Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 9/1 kr. 3-4
  • So Akraye Asuman Betumi Abɔ Wo Ho Ban?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Akraye Asuman Betumi Abɔ Wo Ho Ban?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ahobammɔ a Wɔhwehwɛ
  • Nsɛbɛ Tumi a Ɛyɛ Nnaadaa
  • So Ahobammɔ Ankasa wɔ Hɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • So Wokae?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Gyidihunu Dɛn Nti na Agye Nhini Saa?
    Nyan!—1999
  • So Gyidihunu Ahorow Di W’asetra So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 9/1 kr. 3-4

So Akraye Asuman Betumi Abɔ Wo Ho Ban?

ADE hanahana a Brazilni barima de hyɛ ne kotoku mu. Amerikani ogumadifo akraye kaperɛ. Ɔkronkroni Brigid mmeamudua a wɔde asɛn mpa ti wɔ Irelandfo fie bi mu. Nnipa ɔpepem pii de nneɛma a ɛtete saa di dwuma sɛ akraye asuman anaa nsɛbɛ.a Wogye di sɛ asuman yinom a wɔde bedi dwuma no betumi ayi asiane afi hɔ na ama wɔn ti ayɛ yiye.

Fa Brazil sɛ nhwɛso. Sɛnea nsɛmma nhoma Veja kyerɛ no, Brazilfo bebree de “ɔbo sin ne fagude a ɛnsom bo pii, a wɔkyerɛ sɛ ɛwɔ tumi a ɛma ne wura ti yɛ yiye na ɛma no nya nipadua ne adwene mu ahoɔden,” di dwuma. Esiane sɛ afoforo a wɔwɔ saa ɔman no mu suro sɛ wobebu tumi a ɛwɔ suman no mu animtiaa nti, wɔde nyamesom mu sɛnkyerɛnne anaa asɛm bi bɔ wɔn fie adan ho. Ebinom mpo de Bible no di dwuma sɛ suman kronkron; wobue Dwom 91 de to pon bi so a wɔnto mu da.

Wɔ Afrika kusuu fam no, saa ara na wɔde muti, anaa abibiduru, di dwuma, ɛnyɛ ɔyare a ɛsa nkutoo nti, na mmom wɔde bɔ wɔn ho ban fi ti bɔne ho. Wogye di mpɛn pii sɛ ɔyare, owu, ohia, ne aware nhyehyɛe a edi huammɔ mpo fi kyekyere a obi atamfo kyerekyere no anaa nananom a wampata wɔn. Mpɛn pii no wonya muti fi odunsinni bi a ɔwɔ akuraase, a ɔde afifide, nnua anaa mmoa nkwaa bi hyɛ aduru. Nanso ɛnyɛ nkuraase nkutoo na muti wɔ; ahyeta wɔ South Africa nkurow akɛse mu. Aguadifo ne wɔn a wɔawie sukuupɔn ka wɔn a wɔde wɔn ho to muti so no ho.

Akraye a wɔhwehwɛ abu so wɔ Europa nsase so nso. Nhoma Studies in Folklife Presented to Emyr Estyn Evans ka sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ Ireland mansin anaa kurow biara nni hɔ a wonhu sɛ wɔde nea wɔde hyɛ pɔnkɔ nan asɛn afie anaa asese mponnua ho.” Nea abu so kɛse koraa wɔ saa ɔman no mu ne mmeamudua a wɔde mmɛw ayɛ a wɔde sɛn mpa ti ne apon ho sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn ti bɛyɛ yiye. Nkurɔfo ka sɛ ɛte sɛ nea Irelandfo pii bu gyidi hunu yi sɛ nea enhia wɔn pii. Nanso, wɔn mu kakraa bi na wɔpow no korakora.

Ahobammɔ a Wɔhwehwɛ

Dɛn na ɛma nkurɔfo ani gye gyidi hunu ahorow yi ho? Ɛte sɛ nea ɛma nkurɔfo nya ahobammɔ a wohia no. Nokwarem no, nnipa ahe na wɔwɔ ahobammɔ wɔ wɔn afie, na nkantom sɛ wɔbɛnantew mmɔnten anadwo? Afei nso asetram ne mmofra hwɛ yɛ den yiye. Yiw, yɛte nea Bible no frɛ no “ɔhaw mmere” no mu. (2 Timoteo 3:1, The New English Bible) Enti ɛnyɛ nwonwa koraa sɛ nkurɔfo hwehwɛ ahobammɔ denneennen.

Ebia eyi bɛkɔ so kɛse wɔ mmeae a ahonhonsɛmdi ne ntafoayi ahorow abu so wɔ hɔ no. Nea wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ awufo ahonhom, ne atamfo duabɔ a wosuro sɛ ebenya wɔn no betumi ama ayɛ te sɛ nea wontumi nkwati sɛ wɔde suman anaa sɛbɛ bɛbɔ wɔn ho ban. Nanso, The World Book Encyclopedia ka sɛ: “Nnipa bebree suro nneɛma pii, na ɛma wɔte nka sɛ wonni ahobammɔ. Gyidi hunu ahorow boa ma wodi osuro a ɛte saa so denam ahobammɔ a ɛde ma so. Ɛma nkurɔfo awerɛhyem sɛ wobɛnya nea wɔhwehwɛ, na wɔakwati ɔhaw.”

Nsɛbɛ Tumi a Ɛyɛ Nnaadaa

Enti, nnipa a wɔwɔ wiase afannan nyinaa bɔ anaa wokura nsɛbɛ ne asuman ahorow, na wɔde bobɔ mmeae ahorow. Nanso so nyansa wom sɛ yɛbɛgye adi sɛ suman a onipa ayɛ betumi abɔ obi ho ban ankasa? Nneɛma a wɔtaa de di dwuma sɛ asuman no mu pii yɛ nneɛma a wɔyɛ no bebree na wɔtɔn. So nteasɛ wom sɛ yɛbɛgye adi sɛ biribi a wɔyɛe wɔ adwinnan bi mu betumi ayɛ nea anwonwade tumi wom? Na aduro a odunsinni ankasa ahyɛ da ahyɛ no mpo nyɛ hwee sɛ nneɛma bi ara kwa a wɔaboaboa ano​—dua nhin, nhaban, ne nea ɛtete saa. Ɛbɛyɛ dɛn na nneɛma a wɔde afrafra saa no atumi anya anwonwade tumi? Afei nso, so adanse ankasa bi wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔn a wɔde nsɛbɛ di dwuma no nyin​—anaa wɔn ani gye​—sen wɔn a wɔmfa nni dwuma no? So wɔn a wɔyɛ saa asumansɛm no ankasa nyare na wonwu?

Sɛ́ anka gyidi hunu mu a wofi de nsɛbɛ ne asuman di dwuma bɛbɔ nkurɔfo ho ban ankasa na ama wɔate nka sɛ wɔwɔ wɔn asetra so tumi no, ebu wɔn abam ma enti womfi nyansa mu nni wɔn nsɛnnennen ho dwuma, na ɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔde wɔn ho to akraye so sɛ ɛno na ɛyɛ biribiara. Nsɛbɛ mu tumi a obi de ne ho to so no nso betumi ama wate atoro ahobammɔ nka. Obi a wanom nsã abow betumi aka sɛ n’ani so da hɔ na obetumi ayɛ ade yiye, nanso sɛ ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛka kar a, ebia ɔde ne ho anaa afoforo bɛto asiane mu. Saa ara na obi a ɔde ne werɛ hyɛ sɛbɛ tumi mu betumi de ne ho ato asiane mu. Esiane sɛ osusuw sɛ ɔwɔ ahobammɔ nti, obetumi abu n’ani agu nneɛma so wɔ ɔkwan a nyansa nnim so anaa obesisi gyinae a nyansa nnim.

Asiane akɛse afoforo wɔ nsɛbɛ a wɔde ho to so sɛ tumi wom no mu, a ɔpepem pii a wɔde di dwuma no nnim. Dɛn ne asiane ahorow yi, na so ɔkwampa bi wɔ hɔ a wobetumi afa so asiw asiane ano? Asɛm a edi hɔ no bebua saa nsemmisa yi.

[Ase hɔ asɛm]

a Webster’s Ninth New Collegiate Dictionary kyerɛkyerɛ “sɛbɛ” ase sɛ “suman bi (te sɛ agude) a wɔtaa de gyina hɔ sɛ ntafoayi nkankye anaa sɛnkyerɛnne a ɛbɔ nea ɔde di dwuma no ho ban fi asiane (te sɛ ɔyare anaa abayisɛm) ho anaa ɛboa no.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena