Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w93 12/15 kr. 30
  • So Wokae?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wokae?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Akraye Asuman Betumi Abɔ Wo Ho Ban?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wugye Mfomso Tom?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • So Ahobammɔ Ankasa wɔ Hɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • ‘Monhyɛ Abodwokyɛre’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
w93 12/15 kr. 30

So Wokae?

So w’ani agye Ɔwɛn-Aban a aba nnansa yi akenkan ho yiye? Ɛnde hwɛ sɛ ebia wubetumi abua nsemmisa a edidi so yi a:

▫ Mmoa pa bɛn na wobetumi de ama ayarefo ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim wɔ asafo bi mu nnɛ?

Wɔ tete Kristofo asafo no mu no, wɔkyerɛw akunafo a na wohia honam fam mmoa no din. (1 Timoteo 5:9, 10) Ɛnnɛ nso, mpanyimfo no betumi akyerɛw ayarefo ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim a ehia sɛ wɔhwɛ wɔn wɔ ɔkwan soronko so no din. Nanso, ɛnsɛ sɛ wogyae ma mpanyimfo no nkutoo sɛ wonni kan nyɛ kan nyɛ eyi. Ɛsɛ sɛ asafo no mufo nyinaa hu ahiade a ɛte saa no.(1 Timoteo 5:4-8) ​—8/15, nkratafa 28-9.

▫ So Bible asɛm a ɛfa asuboa bi a ɔmenee Yona ho no nyɛ nokware?

Dabi, bonsu, oboodede kɛse fitaa, anaa oboodede a ɔte sɛ bonsu no mu biara betumi amene onipa. Afei nso, Yesu ankasa sii so dua sɛ Yona asɛm no yɛ nokware. (Mateo 12:39, 40)​—8/15, kratafa 32.

▫ Asiane bɛn na efi asuman ne nsɛbɛ a wofi gyidihunu mu de di dwuma no mu ba?

Nokwarem no, dwuma a nkurɔfo de di no mma wɔmfa nyansa nni wɔn nsɛnnennen ho dwuma, ɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔde wɔn ho to akraye so sɛ ɛno ne biribiara ano aduru. Ɛma nea ɔde di dwuma no te atoro ahobammɔ nka nso. Nea ɛsen saa no, obi a ogye nsɛbɛ ne akraye asuman di no betumi de ne ho akɔhyɛ adaemone dɔm a aniwa nhu wɔn ase ma wɔadi no so.​—9/1, kratafa 4.

▫ Nneɛma anan bɛn na ebetumi ama aware atra hɔ akyɛ?

Eyinom ne ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wobetie wɔn ho, tumi a wotumi pa kyɛw, sɛnea wotumi de nkate fam mmoa ma wɔn ho daa, ne ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛso wɔn ho mu de akyerɛ ɔdɔ. (1 Korintofo 13:4-8; Efesofo 5:33; Yakobo 1:19)​—9/1, Kratafa 20.

▫ Akwan a Yehowa fa so ma wɔn a wohyia sɔhwɛ ahorow no nya boasetɔ no biako ne dɛn?

Yehowa nam boasetɔ ho nhwɛso ahorow a wɔakyerɛw wɔ n’Asɛm Bible no mu no so na ɔyɛ saa. (Romafo 15:4) Sɛ yesusuw eyinom ho a, ɛhyɛ yɛn nkuran ma yenya boasetɔ, na ɛma yesua pii fa sɛnea yebetumi anya boasetɔ ho nso.​—9/15, nkratafa 11-12.

▫ Dɛn ne onyamesom pa?

Onyamesom pa kyerɛ ɔsom a yɛde ma Yehowa a ɛkanyan yɛn ma yɛyɛ nea ɛsɔ n’ani, wɔ sɔhwɛ ahorow a emu yɛ den mpo mu, efisɛ yefi koman dɔ Onyankopɔn.​—9/15, Kratafa 15.

▫ Ɛsɛ sɛ yebu Onyankopɔn mmɔborohunu dɛn?

Ɛnsɛ sɛ yebu Onyankopɔn mmɔborohunu kɛse no adewa. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ sɛ Paulo na yɛkyerɛ anisɔ denam ko a yɛbɛko atia yɛn ankasa yɛn sintɔ ahorow no so. (1 Korintofo 9:27) Wɔ saa kwan yi so no, yɛbɛda no adi wɔ ahokyere mpo mu sɛ yefi komam pɛ sɛ yɛyɛ nea ɛteɛ.​—10/1, kratafa 23.

▫ Dɛn nti na ɛfata sɛ Paulo kaa abodwokyɛre ho asɛm sɛ ɔdɔ ho ade a edi kan?

Wɔaka sɛ wontumi nya Kristofo fekubɔ biara bere a abodwokyɛre nnim, anaasɛ bere a wɔne wɔn ho wɔn ho ntra wɔ abotare mu. Nea enti a te saa ne sɛ yɛn nyinaa nyɛ pɛ, na yɛn sintɔ ne yɛn mmerɛwyɛ ahorow sɔ afoforo hwɛ. Enti, sɛ ɔdɔ bɛtra anuanom ntam a, abodwokyɛre ho hia titiriw.​—10/15, kratafa 21.

▫ So Kristofo a wodi kan no de Onyankopɔn din dii dwuma?

□ Adanse no kyerɛ saa. Yesu kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔmmɔ Onyankopɔn mpae sɛ: “Wo din ho ntew.” (Mateo 6:9) Na wɔ ne som adwuma no awiei no, ɔbɔɔ mpae sɛ: “Mayi wo din adi makyerɛ nnipa a wode wɔn fi wiase ama me no.” (Yohane 17:6) Afei nso, na Onyankopɔn din a wɔde Hebri Tetragrammaton akyerɛw no wɔn Septuagint ahorow a edi kan no mu.​—11/1, kratafa 30.

▫ Bible nhwɛso ahorow bɛn na ɛkyerɛ sɛ sɛnea yedi mfomso ahorow ho dwuma no betumi aka yɛn asetra?

Ɔhene Saul de mpiyɛ pow afotu, na ne mfomso yɛɛ pii, na ɛma owui a na onni Onyankopɔn anim dom. (1 Samuel 15:17-29) Nanso, wɔ Dawid mfomso ne ne bɔne ahorow nyinaa akyi no, ɔde ahonu gyee nteɛso toom na ɔkɔɔ so dii Yehowa nokware. Saa Bible nhwɛso ahorow yi kyerɛ sɛ yɛn mfomso ahorow a yegye tom no boa yɛn ma yɛne Onyankopɔn nya abusuabɔ pa ma enti yenya daa nkwa ho anidaso. (Dwom 32:1-5)​—11/15, nkratafa 29-30.

▫ Ɔkwan bɛn so na Yehowa boa ne nkurɔfo bere a asiane anaa nneɛma afoforo ma wohu amane no?

Yehowa mmoa wɔn denam anwonwa kwan a ɔfa so sakra abɔde mu tumi anaa biribi foforo a nnipa ntumi nyɛ so, na mmom ɔnam tumi foforo bi a nnipa dodow no ara nte ase ankasa so​—ɔdɔ. Yiw, Yehowa dɔ ne nkurɔfo ankasa, na watete wɔn ma wɔanya ɔdɔ a emu yɛ den ama wɔn ho wɔn ho araa ma otumi yɛ biribi a ɛte sɛ anwonwade ma wɔn. (1 Yohane 4:10-12, 21)​—12/1, kratafa 10.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena