“Ɛte sɛ Nea Yentumi Nni Nkitaho Koraa!”
NÁ ƐSƐ sɛ mmaranimfo Michael yɛ nkitahodifo a ɔbɔ mmɔden. Ná n’adwuma hwehwɛ sɛ ɔyɛ saa. Nanso, Michael waree mfe 16 akyi no, na ɛsɛ sɛ ogye tom sɛ, sɛ ɔbɛto ne yere Adrian wɔ fie a, na ɛte sɛ nea onni nkitahodi ho nimdeɛ biara. Michael kae sɛ: “Me ne Adrian hwehwɛɛ yɛn ho mfomso, kasa tiaa yɛn ho, na yɛbobɔɔ yɛn ho akutia, ná akasakasa wɔ yɛn ntam bere nyinaa, na misusuwii sɛ eyi bɛma yɛabrɛ ara kwa. Ná mintumi nhu sɛ ebia daa akasakasa pii a ɛmfa anigye biara mma, na emu kɔ so yɛ den no yɛ aware a. Sɛ saa ara na na yɛbɛtra akosi awiei a, ɛnde na anka mɛpɛ sɛ migyae aware minni agoru. Ná mintumi nnyina ahometesɛm a emu kɔ so yɛ den no mu mfe 20, 30, 40 koraa.”
Ɛda adi sɛ ɛnyɛ Michael ne Adrian nko na wɔwɔ nkate horow a ɛte sɛɛ. Ɛte saa ankasa wɔ awarefo pii a sɛ ɛnnɛ wɔko a ɔkyena na wɔabom ho. Asɛm ketewa bi a, na adan akasakasa. “Wɔte” nsɛm a wɔnkae. Wɔka nsɛm a ɛnyɛ wɔn adwene ne no. Wɔkeka nsɛm kyerɛ wɔn ho bobɔ wɔn ho sobo, na afei wɔde abufuw yɛ dinn. Wɔntetew wɔn mu, nanso wonyɛ “ɔhonam koro” ankasa nso. (Genesis 2:24) Aware no di asensɛnmu. Sɛ wɔkɔ wɔn akyi a, ɛde ntetewmudi bɛba; wɔkɔ wɔn anim nso a, ɛde ntawntawdi pii bɛba. Nea ɛbɛyɛ a awarefo yi bɛkwati ɛyaw a emu biara de bɛba nti, wɔmmɛn wɔn ho na wɔate ɛyaw biara nka.
Ɛsɛ sɛ awarefo a wɔte saa nya ‘nimdeɛ’ wɔ wɔn aware no mu. (Mmebusɛm 1:5) Saa nimdeɛ yi wɔ Onyankopɔn Asɛm Bible no mu. Paulo krataa a ɛto so abien a ɔde kɔmae Timoteo no si so dua sɛ Bible no ‘ye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso.’ (2 Timoteo 3:16) Sɛnea yebehu no, saa ara na ɛba bere a yesiesie aware mu nkitahodi no.