Gyina Akwampae Adwuma no Mu
YEHOWA ADANSEFO bɛyɛ 4,500,000 reka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa. Wɔwɔ akwampaefo, anaa bere nyinaa Ahenni adawurɔbɔfo bɛboro 600,000. Wɔn a wɔwɔ akwanpaefo dɔm yi mu no fi wɔn a wonnii mfe dummiɛnsa so kosi wɔn a onyin ama wɔagyae adwuma, a wɔadi boro mfe 90 so. Wofi asetra mu tebea ahorow nyinaa mu.
Akyinnye biara nni ho sɛ bere nyinaa asɛmpakafo yi pɛ sɛ wɔn akwampae adwuma no si wɔn yiye. Pii pɛ sɛ wɔde wɔn nkwa nna nyinaa yɛ adwuma no. Nneɛma bi nti ebinom ntumi nyɛ saa. Nanso, ɛmfa ho sɛ sikasɛm mu ahokyere, akwahosan pa a wonni, abasamtu, ne nsɛnnennen afoforo wɔ hɔ no, afoforo atumi akɔ so ayɛ akwampae adwuma no. Enti bere nyinaa asɛmpakafo bɛyɛ dɛn atumi agyina nsɛnnennen ano na bere koro no ara wɔakɔ so agyina pintinn wɔ akwampae adwuma no mu?
Sikasɛm a Wodi ho Dwuma
Akwampaefo dodow no ara yɛ honam fam adwuma de hwɛ wɔn ho, sɛnea ɔsomafo Paulo yɛe no. (1 Tesalonikafo 2:9) Wohyia aduan, nea wɔde befira, dabere ne akwantu ho ka a ɛrekɔ soro no wɔ wiase mmeae pii. Mpɛn pii no, ɛyɛ den sɛ wobenya adwuma a wɔde bere fã yɛ a wohia no. Sɛ wonya nnwuma a ɛtete saa a, wɔtaa nya akatua ketewaa bi, a akwahosan ho ahobammɔ ho nhyehyɛe biara nka ho.
Sɛ ‘yɛkɔ so hwehwɛ Onyankopɔn Ahenni ne ne trenee kan’ a, yebetumi anya ahotoso sɛ Yehowa bɛma yɛanya yɛn honam fam ahiade ahorow. Enti sɛ akwampaefo wɔ sikasɛm mu ahokyere mu a, ‘ɛnsɛ sɛ wɔma nea adekyee de bɛba ho asɛm haw wɔn.’ (Mateo 6:25-34) Bere a wɔbɔ mmɔden sɛ wobesiesie nsɛnnennen a ɛtete saa no, Yehowa mu gyidi a emu yɛ den bɛma wɔakwati dadwen a ɛmfata.
Sɛ obi hyia sikasɛm mu ahokyere a, ebia obetumi atew sika a ɔsɛe no no so. Sɛ ɔyɛ nsakrae wɔ ne sikasɛm nhyehyɛe mu a, ebia obetumi adi n’ahiade ahorow ho dwuma, na mmom ɛnyɛ honam fam akɔnnɔde ara kwa. Sɛnea ɛbɛyɛ na akwampaefo binom atumi atew sika a wɔsɛe no so no, wɔne Kristofo afoforo tra dan biako mu. Ɛtɔ mmere bi a awofo ma wɔn mma atrae a wontua ho hwee anaa wotua ho sika kakraa bi de boa wɔn ma wotumi yɛ akwampae adwuma no. Afoforo tua akwampaefo aduan ne akwantu ka de boa wɔn. Nanso akwampaefo rempɛ sɛ wɔbɛyɛ afoforo so adesoa, efisɛ wɔwɔ Kyerɛwnsɛm mu asɛyɛde sɛ wɔhwɛ wɔn ho.—2 Tesalonikafo 3:10-12.
Wobetumi atew akwantu ka so denam akwampaefo afoforo a wɔne wɔn kyɛ ka no so. Sɛ akwampaefo baanu wɔ kar a, ebia wobetumi ayɛ asɛnka adwuma wɔ faako, na wɔde kar biako ayɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ na wɔakwati ɛka a kar abien bɛma wɔabɔ no. Akwampaefo a wonni kar no betumi ne afoforo a wɔwɔ bi abom ayɛ adwuma na wɔakyɛ akwantu ho ka no. Wobetumi atew akwantu ka so bio denam nsasesin a ɛbemmɛn a wɔbɛtaa anantew ayɛ mu adwuma no so. Wɔ aman pii mu no, akwampaefo fa kar a ne bo nyɛ den.
Newton Cantwell ne ne yere ka wɔn a wogyinaa sikasɛm mu ahokyere ano na wɔkɔɔ so yɛɛ bere nyinaa som adwuma no ho. Wɔtɔn wɔn afuw na wɔne wɔn mma baason no mu baasia fii akwampae adwuma no ase 1932 wɔ Ahokyere Kɛse bere no mu. Onua Cantwell kyerɛwee sɛ: “Ankyɛ na sika a yenya fii afuw a yɛtɔnee no mu no sae—yɛsɛee fã kɛse wɔ ayarehwɛ mu. Yɛkae sɛ bere a yɛkɔɔ yɛn dwumadi a ɛto so abien so no, na nea yɛde betua yɛn dan ka ato hɔ adapɛn abien ama aka akyi dɔla anum pɛ ne yɛn sika a aka. Nanso, na yenim sɛ bere tenten a yɛde nsi yɛ Yehowa som adwuma no, ɔbɛhwɛ yɛn. . . . Yesuaa sɛnea yɛnsɛe sika pii wɔ akwanhorow so. Sɛ́ nhwɛso no, sɛ yɛkɔ asasesin foforo mu a, me ne mmeae a wɔtɔn pɛtro wɔ hɔ wuranom bi kasa, na mekyerɛkyerɛ mu sɛ yɛde kar abiɛsa yɛ yɛn Kristofo adwuma no da biara. Ná eyi taa ma wɔtew pɛtro bo so ma yɛn. Ankyɛ na yɛn mma mmarima no suaa mfiri ho adwumayɛ, na amma yɛammɔ ka pii wɔ kar nsiesiei ho.” Enti Cantwell abusua no tumi gyinaa sikasɛm mu ahokyere ano kɔɔ so yɛɛ bere nyinaa som adwuma no. Onua Cantwell kɔɔ so yɛɛ akwampae adwuma no kosii sɛ owui bere a wadi mfe 103.
Adwuma a Wɔde Bere Fã Yɛ a Wɔbɛhwehwe
Akwampaefo pii yɛ adwuma a wɔde bere fã yɛ de hwɛ wɔn ho. Sɛnea ɛbɛyɛ na Paulo ahwɛ ne ho wɔ ɔsom adwuma no mu wɔ Korinto no, ɔne ne mfɛfo gyidifo Akwila ne Priskila yɛɛ adwuma sɛ ntamadanyɛfo. (Asomafo no Nnwuma 18:1-11) Ɛnnɛ, honhom mu anuanom ani gye ho mpɛn pii sɛ wɔbɛma akwampaefo adwuma ma wɔde bere fã ayɛ. Akwampaefo afoforo nya adwuma a ɛte saa denam dwumadibea ahorow a wɔfa nkurɔfo adwuma bere tiaa mu so. Onyankopɔn mu gyidi, ne afei mpae a wɔbɔ de srɛ n’akwankyerɛ na wɔde asi adwumayɛ ho gyinae ahorow ho hia.—Mmebusɛm 15:29.
Ɔkwampaefo bi kae sɛ: “Bere a minyaa ahoɔden kɛse fii mpaebɔ a mede susuw nsɛm ho akyi no, meka kyerɛɛ me panyin no sɛ me som adwuma no yɛ m’ankasa m’asɛyɛde a anibere wom, ne sɛ mintumi nyɛ adwuma a wɔde bere nyinaa yɛ. Wukuda a edi hɔ no, wobisaa me sɛ ebia mesusuw adwuma no ho bio anaa, na afei de mede bere fã ayɛ. Mede anigye penee so.” Ɛnsɛ sɛ wubu tumi a mpaebɔ wɔ no adewa, na yɛ wo mpaebɔ no ho adwuma.
Ɛso betumi aba akwampaefo mfaso sɛ wɔbɛka akyerɛ adwumawuranom a wɔrebɛyɛ wɔn adwuma no sɛ nea enti a wɔrehwehwɛ adwuma a wɔde bere fã yɛ ne sɛ ɛbɛma wɔatumi ahwɛ wɔn ho wɔ ɔsom adwuma no mu. Wobetumi aka nna a wobenya kwan, ne nnɔnhwerew dodow a wobetumi de ayɛ adwuma dapɛn biara. Honam fam anuanom mmea baanu bi tumi kyɛɛ wɔn bere mu yɛɛ adwuma a wɔde bere nyinaa yɛ wɔ adwumayɛbea bi a wɔde mmara kwan so afotu ma mu, na ɛmaa wɔn mu biara yɛɛ adwuma nnanu ne fã dapɛn biara. Eyi ma wotumi hwɛɛ wɔn ho sɛ akwampaefo kosii sɛ wɔkɔɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu, na wɔmaa wɔn asɛmpatrɛw dwumadi.
Wobetumi anya nnwuma ahorow a Kyerɛwnsɛm ma kwan denam mfɛfo gyidifo ne afoforo a wɔne wɔn bɛbɔ ho nkɔmmɔ, anaa atesɛm krataa mu amannɛebɔ ahorow a wɔbɛhwɛ mu no so. Ahobrɛase ho hia, efisɛ ebetumi ama akwampaefo akwati sɛ wɔbɛyɛ nyiyim dodo wɔ adwuma a wobetumi ayɛ mu. (Fa toto Yakobo 4:10 ho.) Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔatumi akɔ so ayɛ akwampae adwuma no, ebia ɛbɛhwehwɛ sɛ wɔyɛ honam fam adwuma a ebinom bu no sɛ ɛba fam anaa nidi nnim. Sɛ wɔpene adwuma a ɛte saa so, nanso wɔpɛ adwuma foforo a, awiei koraa no wobetumi asesa wɔn adwuma no.
Akwahosan Pa a Enni Hɔ ne Abasamtu
Ɔyare a ano yɛ den ma ebinom gyae wɔn akwampae som adwuma no. Nanso sɛ akwampaefo ampere wɔn ho ansi gyinae sɛ wobegyae a, wobehu sɛ wobetumi anya ayaresa anaasɛ wɔn akwahosan betumi ayɛ yiye sɛnea ɛbɛma wɔatumi atoa adwuma no so. Bebree betumi ayɛ akwampae adwuma ɛmfa ho sɛ wonni akwahosan pa efisɛ wonya ayaresa, wodi nnuan a eye ma wɔn, na wonya ahomegye ne apɔw-mu-teɛ-teɛ a ɛfata. Ɔhwɛfo kwantufo bi hui sɛ mmubui haw onuawa ɔkwampaefo bi araa ma, na ohia mmoa na ama watumi anantew wɔ afie afie adwuma no mu. (Asomafo no Nnwuma 20:20) Nanso, na ɔne ne kunu yɛ ofie Bible adesua 33, na na wɔaboa nnipa 83 ma wɔagye Onyankopɔn nokware no. Bere kɔɔ so no, n’akwahosan nyaa nkɔso, na ɔkɔɔ Akwampae Ɔsom Sukuu mfe 11 akyi.
Abasamtu betumi ama ebinom agyae akwampae adwuma no. (Mmebusɛm 24:10) Ɔkwampaefo bi ka kyerɛɛ ɔhwɛfo kwantufo bi sɛ: “Megyae akwampae adwuma no. . . . Ɛsɛ sɛ mitua aka bi.” Ná ohia ahwehwɛniwa bi a ne bo yɛ dɔla 20. Ɔhwɛfo no bisaa no sɛ: “So wubegyae akwampae adwuma esiane biribi a ne bo yɛ dɔla 20 a wuhia nti?” Wɔhyɛɛ ɔkwampaefo no nyansa sɛ ɔnkɔyɛ adwuma wɔ ɛhɔ kɔfe afuw no mu da koro, na ama wanya dɔla 20 akɔtɔ ahwehwɛniwa no, na wakɔ so ayɛ akwampae adwuma no. Akyiri yi nkɔmmɔbɔ daa no adi sɛ na ade titiriw a ɛhaw no ne abasamtu wɔ sika pii a ɔsɛee no de siesiee ne kar no ho. Wɔhyɛɛ ɔkwampaefo no nyansa sɛ ɔntew ka a ɔbɔ so denam mmeae a ɛbɛmmɛn a ɔde kar no bɛkɔ daa, mmom sen sɛ ɔde bɛkɔ mmeae a ɛhɔ ware no so. Wotuu no fo nso sɛ onkura ne honhom fam yiyedi mu. Ɔkwampaefo no de afotu no dii dwuma na asram asia akyi no wɔtoo nsa frɛɛ no sɛ ɔnkɔ Gilead Sukuu. Owiee sukuu no akyi no, wɔmaa no dwumadi wɔ amannɔne man bi so, na ɔsom wɔ hɔ mfe pii de kosii ne wu mu. Yiw, sɛ yɛamma abasamtu anni yɛn so, na mmom yɛma ɛtra yɛn adwene mu sɛ Yehowa ka yɛn ho a, yenya nhyira pii fi mu mpɛn pii.
Ma Wo Som Hokwan no Nsom Bo Mma Wo
Ɛmfa ho sɛ Paulo hyiaa sɔhwɛ ahorow te sɛ ohia ne ɔkɔm no, obuu ne som no sɛ ademmude. (2 Korintofo 4:7; 6:3-6) Ɛmfa ho sɛ Yehowa asomfo pii a wɔwɔ Afrika, Asia, Europa Apuei Fam, ne mmeae afoforo hyia ɔhaw ne ɔtaa nnɛ no, wɔakɔ so akura wɔn akwampae hokwan no mu. Enti, sɛ wuhyia sɔhwɛ ahorow a, fa mmɔdenbɔ nyinaa kɔ so gyina ɔsom hokwan yi mu fa yi Yehowa ayɛ.
Akwampaefo mu dodow no ara tumi bɛyɛɛ bere nyinaa asɛnka adwuma no esiane akɛsesɛm a wɔkwatii wɔ wɔn asetram nti. Te sɛ Paulo no, wɔpow honam fam akɔnnɔde, na wɔma wɔn ani sɔ ‘nnuan ne nea wɔde kata wɔn ho.’ Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔakɔ so ayɛ akwampae adwuma no, ehia sɛ wɔkɔ so ma wɔn ani sɔ nneɛma a ehia no. (1 Timoteo 6:8) Hokwan ahorow a Onyankopɔn de ama yɛn a yɛbɛma asom bo ama yɛn, na yɛde adi honam fam nneɛma anim no de anigye ba.
Sɛ yɛbɛyɛ mfatoho a: Anton Koerber nyaa hokwan gyinaa Ahenni nneɛma ananmu wɔ aban mpanyimfo anim wɔ Washington, D.C. Ɔsomee sɛ ɔkwampaefo kakra na ɔbɛyɛɛ ɔmansin sohwɛfo wɔ 1950 mfe no mu. Ne kan mfɛfo aguadifo binom besusuw adwuma nhyehyɛe bi a anka ɛbɛma wanya dɔla ɔpepem pii ho kyerɛɛ no. Nanso na saa a ɔbɛyɛ no bɛhwehwɛ sɛ ɔde ne bere nyinaa di adwuma nhyehyɛe ahorow akyi bɛyɛ afe biako. Bere a ɔbɔɔ mpae srɛɛ akwankyerɛ ne adwene a emu da hɔ honhom akyi no, ɔkae sɛ: “Mintumi nnyae hokwan nwonwaso a mewɔ sɛ meresom Yehowa wɔ ha no afe biako pɛ mpo, dabi, menya wiase sika nyinaa mpo a menyɛ saa. Me nuanom a meresom wɔn wɔ Washington ha no som bo ma me sen ɛno, na minim sɛ mewɔ Yehowa nhyira wɔ ha. Akyinnye biara nni ho sɛ anka menya dɔla ɔpepem pii, nanso wɔ saa afe no akyi no me honhom fam, anaa me honam fam yiyedi mpo bɛyɛ den?” Enti wanyɛ adwuma a wɔde ho asɛm too n’anim no. Hokwan ahorow a bebree ma ɛsom bo ma wɔn saa no ma wɔkɔ so yɛ akwampae adwuma no.
Hwɛ nhyira ara a akwampaefo nya! Ɛyɛ nhyira sɛ obi de nnɔnhwerew pii bɛka Yehowa anuonyam ahenni ho asɛm akyerɛ. (Dwom 145:11-13) Esiane sɛ akwampaefo de bere pii yɛ ɔsom adwuma no nti, wonya hokwan de honhom mu awerɛkyekye brɛ ahiafo ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so, ayarefo ne wɔn a wɔn adɔfo awuwu, ne afoforo a wɔahaw kɛse na wohia nokware anidaso. Enti, sɛ nsɛm tebea ma yɛn kwan ma yenya bere nyinaa asɛnka adwuma no mu kyɛfa a, akyinnye biara nni ho sɛ yebenya nhyira pii. Ɛyɛ ‘Yehowa nhyira na ɛyɛ ɔdefo.’ (Mmebusɛm 10:22) Na ne mmoa ne ne nhyira na ɛma Ahenni adawurubɔfo pii de anigye kɔ so yɛ akwampae adwuma no.