Kristofo Apɛgyade a Ɛsom Bo
SƐNEA BLOSSOM BRANDT KA KYERƐE
Wɔ January 17, 1923 a wɔwoo me no, osukyerɛmma tɔe wɔ San Antonio, Texas. Ná awɔw wɔ abɔnten, nanso m’awofo Kristofo a wɔwɔ ɔdɔ, Judge ne Helen Norris de wɔn nsa a emu yɛ hyew no gyee me anigye so. Sɛnea mekae fi mmofraberem no, na biribiara a m’awofo yɛ no gyina Yehowa Nyankopɔn a wɔsom no no so.
BERE a na Maame adi mfe awotwe wɔ 1910 mu no, n’awofo tu fii beae bi a ɛbɛn Pittsburgh, Pennsylvania, kɔɔ afuw bi a ɛwɔ Alvin, Texas akyi mu. Ɛhɔ na wosuaa nokware no fii ofipamfo bi hɔ maa wɔn ani gyei. Maame de ne nkwa nna a aka nyinaa bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma nnipa ani agye Ahenni anidaso no ho. Wɔbɔɔ no asu 1912 bere a na abusua no atu akɔtra Houston, Texas no.
Maame ne n’awofo hyiaa Charles T. Russel, Ɔwɛn Aban Asafo no titrani a odi kan no nea edi kan, bere a ɔkɔsraa wɔn asafo no wɔ Houston no. Ná abusua no taa ma Asafo ti no ananmusifo a wotutu kwan kɔ mmeaemmeae, a na wɔfrɛ wɔn akwantufo saa bere no tra wɔn fie. Mfe kakraa bi akyi no, Maame ne n’awofo tu kɔtraa Chicago, Illinois, na na Onua Russel bɛkɔ akɔsra ɛhɔ asafo no nso.
Wɔ 1918 mu no, Spanish lnfluenza yɛɛ Nanabea, na esiane sɛ ɛmaa n’ahoɔden so tewee nti, nnuruyɛfo hyɛɛ nyansa sɛ wɔmma no ntra beae a ɛhɔ yɛ hyew kakra. Esiane sɛ na Nanabarima yɛ adwuma wɔ keteke adwumayɛbea bi nti, woyii no kɔɔ Texas bio wɔ 1919 mu. Wɔ San Antonio hɔ no, Maame ne asafo no mu aberante bi a ɔyɛ nsiyɛfo, Judge Norris hyiae.
Wɔkyerɛɛ wɔn ho anigye ntɛm ara, na akyiri yi, wɔwaree, na Judge bɛyɛɛ me papa.
Paapa Sua Bible mu Nokware
Wɔde Judge (Ɔtemmufo) din soronko no too no bere a wɔwoo no no. Bere a ne papa dii kan huu no no, ɔkae sɛ: “Abofra no anim yɛ duru te sɛ ɔtemmufo,” na ɛbɛyɛɛ ne din. Wɔ 1917 mu, bere a na Paapa adi mfe 16 no, wɔmaa no nkratawa Where Are the Dead? ne What Is the Soul? a Watchtower Bible and Tract Society na wotintimii no bi. Ná Paapa papa awu mfe abien a atwam no mu, na nkratawa no maa no mmuae a ɔhwehwɛ fa awufo tebea ho no. Ɛno akyi bere tiaa bi no, ofii ase kɔɔ Bible Asuafo no, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no, nhyiam horow.
Paapa nyaa ɔpɛ ntɛm ara sɛ obenya asafo no dwumadi no mu kyɛfa. Onyaa asasesin a ɔbɛyɛ mu adwuma, na na ɔpɔn sukuu a, ɔde baesekre kɔ hɔ kɔkyekyɛ nkratawa. Ɔde ne ho hyɛɛ Ahenni anidaso ho asɛm a wɔka no mu korakora, na wɔ March 24, 1918 no, ɔde nsu mu asubɔ yɛɛ n’ahosohyira ma Yehowa ho nsɛnkyerɛnne.
Bere a Maame tu kɔtraa San Antonio afe a edi hɔ no, nea Paapa kyerɛe sɛ ɛyɛ “ɔserew ne aniwa a ɛyɛ fɛ sen biara” a wahu pɛn no twetwee no ntɛm. Ankyɛ na wɔbɔɔ wɔn nkurɔfo amanneɛ sɛ wɔpɛ sɛ wɔware, nanso na ɛyɛ den sɛ Maame awofo bɛte ase. Nanso, wɔ April 15, 1921 no, ayeforohyia no baa so. Ná wɔn baanu nyinaa botae ne bere nyinaa ɔsom adwuma no.
Mifi Ɔsom Adwuma Ase Ntɛm
Bere a Maame ne Paapa reyɛ ahosiesie akɔ Cedar Point, Ohia, nhyiam no wɔ 1922 mu no, wohui sɛ Maame anyinsɛn me. Wɔwoo me akyi mfe kakraa bi, bere a na Paapa adi mfe 22 pɛ no, wɔpaw no sɛ ɔsom kwankyerɛfo. Ná eyi hwehwɛ sɛ ɔyɛ asɛnka adwuma no ho nhyehyɛe nyinaa. Midii adapɛn kakraa bi pɛ na Maame de me pue kɔyɛɛ afie afie asɛnka adwuma no mu. Nokwarem no, na me nananom nso ani gye ho sɛ wɔde me bɛka wɔn ho akɔ asɛnka.
Midii mfe abien pɛ no, m’awofo tu kɔtraa Dallas, Texas, na wofii bere nyinaa ɔsom adwuma no ase sɛ akwampaefo mfe abiɛsa akyi. Ná edu anadwo a, wɔde kɛtɛ sɛw ɔkwan no nkyɛn da so, na wɔde me to kar no akongua a ɛwɔ akyi hɔ no so. Nokwarem no, na misusuw sɛ eyi yɛ agoru, nanso ankyɛ na ɛdaa adi sɛ na wonnya nsiesiee wɔn ho mmaa akwampae adwuma no ɛ. Enti Paapa fii adwuma bi ase. Akyiri yi, osii ɔdan a esi lɔre so bi de siesiee ne ho maa akwampae adwuma no a wɔbɛsan afi ase no.
Maame kyerɛɛ me akenkan ne akyerɛw ansa na merefi sukuu ase, na na minim sɛnea wobu akontaa ahorow fi biako kosi anan. Ná ne botae ne sɛ ɔbɛboa me bere nyinaa ma masua ade. Ná ɔde me gyina ne nkyɛn wɔ akongua so ma mepopa nkankyee mu bere a ɔrehohoro mu no, na na ɔma misua kyerɛw nsɛm gu me tirim na ɔkyerɛ me Ahenni nnwom, anaa asɔre nnwom sɛnea na yɛfrɛ no saa bere no.
Me ne M’awofo Som Onyankopɔn
Wɔ 1931 mu no, yɛn nyinaa kɔɔ nhyiam a ɛyɛ anigye no bi wɔ Columbus, Ohio, faako a yenyaa edin Yehowa Adansefo no. Ɛwom sɛ na madi mfe awotwe pɛ de, nanso misusuwii sɛ ɛno ne edin a ɛyɛ dɛ sen biara a mate pɛn. Yɛsan kɔɔ fie akyi bere tiaa bi no, ogya hyew Paapa adwuma no dwerɛbee, na Maame ne Paapa faa eyi sɛ “Awurade pɛ” sɛ wɔsan fi akwampae adwuma no ase. Enti, efi 1932 ahohuru bere no, yenyaa bere nyinaa ɔsom adwuma no mu anigye mfe pii.
M’awofo yɛɛ akwampae adwuma no wɔ Texas kurow mu sɛnea ɛbɛyɛ na wɔabɛn Maame awofo a na wɔda so wɔ San Antonio no. Wɔn dwumadi a ɛde wɔn kɔɔ mmeaemmeae no maa me sakraa sukuu a mekɔ mpɛn pii. Ná ɛtɔ da bi a, nnamfo a wɔmfa nyansa nsusuw nsɛm ho ka sɛ, “Dɛn nti na monntra faako na momma abofra no nnya ofi ntra mu,” te sɛ nea na wɔnhwɛ me yiye. Nanso na misusuw sɛ yɛn asetra yɛ anigye, na na mereboa Maame ne Paapa wɔ wɔn ɔsom adwuma no mu. Nokwarem no, na merenya nea akyiri yi ɛbɛyɛ m’ankasa m’asetra kwan ho ntetee ne nsiesiei.
Wɔ asram pii mu no, mekɔɔ so ka kyerɛɛ Maame ne Paapa sɛ mepɛ sɛ wɔbɔ me asu, na wɔne me kaa ho asɛm mpɛn pii. Ná wɔpɛ sɛ wɔhwɛ hu sɛ minim aniberesɛm a ɛwɔ me gyinaesi no mu. December 31, 1934, ne da a m’asetram adeyɛ titiriw no duu so. Nanso, anadwo a ade rebɛkye ma wɔabɔ me asu no, Paapa hwɛe sɛ mabɔ Yehowa mpae. Afei ɔyɛɛ ade fɛfɛ bi. Ɔmaa yɛn nyinaa buu nkotodwe, na ɔbɔɔ mpae. Ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ ɛyɛ no anigye yiye sɛ ne babea kumaa no asi gyinae sɛ obehyira ne nkwa so ama No. Ɛda adi sɛ me were remfi saa anadwo no da!
Ntetee a Minya Fi me Nananom Hɔ
Efi 1928 kosi 1938 no, mede bere pii kɔsrasraa me nananom wɔ San Antonio. Adwuma a me ne wɔn yɛe no te sɛ nea me ne m’awofo yɛe no ara. Ná Nanabea yɛ ɔkwampaefo, na afei ɔbɛyɛɛ bere tiaa mu ɔkwampaefo. Wɔpaw Nanabarima sɛ ɔkwampaefo December 1929, enti na asɛnka adwuma yɛ daa adeyɛ.
Na Nanabarima taa sɔ me mu anadwo na ɔkyerɛ me nsoromma ahorow no din. Ná ofi ne tirim ka anwensɛm kyerɛ me. Bere a na ɔyɛ adwuma wɔ keteke adwumayɛbea no, me ne no traa keteke mu tuu kwan mpɛn pii. Ná mitumi kɔ ne hɔ bere biara a biribi haw me; ná ɔkyekye me werɛ na ɔpopa m’anim nusu. Nanso, sɛ meyɛ nea enye ma wɔteɛ me so na sɛ mekɔ ne nkyɛn kɔhwehwɛ awerɛkyekye a, nea ɔka ara ne (nsɛm a na mente ase saa bere no, nanso na mete no yiye) sɛ: “Me dɔfo, mmaratofo kwan yɛ amanehunu kwan.”
Ɔtaa Mfe
Wiase Ko II fii ase 1939, na Yehowa nkurɔfo hyiaa ɔtaa ne nnipakuw basabasayɛ. Wɔ 1939 awiei no, Maame yaree araa ma ɛho behiae sɛ wɔyɛ no oprehyen, enti yɛsan tu kɔtraa San Antonio.
Ná nnipa a wɔyɛ basabasa boaboa wɔn ho ano bere a yɛkyekyɛ nsɛmma nhoma wɔ San Antonio mmɔnten so no. Nanso na yɛkɔ hɔ dapɛn biara sɛ́ abusua, ma obiara gyina baabi a wɔde ahyɛ ne nsa. Wɔde Paapa kɔɔ police station maa mihui mpɛn pii.
Paapa bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛtoa akwampae adwuma no so ɛmfa ho sɛ na ɛsɛ sɛ Maame gyae no. Nanso, wannya sika a ɛfata wɔ adwuma a ɔde bere fã yɛe no mu, enti na ɛsɛ sɛ ɔno nso gyae. Miwiee sukuu 1939, na me nso mekɔyɛɛ adwuma.
Paapa din Judge (Ɔtemmufo) no boae wɔ saa mfe no mu. Sɛ́ nhwɛso no, Adansefo kuw bi kɔɔ kurow bi a ɛwɔ San Antonio kusuu fam kodii adanse wɔ hɔ, na aban panyin a ɔwɔ hɔ no fii ase de wɔn nyinaa guu afiase. Ná wakyere nnipa bɛyɛ 35, a na me nananom ka ho. Wɔde nkra brɛɛ Paapa, na otuu kar kɔɔ hɔ. Ɔkɔɔ aban panyin no office na ɔkae sɛ: “Wɔfrɛ me Judge Norris na mifi San Antonio.”
Aban panyin no bisae se: “Me Wura Temmufo, asɛm bi wɔ hɔ anaa?”
Paapa buae sɛ: “Merebɛhwɛ ma moayi nkurɔfo yi afi afiase.” Afei ɔbapɔmma panyin no maa wɔkɔe a wɔanni wɔn agyinam biara—na wɔammisa nsɛm afoforo biara!
Ná Paapa taa di adanse wɔ kurom adwumayɛbea ahorow mu, na na ɔtaa kɔ atemmufo ne mmaranimfo hɔ titiriw. Ná ɔka kyerɛ nea ogye ahɔho no sɛ: “Wɔfrɛ me Judge Norris, na merebɛhwehwɛ Ɔtemmufo Asiamasi.”
Afei sɛ ohu otemmufo no a, nea odi kan ka bere nyinaa ne sɛ: “Ansa na mɛka nea enti a mebaa ha no, mepɛ sɛ mekyerɛ wo sɛ mede bere tenten ayɛ Ɔtemmufo sen wo. Mede me nkwa nna nyinaa na ayɛ saa.” Afei ɔkyerɛ nea ɛyɛe a onyaa ne din no. Ná eyi ma wofi nkɔmmɔbɔ ase wɔ adamfofa kwan so, na ɔne atemmufo pii nyaa abusuabɔ pa saa bere no.
M’ani Sɔ M’awofo Akwankyerɛ
Ná meredu mpanyin mfe a ɛyɛ adwene ne nkate fam sakasakayɛ bere no so, na minim sɛ na Maame ne Paapa koma tu wɔ nea edi hɔ a mɛyɛ ho mpɛn pii. Sɛnea mmofra nyinaa yɛ no, mesɔɔ Maame ne Paapa hwɛe mpɛn pii, kae sɛ wɔmma menyɛ biribi anaa menkɔ baabi, a na minim dedaw sɛ wɔbɛka sɛ dabi. Ná ɛtɔ da bi a misu. Nokwarem no, sɛ wɔka kyerɛɛ me pɛn sɛ: “Wode yɛ nea wopɛ. Yɛmfa ho” a, anka ɛbɛhaw me kɛse.
Nim a na minim sɛ mintumi mma wɔnsakra wɔn gyinapɛn ahorow no maa metee nka sɛ mewɔ ahobammɔ. Nokwarem no, eyi maa ɛyɛɛ mmerɛw maa me bere a mmofra afoforo kamfoo anigyede a nyansa nnim kyerɛɛ me no, efisɛ na mitumi ka sɛ: “Me papa remma menkɔ.” Bere a midii mfe 16 no, Paapa hwɛ maa misuaa sɛnea wɔka kar na minyaa tumi krataa a wɔde ka afiri. Saa bere no ara nso, ɔmaa me fie hɔ safe no bi. M’ani gyei yiye sɛ na ɔwɔ me mu ahotoso. Ná mete nka sɛ manyin yiye, na ɛmaa metee nka sɛ mewɔ asɛyɛde, na minyaa ɔpɛ sɛ memma ahotoso a wɔwɔ wɔ me mu no mmfi hɔ.
Saa bere no, na yennya aware ho akwankyerɛ a efi Kyerɛwnsɛm mu pii, nanso na Paapa nim Bible no ne nea ɛka wɔ ware a yɛbɛware wɔ “Awurade mu nko” ho no. (1 Korintofo 7:39) Ɔka kyerɛɛ me pefee sɛ, sɛ meto nsa frɛ wiaseni aberante biara ba fie sɛ ommekyia m’awofo, anaa misusuw ho sɛ me ne bi bɛnantew mpo a, ɛbɛhaw no yiye. Ná minim sɛ nea ɔreka no yɛ nokware, efisɛ na mahu anigye ne biakoyɛ a ɛwɔ wɔn aware no mu esiane sɛ wɔwaree “Awurade mu” no nti.
Wɔ 1941 mu, bere a na madi mfe 18 no, na misusuw sɛ mɛdɔ aberante bi a ɔwɔ asafo no mu. Ná ɔyɛ ɔkwampaefo, na na ɔresua ade abɛyɛ mmaranimfo. M’ani gyei. Bere a yɛka kyerɛɛ m’awofo sɛ yɛpɛ sɛ yɛware no, sɛ́ anka wɔbɛka sɛ wɔn ani nnye ho anaa wobebu m’abam no, nea wɔkae ara ne sɛ: “Blossom, yɛpɛ sɛ yɛsrɛ wo hɔ ade biako. Yesusuw sɛ wusua dodo, na yɛresrɛ wo sɛ twɛn afe biako. Sɛ modɔ mo ho ampa a, afe biako rensɛe hwee.”
Ɛyɛ mɛ anigye kɛse sɛ mitiee saa afotu a nyansa wom no. Afe no mu no, me ho kokwawee na mifii ase hui sɛ saa aberante no nni su horow a ɛbɛma wayɛ aware mu ɔhokafo pa. Awiei koraa no, ofii ahyehyɛde no mu, na mekwatii nea anka ɛbɛyɛ asiane wɔ m’asetram no. Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ obi benya awofo anyansafo a wotumi de ho to wɔn gyinaesi so!
Aware ne Akwantu Adwuma
Wɔ 1946 awɔw bere mu, bere a mede mfe asia ayɛ akwampae adwuma ne adwuma a wɔde bere fã yɛ akyi no, aberante a ne ho yɛ anigye sen biara a mahyia no pɛn baa yɛn Ahenni Asa so. Ná wɔapaw Gene Brandt sɛ ɔsomfo kwantufo, sɛnea na wɔfrɛ amansin so ahwɛfo saa bere no, a ɔkɔsra anuanom no hokafo. Yɛn nyinaa ani gyee yɛn ho, na wɔ August 5, 1947 mu no, yɛwaree.
Bere tiaa bi akyi no, Paapa ne Gene buee sikasɛm ho afotu adwuma bi. Nanso Paapa ka kyerɛɛ Gene sɛ: “Ɛda a adwuma yi besiw yɛn adesua anaa teokrase dwumadi ho kwan no, megu adwuma no.” Yehowa hyiraa honhom fam adwene no so, na adwuma no maa yenyaa yɛn honam fam ahiade sɛnea ɛsɛ na ɛmaa yenyaa bere de yɛɛ akwampae adwuma. Ná Paapa ne Gene yɛ adwumayɛfo pa, na anka yebetumi anya yɛn ho a yɛremmrɛ, nanso wɔamfa eyi anyɛ wɔn botae da.
Wɔ 1954 mu no, wɔtoo nsa frɛɛ Gene sɛ ɔmmɛyɛ ɔmansin sohwɛfo, na na ɛkyerɛ nsakrae kɛse wɔ yɛn asetram. Dɛn na na m’awofo bɛyɛ wɔ ho? Saa bere no nso wɔansusuw wɔn ankasa ho, na mmom wosusuw Onyankopɔn Ahenni ne wɔn mma honhom fam yiyedi ho. Wɔanka ankyerɛ yɛn da sɛ: “Dɛn nti na momma yɛn mmanana?” Mmom no na wɔka bere nyinaa sɛ: “Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa mo wɔ bere nyinaa ɔsom adwuma no mu?”
Enti eduu bere a na ɛsɛ sɛ yɛkɔ no, nea wɔyɛe ara ne sɛ wɔhyɛɛ yɛn nkuran, na wodii ahurusi wɔ yɛn hokwan a ɛso nni no ho. Wɔamma yɛante nka da sɛ yɛrepow wɔn, na mmom wogyinaa yɛn akyi korakora. Yɛkɔe akyi no, wɔde nsi yɛɛ akwampae adwuma no mfe du bio. Wɔpaw Paapa sɛ San Antonio kuropɔn sohwɛfo, na okuraa dwumadi no mu mfe 30. Odii ahurusi wɔ hu a ohuu sɛnea wonyaa nkɔanim wɔ kuropɔn no mu fi asafo biako wɔ 1920 mfe no mu kosi asafo 71 ansa na ɔrewu wɔ 1991 mu.
Wɔ me ne Gene fam no, asetra yɛɛ anigye. Yenyaa anigye kɛse wɔ anuanom mmarima ne mmea adɔfo a yɛsom wɔn wɔ nkurow akɛse bɛboro 31 mu no mu, na nea ɛyɛ titiriw wɔ ne nyinaa mu ne hokwan a yenya de kɔɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu adesuakuw a ɛto so 29 no bi wɔ 1957 mu no. Ɛno akyi no, yɛsan bɛyɛɛ akwantu adwuma no. Wɔ 1984 mu, bere a yɛde mfe 30 ayɛ ɔmansin ne ɔmantan adwuma akyi no, Asafo ti no fi ayamye mu maa Gene ɔmansin dwumadi wɔ San Antonio, esiane sɛ na m’awofo adi boro mfe 80 na wonni akwahosan pa nti.
Awofo Hwɛ
Yɛsan kɔɔ San Antonio akyi afe biako ne fã pɛ na ade tɔɔ Maame so ma owui. Ɛyɛɛ ntɛm araa ma mantumi anka nsɛm a mepɛe sɛ meka kyerɛ no no nyinaa. Eyi maa misuae sɛ me ne Paapa bɛbɔ nkɔmmɔ pii. Esiane sɛ na wɔaware mfe 65 nti, n’ani gyinaa Maame yiye, nanso yeyii ɔdɔ adi kyerɛɛ no na yɛboaa no.
Paapa kɔɔ so yɛɛ nhwɛso pa wɔ Kristofo nhyiamkɔ, kokoam adesua, ne asɛnka adwuma ne nkwa nna nyinaa de kosii ne wu mu. Ná n’ani gye akenkan ho. Esiane sɛ sɛ yɛkɔ asɛnka a ɛka ne nko ara nti, sɛ yɛba fie a mibisa no sɛ: “So woyɛɛ ankonam?” Ɛyɛ a ɔde ne ho hyɛ akenkan ne adesua mu denneennen ma ɛmma n’adwene mu sɛ wayɛ ankonam.
Yɛkɔɔ so kuraa su foforo mu wɔ yɛn nkwa nna nyinaa mu. Ná Paapa kɔ so ka sɛ yemmom nnidi, titiriw anɔpa aduan no, na yɛnsusuw da biara da asɛm no ho. Wɔamma me kwan da wɔ me mmofraberem amma mamfi fie bere a yɛnyɛe. Ná ɛtɔ da bi a meka sɛ: “Paapa, mɛka akyiri wɔ sukuu mu (anaa adwuma mu).”
Ɛyɛ a ɔka sɛ: “Ɛnyɛ daa asɛm a yɛreyɛ na ɛrema woaka akyiri; wo na woansɔre ntɛm.” Na na ɛsɛ sɛ metwɛn na mitie bi. Ɔbɔɔ mmɔden maa saa nhwɛso pa yi kɔɔ so kosi sɛ owui. Eyi yɛ apɛgyade foforo a ɔde gyaw me.
Paapa kɔɔ so nyaa adwene a emu da hɔ kosii ne wu mu. Nea ɛmaa ne hwɛ yɛɛ mmerɛw ne sɛ wamma nsɛm anhaw no anaa wanwiinwii da. Nokwarem no, na ɛtɔ mmere bi a, ɔka ne mmubui no ho asɛm, nanso mekae no sɛ nea ɛhaw no ankasa ne sintɔ a yenya fii Adam hɔ, na ɔserew. Bere a me ne Gene te Paapa nkyɛn November 30, 1991 anɔpa no, owui wɔ asomdwoe mu.
Mprempren madi boro mfe 70 na meda so renya mfaso fi me Kristofo awofo a wɔwɔ ɔdɔ no nhwɛso mu. Na me fi komam bɔ mpae sɛ mɛbɔ mmɔden akyerɛ saa apɛgyade yi ho anisɔ kɛse denam di a mede bedi dwuma yiye wɔ me nkwa nna nyinaa mu no so.—Dwom 71: 17, 18.
[Mfonini wɔ kratafa 5]
Me ne Maame
[Mfonini wɔ kratafa 7]
1. Ɔmantam nhyiam a midii kan kɔe: San Marcos, Texas, September 1923
2. Ɔmantam nhyiam a etwa to a Paapa kɔe: Fort Worth, Texas, June 1991 (Paapa na ɔte hɔ no)
[Mfonini wɔ kratafa 9]
Gene ne Blossom Brandt