Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ
Obu a Wɔkyerɛ wɔ Kronkron a Mogya yɛ Ho
BIBLE kyerɛ sɛ mogya som bo wɔ Onyankopɔn ani so, na ɔbara sɛ wɔde bedi dwuma wɔ ɔkwan a ɛnsɛ so. (Leviticus 17:14; Asomafo no Nnwuma 15:19, 20, 28, 29) Esiane Bible akwankyerɛ horow yi nti, Yehowa Adansefo nnye mogya.
Sɛnea ɛbɛboa nnuruyɛfo ne ayaresabea odwumayɛfo ma wɔate Yehowa Adansefo ɔsom mu gyinapɛn wɔ asɛm yi ho ase, na wɔahu sɛ Adansefo na bɛpene nnuruyɛ afoforo so no, Ɔwɛn Aban Asafo no ahyehyɛ Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw (HLC) wɔ aman pii mu. Boayikuw no mufo kɔsrasra ayaresabea ahorow ne nnuruyɛfo kasa. Nnansa yi ara, wɔyɛɛ nhyiam bɛboro 200 maa nnuruyɛfo 500 a wɔyɛ ayaresabea so ahwɛfo titiriw, wɔ PoIand nkurow 12 mu. Osuahu a edi so yi sii wɔ nsrahwɛ a ɛte saa biako mu:
“Nhyiam bi a ɛkɔɔ so wɔ ayaresabea a wɔyɛ koma oprehyɛn wɔ hɔ a ɛwɔ Zabrze no yɛ adekɛse a wotumi yɛe. Efi 1986 no, nnuruyɛfo a wɔwɔ ayaresabea hɔ no yɛ yɛn nuanom oprehyɛn a wɔmmma wɔm mogya. Ɛde besi saa bere yi no, wɔayɛ oprehyɛn a ɛte saa 40. Ayaresabea no ayɛ krado sɛ wobegye ayarefo a wɔfi Poland mmaa nyinaa ne amannɔne nso. Wɔ simma 50 nkɔmmɔbɔ akyi no, ayaresabea sohwɛfo abediakyi bi de HLC no mufo kyiaa ayarefo kuw bi na ɔkae sɛ: ‘Eyinom yɛ Yehowa Adansefo. Wɔne yɛn ayaresabea no yɛ biako, na wɔboa yɛn. Ɛnyɛ wɔn mfɛfo gyidifo nkutoo na wonya wɔn mmoa so mfaso, na mmom ayarefo afoforo nyinaa nso. Yehowa Adansefo adaworoma, yɛahu sɛ yebetumi ayɛ koma ho oprehyɛn akɛse a yɛmfa mogya nni dwuma.
“Sɛ́ nhwɛso no, yɛyɛɛ ɔbea yi [ɔde ne nsa kyerɛɛ ayarefo no biako so] oprehyɛn a yɛamma no mogya, na yebeyi no Dwoda. Mepɛ sɛ meka sɛ yɛntaa mma nkurɔfo mogya sɛ kan no efisɛ ɛyɛ hu. Ɛne AIDS ɔyara mmoawa, mmerɛbu mu yare, ne ɔyare a ɛkyɛ na ɛnam.
“‘Meyɛ Katolekni, nanso yɛagye afoforo nsusuwii atom bere nyinaa wɔ yɛn fie. Da bi, na me ne me mma nam Slaski Stadium hɔ. Bere bi a atwam no, na wɔabu ani agu agumadibea yi so, nanso yehui sɛ mpremprem asakra korakora. Mibisaa adwumayɛfo no biako nea ɛyɛe a nsakrae no bae. Ɔkae sɛ na ɛkame ayɛ sɛ mpanyimfo a wɔhwɛ so no nni anidaso biara sɛ wobesiesie aguamadibea no, nanso wɔde hɔ fɛm Yehowa Adansefo, na wosiesiee hɔ.
“‘Enti eyinom yɛ nkurɔfo a yɛn nyinaa betumi asua pii afi wɔn hɔ. Misusuw sɛ ɛsɛ sɛ yegye afoforo nsusuwii tom wɔ ayaresabea no fã ha.’
Afei bere a ɔde ne nsa kyerɛɛ Ɔdansefo bi a aka nna kakraa bi ma wɔayɛ no oprehyɛn so no, ɔkae sɛ: ‘Ɔbea yi yɛ Yehowa Adansefo no biako, na wɔbɛyɛ no oprehyɛn a wɔmmma no mogya.’”
Bere a Yehowa Adansefo nhyɛ afoforo sɛ wonnye wɔn gyidi ntom no, wodi asomafo no nhwɛso akyi, na ‘wotie Onyankopɔn sɛ sodifo mmom sen nnipa.‘ (Asomafo no Nnwuma 5:29) Obu a wɔbɛkyerɛ ama mogya no ka eyi ho. Sɛ afoforo kyerɛ obu ma wɔn som mu gyinapɛn a ɛfa asɛm yi ho a, wɔn ani sɔ.