Yɛn Honhom Fam Apɛgyade Kɛse No
SƐNEA PHILIP F. SMITH KA KYERƐE
“Wɔasɔ kanea bi a ɛbɛhyerɛn Afrika sum kabii no mu.” Hwɛ sɛnea yɛn ani gyei bere a yɛkenkan nea ɛwɔ atifi hɔ no wɔ 1992 Yearbook of Jehovah’s Witnesses no kratafa 75 no! Yɛn nanabarima Frank W. Smith, na ɔkyerɛw saa asɛm no wɔ 1931 mu wɔ krataa bi a ɔkyerɛw kɔmaa Onua Joseph F. Rutherford a na ɔyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani saa bere no mu. Nanabarima kyerɛw krataa kɔbɔɔ kwan a ɔne ne nuabarima kumaa tu kɔkaa asɛm no ho amanneɛ.
ASƐM a 1992 Yearbook no kae ne sɛ: “Akwampaefo asomfo akokodurufo baanu a wofi Cape Town [South Africa] a wɔne Gray Smith ne ne nuabarima panyin Frank, sii mu kɔɔ Afrika Apuei Fam a ɛhyɛ Britania ase no sɛ wɔrekɔhwehwɛ hokwan ahorow de atrɛw asɛmpa no mu. Wɔde kar a wɔakuru so (kar a wɔasi ɔdan asi so), De Soto, ne nhoma nnaka 40 guu po so hyɛn mu kɔɔ Mombasa, a ɛyɛ po so hyɛn gyinabea wɔ Kenya no.”
Nanabarima kaa ɔkwan a wotu fii Mombasa kɔɔ Nairobi, Kenya ahenkurow, no mu nsɛm wɔ ne krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Onua Rutherford no mu: “Yefii kar akwantu a ɛyɛ hu sen biara a matu pɛn no ase. Egyee yɛn nnanan a yɛannye yɛn ahome na yɛde twaa kilomita 580 no . . . Ná ɛsɛ sɛ misi fam kilomita biara de sofi kotutu ɔkwan no so apɔwapɔw, sisi ntokuru, na mitwitwa sare atenten ne nnua nso gugu atɛkyɛ mu na ama ntwahonan no atumi afa so.”
Bere a Frank ne Gray duu Nairobi no, wɔyɛɛ adwuma toaa so nnafua 21 de kyekyɛɛ wɔn Bible ho nhoma ahorow no. Nanabarima kyerɛwee sɛ: “Nsɛm a yɛtee no ma yehui sɛ adwuma no akanyan Nairobifo a wɔpɛ nyamesom no kɛse.” Ɛno akyi no, ná Nanabarima ho pere no sɛ ɔbɛsan akɔ fie akɔhwɛ ne babarima a wadi mfe abien, Donovan, ne ne yere, Phyllis, a na ɔrebɛwo wɔn ba a ɔto so abien, yɛn papa, Frank no. Nanabarima foroo po so hyɛn a edi kan a ne nsa kae a efi Mombasa rekɔ hɔ no, nanso atiridii kum no wɔ kwan so.
Bere a me ne me nuabea ne me nua barima susuw saa Yearbook no mu nsɛm no ho no, yɛkaee yɛn papa a yɛdɔ no no. Wɔ 1991 mu, aka asram kakraa bi ma yɛn nsa aka 1992 Yearbook no, na koma ho oprehyɛn bi a wɔyɛɛ no mu nsɛnnennen bi akum no. Ɛwom sɛ wanhu ne papa da de, nanso onyaa ɔdɔ kɛse a na ne papa wɔ ma Yehowa no bi. Hwɛ sɛnea anka Nanabarima ani begye sɛ obehu sɛ mfe 28 akyi, wɔ 1959 mu no, ne babarima bedi n’anammɔn akyi sɛ Kristoni somfo akɔ Afrika Apuei Fam!
Paapa Mmofraberem Asetra
Wɔwoo yɛn papa July 20, 1931, wɔ Cape Town, wɔ n’ankasa papa a wɔde no too no no wu akyi asram abien. Paapa daa ɔdɔ a ɔwɔ ma Yehowa no adi fi ne mmofraase. Bere a odii mfe akron pɛ no, na okogyina keteke gyinabea kɛse a ɛwɔ Cape Town de nkrataa a wɔakyerɛkyerɛw so nsɛm di adanse bere a na ne mfɛfo sukuufo di ne ho fɛw. Odii mfe 11 no, ɔde nsu mu asubɔ yɛɛ n’ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne. Ɛtɔ da bi a na wɔma Paapa nkutoo kɔyɛ ɔsom adwuma wɔ borɔn so kwan bi so. Bere a odii mfe 18 no, na ɔne Kristofo mmea bi a wɔn mfe akɔ anim yɛ Ɔwɛn-Aban Adesua wɔ Cape Town borɔn bi so.
Wɔ 1954 mu no, Ɔwɛn Aban Asafo no bɔɔ amanneɛ sɛ wɔbɛyɛ amanaman ntam nhyiam afe a edi hɔ no wɔ Europa. Ná Paapa wɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ ɔbɛkɔ bi, nanso na onni sika a ɛdɔɔso a ɔde befi Cape Town akɔ hɔ. Enti ɔne adwuma bi a etu kɔbere wɔ Northern Rhodesia (a seesei wɔfrɛ no Zambia) no, yɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛyɛ adwuma asram abiɛsa sɛ odufrafo wɔ hɔ. Ná baabi a wɔyɛ fagude abo mu nhwehwɛmu no wɔ Afrika kwae mu.
Ná Paapa nim sɛ Afrikafo Adansefo pii wɔ Northern Rhodesia, enti bere a odui no, ɔhwehwɛɛ wɔn, na ohuu baabi a na wɔyɛ wɔn asafo nhyiam ahorow no. Ɛwom sɛ na ontumi nka ɛhɔ kasa no de, nanso ɔne wɔn bɔe na ɔkɔɔ Yehowa Adansefo asafo a ɛne Mine Asafo no nhyiam horow daa. Ná Europafo a wɔwɔ adwuma a etu fagude no mu no yɛ mmusua mu nyiyim, na wɔnam atɛm a na wɔtaa didi Afrikafo no so daa wɔn nyiyim no adi. Nanso, na Paapa da ayamye adi bere nyinaa.
Wɔ asram abiɛsa no awiei no, Afrikani odwumayɛfo bi a na ɔnyɛ Ɔdansefo baa Paapa nkyɛn bebisaa no sɛ: “Wunim sɛnea yɛfrɛ wo?” Ɔbarima no serew kae sɛ: “Yɛfrɛ wo Bwana [Owura] Ɔwɛn-Aban.”
Wɔ 1955 mu no, Paapa tumi kɔɔ “Ahenni a Edi Nkonim” Nhyiam horow a wɔyɛe wɔ Europa no bi. Ɛhɔ na ohyiaa Mary Zahariou, a ɔbɛyɛɛ ne yere afe a edi hɔ no. Wɔ wɔn aware no akyi no, wɔkɔtraa Parma, Ohio, U.S.A.
Wɔkɔ Afrika Apuei Fam
Bere a wɔyɛɛ ɔmantam nhyiam bi wɔ United States no, wɔtoo nsa frɛɛ nhyiamfo no sɛ wɔnkɔsom wɔ baabi a na asomfo ho hia kɛse. Yɛn awofo sii gyinae sɛ wɔbɛkɔ Afrika Apuei Fam. Wɔyɛɛ sɛnea Ɔwɛn Aban Asafo no hyɛɛ wɔn nyansa no pɛpɛɛpɛ. Wosiee sika pii a wɔde bɛtɔ tekit a ɛde wɔn bɛkɔ aba sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ Paapa annya adwuma anyɛ a wobetumi asan akɔ wɔn akyi, esiane sɛ wɔn a wɔwɔ tumi krataa a wɔde yɛ adwuma nkutoo na na wɔma wɔtra saa asasesin no mu.
Bere a Paapa ne Maame nsa kaa akwantu tumi krataa, tumi krataa a ɛma obi tumi tra ɔman foforo mu, na wɔsesaa wɔn nnuru wiei no, wɔforoo aguadifo po so hyɛn bi fi New York Kuropɔn mu faa Cape Town kɔɔ Mombasa wɔ July 1959 mu. Wɔn akwantu no dii adapɛn anan. Wɔ Mombasa no, Kristofo anuanom a na wɔadi wɔn anim kan resom wɔ baabi a mmoa ho hia kɛse behyiaa wɔn wɔ po so hyɛn gyinabea hɔ maa wɔn akwaaba anigye so. Bere a woduu Nairobi no, na krataa bi da Paapa akyi. Ná ɛyɛ n’adebisa a ɛfa adwuma a ɔrepɛ sɛ odufrafo wɔ Dwumadibea a Wɔyɛ Abo mu Nhwehwɛmu wɔ Entebbe, Uganda, no ho mmuae. Paapa ne Maame faa keteke kɔɔ Kampala, Uganda, na ɛhɔ na wobisabisaa Paapa nsɛm na wɔfaa no adwuma. Saa bere no, na Ɔdansefo biako pɛ, George Kadu, na ɔka wɔn ho wɔ Entebbe ne Kampala mpɔtam hɔ.
Atubrafo aban no bɔɔ Paapa ho ka ma osuaa ɛhɔ kasa, Luganda. N’ani gyei, esiane sɛ na wafa ho adwene sɛ sɛnea ɛte biara no, obesua sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi atu mpɔn kɛse wɔ ɔsom adwuma no mu. Akyiri yi, Paapa boae mpo ma wɔkyerɛɛ “Ahenni Ho Asɛmpa Yi” nhomawa no ase kɔɔ Luganda kasa mu.
Ná Paapa wɔ akokoduru wɔ adanse a odii afoforo no mu. Ɔkasa kyerɛɛ Europafo a na wɔwɔ n’adwumam nyinaa, na onyaa asɛm a wɔka kyerɛɛ Ugandafo no mu kyɛfa daa. Odii Afrikani a na ɔyɛ mmaranimfo panyin wɔ Uganda no mpo adanse. Ɛnyɛ Ahenni asɛm no nko na ɔbarima no tiei, na mmom ɔtoo nsa frɛɛ Paapa ne Maame ma wokodidii wɔ ne fie nso.
Wɔwoo me nuabea, Anthe, wɔ 1960 mu, na me nso mebae 1965 mu. Yɛn abusua no ani begyee anuanom mmarima ne mmea a na wɔwɔ yɛn asafo ketewaa a na ɛwɔ ahenkurow Kampala mu a na ɛrenyin no ho kɛse. Bere a na yɛn nkutoo na yɛyɛ Adansefo aborɔfo wɔ Entebbe a ɛbɛn hɔ no, yenyaa aseresɛm ahorow bi. Bere bi, Paapa adamfo bi baa Entebbe mpofirim, na ɔbɔɔ mmɔden sɛ obehu Paapa. Wanhu no de kosii sɛ obisae sɛ: “Munim Europafo awarefo bi a wɔyɛ Yehowa Adansefo wɔ ha no?” Amonom hɔ ara na onii no de no traa kar mu kɔɔ Maame ne Paapa fie.
Yenyaa osuahu ahorow a emu yɛ den nso, a na asraafo atuatew abien mu a yɛtrae ka ho. Bere bi, na Aban asraafo totow abusuakuw bi mufo biara tuo. Wɔkɔɔ so totow atuo awia ne anadwo nyinaa. Esiane sɛ na wɔahyɛ sɛ obiara mmpue fi anwummere 6:00 kosi anɔpa 6:00 nti, yɛyɛɛ asafo nhyiam ahorow awia bere wɔ m’awofo fie wɔ Entebbe.
Akyiri yi, bere a woyii bere a wommpue ho anohyeto no fii hɔ no, Paapa de yɛn traa kar mu kɔɔ Ɔwɛn-Aban Adesua wɔ Kampala. Ɔsraani bi de tuo kyerɛɛ yɛn so, gyinaa yɛn kar no, na obisaa baabi a yɛrekɔ. Na meyɛ akokoaa saa bere no, na na Anthe adi mfe anum. Bere a Paapa kyerɛkyerɛɛ ɔsraani no mu bɔkɔɔ, na ɔde yɛn Bible ne yɛn nhoma ahorow kyerɛɛ no no, ɔma yɛkɔe.
Wɔ 1967 mu no, esiane akwahosan ho nsɛnnennen ne abusua mu asɛyɛde ahorow nti, yɛn awofo sii gyinae san kɔɔ United States, bere a na aka kakra ma yɛadi mfe awotwe wɔ Uganda. Yɛbɛyɛɛ Canfield, Ohio, Asafo no fã, na Paapa somee sɛ ɔpanyin wɔ hɔ. Ɛhɔ no, m’awofo benyaa anuanom no ho dɔ kɛse sɛnea wonya maa asafo ketewaa a na ɛwɔ Kampala no.
Kristofo Ntetee a Ɔdɔ Wom
Wɔwoo me nua David wɔ 1971 mu. Wɔtetee yɛn wɔ fie a ɔdɔ ne anigye kɛse wom mu bere a na yɛrenyinyin no. Akyinnye biara nni ho sɛ na eyi fi abusuabɔ a ɔdɔ wom a na ɛda yɛn awofo ntam no.
Bere a na yesusua no, bere nyinaa sɛ yɛrekɔda a, na Paapa kenkan Bible mu asɛm bi kyerɛ yɛn, ne yɛn bɔ mpae, na afei nso, bere a na maame nnim no, na ɔma yɛn chocolate a ɛhyehyɛ krataa a na ɛho hyerɛn te sɛ sika kɔkɔɔ mu. Yɛboom suaa yɛn Ɔwɛn-Aban no sɛ abusua bere nyinaa, a na baabi a yɛwɔ mfa ho. Mmere ahorow a yɛn abusua kogyee yɛn ahome no, yesuae wɔ bepɔw bi ho bere bi, na yɛyɛɛ saa bere foforo nso a na yɛn ani kyerɛ po no. Paapa kaa no mpɛn pii sɛ saa mmere no ka n’anigye mmere a ɔkae a ɛsen biara no ho. Ɔkae sɛ wɔn a wɔhwere anigye kɛse a abusua adesua tumi de ba no asɛm yɛ no yaw.
Ɛdefa ɔdɔ a yebenya ama Yehowa ho no, na Paapa de nhwɛso na ɛkyerɛkyerɛ. Bere biara a Ɔwɛn-Aban anaa Nyan! nsɛmma nhoma no bɛba anaa yɛn nsa bɛka Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma foforo no, na Paapa kenkan fi ti kosi ti ntɛm ara. Yesua fii ne nkyɛn sɛ ɛnsɛ sɛ yebu Bible mu nokware adewa, na mmom ɛsɛ sɛ yebu no sɛ agyapade a ɛsom bo. Yɛn agyapade a ɛsom bo sen biara no mu biako ne Paapa Reference Bible no. Ɛkame ayɛ sɛ wakyerɛkyerɛw nsɛm a ɔboaboaa ano wɔ adesua horow a na ɔyɛ mu agu kratafa biara ano. Seesei sɛ yɛkenkan nsɛm a ɔkyerɛkyerɛw hyehyɛɛ anoano no a, ɛkame ayɛ sɛ yɛda so ara tumi te sɛ ɔrekyerɛkyerɛ yɛn tu yɛn fo.
Odii Nokware Koduu Awiei
Wɔ May 16, 1991 no, bere a na Paapa reyɛ asɛnka adwuma no, onyaa komayare. Adapɛn bi akyi no, wɔyɛɛ no oprehyɛn wɔ ne koma mu a na ɛte sɛ nea asɛm biara nni ho. Nanso, da a wɔyɛɛ no oprehyɛn no anadwo no, ayaresabea hɔfo ne yɛn kasae wɔ telefon so. Ná mogya retu Paapa, na na ɛhaw nnuruyɛfo no kɛse. Wɔsan de no kɔɔ oprehyɛn dan mu mprenu saa anadwo no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma mogya no atwa nanso anyɛ yiye. Ná Paapa mogya ntumi nna.
Da a edi hɔ no, bere a Paapa tebea no mu yɛɛ den ntɛmntɛm no, nnuruyɛfo no dii kan de me maame kɔɔ nkyɛn ne no kɔkasae, ne afei me nua barima ketewa no, hyɛɛ wɔn sɛ wɔmpene mma wɔmma Paapa mogya. Nanso, na Paapa adi kan aka akyerɛ nnuruyɛfo no sɛ ɔrennye mogya wɔ tebea biara mu. Ɔkyerɛkyerɛɛ Kyerɛwnsɛm mu ntease horow a ɔwɔ nti a ɔrennye mogya no mu kyerɛɛ wɔn, nanso ɔkae sɛ obegye nnuru foforo a mogya nnim a wɔde bɛma no no.—Leviticus 17:13, 14; Asomafo no Nnwuma 15:28, 29.
Nitan bi a ayaresabea adwumayɛfo no pii no ara yii no adi maa tebea no bɛyɛɛ den kɛse wɔ ICU (baabi a wɔhwɛ ayarefo a wɔn yare mu yɛ den) hɔ. Eyi, ne Paapa tebea a na ɛresɛe no ma ɛbɛyɛɛ te sɛ nea na yentumi nnyina ano mmere bi mu. Yɛsrɛɛ Yehowa mmoa, na yɛbɔɔ mmɔden de nyansahyɛ ahorow a mfaso wɔ so a yɛn nsa kae dii dwuma. Enti sɛ yɛrekɔ ICU hɔ a, na yesiesie yɛn ho yiye yi obu adi kyerɛ ayaresabea adwumayɛfo no bere nyinaa. Yɛnam nsemmisa a ntease wom a yebisabisae so daa sɛnea na Paapa tebea no ho hia yɛn adi, na yɛdaa adwumayɛfo a na wɔrehwɛ Paapa no mu biara ase.
Yɛn mmɔdenbɔ no anyɛ nea ayaresabea adwumayɛfo no anhu. Nna kakraa bi akyi no, tebea a emu yɛ den no sesa bɛyɛɛ nea na ayamye wom. Ayarehwɛfo a na wɔhwɛ Paapa no kɔɔ so hwɛɛ ne nkɔso, ɛwom mpo sɛ na ne hwɛ nna so nhyɛ wɔn nsa bio de. Oduruyɛfo biako a na n’asɛm yɛ den wɔ yɛn so mpo asɛm bɛyɛɛ mmerɛw araa ma obisaa Maame sɛnea ne ho te. Yɛn asafo ne abusuafo nso fii ɔdɔ mu boaa yɛn. Wɔde nnuan ne nkrataa a wɔde kyekye werɛ bebree brɛɛ yɛn, na wɔbɔɔ mpae maa yɛn.
Awerɛhosɛm ne sɛ, Paapa ho antɔ no da. Owui bere a wɔyɛɛ no oprehyɛn a edi kan no akyi dadu. Yedi Paapa ho awerɛhow pii. Ɛtɔ mmere bi a ɛyawdi no bunkam yɛn so. Anigyesɛm ne sɛ, yɛn Nyankopɔn hyɛ bɔ sɛ ‘ɔbɛsoa yɛn adesoa ama yɛn daa daa,’ na yɛasua sɛ yɛde yɛn ho bɛto no so asen sɛnea yɛayɛ bere biara a abɛsen no.—Dwom 68:19.
Yɛn nyinaa asi yɛn bo sɛ yɛn nso yɛbɛkɔ so asom Yehowa nokwaredi mu sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu Paapa wɔ wiase foforo no mu ama yɛn ani agye.—Marko 5:41, 42; Yohane 5:28; Asomafo no Nnwuma 24:15.
[Kratafa 21 mfonini]
Frank Smith ne ne maame, Phyllis, wɔ Cape Town
[Kratafa 22 mfonini]
Paapa ne Maame wɔ bere a wɔwaree no
[Kratafa 23 mfonini]
Wogyee Afrika hene bi abura tuaa ho ka de bɔɔ asu a edi kan wɔ Entebbe
[Kratafa 23 mfonini]
Amammerɛ kwan so nkyia
[Kratafa 24 mfonini]
Paapa ne Maame bere tiaa bi ansa na Paapa rewu