Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 6/1 kr. 24-27
  • Munni Yehowa Mu Ahurusi na Momma Mo Ani Nnye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Munni Yehowa Mu Ahurusi na Momma Mo Ani Nnye
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wotu Wɔn Fo sɛ Wonkura Anigye Honhom Mu
  • Osuahu Ahorow a Ɛyɛ Anigye ne Nsɛm a Wobisabisa
  • Ahofama Honhom na Ɛde Nkurɔfo Ba Gilead
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Adesuafo a Esii Wɔn Yiye Adan Asɛmpatrɛwfo a Asi Wɔn Yiye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Wɔahyɛ Wɔn Nkuran Sɛ Wɔnkɔsom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Gilead Sukuu—Mfirihyia 60 Asɛmpatrɛw Ho Ntetee
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 6/1 kr. 24-27

Munni Yehowa Mu Ahurusi na Momma Mo Ani Nnye

ADWUMA biara a mfaso wɔ so a wowie wɔ ɔkwan a ɛfata so no yɛ anigye bere nyinaa. Akyinnye biara nni ho sɛ, na adesua awiei dwumadi a wɔyɛɛ no March 13, 1999, wɔ Ɔwɛn Aban Asafo Adesuabea a ɛwɔ Patterson, New York, no yɛ bere a ɛte saa ma Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu no adesuakuw a ɛto so 106 mu adesuafo 48 no.

Nnianim kasa a Theodore Jaracz a ɔyɛ Sodikuw no muni, na owiee Gilead adesuakuw a ɛto so ason, na ɔyɛɛ adesua wie dwumadi no guamtrani, mae no sii Dwom 32:11 mu nsɛm no so dua sɛ: “Treneefo, momma mo ani nnye [Yehowa, NW] ho, na munni ahurusi!” Ɔrekyerɛkyerɛ nea enti a ɛfata sɛ obiara ani gye saa bere yi mu no, ɔkae sɛ: “Esiane nea Yehowa de komam teefo, a yɛn Gilead adesuafo yi ka ho, reyɛ nti na sɛ edu bere te sɛ eyi a, yedi ahurusi no.” Bere a adesuafo no yɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛba Gilead Sukuu no na wɔyeree wɔn ho kɛse sɛ wɔbɛfata ama asɛmpatrɛw adwuma no, Yehowa ne nea ɔmaa biribiara kɔɔ yiye maa wɔn. (Mmebusɛm 21:5; 27:1) Onua Jaracz sii so dua sɛ ɛno nti na ɛsɛ sɛ ‘yedi Yehowa mu ahurusi’ no.

Wɔn a na wɔwɔ Patterson nhyiam asa no so bi ne adesuafo no abusuafo ne ahɔho a wofi aman 12 so rebɛhwɛ adeyɛ a ɛyɛ anigye no. Bere a nnipa 5,198 a na wɔwɔ hɔ—a na Betel abusua mufo a wɔwɔ Brooklyn, Patterson, ne Wallkill a wɔnam radio ne video so renya dwumadi no mu kyɛfa ka ho—hwɛɛ dwumadi a ɛreba so no kwan no, akyinnye biara nni ho sɛ na anigye honhom bi wɔ hɔ.

Wotu Wɔn Fo sɛ Wonkura Anigye Honhom Mu

Bere a Onua Jaracz de ne nnianim kasa no baa awiei no, ɔdaa akasafo baanum a na wɔasiesie Kyerɛwnsɛm mu afotu a ɛhyɛ nkuran ama Gilead adesuafo a wɔawie ne wɔn a wɔwɔ hɔ nyinaa no adi.

Obi a odii kan kasae ne William Malenfant a owiee Gilead adesuakuw a ɛto so 34, a seesei ɔresom sɛ Sodikuw no Nkyerɛkyerɛ Boayikuw no boafo no. Ɛdefa n’asɛmti, “‘Ade Nyinaa’ Nyɛ Ahuhude!” a na egyina Ɔsɛnkafo 1:2 so ho no, obisaa asɛm bi sɛ: “So na nea Salomo kyerɛ ankasa ne sɛ ade nyinaa, kyerɛ sɛ wiase mu biribiara, yɛ ahuhude?” Mmuae no yɛ: “Dabi. Ná ɔreda no adi sɛ nneɛma a nnipa yɛ a ebu Onyankopɔn apɛde so, nneɛma a ɛne Onyankopɔn apɛde nhyia—saa nneɛma no nyinaa yɛ ahuhude.” Nea ɛne no bɔ abira no, nokware Nyankopɔn, Yehowa, a yɛbɛsom no no nyɛ ahuhude; saa ara na Onyankopɔn Asɛm, Bible, a yebesua, na yɛde akyerɛkyerɛ afoforo no nyɛ ahuhude. Onyankopɔn werɛ mfi mmɔden a ɛte saa a n’asomfo bɔ no. (Hebrifo 6:10) Nokwarem no, sɛ asiane bi mpo to wɔn a wɔwɔ Onyankopɔn anim dom no a, ‘wɔbɛtra Yehowa nkwa boaa mu.’ (1 Samuel 25:29) Nsɛm a ɛma akomatɔyam bɛn ara ni! Saa nsɛm no a yɛbɛkae no betumi aboa Yehowa asomfo nyinaa ma wɔakɔ so akura anigye honhom mu.

John Barr, a ɔyɛ Sodikuw no muni, no hyɛɛ kuw a wɔrewie adesua no nkuran denam ɔkasa, “Nya Anigye Wɔ W’asɛmpatrɛw Adwuma Mu” so. Ɔkyerɛe sɛ asɛmpatrɛw adwuma yɛ biribi a ɛda Yehowa Nyankopɔn koma so bere nyinaa. “Ná ɛyɛ biribi titiriw wɔ ɔdɔ a Yehowa daa no adi kyerɛɛ wiase no mu. Ɔsomaa ne Ba a ɔwoo no koro no baa asase so. Na Yesu yɛ ɔsɛmpatrɛwfo a ɔsen biara, ɔsɛmpatrɛwfo a obiara ne no nsɛ.” Bere a na wɔn a wɔawie adesua no betumi asusuw nsakrae a na ɛsɛ sɛ Yesu yɛ na ama wadi nkonim wɔ n’asase so adwuma mu ho no, na Yesu asɛmpatrɛw adwuma no so mfaso da so wɔ hɔ ma wɔn a wɔbɛyɛ bi nyinaa. Eyi te saa efisɛ, sɛnea Onua Barr daa no adi no, Yesu ani gyee ho sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn adwuma, na na ɔdɔ adesamma nso. (Mmebusɛm 8:30, 31) Onua Barr hyɛɛ adesuafo a wɔawie no nkuran sɛ wonkura wɔn dwumadi mu pintinn, ɛnyɛ sɛ ɛsɛ sɛ wogyina mu kɛkɛ nti, na mmom esiane sɛ wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛyɛ saa nti. Ɔkyerɛɛ adesuakuw no sɛ “Wɔmfa wɔn ho nto Yehowa so; ɔrenni wɔn huammɔ.”—Dwom 55:22.

“Yehowa Din Mu a Yɛbɛnantew Daa” ne asɛmti a ɔkasafo a odi hɔ, Lloyd Barry, a ɔyɛ Sodikuw no muni foforo no, pawee. Sɛ́ obi a ɔsomee sɛ ɔsɛmpatrɛwfo mfe 25 wɔ Japan bere a owiee Gilead adesuakuw a ɛto so 11 no, Onua Barry kaa kan asɛmpatrɛwfo no suahu ahorow no bi ho asɛm, na ɔkaa nsɛnnennen a na ɛsɛ sɛ wohyia ho asɛm. Afotu a mfaso wɔ so bɛn na ɔde maa kuw a wɔrewie no? “Nea ɛsen ne nyinaa no, monkɔ so nkura mo honhom fam yiyedi mu. Afei nso, munsua kasa ne amammerɛ no. Momma mo ani nnye. Na munkura adwuma no mu; mommmrɛ, na mommma mo abaw mu mmmu.” Onua Barry ka kyerɛɛ adesuafo a wɔawie no sɛ wɔ wɔn amannɔne dwumadi mu no, wobehyia nnipa pii a wɔnantew anyame ahorow din mu, na ɔkaee wɔn Mika nsɛm no sɛ: “Aman no mu biara nantew ne nyame din mu, na yɛn de, yɛbɛnantew [Yehowa, NW] yɛn Nyankopɔn din mu de akosi daa daa.” (Mika 4:5) Akyinnye biara nni ho sɛ, nhwɛso a kan asɛmpatrɛwfo yɛe no yɛ nkuranhyɛ a tumi wom ma Onyankopɔn asomfo nyinaa sɛ wɔbɛkɔ so anantew Yehowa din mu, na wɔasom no nokwaredi mu.

Nea odii hɔ wɔ dwumadi no mu ne Gilead kyerɛkyerɛfo Lawrence Bowen. Ná ne kasa no asɛmti yɛ asɛmmisa, “Wobɛyɛ Onipa Bɛn?” Ɔkyerɛe sɛ nkonim a obi bedi wɔ Onyankopɔn adwuma mu no gyina gyidi ne Yehowa mu ahotoso a ɔwɔ so. Ɔhene Asa ho a ɔde too Yehowa so koraa no maa odii atamfo a na wɔn dodow yɛ ɔpepem biako so nkonim koraa. Nanso odiyifo Asaria kaee no hia a ehia sɛ ɔkɔ so de ne ho to Nyankopɔn so sɛ: “[Yehowa, NW] ne mo te, sɛ mo ne no te yi.” (2 Beresosɛm 14:9-12; 15:1, 2) Esiane sɛ Onyankopɔn din, Yehowa, kura adwene a ɛne sɛ ɔda ne ho adi sɛ obi a odi biribiara a ehia ma n’atirimpɔw abam ho dwuma—sɛ́ ɛno kyerɛ sɛ ɔbɛyɛ Ɔdemafo, Bammɔfo, anaa Ɔbrafo mpo—nti, ebesi asɛmpatrɛwfo a wɔde wɔn ho to Yehowa so, na wɔyɛ ade ma ɛne n’atirimpɔw hyia no yiye wɔ wɔn dwumadi mu. (Exodus 3:14) Onua Bowen de baa awiei sɛ: “Mommma mo werɛ mmfi da sɛ bere tenten a mode Yehowa atirimpɔw yɛ mo atirimpɔw no, ɔbɛma moayɛ biribiara a ehia na moayɛ mo adwuma no.”

Ɔkasafo a na otwa to wɔ dwumadi no fã yi mu ne Wallace Liverance, a kan no na ɔyɛ ɔsɛmpatrɛwfo na seesei ɔyɛ sukuu no kyerɛwfo no. Ne kasa a wɔtoo din “Momma Onyankopɔn Asɛm Nnya Nkwa na Ɛnyɛ Adwuma Wɔ Mo Mu” no twee adwene sii Onyankopɔn asɛm anaa bɔhyɛ a enni huammɔ a bere nyinaa enya nkɔanim kosi sɛ ebenya mmamu no so. (Hebrifo 4:12) Enya wɔn a wɔma kwan no asetra so tumi. (1 Tesalonikafo 2:13) Ɔkwan bɛn so na yɛbɛma saa asɛm no anya nkwa na ayɛ yɛn asetra mu adwuma? Ɛdenam Bible adesua a yɛde nsi yɛ so. Onua Liverance kaee adesuafo a wɔawie no akwan a wɔfa so sua Bible a wɔasua wɔ Gilead a na nea ɛka ho ne Onyankopɔn Asɛm a wɔbɛkenkan ate ase na wɔde adi dwuma no. Ɔfaa Albert Schroeder, a ɔyɛ Sodikuw no muni, na ɔsomee sɛ boayikuw a ɛhwɛ ma wɔde Gilead Sukuu no sii hɔ bɛboro mfe 50 a atwam ni guamtrani no, nsɛm no kae sɛ: “Sɛ obi de nsɛm a ɛka ho no di dwuma a, obetumi anya honhom fam ahoɔden a ɛsen biara a Onyankopɔn de ma wɔ N’asɛm mu no.” Saa kwan yi a wɔfa so sua Bible no ma Onyankopɔn Asɛm yɛ nea nkwa wom na ɛyɛ adwuma.

Osuahu Ahorow a Ɛyɛ Anigye ne Nsɛm a Wobisabisa

Wɔ ɔkasa ahorow no akyi no, atiefo no tiee osuahu ahorow a ɛyɛ anigye fii adesuafo no hɔ. Wɔ Mark Noumair a kan no na ɔyɛ ɔsɛmpatrɛwfo na seesei ɔyɛ Gilead kyerɛkyerɛfo no akwankyerɛ ase no, adesuafo no bi kaa sɛnea wɔbɔɔ mmɔden dii adanse wɔ tebea ahorow mu yɛɛ ho ɔyɛkyerɛ nso. Ebinom tumi ne nkurɔfo fii Bible adesua ase toaa ne yɛ so denam wɔn nsɛm tebea ne nsɛm a wɔka a wɔhyɛɛ no nsow ne wɔn ho anigye a wɔkyerɛe so. Enti na adesuafo no ‘ani wɔ wɔn ho ne kyerɛ no so,’ na na wɔn ani gye ho ankasa sɛ wɔbɛboa afoforo ma wɔanya nkwa.—1 Timoteo 4:16.

Wɔde nyansahyɛ pii a mfaso wɔ so mae, na anuanom a wɔwɔ suahu a na wɔrenya ntetee wɔ sukuu a wɔayɛ ama baa boayikuw mufo a ɛwɔ Ɔwɛn Aban Asafo Adesuabea no maa anigye a ɛwɔ asɛmpatrɛw adwuma no mu daa adi. Anuanom Samuel Herd ne Robert Johnson a wɔwɔ adwumayɛbea ti no bisabisaa ananmusifo a wofi Asafo ti baa dwumadibea ahorow a ɛwɔ Bolivia, Zimbabwe, Nicaragua, Central African Republic, Dominican Republic, Papua New Guinea, ne Cameroon no nsɛm wɔ ɔkwan a ɛyɛ anigye so.

Wɔ osuahu ne nsɛmmisa akyi no, Gerrit Lösch a owiee Gilead adesuakuw a ɛto so 41 na seesei ɔyɛ Sodikuw no muni no, maa ɔkasa a etwa to faa asɛmti a ɛkanyan adwene a ɛne “So Woyɛ ‘Obi a Wɔpɛ W’asɛm’?” ho. Onua Lösch dii kan kaee adesuafo a wɔawie no sɛ nkurɔfo ampɛ Yesu, Onyankopɔn Ba a ɔyɛ pɛ, no asɛm, na mmom “wobuu no animtiaa, na nnipa paa no.” (Yesaia 53:3) Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ ɛnnɛ, wɔ wiase afã pii no, wobu asɛmpatrɛwfo animtiaa na wɔpa wɔn. Wɔ ɔkwan foforo so no, wɔ bere tenten a Daniel de somee wɔ Babilon mu no, Ɔbɔadeɛ no nam ɔbɔfo so frɛɛ Daniel mprɛnsa sɛ obi a ‘wɔpɛ n’asɛm yiye.’ (Daniel 9:23; 10:11, 19, NW) Dɛn na ɛmaa wɔpɛɛ Daniel asɛm? Bere a na ɔreyɛ nsakrae ama Babilonfo amammerɛ no, wannyae Bible nnyinasosɛm ahorow mu ansiesie; odii nokware akwan nyinaa mu, na wamfa ne dibea ampɛ n’ankasa mfaso; na ɔde nsi suaa Onyankopɔn Asɛm. (Daniel 1:8, 9; 6:4; 9:2) Ɔbɔɔ Yehowa mpae daa nso, na ɔyɛɛ krado bere nyinaa sɛ ɔde anuonyam bɛma Onyankopɔn wɔ nea wayɛ ho. (Daniel 2:20) Sɛ Onyankopɔn asomfo di Daniel nhwɛso akyi a, wobetumi abɛyɛ wɔn a wɔpɛ wɔn asɛm, ɛnyɛ sɛ wiase no na ɛbɛpɛ wɔn asɛm, na mmom Yehowa Nyankopɔn.

Bere a wɔde dwumadi a ɛhyɛ den wɔ honhom mu no reba awiei no, oguamtrani no kenkan telegram ne nkrasɛm a efi wiase nyinaa aba no bi. Afei, awarefo 24 no mu biara nyaa adesua ho adansedi krataa, na wɔkaa aman a wɔde wɔn rekɔ mu no kyerɛe. Awiei koraa no, adesuakuw no nanmusini kenkan krataa a wɔakyerɛw de rekɔma Sodikuw no ne Betel abusua no, a ɛkyerɛ adesuakuw no anisɔ a wonyae wɔ ntetee ne nsiesiei a wɔanya wɔ asram anum a atwam no ho no.

Bere a dwumadi no baa awiei no, na wotumi te sɛnea nnipadɔm a wɔrefi hɔ no de ‘anigye reda ase.’—Nehemia 12:27.

[Kratafa 27 adaka]

Adesuakuw no Ho Nsɛm

Aman dodow a wofi so: 10

Aman dodow a wɔmaa wɔn hɔ dwumadi: 19

Adesuafo no Dodow: 48

Awarefo dodow: 24

Mfe dodow a wɔadi nkyekyem: 33

Mfe dodow a wɔadi wɔ nokware no mu nkyekyem: 16

Mfe dodow a wɔde ayɛ bere nyinaa som adwuma no nkyekyem: 13

[Kratafa 25 mfonini]

Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu Adesuakuw a Ɛto so 106 a Wɔawie Wɔn Adesua

Wɔahyehyɛ akuw no fi anim kɔ akyi, na kuw biara mu din no fi benkum kɔ nifa, wɔ ase hɔ din no mu.

(1) Deakin, D.; Puopolo, M.; Laguna, M.; Davault, S.; Dominguez, E.; Burke, J. (2) Gauter, S.; Vazquez, W.; Seabrook, A.; Mosca, A.; Helly, L.; Breward, L. (3) Brandon, T.; Olivares, N.; Coleman, D.; Scott, V.; Petersen, L.; McLeod, K. (4) McLeod, J.; Thompson, J.; Luberisse, F.; Speta, B.; Lehtimäki, M.; Laguna, J. (5) Gauter, U.; Dominguez, R.; Helly, F.; Smith, M.; Beyer, D.; Mosca, A. (6) Scott, K.; Seabrook, V.; Speta, R.; Coleman, R.; Breward, L.; Davault, W. (7) Smith, D.; Lehtimäki, T.; Petersen, P.; Thompson, G.; Vazquez, R.; Beyer, A.(8) Luberisse, M.; Deakin, C.; Brandon, D.; Puopolo, D.; Olivares, O.; Burke, S.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena