Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 1/15 kr. 21-23
  • Akwampaefo Boa Afoforo na Wonya Nhyira

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Akwampaefo Boa Afoforo na Wonya Nhyira
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti a Ebinom Yɛ Akwampae Adwuma
  • Afoforo Betumi Aboa
  • Wo Gyinaesi a Wobɛbata Ho
  • Anigye ne Nhyira Pii
  • Nhyira a Akwampae Adwuma No De Ba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Akwampae Adwuma—So Wubetumi Ayɛ?
    Yɛn Ahenni Som—1998
  • “Wubetumi Ayɛ Ɔkwampaefo a Ɔyɛ Nsi!”
    Yɛn Ahenni Som—2010
  • Akwampae Adwuma Ka Yɛn Bɛn Onyankopɔn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 1/15 kr. 21-23

Akwampaefo Boa Afoforo na Wonya Nhyira

“AKWAMPAE adwuma som bo koraa sen honam fam adwuma pa biara. Biribiara nyɛ anigye nsen sɛ wobɛboa nkurɔfo ma wɔahu Yehowa ne ne nokware no.” Saa na Kristoni bea bi a ɔpaw akwampae adwuma—Ahenni ho asɛmpa a wɔka no daa—sɛ n’adwuma no kae. Nnwuma dodow ahe na ebetumi de anigye a ɛte saa aba?

Akwampae adwuma yɛ botae kɛse ne hokwan a ɛsom bo. Ɔkwan bɛn so na ankorankoro bi betumi apaw asetra kwan a ɛte saa? Egye dɛn na obi atumi ayɛ akwampae adwuma no bere tenten sɛnea ɛsɛ na ama wanya nhyira a efi mu ba no?

Nneɛma abien na ɛho hia. Nea edi kan ne tebea horow a ɛfata. Nnipa pii wɔ tebea horow a ɛmma wontumi nyɛ akwampae adwuma no mu. Na nea ɛto so abien ne, honhom mu ahwehwɛde ahorow ne su a ɛfata. Nanso, sɛ́ obi mprempren tebea horow bɛma no kwan ma wayɛ akwampae adwuma anaasɛ ɛmma no kwan no, yɛn nyinaa betumi abɔ mmɔden anya Kristofo su horow a ɛda ahokokwaw adi.

Nea Enti a Ebinom Yɛ Akwampae Adwuma

Dɛn ne akwampae adwuma a etu mpɔn ho ahwehwɛde ahorow no? Asɛnka mu ahokokwaw ho hia. Ɛho hia sɛ akwampaefo hu sɛnea wɔbɛka asɛmpa no akyerɛ wɔn a wonnim wɔn, akɔ anigyefo nkyɛn akɔyɛ sankɔhwɛ, na wɔayɛ ofie Bible adesua ahorow. Sɛ ɔkwampaefo bi tɔ sin wɔ eyinom mu a, ebetumi abu n’abam. Nanso, nneɛma afoforo nso ho hia.

Sɛ nhwɛso no, biribiara a ɛfa yɛn som ho no kã abusuabɔ a yɛne Yehowa ne n’ahyehyɛde wɔ no. Akwampae adwuma ka eyi ho. Ɔkwampaefo kumaa bi a wɔfrɛ no Rado kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Wɔ abofra fãm no, biribiara nni hɔ a eye sen sɛ ɔbɛkae Yehowa na wanantew nokware no kwan so.” Yiw, akwampae adwuma yɛ ɔkwampa a mmofra betumi afa so akyerɛ sɛ wɔdɔ Yehowa, na wɔne no wɔ abusuabɔ pa.—Ɔsɛnkafo 12:1.

Nimdeɛ ne ntease nso ho hia yiye. (Filipifo 1:9-11) Nokwarem no, eyinom na ɛma yenya honhom mu ahoɔden. Ehia sɛ yɛyɛ kokoam adesua daa na yɛkwati honhom mu mmerɛwyɛ na yɛanhwere yɛn anigye ne yɛn gyidi. Nokwarem no, ɛnyɛ yɛn adwene nko na ɛsɛ sɛ nimdeɛ a yenya no kanyan na mmom yɛn koma nso. (Mmebusɛm 2:2) Enti, nea ɛka kokoam adesua ho no, ɛsɛ sɛ yenya bere bɔ mpae na yesusuw nneɛma ho na ama nimdeɛ a yenya no akanyan yɛn koma. Afei, sɛ yɛn nsɛm tebea ma kwan a, yɛbɛpɛ sɛ yɛyɛ akwampae adwuma.—Fa toto Esra 7:10 ho.

Akwampae adwuma a yɛbɛyɛ no nso hwehwɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yɛde yɛn ho bɛbɔ afɔre. Aberante bi a wɔfrɛ no Ron yɛɛ ne nhyehyɛe nyinaa sɛ ɔbɛyɛ akwampae adwuma. Nea na ɔretwɛn ara ne tebea a ɛfata a ɛbɛma watumi de ne ho ahyem. Nea na ɔhwehwɛ ankasa ne adwuma a ɛbɛma wanya hokwan ayɛ akwampae adwuma no na bere koro no ara wanya asetra mu afɛfɛde bi. Bere a ɔkaa eyi ho asɛm kyerɛɛ onuawa bi a ne ho akokwaw no, ne mmuae no maa ne ho dwiriw no. Ɔkae sɛ: “Yehowa hyira nnwuma so na ɛnyɛ bɔhyɛ ahorow.” Aberante no hwehwɛɛ adwuma a n’akatua sua na ɛma onyaa bere yɛɛ akwampae adwuma. Mateo 6:25-34 a obi de bedi dwuma bɛboa no ma watumi de akatua a esua ahwɛ ne ho.

Ahobrɛase mu a yebefi de nyansahyɛ ahorow a eye adi dwuma no betumi aboa yɛn kɛse ma yɛde yɛn ho ahyɛ akwampae adwuma no mu. Hanna nyaa ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ akwampae adwuma wɔ ne mmofraaberem sɛ Kristoni. Nanso wanyɛ akwampae adwuma no bere a na ɔretete mmofra na akyiri yi ɔde ne ho hyɛɛ adwuma bi mu no. Bere a otiee mpanyimfo a wɔn ani da hɔ afotu no, ogyaee ne honam fam adwuma a na n’ani gye ho no na ɔde ne ho hyɛɛ akwampae adwuma no mu. Mprempren Hanna nya anigye wɔ afoforo a ɔboa wɔn ma wohyira wɔn ho so ne wɔn a wɔayɛ mmerɛw a ɔboa wɔn no mu.

Nea nokware no ayɛ ama obi ho anisɔ betumi akanyan no ma wayɛ akwampae adwuma. Susuw ɔbea bi a na wahaw yiye a na n’aware regu asɛm ho hwɛ. Bere a osuaa Onyankopɔn Asɛm no mu nokware na ɔde dii dwuma no, saa tebea yi sakrae koraa ma ɛyɛɛ nwonwa. Esiane sɛ nea nokware no ayɛ ama no no ama n’ani agye nti, osii gyinae sɛ adepa a ɛkyɛn so a obetumi ayɛ de ada n’anisɔ adi ne sɛ ɔbɛyɛ akwampae adwuma na waboa afoforo. Ɔyɛɛ saa, na mprempren ɔwɔ Bible adesua pii ne abusua a anigye wom.

Afoforo Betumi Aboa

Akwampaefo taa boa afoforo ma wɔbɛyɛ akwampaefo. Ná Rado a yɛadi kan aka ne ho asɛm no adi mfe asia bere a akwampaefo baanu ne n’awofo suaa Bible no. Bere a na ɔda so ara yɛ abofra koraa no, na ɔtaa ne bere nyinaa asɛmpakafo yi kɔ asɛnka. Rado ankasa bɛyɛɛ daa ɔkwampaefo bere a na wadi mfe 17. Wɔtetee aberante foforo, Arno wɔ Kristofo abusua mu nanso ɔbɛyɛɛ mmerɛw honhom mu. Akyiri yi, ofii ase san hyɛɛ ne ho den honhom mu, na ɔka mprempren sɛ: “Minyaa nkuranhyɛ pii fii akwampaefo no hɔ. Me ne wɔn nantewee wɔ sukuu akwamma bere mu titiriw, na ɛtɔ da bi a na mede nnɔnhwerew 60 yɛ asɛnka adwuma ɔsram bi. Ɛno akyi no, anyɛ den sɛ mɛyɛ daa akwampae adwuma [a ɛhwehwɛ nnɔnhwerew 90 daa ɔsram] no.” Afotu a ɛwɔ 1 Korintofo 7:29-31 a ɛse ɛnsɛ sɛ yedi wiase no kosi ase a mmofra a wɔte saa asusuw ho no aboa wɔn yiye.

Akwampae honhom no tumi gye ntini ntɛm wɔ ofie a wɔde honhom mu nneɛma di kan na awofo no hyɛ wɔn mma nkuran sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ bere nyinaa som adwuma mu no mu. Philo a onyinii wɔ ofie a ɛte saa mu ka sɛ: “Nkurɔfo pii tuu me fo sɛ mentoa me nhomasua so, na mayɛ honam fam adwuma daakye. Nanso m’awofo boaa me ma misii gyinae a nyansa wom. Wɔka kyerɛɛ me sɛ sɛ mepɛ sɛ meto fapem pa ankasa ma daakye a, ɛsɛ sɛ me ne Yehowa ntam abusuabɔ pa a menya no yɛ m’asetram ade a edi kan.”

Ababaa kumaa bi a wɔfrɛ no Thamar nso kyerɛ sɛ n’awofo nhwɛso ne wɔn mmɔdenbɔ na ɛmaa no yɛɛ akwampae adwuma no. Ɔka sɛ: “Mintumi nkyerɛ bere pɔtee a minyaa honhom mu nneɛma ho anisɔ wɔ asetra mu, nanso minim sɛ wɔamfa anwo me. M’awofo a na wɔde wɔn ho hyɛ asɛnka adwuma no ne adesua horow mu daa, ne ɔdɔ kɛse a wɔwɔ ma nokware no boaa me yiye ma midwen honhom mu nneɛma ho.”

Wo Gyinaesi a Wobɛbata Ho

Bere a obi abɛyɛ ɔkwampaefo no, gyina a obegyina mu no boa no ma onya gyinae a nyansa wom a wasi no so mfaso kɛse. Yebetumi de eyi ho afotu pii a mfaso wɔ so ama. Sɛ nhwɛso no, nyansa wom sɛ akwampaefo sua sɛnea wɔbɛyɛ wɔn bere ho nhyehyɛe ma ayɛ nea mfaso wɔ so. Nanso, abusuabɔ a obi ne Yehowa ne N’ahyehyɛde no wɔ no da so ara yɛ ade a ɛho hia sen biara.

Nea ɛka eyi ho ne mpaebɔ su. Cor ka sɛ: “Bere a mebaa nokware no mu no, na me ho pere me sɛ mɛyɛ ɔkwampaefo.” Nanso, ne papa ka kyerɛɛ no sɛ onwie n’adesua wɔ Kuadwuma Sukuupɔn mu ansa. Ɛno akyi no, Cor fii akwampae adwuma no ase. Bere kɔɔ so no ɔwaree, na ne yere bɛkaa ne ho wɔ akwampae adwuma no mu. Bere a ne yere nyinsɛnee no, Cor baa tebea bi a anka ebetumi ama wagyae akwampae adwuma no mu. Cor ka sɛ: “Mebɔɔ Yehowa mpae mpɛn pii kaa ɔpɛ a mifi komam wɔ sɛ mɛtoa akwampae adwuma no so kyerɛɛ no.” Awiei koraa no Cor nyaa adwuma a ɛbɛma watumi ayɛ akwampae adwuma no na wahwɛ n’abusua.

Anisɔ a obi nya ma honam fam nneɛma a ɔwɔ nso yɛ ade biako a ɛtaa boa ma ɔkɔ so yɛ akwampae adwuma no. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Mommma sikanibere mmma mo abrabɔ mu, na mompene nea mowɔ; efisɛ ɔno ankasa aka sɛ: Merennyaw wo, nanso merempa wo da.” (Hebrifo 13:5) Nea Harry ne Irene wɔ a wɔpenee so no boaa wɔn ma wɔkɔɔ so yɛɛ akwampae adwuma no. Irene a ɔyɛ onifuraefo no de mfe awotwe ayɛ akwampae adwuma no. Ɔka sɛ: “Yɛn ani asɔ sika biara a yɛwɔ bere nyinaa. Yɛhwɛɛ yiye sɛ yɛmmobɔ aka biara a ɛho nhia. Yesusuw nneɛma ho bere nyinaa ansa na yɛayɛ. Yɛnyɛɛ akɛsesɛm wɔ yɛn asetra mu da nanso yɛn ani gye, na yɛanya nhyira pii.”

Anigye ne Nhyira Pii

Bere a Thamar bu kɔmpɔ hwɛ mfe akron a ɔde ayɛ akwampae adwuma no, ɔka sɛ: “Wobɛn Yehowa kɛse, te sɛ nea wasɔ wo nsa ankasa.” (Dwom 73:23) Ɔkae sɔhwɛ bi nso. Thamar de ka ho sɛ: “Ná m’ankasa me sintɔ ahorow ne afoforo de kɔ so haw me. Bio nso, sɛ daa mehwɛ anuanom mmarima ne mmea a wɔapaw asetra a honam fam ahotɔ wom kɛse no a, na ɛte sɛ nea anigye wɔ nea wɔapaw no mu, bere a na meyɛ afie afie asɛnka adwuma wɔ nsu mu ma awɔw de me no. Nanso wɔ me komam tɔnn de, na minni ɔpɛ bi sɛ mɛman afi ɔkwan a mapaw no ho. Dɛn bio na ebetumi de anigye, honhom mu ahotɔ, ne nhyira ahorow a ɛte saa aba asen akwampae adwuma no?” So anigye ne nhyira horow a ɛte saa bɛsom bo kɛse ama wo?

Esiane sɛ akwampaefo de bere pii yɛ Kristofo som adwuma no nti, wobetumi aboa nnipa pii ma wɔanya Bible mu nokware ho nimdeɛ. Harry ne Irene a yɛadi kan aka wɔn ho asɛm no ka sɛ: “Obi betumi anya hokwan pii wɔ Yehowa asafo no mu de, nanso ɔfoforo a wɔboa no ma onya nkɔso bɛyɛ Yehowa somfo no yɛ kɛse sen biara.”

Ɔkwampaefo foforo kyerɛkyerɛɛ nsɛm mu yiye bere a ɔkaa eyi no: “Nsɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 10:22 no ayɛ nokware wɔ me fãm: ‘Yehowa nhyira—na ɛyɛ ɔdefo, na ɔbrɛ adwuma mfa bi nka ho.’ Saa kyerɛwsɛm yi abam ama me mpɛn pii wɔ mfe a mede asom Yehowa no mu.”

Awofo, so mode akwampae adwuma no ho akɔnnɔ redua mo mma mu? Akwampaefo, so mobɔ mmɔden kanyan saa akɔnnɔ yi wɔ afoforo mu? Mpanyimfo, so moboa akwampaefo a wɔwɔ mo asafo mu no, na moboa ma afoforo nya akwampae honhom? Ɛmmra sɛ Yehowa nkurɔfo pii benya ɔpɛ ama akwampae adwuma no na wɔn nsa aka emu nhyira ahorow a ɛso nni a ɛte saa no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena