Gilead Sukuu Adi Mfe 50 na Ɛrenya Nkɔso!
WƆ FEBRUARY 1, 1943 mu no, N. H. Knorr ka kyerɛɛ Gilead adesuakuw a edi kan no wɔ sukuu no da a edi kan sɛ: “Mmeae pii wɔ hɔ a wonnii Ahenni no ho adanse kɛse wɔ hɔ.” Ɔde kaa ho sɛ: “Sɛ adwumayɛfo pii wɔ asasesin no mu a, anka nnipa ɔhaha ne mpempem pii bɛte asɛm no. Ɛdenam Awurade adom so no pii bɛba.”
Adwumayɛfo pii aba nso—ɔpepem pii! Ahenni adawurubɔfo dodow akɔ soro fi 129,070 wɔ nsase 54 so wɔ 1943 akodu 4,472,787 wɔ nsase 229 so wɔ 1992 mu! Gilead Sukuu aboa kɛse wɔ adanse a ɛde nkɔanim no bae no mu. Mfe 50 akyi no ɛda so di dwuma titiriw wɔ asɛmpatrɛwfo adwumayɛfo a ɛtete wɔn ma wɔkɔsom wɔ baabiara a wohia wɔn wɔ wiase asasesin no mu.
Wɔ March 7, 1993 mu no, ahɔho a wɔato nsa afrɛ wɔn ne U.S. Betel abusua no mufo 4,798 hyiaam wɔ Jersey City Nhyiam Asa a ɛwɔ New Jersey no so maa adesuakuw a ɛto so 94 adesuawie dwumadi no. Adeyɛ yi a ɛyɛ titiriw ampa no ma wonyaa hokwan a wɔde besusuw Gilead Sukuu no mfe 50 dwumadi ho nso. So wobɛpɛ sɛ wote dwumadi no ho asɛm kakra?
Wɔde dwom fii ase akyi no, George D. Gangas a ɔyɛ Sodikuw no muni bɔɔ mpae a efi komam. Afei, oguamtrani no, Carey W. Barber de ne nnianim nsɛm mae akyi no, wɔn a woawie adesua no—ne wɔn a wɔahyiam nyinaa—yɛɛ komm tiee ɔkasa ntiantia a ɛtoatoaa so.
Robert W. Wallen na odii kan kasae, na asɛmti a ɔkaa ho asɛm ne sɛ “Ɛnkaa Mo Nko Da.” Ɔde nne a emu yɛ hyew kae sɛ: ‘Wɔ nna a ɛbɛba mu no, tebea ahorow bɛsɔre wɔ mo asetra mu a ɛbɛma moate nka sɛ Ei, mayɛ ankonam kɛse, me ne abusuafo ne nnamfo ntam kwan ware yiye.’ Ɛnde ɔkwan bɛn so na wobetumi aka sɛ, “Ɛnkaa Mo Nko Da?” Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: ‘Efisɛ mo mu biara benya hokwan a obetumi ne Yehowa Nyankopɔn adi nkitaho ntɛm so.’ Ɔhyɛɛ wɔn a wɔawie adesua no sɛ wɔmma mpaebɔ hokwan no nsom bo mma wɔn na wɔmfa nni dwuma daa. Ɛno na te sɛ Yesu no, wobetumi aka sɛ, “Ɛnkaa me nko ɛ.” (Yohane 16:32) Saa nsɛm no hyɛɛ wɔn a wɔawie adesua no nkuran dɛn ara!
Bere a Lyman A. Swingle a ɔyɛ Sodikuw no muni dii hɔ kaa asɛmti a ɛne “Kura W’anidaso no mu Pintinn” (egyina March 7 da biara asɛm no so) ho asɛm no, ɔkaa su abien a ɛho hia—boasetɔ ne anidaso ho asɛm. Ɔkae sɛ: ‘Ahohorabɔ, ɔsɔretia, nitan, afiasenna, owu mpo, de ntease pa a enti ehia sɛ Kristoni nya boasetɔ ma. Ahoɔden a ɛboro nnipa de so a Yehowa Adansefo anokwafo betumi anya wɔ ahohia bere mu no nni ano. Ɛda adi sɛ awerɛhyem wɔ eyi mu, titiriw ma mo a moawie adesua no.’ Anidaso nso ɛ? Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: ‘Wontumi nkwati anidaso. Sɛnea dade kyɛw bɔ nea ɔde hyɛ ne ti ho ban no, saa ara na nkwagye anidaso no nso hwɛ Kristoni adwene so na ɛbɔ ne ho ban, na ɛma otumi kura ne mudi mu.’—Tesalonikafo 5:8.
Ɔkasafo a odi hɔ, Ralph E. Walls, paw asɛmti a ɛkanyan anigye, “Yɛbɛyɛ Dɛn Aguan Akɔ ‘Nea Ɛhɔ Trɛw’ a Ahobammɔ Wɔ?” Dɛn ne saa “nea ɛhɔ trɛw” yi? (Dwom 18:19) Ɔkasafo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Nkwagye tebea bi a ɛde asomdwoe ne komam ahobammɔ ba.” Yehia nkwagye fi dɛn mu? ‘W’ankasa ho—w’ankasa mmerɛwyɛ ahorow.’ Ɔde kaa ho sɛ: ‘Yehia fi tebea ahorow a atwa yɛn ho ahyia a Satan na ɔhyɛ akyi no nso mu.’ (Dwom 118:5) Yɛbɛyɛ dɛn atumi aguan akɔ nea ɛhɔ trɛw a ahobammɔ wɔ hɔ? ‘Ɛdenam Yehowa ahyɛde ahorow mu a yɛbɛhwehwɛ wɔ biribiara a yɛyɛ mu ne Yehowa a yefi gyidi mu de yɛn ahiade nyinaa bɛto n’anim so.’
“Dɛn na Ɛda W’anim?” ne asɛmti a Don A. Adams pawee. Na na dɛn na ɛda asɛmpatrɛwfo afoforo no anim? Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ nsakrae bere. “Nhyira pii nso da mo anim.” Sɛ́ nhwɛso no, ɔkaa asɛmpatrɛwfo afoforo baanu bi a wɔn ase tim wɔ wɔn dwumadi mu akyi no, wɔkyerɛw nea edi so yi ho asɛm: “Susuw da a w’ani gyei sen biara wɔ asɛnka adwuma no mu ho, na saa na da biara te. Nhoma dodow a yehia no nkɔ yɛn ho bere nyinaa, na nkurɔfo kɔ so srɛ yɛn sɛ yɛne wɔn nyɛ adesua.” Ɔkasafo no kaa nsɛm bi kyerɛɛ wɔn a wɔawie adesua no abusuafo ne wɔn nnamfo sɛ: ‘Enhia sɛ wɔn a wɔawie adesua yi ho asɛm haw mo. Mubetumi aboa wɔn denam nkuranhyɛ nsɛm a mobɛkyerɛw akɔma wɔn so.’—Mmebusɛm 25:25.
Sukuu no akyerɛkyerɛfo na wodii hɔ kasae. Jack D. Redford paw asɛmti “Monnhwɛ Biribiara Kwan Mmfi Obiara Hɔ.” Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ nsɛnnennen a wɔn a wɔawie sukuu no behyia mu biako ne sɛnea wɔne afoforo bɛbɔ asomdwoe mu. Dɛn na ebetumi aboa? “Mummu mo ani ngu wɔn mfomso so. Monnhwehwɛ nea ɛboro so mmfi nnipa afoforo hɔ. Ɛnsɛ sɛ mohwɛ kwan sɛ mo nsa bɛka nea mususuw sɛ ɛsɛ mo nyinaa. Munya nnipa afoforo sintɔ ho koma, na saa ayamye yi bɛboa ma moabɔ asomdwoe mu. Sɛnea mubetumi ne afoforo abɔ asomdwoe mu no bɛkyerɛ sɛ mo ho akokwaw.” (Mmebusɛm 17:9) Nokwarem no, afotu a nyansa wom yi a wɔn a wɔawie adesua no de bedi dwuma no bɛboa wɔn ma wɔatumi ayɛ nsakrae ma wɔayɛ asɛmpatrɛwfo wɔ amannɔne!
2 Korintofo 4:7 ka sɛ: “Yɛwɔ saa ademude yi anwenne mu.” Ulysses V. Glass, Gilead Sukuu panyin kaa kyerɛwsɛm yi ho asɛm bere a ɔkasa faa asɛmti “Gye Wo Nuanom a Wɔada Wɔn Adi sɛ Anokwafo no Di” ho no. Dɛn ne “anwenne” no? Ɔkae sɛ: “Eyinom bɛfa yɛn ho sɛ nnipa a yɛnyɛ pɛ no.” Dɛn ne “ademude” no? Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ɛyɛ yɛn Kristofo som adwuma no.” (2 Korintofo 4:1) Na dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde ademude no yɛ? “Ɛnsɛ sɛ yɛde ademude a Yehowa de ahyɛ yɛn nsa no sie. Enti, adɔfo a morebɛyɛ asɛmpatrɛwfo, monkyekyɛ saa ademude no wɔ baabiara a mobɛkɔ, na monkyerɛ afoforo pii sɛnea wɔde kyekyɛ.”
Bere a Albert D. Schroeder fii ase kasae no na ɛyɛ anigyina bere, efisɛ na ɔno ne Gilead Sukuu panyin bere a efii ase. Ná n’asɛmti ne sɛ “Mfe 50 mu Teokrase Ntetee.” Ɔkae sɛ: “Yehowa nim sɛnea ɔde ntetee a etu mpɔn bɛma, na wayɛ eyi.” Ɔkwan bɛn so? Onua Schroeder twee adwene sii ntetee a wɔanya afi sukuu abien a wode sii hɔ mfe 50 a atwam ni mu no so—Teokrase Ɔsom Sukuu ne Gilead Sukuu. Ɔkyerɛe sɛ adwinnade a aboa ma wɔanya nokware nimdeɛ ne New World Translation no. Ɔmaa wɔn a wɔawie adesua no awerɛhyem sɛ: “Mubetumi akɔ amannɔne a wɔama mo dwumadi wɔ hɔ a mowɔ ahotoso kɛse sɛ: Asafo ti no bɛma mo nsa aka Yehowa atirimpɔw ahorow ho nokware nimdeɛ sɛnea ɛsɛ.”
Milton G. Henschel, Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania no titrani kaa asɛmti a ɛne sɛ “Nkonimdifo a Wɔkyɛn So” ho asɛm. Onua Henschel faa n’asɛmti no fii 1943 afe asɛmti mu, a ese: “Nkonimdifo a wɔkyɛn so denam onii a ɔdɔɔ yɛn no so.” (Romafo 8:37, King James Version) Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ na ɛyɛ asɛmti a ɛfata, efisɛ bere a Wiase Ko II rekɔ so no, yɛn nuanom a wɔwɔ aman pii mu hyiaa ɔtaa a emu yɛ den. Onua Henschel kenkan Ɔwɛn-Aban a ɛkaa saa afe asɛmti no ho asɛm mu nsɛm binom na afei ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Gilead adesuakuw a wodi kan no suaa saa Ɔwɛn-Aban asɛm yi [The Watchtower January 15, 1943) wɔ February mu, na esiesiee wɔn maa nea na ɛda wɔn anim.” Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ wɔn a wowiee sukuu no mfe 50 a atwam ni no mu pii ada wɔn ho adi dedaw sɛ wɔyɛ nkonimdifo. Adesuakuw a wɔto so 94 no nso ɛ? “Mommata Yehowa ho, mommata ne dɔ ho, na mubedi nkonim.”
Anɔpa kasa ahorow no akyi no, oguamtrani no kenkan nkyia a wɔde fi nsase horow so bae no kyerɛe. Afei bere a nnipa 24 a wɔyɛ awarefo no de ahopere hwɛɛ kwan no dui—adansedi nkratata a wɔde bɛmema. Hwɛ, afei de na wɔagye Gilead adesuafo no atom sɛ wɔn a wɔawie Gilead Sukuu! Ná wofi aman 5 mu na wɔbae, nanso na wɔn dwumadi no de wɔn bɛkɔ nsase 17, a Hong Kong, Taiwan, Mozambique, ne Europa Apuei Fam mmeae bi ka ho so.
Bere a wɔapɔn akɔ home aba no, wɔde Ɔwɛn-Aban Adesua a wɔatwa no tiawa fii awia dwumadi no ase, na Robert L. Butler na ɔhwɛɛ so. Ɛno akyi no, wɔn a wɔawie adesua no yɛɛ asɛnka mu osuahu ahorow a ɛyɛ anigye yiye a wonyae bere a wɔredi adanse wɔ Wallkill, New York, no bi ho ɔyɛkyerɛ. Dwumadi no daa nneɛma a akyinnye biara nni ho sɛ ɛno na ɛma wotumi baa Gilead no mu biako adi—ɔdɔ kɛse a wɔwɔ ma asɛnka adwuma no.
Adesuafo dwumadi no akyi no, na atiefo pii resusuw sɛ ebia wɔbɛyɛ biribi titiriw wɔ dwumadi no mu de akae Gilead Sukuu no mfe 50 no anaa. Wɔanni wɔn huammɔ!—Hwɛ adaka a ɛwɔ ha, “Gilead Sukuu no Mfe 50 Dwumadi a Wɔhwehwɛ Mu,” no.
Mfe aduonum a atwam ni no, Onua Knorr daa no adi sɛ ɔyɛ obi a ɔwɔ gyidi na ɔhwɛ ade kɔ akyiri. Ɔdaa awerɛhyem a na ɔwɔ sɛ Gilead Sukuu no bedi yiye no adi wɔ ne nnianim kasa a ɔde maa adesuakuw a wodi kan no mu, bere a ɔkae sɛ: “Yegye di sɛ sɛnea ne din kyerɛ no, ‘adanse kuw’ befi saa beae yi akɔ wiase afanan nyinaa, ne sɛ adanse a ɛte saa begyina te sɛ nkaedum a ɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam a wontumi nsɛe no da. Sɛ́ asomfo a wɔapaw mo no, mode mo werɛ nyinaa bɛhyɛ Ɔsorosoroni no mu, a munim sɛ ɔbɛhwɛ mo so na wakyerɛ mo kwan wɔ ahohia bere mu, na mubehu sɛ ɔyɛ nhyira Nyankopɔn nso.”a
Mfe aduonum akyi no, Gilead Sukuu no da so ara renya nkɔso! Mprempren, adesuakuw a wɔto so 94 no wɔ hokwan sɛ wodi nnipa bɛboro 6,500 a wɔadi wɔn anim a wɔawie adesua no dedaw no akyi. Ɛmmra sɛ wɔde wɔn werɛ nyinaa bɛhyɛ Ɔsorosoroni no mu bere a wɔyɛ wɔn fam de, de boaboa “adanse-kuw” a ebegyina te sɛ nkaedum a ɛhyɛ Yehowa Nyankopɔn anuonyam ano no.
[Ase hɔ asɛm]
a Wɔ Hebri mu no, asɛmfua “Gilead” kyerɛ “AdanseKuw.”—Genesis 31:47, 48.
[Adaka wɔ kratafa 25]
Adesuakuw no ho Nsɛm
Adesuafo no dodow: 48
Aman dodow a wofi so: 5
Aman dodow a wɔama wɔn hɔ dwumadi: 17
Mfe dodow a wɔadi nkyekyem: 32
Mfe dodow a wɔadi wɔ nokware no mu nkyekyem: 15.3
Mfe dodɔw a wɔayɛ bere nyinaa ɔsom adwuma no: 9.6
[Adaka wɔ kratafa 26, 27]
GILEAD SUKUU NO MFE 50 DWUMADI A WƆHWEHWƐ MU
Ɔkwan pa bɛn na yebetumi afa so ahwehwɛ Gilead abakɔsɛm mu sen sɛ yɛbɛfa wɔn a wɔanya mu kyɛfa —wɔn a wɔadi kan awie adesua no, akyerɛkyerɛfo, ne afoforo a wɔboa ma wɔyɛe suahu ahorow so? Bere a atiefo no tiee ɔfã a ese “Gilead Sukuu no Mfe 50 Dwumadi a Wɔhwehwɛ Mu” a Theodore Jaracz hwɛɛ so no, wɔn ani gyei.
Nsɛm tebea ahorow bɛn na ɛma wɔde sukuu no sii hɔ? Onua Schroeder kyerɛkyerɛɛ mu sɛ wɔmaa ɔne akyerɛkyerɛfo afoforo baanu asram anan pɛ sɛ wɔmfa nyɛ sukuu no ho nhyehyɛe. “Nanso eduu Dwoda, February 1, 1943 no, na yɛasiesie yɛn ho ama ɛso hyira dwumadi no.”
Ná tebea no te dɛn ma asɛmpatrɛwfo a wodi kan a wɔmaa wɔn dwumadi no? Onua Henschel kae sɛ: “Yɛmaa Asafo ti no nhoma amanae no boaboaa nneɛma biara a wɔpɛ sɛ wɔde ka wɔn ho kɔ ano guu nnaka mu. Bere a nnaka no dui no, wɔde ahwɛyiye buebuee so no woyiyii wɔn nneɛma no. Nanso wɔde nnaka no yeyɛɛ dan mu nneɛma.” Ɔkae sɛ akyiri yi “Asafo ti no yɛɛ asɛmpatrɛw afi a ne bo nyɛ den ho nhyehyɛe.
Ɛno akyi wɔ dwumadi no mu no, Gilead adesuakuw ahorow a edi kan no mu adesuafo no mu binom a mprempren wɔyɛ U.S Betel abusua no mufo kaa
nneɛma a wɔkae, sɛnea wɔte nka, ne wɔn suahu ahorow kyerɛe. Nokwarem no, wɔn nsɛm no kaa atiefo no nyinaa koma.
“Bere a minyaa krataa a wɔde reto nsa afrɛ me sɛ menkɔ adesuakuw a edi kan no, metee sɛ me maame yare akisikuru. Nanso esiane sɛ na wayɛ ɔkwampaefo fi bere a odii mfe 16 nti, otuu me fo dennennen sɛ mempene nsa a wɔreto afrɛ me no so. Enti bere a mayɛ basaa na mewɔ Yehowa mu ahotoso no, mituu kwan kɔɔ South Lansing. Minyaa anigye kɛse ne anisɔ a emu dɔ wɔ Gilead ntetee no ho. Miwiee m‘adesua akyi bere bi no, me maame wiee n’asase so asetra.‘ —Charlotte Schroeder, ɔsomee wɔ Mexico ne El Salvador.
“Esiane sɛ na Yehowa ahwɛ me so wɔ asase no fã a na mewɔ no nti misusuw ho sɛ baabi a mɛkɔ biara da so yɛ n’asase, na ɔbɛhwɛ me so. Enti na ɛyɛ me anigye sɛ megye nsa a wɔreto afrɛ me sɛ menkɔ adesuakuw a edi kan no bi no so.”—Julia Wildman, ɔsomee wɔ Mexico ne EI Salvador.
“Ná ɛyɛ anigye! Yetumi kasae wɔ ɔpon biara ano. Wɔ ɔsram a edi kan no mu no, memaa nhoma 107 na meyɛɛ Bible adesua 19. Ɔsram a ɛto so abien no, meyɛɛ Bible adesua 28. Ɛyɛ nokware sɛ na nneɛma wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ ɛkokwaw yɛn—ɔhyew ahohuru, mpaboa. Nanso na ɛyɛ hokwan fɛfɛ sɛ yɛwɔ hɔ. Ɛyɛ ade a mɛkɔ so ama asom bo ama me bere nyinaa.”—Mary Adams, adesuakuw a ɛto so abien, ɛdefa ne dwumadi wɔ Cuba ho.
“Ná wim tebea yɛ akwanside akɛse a ɛsɛ sɛ yegyina ano wɔ Alaska no mu biako. Wɔ kusuu fam no na ɛhɔ yɛ nwini yie ankasa, na na wim hyew tumi kɔ fam kodu -50°C ne nea ɛyɛ nwini sen saa. Ná po so hyɛn anaasɛ wim hyɛn na yɛde kɔ India nkuraa ne Alaska kesee fam apuei hɔ nkurow nketewa a atew wɔn no mu.”—John Errichetti, adesuakuw a ɛto so abiɛsa.
“Me fam no na Gilead yɛ nsa a Yehowa nam n’asase so ahyehyɛde no so reto afrɛ yɛn de ahyɛ yɛn den honhom mu na ɔde akyerɛ yɛn asetra kwan a ɛyɛ anigye.”—Mildred Barr, adesuakuw a ɛto so 11, ɔsomee wɔ Ireland.
Nsɛm a wobisabisaa afoforo a ɛyɛ anigye dii so bae—Lucille Henschel (adesuakuw a ɛto so 14, ɔsomee wɔ Venezuela), Margareta Klein (adesuakuw a ɛto so 20, ɔsomee wɔ Bolivia), Lucille Coultrup (adesuakuw a ɛto so 24, ɔsomee wɔ Peru), Lorraine Wallen (adesuakuw a ɛto so 27, ɔsomee wɔ Brazil), William ne Sandra Malenfant (adesuakuw a ɛto so 34, ɔsomee wɔ Morocco), Gerrit Lösch (adesuakuw a ɛto so 41, ɔsomee wɔ Austria), ne David Splane (adesuakuw a ɛto so 42, ɔsomee wɔ Senegal).
Na anuanom a wɔsom sɛ akyerɛkyerɛfo no nso ɛ? Wobisabisaa wɔn mu pii nso nsɛm—Russell Kurzen Adams, Harold Jackson, Fred Rusk, Harry Peloyan, Jack Redford, ne Ulysses Glass. Wɔkaa wɔn hokwan no ho asɛm, na wɔkyerɛɛ sɛnea anya wɔn so nkɛntɛnso de besi nnɛ.
Lloyd Barry a ɔsomee wɔ Japan de adanse a ɛyɛ anigye a ɛkyerɛ sɛnea asɛmpatrɛwfo a Gilead atete wɔn no tu mpɔn no mae. Wɔ 1949, bere a wɔde asɛmpatrɛwfo 15 kɔɔ hɔ no, na adawurubɔfo no boro 175,000 wɔ saa asase no so! Ɛno akyi no Robert Wallen kaa nkɔso a ɛyɛ anigye a asɛmpatrɛwfo binom anya wɔ nkurɔfo a wɔboa wɔn ma wohu nokware no mu, a onuawa ɔsɛmpatrɛwfo bi a wadi mfe 45 wɔ Panama, na waboa nnipa 125 ma wɔahyira wɔn ho so ama wɔabɔ wɔn asu ka ho.
Dwumadi no nyinaa duu ne pɔmpɔn so bere a wɔfrɛɛ wɔn a wɔwɔ atiefo no mu a wɔawie Gilead Sukuu no bi nyinaa baa asɛnka agua no so no. Nokwarem no, na ɛka koma. Anuanom mmarima ne mmea a wɔato santen—89 yɛ Betel abusua no mufo ne wɔn a wɔawie sukuu no a waba hɔ—nantew asa no akwan mu kɔɔ asɛnka agua no so. Anuanom a mfe a atwam ni no wɔasom sɛ akyerɛkyerɛfo kɔkaa wɔn ho, na afei adesuakuw a wɔto so 94 no kɔkaa wɔn ho—wɔn dodow si bɛyɛ 160!
Onua Jaracz bisae sɛ: “So Gilead Sukuu no dwumadi a wɔde tete asɛmpatrɛwfo ma wɔkɔ amannone nsase so no adi n’atirimpɔw ho dwuma? Mfe 50 a atwam ni mu adanse ma wotum de nne kɛse ka sɛ yiw!”
[Mfonini wɔ kratafa 25]
Ɔwɛn Aban Bible Gilead Sukuu Adesuakuw a Wɔto so 94 a Wɔawie Wɔn Adesua
Wɔahyehyɛ akuw no fi anim kɔ akyi, na kuw biara mu din no fi benkum kɔ nifa wɔ ase hɔ din no mu.
(1) De La Garza, C.; Borg, E.; Arriaga, E.; Chooh, E.; Purves, D.; Fosberry, A.; Delgado, A.; Drescher, L. (2) Scott, V.; Fridlund, L.; Kettula, S.; Copeland, D.; Arriaga, J.; Thidé, J.; Olsson, E.; Widegren, S. (3) Delgado, F.; Keegan, S.; Leinonen, A.; Finnigan, E.; Fosberry, F.; Halbrook, J.; Berglund, A.; Jones, P. (4) Watson, B.; Frias, C.; Chooh, B.; Halbrook, J.; Purves, J.; Finnigan, S.; Jones, A.; Cuccia, M. (5) Scott, G.; Copeland, D.; Drescher, B.; De La Garza, R.; Leinonen, I.; Keegan, D.; Watson, T.; Kettula, M. (6) Widegren, J.; Borg, S.; Cuccia, L.; Berglund, A.; Olsson, B.; Frias, J.; Fridlund, T.; Thidé, P.