adwuma no mu kyerɛɛ polisini panyin no ma ɔtee ase akyi no, ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛn ti ye sɛ yɛte ase. Ɔkae sɛ wɔbɔ wɔn a wobu wɔn saa no dodow no ara tuo a wommisa wɔn hwee. Yɛdaa Yehowa ase, na yetiee afotu a polisini panyin no de maa yɛn sɛ yɛnnnenam atwene ho bio no.

Ɛyɛɛ dɛn na mebaa tebea a ɛte sɛɛ mu wɔ Burma (mprempren Myanmar)? Ma menkyerɛkyerɛ mu na menka m’asetra mu nsɛm kakra.

Biribi a Mepaw Ntɛm wɔ Asetra Mu

Wɔwoo me wɔ Wales wɔ 1917, na me ne m’awofo ne me nuabarima kumaa tu kɔɔ New Zealand bere a na madi mfe asia, na ɛhɔ na minyinii wɔ me papa anantwi yɛmmea. Da koro bi, ɔde nhoma dedaw pii a ɔtɔ fii sotɔɔ a wɔtɔn nneɛma dedaw wɔ hɔ baa fie. Ná Studies in the Scriptures, a Watch Tower Bible and Tract Society na wotintimii no apo abien ka ho. Eyinom bɛyɛɛ ade a ɛsom bo yiye ma me maame, na te sɛ Timoteo maame Eunike no, ɔma minyaa ɔpɛ sɛ mede me mmofrabere bedi Yehowa Ahenni ho nneɛma ho dwuma.​—2 Timoteo 1:5.

Wɔ 1937 mu no, na ɛsɛ sɛ mepaw nneɛma abien mu biako: sɛ́ mɛhwɛ me papa anantwi yɛmmea no so anaa mɛka nea Onyankopɔn diyifo Yesaia ka kyereɛ Yehowa no bi sɛ, “Mini, soma me!” (Yesaia 6:8) Ná meyɛ aberante a mewɔ ahoɔden, a minni asɛyɛde afoforo biara. Ná minim mmoa yɛmmea asetra, na m’ani gyei ho. Nanso, na minni bere nyinaa ɔsom adwuma anaa akwampae adwuma no ho osuahu biara. Ná mɛpaw dɛn​—sɛ mɛyɛ adwuma wɔ anantwi yɛmmea hɔ anaa mɛsom sɛ ɔkwampaefo?

Minyaa nkuranhyɛ fii akasafo a wofi Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Australia no hɔ. Wɔbaa baabi a na yɛte wɔ New Zealand no, na wɔhyɛɛ me nkuran sɛ memfa me mmerantebere a ɛsom bo no nsom Nyankopɔn. (Ɔsɛnkafo 12:1) Me ne m’awofo susuw asɛm no ho, na wogye toom sɛ nyansa wom sɛ mede Onyankopɔn apɛde bedi kan. Misusuw Yesu Bepɔw so Asɛnka no mu nsɛm no nso ho: “Na monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan; na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho.”​—Mateo 6:33.

Mepaw nea mepɛ! Esiane sɛ na Yehowa Adansefo baa dwumadibea biara nni New Zealand nti, wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmɛsom wɔ Australia baa dwumadibea a ɛwɔ Sydney no. Enti, wɔ 1937 mu no, mefaa po so hyɛn kɔɔ Australia kɔyɛɛ Yehowa Nyankopɔn bere nyinaa ɔsomfo.

Mibisaa me ho sɛ, ‘Adwuma bɛn na wɔde bɛma me?’ Nanso, na ɛno ho hia dɛn mpo? Na maka akyerɛ Yehowa sɛ, ‘Mini. Fa me di dwuma wɔ baabiara a wopɛ.’ Mede mfe abien boa ma woyɛɛ gramofon, a saa bere no ná Yehowa Adansefo de bɔ Bible mu ɔkasa ahorow a wɔakyerɛ agu mpaawa so kyerɛ afiewuranom no. Nanso, nea minyaa ho ntetee wɔ baa dwumadibea ho titiriw ne sɛ mɛyɛ adwuma wo nhoma akorae.

Wɔde Me kɔ Singapore

Wɔ 1939 mu no, wɔmaa me dwumadi wɔ Asia Apuei Fam​—sɛ menkɔsom wo Asafo ti no Singapore nhoma akorae. Ná nhoma akorae no yɛ beae a nhoma fi Australia, Britania, ne United States begu ma wode kɔ Asia aman pii mu.

Ná Singapore yɛ kurow a wɔka kasa pii wom, a Apuei Famfo ne Europafo amammerɛ adi afra wɔ hɔ. Ná Malay kasa ne nea wɔtaa de di nkitaho, ne nea ɛbɛyɛ na yɛn a yefi amannɔne no atumi aka asɛm wo afie mu no, na ɛsɛ sɛ yesua. Ná yewɔ nea wɔfrɛ no adansedi nkratasin wɔ kasa horow pii mu. Ná wɔatintim Ahenni nkrasɛm tiawa bi wɔ eyinom so.

Mfiase no, misuaa Malay adansedi kratasin no so nsɛm guu me tirim, na nkakrankakra, mihuu kasa no mu nsɛmfua pii. Nanso yɛfaa Bible ho nhoma a ɛwɔ kasa afoforo pii mu nso. Sɛ nhwɛso no, ná yɛwɔ Bengali, Gujarati, Hindi, Malayalam, Tamil, ne Urdu kasa mu nhoma ahorow ma India Apuei Famfo no. Ná nkurɔfo a wɔka kasa horow pii a yehyiaa wɔn no yɛ suahu foforo ma me.

Mekae Europa ɔko ho amanneɛbɔ a ɛyɛ hu a wɔde mae wɔ September 1939 mu no yiye. Yesusuw ho sɛ, ‘So ɛbɛtrɛw abedu Asia Apuei Fam?’ Ɛyɛɛ me sɛ ɛno na Harmegedon nam so bɛba​—ne midwen sɛ asi wɔ ne bere mu! Me koma tɔɔ me yam sɛ mede me mmerantebere nyinaa redi dwuma ɔkwampa so no.

Minyaa asafo nhyiam horow ne asɛnka adwuma no mu kyɛfa kosii ase kaa m’adwuma wɔ nhoma akorae hɔ no ho. Yɛyɛɛ Bible adesua ahorow, na ebinom tie ma yɛbɔɔ wɔn asu. Yɛde wɔn kɔɔ mpoano bi a ɛbɛn hɔ, na yɛbɔɔ wɔn asu wɔ Singapore hyɛn gyinabea hɔ nsu a ɛyɛ hyew kakra no mu. Yesii gyinae mpo sɛ yɛbɛyɛ nhyiam, na yɛtoo nsa frɛɛ anigyefo wɔ kokoam. Angiyesɛm ne sɛ, nnipa bɛyɛ 25 na wɔbaa nea na yegye di saa bere no sɛ ɛbɛyɛ yɛn nhyiam a etwa to ansa na Harmegedon aba no ase.

Ɔko no amma Asafo ti no baa dwumadibea ahorow no ntam nkitahodi ankɔ so yiye. Sɛ́ nhwɛso no, yɛn Singapore nhoma akorae no nsa kaa krataa tiawa bi sɛ Germanifo akwampaefo baasa bi de po so hyɛn bi a wɔammɔ din bɛba abetwam akɔyɛ adwuma wɔ baabi a wɔankyerɛ yɛn. Adapɛn kakraa bi akyi no, wobedui, na wodii yɛn nkyɛn nnɔnhwerew du ma yɛn ani gyei. Ɛwom sɛ na obiara nte ne yɔnko kasa de, nanso yetumi tee hui sɛ faako a wɔrekɔyɛ wɔn adwuma no ne Shanghai.

Me Dwumadi wɔ Shanghai

Afe biako akyi no, me nso me nsa kaa krataa sɛ menkɔsom wo Shanghai. Ná minni borɔn so address biara, post office de nkutoo na na mewɔ. Bere a wobisabisaa me nsɛm pii wɔ post office hɔ akyi no, mitumi kyerɛɛ onii ko a meyɛ no yiye ma wɔde Asafo ti no atrae hɔ address maa me. Nanso, Chinani bi a na ɔte ho no ka kyerɛɛ me sɛ wɔayi baa dwumdibea no afi hɔ nanso wonni address a wɔde bɛhwehwɛ wɔn.

Mibisaa me ho sɛ ‘dɛn na mɛyɛ afei.’ Mebɔɔ mpae wɔ me tirim srɛɛ akwankyerɛ. Memaa me ti so no, mihuu mmarima baasa bi a wɔwoware sen nkurɔfo a wɔretwam no, na wɔda nsow kakra. Nokwarem no, na wɔsɛ Germanfo baasa a wɔbɛsoɛɛ Singapore nnɔnhwerew kakraa bi no. Ntɛm ara, mikogyinaa wɔn anim.

Mede anigye kae sɛ, “Mesrɛ mo.” Wogyinae, na wɔde ehu hwɛɛ me dinn. Mibisae sɛ: “Singapore. Yehowa Adansefo. So mokae me?”

Bere tiaa bi akyi no wobuae se: “Ja! Ja! Ja!” Yefi nkate mu bam yɛn ho, na anigye maa nusu guu me. Ɛyɛɛ dɛn na nnipa ɔpepem pii mu no, saa mmarima baasa no bɛfaa saa beae no wɔ saa bere pɔtee no mu? Nea mekae ara ne sɛ, “Yehowa, meda wo ase.” Ná Chinafo mmusua abiɛsa, Germanfo baasa no, ne me nkutoo ne Adansefo a yɛwɔ Shanghai saa bere no.

Hong Kong ne Afei Burma

Mesomee wɔ Shanghai asram kakraa bi akyi no, wɔmaa me dwumadi wɔ Hong Kong. Bere a nea anka ɔbɛyɛ me kwampaefo hokafo a ofi Australia amma no, ɛkaa me nkutoo, Ɔdansefo biako pɛ a ɔwɔ atubra man no mu. Ná ɛsɛ sɛ mekae me ho bio sɛ maka akyerɛ Yehowa sɛ, “Mini, soma me!”

Chinafo a wɔka Engiresi kasa mu titiriw na meyɛɛ adwuma, nanso na ɛyɛ den sɛ mɛkɔ afie no mu efisɛ na awɛmfo a wɔwɔ akwan no ano no ka Chinafo kasa nkutoo. Enti misuaa Chinafo kasa ahorow no mu abien a wɔka no kɛse no kakra. Ɛso baa mfaso! Ná mekɔ awɛmfo a wɔhwɛ kwan ano no nkyɛn, mede me dwumadi kratasin kyerɛ wɔn, meka Chinafo kasa kakra a minim no, na mpɛn pii no wɔma mekɔ mu.

Bere bi a mekɔɔ sukuu bi mu no, mefaa kwan yi so sɛnea ɛbɛyɛ a metumi ne ɔkyerɛkyerɛfo panyin no akasa. Mihyiaa ɔkyerɛkyerɛfo bi wɔ abrannaa no so. Midii n’akyi kɔɔ adesua dan ahorow bi mu, migyee mmofra no nkyia a obu wom no so, na misiesiee me ho sɛ wɔde me bekyia ɔkyerɛkyerɛfo panyin no. Ɔkyerɛkyerɛfo no bɔɔ ɔpon no mu, obuei, ogyinaa nkyɛn, na ɔkae sɛ memmra. Nea ɛyɛɛ me ahi ne sɛ, ná ɔkyerɛkyerɛfo no fi obu mu de me akɔ beae a wogyaw wɔn anan! Ná ɛte sɛ nea wante Chinafo kasa a mekae no ase, ma enti, sɛnea ɔkyerɛkyerɛfo panyin no ka kyerɛɛ me akyiri no, na wosusuw sɛ meyɛ nsu ne tiafi dorobɛn hwɛfo.

Meyɛɛ adwuma asram anan akyi no, Hong Kong polisifo no ka kyerɛɛ me sɛ wɔabara yɛn asɛnka adwuma no, na ɛsɛ sɛ migyae adwuma no anaa wotwa me asu. Mepaw sɛ wobɛtwa me asu, efisɛ na hokwan da so ara wɔ hɔ sɛ mekɔ so aka asɛm no wɔ mmeae afoforo. Bere a mewɔ Hong Kong no, mitumi maa nhoma 462, na na maboa afoforo baanu ma wonya asɛnka adwuma no mu kyɛfa.

Mifi Hong Kong no, wɔma mekɔɔ Burma. Meyɛɛ akwampae adwuma wɔ hɔ, na meboae wɔ Rangoon (mprempren Yangon) nhoma akorae hɔ. Osuahu ahorow a ɛyɛ anigye sen biara no mu biako ne sɛ yɛkaa asɛm wɔ nkurow ne nkuraa a ɛsa so wɔ ɔkwan kɛse a efi Rangoon kɔ Mandalay no ho, ne Chinafo hye so kurow Lashio mu. Me ne me kwampaefo hokafo no yɛɛ adwuma wɔ wɔn a wɔka Engiresi kasa mu titiriw, na nnipa ɔhaha pii kraa Consolation (mprempren Nyan! nsɛmma nhoma no). Na wɔrebɛfrɛ ɔkwan kɛse a efi Rangoon kɔ Mandalay yi sɛ Burma Kwan, ɔkwan a wɔde Amerikafo akode ahorow faa so baa China no.

Ná mfutuma a edu nannweaa mu fa taa ma yɛte nka sɛ ehia sɛ yeguare yiye. Eyi na ɛde asɛm a maka wɔ atifi hɔ sɛ wɔkyeree yɛn bere a na yɛreguare wɔ asubɔnten bi so twene ase no bae. Ɛno akyi bere tiaa bi no, asraafo dwumadi ahorow ne ɔyare ma yɛsan kɔɔ Rangoon. Mitumi traa Burma kosii 1943, bere a ɔko no mu den a ɛyɛe no nti mesan kɔɔ Australia no.

Mesan ba Australia

Saa bere yi nyinaa na wɔabara Yehowa Adansefo dwumadi ahorow wɔ Australia. Nanso, ankyɛ woyii anohyeto no fii hɔ, na bere bi akyi no, wɔsan too nsa frɛɛ me ma mekɔyɛɛ adwuma wɔ baa dwumadibea hɔ. Akyiri yi wɔ 1947 mu no, mewaree Betty Moss a na ɔyɛ adwuma wɔ Asafo ti no baa dwumadibea a ɛwɔ Australia no. Ná Betty papa ne ne maame yɛ akwampaefo, na wɔhyɛɛ ɔne ne nuabarima Bill nkuran sɛ wɔmfa akwampae adwuma no nyɛ wɔn asetra mu adwuma. Betty fii akwampae adwuma ase bere a ofii sukuu a na wadi mfe 14 no. Misusuwii sɛ yebetumi atra ma ayɛ yiye, efisɛ na ɔno nso aka akyerɛ Yehowa sɛ, “Mini, soma me!”.

Yɛwaree akyi afe biako no, wɔtoo nsa frɛɛ me ma mekɔyɛɛ ɔmansin adwuma, kɔsrasraa Yehowa Adansefo asafo ahorow. Na Australia nkuraa ase adwumayɛ gye mmɔdenbɔ ankasa. Ná nsuyiri taa ma akwantu yɛ den, titiriw wɔ dɔte kwan a ɛso yɛ toro no so. Ná ahohuru bere mu hyew wɔ onwini mu tumi du 43’C. Esiane sɛ na yɛte ntamadan mu nti, na ahohuru bere mu ɔhyew no ano yɛ den mmoroso na na awɔw bere mu awɔw nso yɛ nwini dodo.

Ná ɛyɛ anigye sɛ mesom sɛ ɔmantam sohwɛfo, bere a na amantam abien pɛ na ɛwɔ Australia no. Donald MacLean som ɔmantam biako, na me nso mesom foforo no. Afei yɛsesa amantam no. Ɛyɛ anigye sɛ yɛbɛkenkan asafo ahorow a mprempren ɛwɔ beae a yɛsom bere bi no ho asɛm. Nokwarem no, Bible mu nokware aba anyin na asow aba!

Yɛnkɔ Mfiase Bio

Wɔ 1961 mu no, minyaa hokwan kɔɔ Gilead asɛmpatrɛw sukuu a edi kan, bere a woyi baa Brooklyn, New York no bi. Ná wɔato nsa afrɛ me mpɛn pii, nanso ɔyare nti, mantumi ankɔ. Bere a yewiee asram du adesua no, wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ menkɔ New Zealand nkɔyɛ adwuma.

Enti me ne Betty atra New Zealand ha, nsase a ɛbemmɛn Australia no biako, fi January 1962. Wɔtaa ka ho asɛm sɛ Pasifik nsupɔw a ɛhɔ yɛ fɛ yiye no biako. Teokrase kwan so no, ayɛ me anigye sɛ mayɛ ɔmansin ne ɔmantam adwuma no nyinaa bi. Mfe 14 a atwam ni, efi April 1979 no, yɛayɛ adwuma wɔ New Zealand baa dwumadibea.

Me ne Betty nyinaa wɔ yɛn mfe 70 mfinimfini mu, na yɛn baanu ayɛ bere nyinaa Ahenni asɛnka adwuma no mfe 116 a yennyaee da. Betty fii akwampae adwuma no ase wɔ January 1933 mu, na me nso mifii ase wɔ April 1937 mu. Yɛn ani agye pii sɛ yɛahu sɛ yɛn honhom mu mma ne mmanana reyɛ nea yɛyɛe wɔ yɛn mmofraberem no bi, ɛne sɛ, wotie afotu a ɛwɔ Ɔsɛnkafo 12:1 no: “Kae wo bɔfo wo mmerantebere mu.”

Hokwan bɛn ara na ɛyɛ sɛ yɛde ɛkame ayɛ sɛ yɛn nkwa nna nyinaa aka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa na yɛayɛ asuafo, sɛnea yɛn Awurade Yesu Kristo hyɛe no! (Mateo 24:14; 28:19, 20) Yɛn ani agye yiye sɛ yegyee Onyankopɔn frɛ no so sɛnea odiyifo Yesaia yɛe tete no sɛ, “Mini, soma me!”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena