Yehowa—Nokware Nyankopɔn Teasefo No
FARAO a ofi Misraim de animtiaabu kasae bere a obisae sɛ: “Hena ne [Yehowa]?” no. (Exodus 5:2) Sɛnea asɛm a edi anim no kyerɛe no, saa su no de ɔhaw ahorow ne owu baa Misrifo no so, a nea ɛka ho ne sɛ Farao ne n’asraafo dɔm kaa nsu mu.
Wɔ tete Misraim no, Yehowa Nyankopɔn daa no adi sɛ ɔkorɔn sen atoro anyame. Nanso pii wɔ hɔ a yebetumi asua afa ne ho. Dɛn ne ne nipasu afã binom? Na dɛn na ɔhwehwɛ fi yɛn hɔ?
Ne Din ne N’anuonyam
Bere a Mose de abisade ahorow too Misrifo Farao anim no, wanka sɛ: ‘Awurade se sɛɛ ne sɛɛ.’ Farao ne Misrifo a wɔaka no buu wɔn atoro anyame pii no sɛ awuranom. Dabi, Mose de edin kronkron, Yehowa, dii dwuma. Ɔtee sɛ wofi soro bɔ din no bere a na ɔwɔ wura bi a ɛrehyew nkyɛn wɔ Midian asase so no. Kyerɛwtohɔ a efi honhom mu no ka sɛ:
“Na Onyankopɔn ne Mose kasae na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mene [Yehowa]. . . . Nanso mate Israelfo a Misrifo di wɔn nya no apinisi, na makae m’apam no. Ɛno nti ka kyerɛ Israelfo sɛ: Mene [Yehowa], na megye mo mafi Misraim nkoasom no ase, na mayi mo mafi wɔn anyadimɔ no mu, na mede basa a ateɛ ne atemmu akɛse magye mo. Na mɛfa mo mayɛ me man, na mayɛ mo Onyankopɔn, na moahu sɛ mene [Yehowa] mo Nyankopɔn a ogyee mo fii Misraim nkoasom ase no. Na mede mo mɛkɔ [Kanaan] asase a mekaa ntam sɛ mede mɛma [mo agyanom] Abraham ne Isak ne Yakob no so, na mede mɛma mo sɛ agyapade. Mene [Yehowa].”—Exodus 6:1-8.
Saa ara na Yehowa yɛe. Oyii Israelfo no fii Misraim nkoasom mu na ɔma wotumi kɔtraa Kanaan asase no so. Onyankopɔn maa eyinom nyinaa baa mu sɛnea ɔhyɛɛ bɔ no. Ɛfata dɛn ara! Ne din, Yehowa, kyerɛ sɛ “Ɔma Ɛbam.” Bible no de abodin te sɛ “Onyankopɔn,” “Amansan Hene,” “Ɔbɔadeɛ,” “Agya,” “Ade Nyinaa so Tumfoɔ,” ne “Ɔsorosoroni” frɛ Yehowa. Nanso ne din Yehowa no da no adi sɛ nokware Nyankopɔn a ɔma n’atirimpɔw akɛse bam nnidiso nnidiso.—Yesaia 42:8.
Sɛ yɛkenkan Bible no wɔ kasa a wɔde kyerɛwee mfiase no mu a, anka yebehu Onyankopɔn din mpɛn mpempem pii. Wɔ Hebri mu no, anom nnyigyei anan, Yod He Waw He (יהוה) a wɔfrɛ no Tetragrammaton, a wɔkenkan fi nifa kɔ benkum no na wɔde gyina hɔ ma. Ná wɔn a wɔka Hebri no na ɛde ɛnne nnyigyei no hyehyem, nanso nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ no ntumi nhu nea na wɔde hyehyem no ankasa. Bere a ebinom ani gye ho sɛ wɔbɛkyerɛw no Yahweh no, Yehowa ne nea wɔtaa de di dwuma na ɛma wohu yɛn Bɔfo no ma ɛfata.
Yehowa din a wɔde di dwuma no nso ma Onyankopɔn da nsow wɔ nea wɔfrɛ no “me Wura” wɔ Dwom 110:1, a nkyerɛase biako ne sɛ: “AWURADE [Hebri, יהוה] ka kyerɛɛ m’Awurade sɛ, Tra me nsa nifa, kosi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ase ntiaso” no ho. (King James Version) Esiane sɛ New World Translation no gye tom sɛ Onyankopɔn din pue wɔ Hebri kyerɛwsɛm no mu wɔ ha nti, ɛkenkan sɛ: “Asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ m’Awurade ne sɛ: ‘Tra me nsa nifa kosi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ase ntiaso.’” Saa nsɛm a Yehowa Nyankopɔn kae no fa Yesu Kristo, a ɔkyerɛwfo no frɛɛ no “m’Awurade” no ho wɔ nkɔmhyɛ kwan so.
Yehowa gyee din wɔ Farao bere so. Onyankopɔn nam Mose so ka kyerɛɛ sodifo a opirim ne koma no sɛ: “Na afei de, merema me haw nyinaa aba wo koma so ne wo nkoa ne wo man mu, na woahu sɛ obiara nni hɔ a ɔte sɛ me wɔ asase nyinaa so. Na afei sɛ mateɛ me nsa na mede owuyare mabɔ wo ne wo man a, anka wɔatwa wo afi asase so. Nanso eyi nti na mema wugyina hɔ, sɛ meyi me tumi adi makyerɛ wo, na wɔaka me din ho asɛm asase nyinaa so.”—Exodus 9:14-16.
Ɔbea Rahab a ofi Yeriko kaa Misraim a Israelfo no fii ne Kanaan ahemfo binom a wotuu wɔn gui no ho asɛm kyerɛɛ Hebrifo akwansrafo baanu sɛ: “Minim sɛ [Yehowa] de asase yi ama mo [Israelfo], na mo ho hu atɔ yɛn so, na asase yi sotefo nyinaa koma tutu mo anim. Na yɛate sɛnea mo Misraim fi mu no [Yehowa] maa Mmɛw-Po mu nsu yowee mo anim, ne nea moyɛɛ Amorifo ahene baanu a wɔwɔ Yordan agya no, Sihon ne Og a mosɛee wɔn pasaa no. Na yɛate, na yɛn koma atu, na ɔhome bi rensɔre bio obiara mu wɔ mo anim, efisɛ [Yehowa] mo Nyankopɔn no, ɔno ne Nyankopɔn wɔ nyameso ɔsoro ne asase so ɛfam.” (Yosua 2:9-11) Yiw, na Yehowa din atrɛw.
Yehowa ne Ne Su Horow
Odwontofo no daa nea ne koma pɛ yi adi sɛ: “Na wonhu sɛ wo a wo din de [Yehowa] no, wo nko ara ne Ɔsorosoroni asase nyinaa so.” (Dwom 83:18) Esiane sɛ Yehowa di amansan nyinaa so tumi nti, Yesu akyidifo a wɔtaa wɔn no tumi bɔɔ mpae sɛ: “Awurade [Tumfoɔ], wo a woyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa.” (Asomafo no Nnwuma 4:24) Na ɛyɛ awerɛkyekye dɛn ara sɛ yebehu sɛ Yehowa ne “Mpaebɔ tiefo” no!—Dwom 65:2.
Yehowa su titiriw ne ɔdɔ. Nokwarem no, “Onyankopɔn ne dɔ”—saa su yi ho nhwɛso ankasa. (1 Yohane 4:8) Afei nso, “ɔno nkyɛn na nyansa ne mmaninne wɔ.” Yehowa nyansa ne ne tumi nni ano, nanso ɔmfa ne tumi nni dwuma ɔkwammɔne so da. (Hiob 12:13; 37:23) Yɛn nso yebetumi agye adi sɛ Yehowa ne yɛn bedi wɔ ɔkwan a ɛteɛ so bere nyinaa, efisɛ “trenee ne atemmu ne n’ahengua nnyinaso.” (Dwom 97:2) Sɛ yɛyɛ bɔne nanso yenu yɛn ho a, yebetumi anya awerɛkyekyerɛ afi nim a yenim sɛ Yehowa yɛ “Onyankopɔn mmɔborohunufo ne ɔdomfoɔ, nea n’abodwo kyɛ na n’adɔeyɛ ne ne nokware dɔɔso pii” no mu. (Exodus 34:6) Ɛnyɛ nwonwa sɛ yɛn ani betumi agye wɔ Yehowa a yɛsom no no mu!—Dwom 100:1-5.
Ɔsoro Hene a Ɔsen Biara No
Yehowa Ba no, Yesu Kristo, kae sɛ: “Onyankopɔn yɛ honhom.” (Yohane 4:24) Enti, nnipa aniwa ntumi nhu Yehowa. Nokwarem no, Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Wuntumi nhu m’anim, efisɛ onipa renhu n’anim nnya nkwa.” (Exodus 33:20) Saa ɔsoro Hene yi yɛ onuonyamfo araa ma nnipa ntumi nhu no ntra ase. Ɛwom sɛ yentumi mfa yɛn aniwa nhu Yehowa de, nanso adanse pii wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ hɔ sɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn. Nokwarem no, “efi wiasebɔ so beeme na n’ade a wonhu a ɛne ne daa tumi ne Nyamesu ada adi nneɛma a ɔyɛe no ho.” (Romafo 1:20) Asase—a ɛso sare, nnua, nnuaba, nnuadewa, ne nhwiren ka ho—di Yehowa Nyamesu ho adanse. Esiane sɛ Yehowa nte sɛ abosonsom anyame huhuw no nti, ɔma osu ne bere a aduan ba. (Asomafo no Nnwuma 14:16, 17) Hwɛ nsoromma a ɛwɔ wim anadwo. Edi Yehowa Nyamesu ne sɛnea otumi yɛ nhyehyɛe pa ho adanse kɛse dɛn ara!
Yehowa ahyehyɛ ne soro honhom abɔde kronkron a wɔwɔ nyansa no nso. Sɛ́ ahyehyɛde a biakoyɛ wom no, wɔyɛ Onyankopɔn apɛde sɛnea odwontofo no ka no: “[Yehowa] abɔfo, munhyira no, mo tumi abran a mudi n’asɛm so na mutie ne kasa no. [Yehowa] asafo nyinaa, munhyira no, n’asomfo a moyɛ nea ɛsɔ n’ani no.” (Dwom 103:20, 21) Yehowa ahyehyɛ ne nkurɔfo a wɔwɔ asase so no nso. Wɔhyehyɛɛ Israel man no yiye, na saa ara na na ɛte wɔ Onyankopɔn Ba no akyidifo a wodi kan no fam. Saa ara na nnɛ, Yehowa wɔ wiase nyinaa ahyehyɛde bi a Adansefo a wɔyɛ nsi a wɔreka asɛmpa a ese n’Ahenni no abɛn no na wɔwom.—Mateo 24:14.
Yehowa ne Nokware Nyankopɔn Teasefo No
Yehowa ada ne Nyamesu adi wɔ akwan horow pii so! Oguu Misraim anyame no anim ase ne ɔde Israelfo no kɔɔ Bɔhyɛ Asase no so dwoodwoo. Abɔde de Yehowa Nyamesu ho adanse pii ma. Na wontumi mfa atoro som mu abosonsom anyame huhuw no ntoto ne ho wɔ ɔkwan biara so.
Odiyifo Yeremia kyerɛɛ nsonsonoe kɛse a ɛda Yehowa, ɔteasefo Nyankopɔn no, ne abosom a nnipa ayɛ a nkwa nni wɔn mu no ntam. Ɔkyerɛ nsonsonoe no yiye wɔ Yeremia ti 10. Nea Yeremia kyerɛw no bi ne sɛ: [Yehowa] ne nokware Nyankopɔn no, ɔne Onyankopɔn teasefo ne daa Hene.” (Yeremia 10:10) Ɔteasefo ne nokware Nyankopɔn, Yehowa, na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa. Ɔno na ogyee Israelfo a na wɔrehu amane wɔ Misrifo nkoasom mu no. Biribiara nso no yɛ.
Yehowa, “mmeresanten Hene” no, betie mpaebɔ yi: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew, w’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” (1 Timoteo 1:17; Mateo 6:9, 10) Ɛnkyɛ, ɔsoro Mesia Ahenni a ɛhyɛ Yesu Kristo nsa dedaw no bɛyɛ ade atia abɔnefo na asɛe Yehowa atamfo nyinaa. (Daniel 7:13, 14) Saa Ahenni no de wiase foforo bi a nhyira a ɛso nni wom bɛbrɛ adesemma asoɔmmerɛfo.—2 Petro 3:13.
Nneɛma pii wɔ hɔ a wubetumi asua afa Yehowa ne n’atirimpɔw ahorow ho. Dɛn nti na wunsi wo bo sɛ wubenya nimdeɛ a ɛte saa na woayɛ nea ɛne no hyia? Sɛ woyɛ eyi a, wubenya hokwan atra ase daa wɔ asase so paradise bi mu wɔ Ahenni nniso ase. Wobɛtra ase wɔ bere a awerɛhow, ɛyaw, ne owu mpo atwam kɔ, na Yehowa ho nimdeɛ akata asase no so no mu. (Yesaia 11:9; Adiyisɛm 21:1-4) Sɛ wohwehwɛ asemmisa, “Hena ne Yehowa?” no ho mmuae ahorow a efi Bible mu, na wuhu, na woyɛ nea ɛne no hyia a, wo daakye betumi akowie saa.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 7]
Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.