Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 8/15 kr. 23-26
  • Sɛnea Wubetumi Adi Sadweamyɛ So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Wubetumi Adi Sadweamyɛ So
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nokwaredi a Wode Bɛhwɛ Wo Ho
  • Hwehwɛ Mmoa
  • Wo ne Onyankopɔn Nnya Abusuabɔ
  • ‘Ahoɔden a Ɛboro Nnipa De So’
  • Nhyehyɛe a Wɔde Boa
  • Nsakrae a Wobɛyɛ no Yɛ W’asɛyɛde
  • Asanom Bebrebe—Nea Ɛyɛ Nokware, Nea Ɛnyɛ Nokware
    Nyan!—1983
  • Abusua No Bɛyɛ Dɛn Aboa?
    Nyan!—1992
  • Ɔsadweamfo Wɔ Abusua No Mu​—Dɛn Na Wubetumi Ayɛ?
    Nyan!—1983
  • Wubetumi Adi Ɔhaw Ahorow a Ɛsɛe Abusua no So
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 8/15 kr. 23-26

Sɛnea Wubetumi Adi Sadweamyɛ So

“Bere a adwuma rekɔ so bɛyɛ anɔpa nnɔndu no, mifi ase dwen nsã ho. Ɛbɛbɔ 12 owigyinae no, na mapue akɔnom kakra. Ɛbɛbɔ nnɔnabiɛsa no, na me ho wosow. Ná mepɛ sɛ yɛpɔn ntɛm sɛnea metumi asan akɔnom bio. Mpɛn pii no, na menom bi wɔ ɔkwan so bere a merekɔ fie no. Ɛbɔ bɛyɛ nnɔnson a mete nhyɛso no nka bio. Mekɔ kɔnom bio, na mifi akongua so hwe fam a m’ani nni me ho so, medwensɔ fɔw me ho, na meda me dwensɔ no mu kosi anɔpa. Mekɔɔ so yɛɛ saa da biara da mfe 29.”

SAA ɔbarima yi yɛ ɔsadweam. Ɛnyɛ ne nkutoo na ɔte saa. Ɔpepem pii a wɔwɔ wiase ko tia tebea a edi awu yi, a sɛnea Oduruyɛfo Vernon E. Johnson kyerɛ no, “ɛka onipa no wɔ biribiara mu: honam fam, adwene mu, nkate fam, ne honhom fam.”a

Abenfo pii ka sɛ sadweamyɛ nte sɛ ɔyare a wotumi sa, na mmom wotumi siw ano denam nhyehyɛe a wɔyɛ de gyae asanom koraa so. Eyi nyɛ ahwehwɛde a ɛkɔ akyiri dodo, efisɛ nsã ho nhia mma nkwa. Nokwarem no, nsã a wɔmfa nni dwuma ɔkwampa so no ma obi hwete Onyankopɔn anim dom. (1 Korintofo 6:9, 10) Eye sɛ obi de nsã bɛkame no ho na wakɔ Onyankopɔn wiase fofofo no mu sen sɛ obegyaa ne ho mu ama ɛho akɔnnɔ na daa nkwa abɔ no.​—Mateo 5:29, 30.

Sadweamyɛ a obi gyae​—na ɔtwe ne ho fi ho​—no taa yɛ ɔhaw a ano yɛ den. (Fa toto Romafo 7:21-24 ho.) Dɛn na ebetumi aboa? Momma yɛmfa ɛho afotu bi mma tee. Sɛ wonnom nsã mpo a, saa afotu yi bɛma woanya nimdeɛ na ebia ɛbɛma woatumi aboa adamfo anaa busuani bi a ɔredi sadweamyɛ ho dwuma.

Nokwaredi a Wode Bɛhwɛ Wo Ho

Nneɛma atitiriw a ɛsɛ sɛ wudi so no biako ne sɛ wubegye nokwasɛm no atom sɛ woyɛ ɔsadweam. Biribi a wonnye ntom no yɛ atorodi. Ɛyɛ nsusuwii a ɛwɔ atirimpɔw: sɛ wobɛbɔ hokwan a wowɔ sɛ wonom nsã no ho ban. Ebia wubesusuw sɛ, ‘Mensɛee pii saa. Meda so ara wɔ m’abusua. Meda so ara wɔ m’adwuma.’ Nea ehia sen biara no, woda so ara nom wo nsã no.

Wo tebea a wunnye ntom no remma wuntie nnamfo a wɔpɛ sɛ wɔboa wo. Robert hyɛɛ no nsow sɛ ne yere maame kunu fii asabow ne su horow a ɛmfata ase. Robert ka sɛ: “Nna kakra bi akyi no, mekɔɔ ne nkyɛn, na mibisaa no sɛ ebia ɔte nka sɛ n’asanom no na ekanyan ne su no anaa.” Dɛn na efii mu bae? “Wannye antom koraa, na ɔkaa nsɛm te sɛ, ‘Wunni adanse biara,’ ne ‘Wunnim sɛnea mete nka.’”

Sɛ busuani anaa adamfo bi a w’asanom no haw no ba wo nkyɛn a, fi nokwaredi mu hwehwɛ wo ho mu yiye. (Mmebusɛm 8:33) So wubetumi atra ase a wonnom nsã nnaawɔtwe mũ, ɔsram mũ, anaa asram pii? Sɛ ɛnte saa a, dɛn ntia? Ɛnsɛ sɛ woyɛ te sɛ ɔbarima a ɔde atoro nsusuwii daadaa ne ho no. Yakobo se: “Ɔte sɛ onipa a ɔhwɛ n’anim suban ahwehwɛ mu; na ɔhwɛ ne ho na ɔkɔ, na ntɛm ara na ne were afi su ko a okurae.”​—Yakobo 1:22-25.

Sɛ wufi ase sɛ woregyae mpo a, ɛho bɛda so ara ahia sɛ wohwɛ yiye wɔ nsɛm a wunnye ntom ho. Willpower’s Not Enough kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Obi a watwe ne ho afi ho foforo betumi adi mfomso agye adi sɛ esiane sɛ watumi agyae asanom kakra​—ebia ɛno ne nea edi kan​—nti, afei de ne ho atɔ no.” Eyi yɛ obi a biribi aka ne hɔ adwene a emu yɛ den, na ɛno ne ade a edi kan a ɛma obi san de ne ho kɔhyem. Sɛ wubetumi akwati nsɛm a wunnye ntom a, ɛsɛ sɛ afoforo boa wo.

Hwehwɛ Mmoa

Bere a ɔbarima bi a yɛbɛfrɛ no Leo hui sɛ ne nkutoo ntumi nko ntia asãnom no, ɔhwehwɛɛ ayaresa kwan so mmoa. Bere a onyaa ayaresa a edi mũ akyi no, ofii ase nyaa ahotɔ. Leo te nka sɛ mfaso kɛse wɔ abenfo mmoa so.b Sɛ mmoa a ɛte saa wɔ baabi a wote a, wubetumi asi gyinae anya mu mfaso.

Nanso, ɛsɛ sɛ wuhu sɛ wo ho a ɛbɛtɔ wo no kyerɛ pii sen sɛ wubegyae ara kwa. Ebia na nsɛnnennen pii hyɛ sadweamyɛ no akyi a ehia sɛ wudi ho dwuma. Eyinom a wubebu w’ani agu so no betumi ayɛ asiane. Oduruyɛfo Charlotte Davis Kasl kyerɛw sɛ: “Mene nkurɔfo a nneɛma bi yɛ kaa wɔn hɔ maa wɔhwɛɛ wɔn yare bɛyɛ mpɛn dunnan esiane sɛ wɔanni basabasayɛ, obi ho a ɔde to biribi so, ne mmofra a wɔpow wɔn ho nsɛnnennen ankasa no ho dwuma nti no abɔ nkɔmmɔ.”

Dennis hui sɛ eyi yɛ nokware. Ɔkyerɛw sɛ: “Na meyɛ ɔsadweam a ɔnyɛ basabasa a meda so wɔ nsɛnnennen pii. Ná ɛnnɔɔso sɛ megyae asãnom. Ná ɛsɛ sɛ mehwehwɛ me kan asetra mu, hwehwɛ me mmofraberem asuade ahorow mu, nya sɛnea na ɛka me no mu ntease, na meyɛ nsakrae binom wɔ m’asetra mu.”

Saa ara na na ɛsɛ sɛ Leo hwehwɛ ne ho mu kɔ akyiri na ama watumi anya ahotɔ ntɛm. Ose: “Ná meyɛ ahoɔyaw ne basabasa mmoroso. Ná mete nka sɛ meba fam bere bi, na bere foforo nso minya nnaadaa nkate sɛ mekorɔn.” Leo de Bible afotu a ɛwɔ Efesofo 4:22 yi dii dwuma: ‘Munyi nipasu dedaw a ɛne mo kan abrabɔ hyia no nkyene.’ Yiw, ‘wo kan abrabɔ’ no anya wo nipasu so nkɛntɛnso kɛse. Sɛnea biribi a wɔto wɔ kankyee bi mu nya kankyee no su no, saa ara na wo kan asetra aka wo nipasu wɔ ɔkwan bi so. Sɛ woyi su bɔne fi hɔ a, dɛn na ɛka? Nipasu a ebia wɔde mfe pii anya. Enti nea ɛsɛ sɛ ɛka nsiesiei ho ne wo nipasu dedaw a ɛne wo kan abrabɔ hyia a wobɛsakra no.

Wo ne Onyankopɔn Nnya Abusuabɔ

Nea na ɛka nsiesiei a Leo yɛe ho ne Onyankopɔn a n’ankasa ne no nyaa abusuabɔ. Ose: “Yehowa a misuae sɛ mede me ho bɛto no so no sakraa me su, me nneyɛe, ne me nsusuwii.” Nanso, ahwɛyiye fata. Abusuabɔ biara ​—yɛne nnipa anaa Onyankopɔn de​—hwehwɛ nsɛm a wɔka no pefee, nokwaredi, ne ahotoso. Eyinom ne su horow ankasa a sadweamyɛ yi fi hɔ. Wobetumi anya bi, nanso egye bere.

Sɛ́ ɔsadweam no, ebia wunnim sɛnea abusuabɔ a emu yɛ den te. Ebia Wunhuu bi da. Enti tɔ wo bo ase. Ɛnsɛ sɛ wopere wo ho, a wohwɛ kwan sɛ wugyae ara pɛ a, sɛnea ɛte biara no ɛbɛma wo ne Onyankopɔn anya abusuabɔ. Bɔ mmɔden sɛ wobɛte Onyankopɔn ne ne su horow no ase. Dwen Onyankopɔn Asɛm ho daa, wubetumi ayɛ saa denam Bible mu nnwom ahorow a ɛda Yehowa ne n’akwan ho nkate horow a emu yɛ den na ɛda anisɔ adi a wobɛtɔ wo bo ase akenkan no so.c

‘Ahoɔden a Ɛboro Nnipa De So’

Abusuabɔ a ahotoso ne awerɛhyem wom a wo ne Yehowa benya no betumi anya wo so nkɛntɛnso kɛse. Yehowa bɛboa wo wɔ mmɔden a wobɔ sɛ wubesiesie w’asetra no mu. (Fa toto Dwom 51:10-12; 145:14 ho.) Wubetumi akɔ ne nkyɛn bere biara wɔ mpaebɔ a efi komam mu, a wowɔ ahotoso sɛ ɔbɛma wo ‘ahoɔden a ɛboro nnipa de so.’​—2 Korintofo 4:7; Filipifo 4:6, 7.

Ɔbɔadeɛ no nim sɛnea wo su te sen onipa biara. (Dwom 103:14) Nnipa afotufo a wɔde wɔn ho to nnipa nyansa so betumi aboa; nanso hwɛ sɛnea onipa Bɔfo no betumi aboa wo kɛse wɔ wo mmɔdenbɔ yi mu! (Yesaia 41:10; 48:17, 18) Wayɛ mmoa a ɔdɔ wom ho nhyehyɛe wɔ Kristofo asafo no mu.

Nhyehyɛe a Wɔde Boa

Kristofo asafo no mu mpanyimfo a wɔn ho akokwaw wɔ honhom mu betumi ayɛ mmoa fibea kɛse. Wɔn mu kakraa bi na wɔn ho akokwaw wɔ aduruyɛ anaa adwenem ayaresa mu, nanso wonim, na wɔde wɔn ho to Onyankopɔn Asɛm ne nnyinasosɛm ahorow so. Wobetumi ayɛ te “sɛ mframa ano hintabea ne osu ano guankɔbea, sɛ nkyerekyerewa so nsuwansuwa, sɛ asase a akyen so botan kɛse onwini.” (Yesaia 32:2) Nya wɔn mmoa no mu mfaso sɛnea wubetumi biara.d

Nokwarem no, Kristofo mpanyimfo a wɔte saa, ne abusuafo afoforo ne nnamfo remmɔ wo ho ban mfi nea w’ankasa nneyɛe de ba ho. Nhoma Coming Off Drink kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ade a ehia kɛse wɔ asadweam ayaresa mu ne sɛ wɔbɛma asadweam ahu opira a biribi a ɛka obi hɔ de ba, na wɔama wadi wɔn ankasa nneyɛe ho asɛyɛde ho dwuma.” Enti wɔbɛkyerɛ ayamye nanso wɔbɛka nokware, ahyɛ wo nkuran ma woahu sɛnea wo tebea no te ankasa na woabata ayaresa ne su biara a ehia na ama woatumi adi sadweamyɛ so.

Nsakrae a Wobɛyɛ no Yɛ W’asɛyɛde

Bere a wunya afoforo mmoa so mfaso no, ehia sɛ wuhu sɛ ɔdesani anaa honhom biara nni hɔ a ebetumi ahyɛ wo ma woayɛ nsakrae. Wutumi si gyinae a w’ankasa pɛ. Ahotɔ a wubenya no yɛ w’asɛyɛde koraa. (Fa toto Genesis 4:7; Deuteronomium 30:19, 20; Filipifo 2:12 ho.) Gye saa asɛyɛde no tom, na Yehowa behyira wo. Yɛwɔ awerɛhyem wɔ 1 Korintofo 10:13 sɛ: “Ɔsɔhwɛ bi ntoo mo ɛ, gye nea ɛyɛ nnipa de; na Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo a ɔremma wɔnsɔ mo nhwɛ ntra nea mutumi so, na mmom ɔbɛma ɔkwan a mode befi sɔhwɛ no mu abɛda ho, na moatumi asoa.” Enti, nya awerɛkyekye​—wubetumi adi sadweamyɛ so.

[Ase hɔ nsɛm]

a Ɛwom sɛ yɛka ɔsadweam ho asɛm sɛ ɔbarima de, nanso nyinasosɛm a ɛwɔ ha no fa ɔbea ɔsadweam nso ho.

b Mmeae a wɔhwɛ asadweam, ayaresabea ahorow, ne nhyehyɛe a wɔde gyae ahorow pii wɔ hɔ a wobetumi de mmoa a ɛte sɛɛ ama. Ɔwɛn-Aban nkamfo ɔkwan biako a wodi so pɔtee bi nkyerɛ. Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde Bible nnyinsosɛm ahorow tra ase no bɛpɛ sɛ wɔhwɛ yiye na wɔamfa wɔn ho ankɔhyɛ dwumadi ahorow a ɛbɛma wɔde Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm ahorow ato nkyɛn mu. Nanso awiei koraa no, ɛsɛ sɛ obiara si n’ankasa gyinae wɔ ɛho mmoa ko a ohia ho.

c Nhwɛso binom ne Nnwom 8, 9, 18, 19, 24, 51, 55, 63, 66, 73, 77, 84, 86, 90, 103, 130, 135, 139, 145.

d Akwankyerɛ ahorow a mfaso wɔ so ma mpanyimfo wɔ The Watchtower, May 1, 1983, nkratafa 8-11.

[Adaka wɔ kratafa 24]

Ebia wuhyia animguase ne ɔhaw a sadweamyɛ de ba no. Sɛ ɛte saa a, ɛnsɛ sɛ w’aba mu bu. Mmoa wɔ hɔ.

[Adaka wɔ kratafa 26]

SƐ WOSAN DE WO HO KƆHYEM A

Nhoma Willpower’s not enough ka sɛ: “Ahosiesie a wobɛyɛ ama wo ho a wode kɔhyem bere a woagyae akyi no te sɛ ogyadum ho ntetee a wunya. Ɛno nkyerɛ sɛ wohwɛ ogya kwan nanso woayɛ krado sɛ, sɛ ogya bi fi ase a wobɛyɛ nea ɛsɛ wɔ ho.” Sɛ wosan de wo ho kɔhyem a:

□ Bɔ Yehowa mpae. Nya awerɛhyem sɛ ɔte wo haw no ase na ɔpɛ sɛ ɔboa wo.​—Dwom 103:14; Yesaia 41:10.

□ Di kan hu Kristoni panyin a wopɛ sɛ wokɔ ne nkyɛn, na sɛ ɛho behia saa a, ka w’asɛm kyerɛ no. Ka nea ɛbae mu nokware, na tie n’afotu a efi Kyerɛwnsɛm mu no yie.

□ Hwɛ wo ho yiye wɔ abasamtu ho. Wo ho a wobɛtan no bepiapia wo ma woasan de wo ho akɔhyem korakora, enti nya wo mfomso no ho adwene a ɛfata. Sɛ wofom biako a ɛnkyerɛ sɛ woadi nkogu. Sɛ obi a otu mmirika tenten hwe ase a, ɔnsan nkofi mmirika no ase; ɔsɔre na ɔtoa mmirika no so. Yɛ saa ara wɔ wo nsakrae no mu. Woda so ara wɔ ɔkwan no so. Kwati a wutumi kwatii no adapɛn, asram, anaa mfe bi no da so ara wɔ hɔ.

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Kwati gye a wannye wo tebea no ntom no denam nokwaredi a wode bɛhwehwɛ wo ho mu yiye no so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena