Anigye Ne Ahobrɛasefo
“Onyankopɔn siw ahantanfo kwan, na ɔdom ahobrɛasefo.”—1 PETRO 5:5.
1, 2. Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛe sɛ anigye ne ahobrɛase a obi benya wɔ abusuabɔ wɔ ne Bepɔw so Ɔkasa no mu?
SO ANIGYE a obi benya fa ahobrɛase ho? Wɔ Yesu Kristo, onipa a ɔsen biara a watra ase pɛn no kasa a agye sen biara no mu no, ɔka anigye akron ho asɛm. (Mateo 5:1-12) So Yesu kyerɛe sɛ anigye a yebenya no fa ahobrɛase a yebenya ho? Yiw, ɔyɛɛ saa, efisɛ anigye a ɔbobɔɔ din no pii bata ahobrɛase a yebenya no ho. Sɛ́ nhwɛso no, ɛsɛ sɛ obi brɛ ne ho ase na ama ne honhom mu nneɛma ahia no. Ahobrɛasefo nkutoo na trenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn. Na ahantanfo nnwo, wonni mmɔborohunu, na wɔmpɛ asomdwoe nso.
2 Ahobrɛasefo ani gye efisɛ ɛteɛ sɛ obi bɛbrɛ ne ho ase, na ɛkyerɛ nokwaredi. Afei nso, ahobrɛasefo ani gye efisɛ nyansa wom sɛ obi bɛbrɛ ne ho ase; ɛma yɛne Yehowa Nyankopɔn ne mfɛfo Kristofo nya abusuabɔ pa. Nea ɛka ho no, ahobrɛasefo ani gye efisɛ wɔnam wɔn ho ase a wɔbrɛ no so da ɔdɔ adi.
3. Dɛn nti na nokwaredi hyɛ yɛn ma yɛbrɛ yɛn ho ase?
3 Dɛn nti na nokwaredi hwehwɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase? Ade biako nti a ɛte saa ne sɛ yɛn nyinaa anya sintɔ afi awo mu na yɛkɔ so di mfomso pii. Ɔsomafo Paulo kaa n’ankasa ho asɛm sɛ: “Minim sɛ me mu, ɛne sɛ me honam mu de, papa bi nte mu; efisɛ ɔpɛ de, ɛwɔ me hɔ, na ɔyɛ a mɛyɛ nea eye de, minhu.” (Romafo 7:18) Yiw, yɛn nyinaa ayɛ bɔne na Onyankopɔn anuonyam abɔ yɛn. (Romafo 3:23) Nokwaredi bɛma yɛakwati ahantan. Egye ahobrɛase na yɛatumi agye mfomso atom, na bere biara a yebedi mfomso no, nokwaredi bɛboa yɛn ma yɛagye asodi no atom. Esiane sɛ mpɛn pii no yentumi nyɛ nea yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ nti, yɛwɔ ntease pa nti a ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase.
4. Ntease a emu yɛ den bɛn na wɔde ma wɔ 1 Korintofo 4:7 a enti ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase?
4 Ɔsomafo Paulo ma yɛn ntease foforo nti a ɛsɛ sɛ nokwaredi ma yɛbrɛ yɛn ho ase. Ose: “Hena na obu sɛ ɛsono wo? Na ɛdɛn na wowɔ a woannya? Na sɛ wunyae a, adɛn na wohoahoa wo ho sɛnea ɛnyɛ onya na wunyae?” (1 Korintofo 4:7) Akyinnye biara nni ho sɛ anuonyam a yɛbɛhwehwɛ ama yɛn ho, yɛn ahonyade, mmɔdenbɔ, ne nneɛma a yetumi yɛ a yɛde bɛhoahoa yɛn ho no renkyerɛ nokwaredi. Nokwaredi boa ma yenya ahonim pa wɔ Onyankopɔn anim, na ɛma yetumi ‘de nokwaredi bɔ yɛn bra wɔ nneɛma nyinaa mu.’—Hebrifo 13:18.
5. Ɔkwan bɛn so na nokwaredi nso bɛboa yɛn bere a yɛafom?
5 Sɛ yedi mfomso a, nokwaredi boa yɛn ma yɛbrɛ yɛn ho ase. Ɛbɛma yɛasiesie yɛn ho yiye sɛ yebegye asodi atom mmom sen sɛ yɛbɛbɔ mmɔden ahwehwɛ anoyi anaa yɛbɛperɛw ato onipa foforo so. Enti, bere a Adam de asodi no too Hawa so no, Dawid amfa asodi anto Bat-Seba so sɛ, ‘Ɛnsɛ sɛ anka oguare wɔ petee mu. Ná mintumi nyɛ tebea no ho hwee.’ (Genesis 3:12; 2 Samuel 11:2-4) Nokwarem no, yebetumi aka sɛ wɔ ɔkwan bi so no, nokwaredi boa yɛn ma yɛbrɛ yɛn ho ase; ɔkwan foforo so no, ahobrɛase boa yɛn ma yedi nokware.
Yehowa mu Gyidi Boa Yɛn ma Yɛbrɛ Yɛn ho Ase
6, 7. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn mu gyidi boa yɛn ma yɛbrɛ yɛn ho ase?
6 Yehowa mu gyidi nso bɛboa yɛn ma yɛabrɛ yɛn ho ase. Sɛnea Ɔbɔadeɛ kɛse, Amansan Hene no te ankasa ho anisɔ a yebenya no bɛboa yɛn na yɛammu yɛn ho sɛ yɛn ho hia dodo. Hwɛ ɔkwampa a odiyifo Yesaia fa so kae yɛn eyi! Yɛkenkan wɔ Yesaia 40:15, 22 sɛ: “Hwɛ, amanaman te sɛ bokiti ho nsukoko a ɛresosɔ, a wobu wɔn sɛ nsenia mu mfutumawa bi. . . . Ɔno na ɔte asase kontonkron so, na ɛsotefo te sɛ mmoadabi.”
7 Yehowa mu gyidi bɛboa yɛn bere a yɛte nka sɛ woasisi yɛn no nso. Sɛ́ anka yɛbɛma asɛm no ahaw yɛn no, yɛde ahobrɛase bɛtwɛn Yehowa sɛnea odwontofo no kae yɛn wɔ Dwom 37:1-3, 8, 9 no. Ɔsomafo Paulo ka asɛm koro no ara: “Adɔfo, munnnidi mo ho were, na mmom munnyaw mma [Onyankopɔn] abufuw! Na wɔakyerɛw sɛ: Me na aweredi wɔ me, me ara metua ka, [Yehowa] na ɔka saa.”—Romafo 12:19.
Ahobrɛase—Ɛyɛ Nyansa Kwan
8. Dɛn nti na ahobrɛase ma yɛne Yehowa nya abusuabɔ pa?
8 Nneɛma pii nti na nyansa wom sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase. Biako ne sɛ, sɛnea yɛadi kan aka no, ɛma yɛne yɛn Bɔfo no nya abusuabɔ pa. Onyankopɔn Asɛm ka no pefee wɔ Mmebusɛm 16:5 sɛ: “Koma mu kwasiarefo nyinaa yɛ [Yehowa] akyide.” Yɛkenkan wɔ Mmebusɛm 16:18 nso sɛ: “Ahantan di ɔsɛe anim, na kwasiare honhom di asehwe kan.” Awiei koraa no ahantanfo kɔ ahohia mu. Saa ara na ɛsɛ sɛ ɛba esiane nea yɛkenkan wɔ 1 Petro 5:5 yi nti: “Mo nyinaa mumfura ahobrɛase, na monsonsom mo ho mo ho, efisɛ Onyankopɔn siw ahantanfo kwan, na ɔdom ahobrɛasefo.” Wubehu asɛm koro no ara wɔ Yesu mfatoho a ɛfa Farisini ne towgyeni bi a na wɔn baanu nyinaa rebɔ mpae ho no mu. Ɛyɛ towgyeni a ɔbrɛ ne ho ase no na wobuu no treneeni kɛse.—Luka 18:9-14.
9. Ɔkwan bɛn so na ahobrɛase boa yɛn wɔ ɔhaw mu?
9 Nyansa wom sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase efisɛ ahobrɛase ma ɛyɛ mmerɛw ma yɛn sɛ yebetie afotu a ɛwɔ Yakobo 4:7 yi: “Enti momfa mo ho nhyɛ Onyankopɔn ase.” Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, yɛrentew atua bere a Yehowa ma kwan ma yehu amane no. Ahobrɛase bɛma yɛapene tebea a yɛwom so na yɛagyina mu. Hwee nsɔ ɔhantanni ani, bere nyinaa ɔhwehwɛ pii, na ɔhaw tebea ahorow mu no, ɔtew atua. Nea ɛbɔ eyi abira no, ɔhobrɛasefo gyina ɔhaw ne sɔhwɛ ahorow ano, sɛnea Hiob yɛe no. Hiob hweree n’ahode nyinaa na ɔyare a ɛyɛ yaw bi bɔɔ no, na afei ne yere mpo tuu no fo sɛ ɔmfa ahantan kwan so, na ɔkae sɛ: “Dome Onyankopɔn, na wu!” Dɛn na ɔyɛe wɔ ho? Bible kyerɛwtohɔ no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ mmea nnyennyentwi no mu bi kasa na wokasa yi. Yɛagye Onyankopɔn hɔ adepa, na adebɔne na yɛrennye anaa? Eyi nyinaa mu no Hiob amfa n’ano anyɛ bɔne.” (Hiob 2:9, 10) Esiane sɛ na Hiob brɛ ne ho ase nti, wantew atua na mmom ofi nyansam gyinaa nea Yehowa maa kwan ma ɛbaa no so biara mu. Na awiei koraa no, wohyiraa no kɛse.—Hiob 42:10-16; Yakobo 5:11.
Ahobrɛase ma Yɛne Afoforo Nya Abusuabɔ Pa
10. Ɔkwan bɛn so na ahobrɛase ma yɛne mfɛfo Kristofo ntam abusuabɔ yɛ yiye?
10 Nyansa wom sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase efisɛ ɛma yɛne mfɛfo Kristofo nya abusuabɔ pa. Ɔsomafo Paulo tu yɛn fo ma ɛfata sɛ: “Munnnwen biribi atutupɛ anaa anuonyamhunupɛ so, na mmom momfa ahobrɛase adwene mmu mo yɔnkonom nkyɛn mo ankasa mo ho. Mommma obiara nnhwɛ ne nko ade, na mmom ɔnhwɛ ne mfɛfo de bi.” (Filipifo 2: 3, 4) Ahobrɛase bɛma yɛde nyansa akwati sɛ yɛne afoforo besi kane anaa yɛbɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛsen afoforo. Adwene a ɛtete saa de nsɛnnennen brɛ yɛne yɛn mfɛfo Kristofo.
11. Dɛn nti na ahobrɛase betumi aboa yɛn ma yɛakwati mfomso ahorow a yɛbɛyɛ?
11 Ahobrɛase bɛma yɛakwati mfomso a yɛbɛyɛ mpɛn pii. Ɔkwan bɛn so na ɛte saa? Efisɛ ahobrɛase remma yɛnnye yɛn ho nni dodo. Mmom no, yɛbɛkyerɛ Paulo afotu a ɛwɔ 1 Korintofo 10:12 no ho anisɔ: “Nea ɛyɛ no sɛ ogyina hɔ no nhwɛ yiye, na wanhwe ase.” Ɔhantanni gye ne ho di dodo, enti esiane afoforo nkɛntɛnso anaa n’ankasa mmerɛwyɛ nti obetumi adi mfomso mpɛn pii.
12. Ahobrɛase bɛka yɛn ma yɛadi Kyerɛwsɛm mu asɛyɛde bɛn ho dwuma?
12 Ahobrɛase bɛboa yɛn ma yɛatumi de yɛn ho ahyɛ afoforo ase sɛnea wɔhwehwɛ wɔ yɛn ho no. Wotu yɛn fo wɔ Efesofo 5:21 sɛ: “Mommrɛbrɛ mo ho ase mma mo ho Kristo suro mu.” So ɛnyɛ nokware sɛ ehia sɛ yɛn nyinaa brɛbrɛ yɛn ho ase hyɛ afoforo ase? Ehia sɛ mmofra brɛ wɔn ho ase hyɛ wɔn awofo ase, ɔyerenom brɛ wɔn ho ase hyɛ wɔn kununom ase, na okununom brɛ wɔn ho ase ma Kristo. (1 Korintofo 11:3; Efesofo 5:22; 6:1) Afei nso, wɔ Kristofo asafo biara mu no, ɛsɛ sɛ obiara, a asomfo no ka ho, brɛ ne ho ase ma mpanyimfo no. So ɛnyɛ nokware nso sɛ mpanyimfo no brɛ wɔn ho ase hyɛ akoa nokwafo kuw no ase, tititiw ma n’ananmusifo ɔmansin sohwɛfo no? Afei nso, ehia sɛ ɔmansin sohwɛfo no brɛ ne ho ase hyɛ ɔmantam sohwɛfo no ase, na ɔmantam sohwɛfo no brɛ ne ho ase hyɛ ɔman a ɔsom wom no Baa Boayikuw no ase. Na Baa Boayikuw no mufo nso ɛ? Ɛsɛ sɛ ‘wɔbrɛbrɛ wɔn ho ase ma wɔn ho wɔn ho’ ne afei Sodikuw no, a wɔyɛ akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no ananmusifo, na ɛsɛ sɛ wɔn nso wobu akontaa ma Yesu Kristo a wɔde no asi so sɛ Ɔhene no. (Mateo 24:45-47) Te sɛ mpanyimfo kuw biara no, ɛsɛ sɛ Sodikuw no mufo kyerɛ obu ma emuni biara nsusuwii. Sɛ́ nhwɛso no, ebia obi besusuw sɛ ɔwɔ adwene bi a eye paa. Nanso sɛ kuw no mufo dodow bi ampene n’adwenkyerɛ no so a, ɛsɛ sɛ ogyae akyidi. Nokwarem no, yɛn nyinaa hia ahobrɛase, efisɛ yɛn nyinaa hyehyɛ afoforo ase.
13, 14. (a) Tebea titiriw bɛn mu na ahobrɛase bɛboa yɛn? (b) Animka a wogye tom ho nhwɛso bɛn na Petro yɛe?
13 Nyansa wɔ ahobrɛaseɛ mu titiriw, efisɛ ahobrɛase ma ɛyɛ mmerɛw sɛ yebegye afotu ne nteɛso atom. Ɛtɔ mmerɛ bi a, yɛn mu biara hia nteɛso, na eye sɛ yebetie afotu a ɛwɔ Mmebusɛm 19:20 yi: “Tie afotu na gye nteɛso, na woahu nyansa w’akyiri nna mu.” Sɛnea wɔaka no yiye no, nteɛso mma ahobrɛasefo nhaw. Afei nso, ɔsomafo Paulo tu yɛn fo wɔ Hebrifo 12:4-11 fa nyansa a ɛwom sɛ yebefi ahobrɛase mu agye ntɛeso atom ho. Saa kwan yi so nkutoo na yebetumi ahwɛ kwan sɛ yɛde nyansa bɛnantew daakye na ama yɛanya daa nkwa akatua no. Hwɛ anigye ara a ɛno bɛyɛ!
14 Wɔ eyi mu no yebetumi atwe adwene asi ɔsomafo Petro nhwɛso no so. Ɔsomafo Paulo kaa n’anim denneennen sɛnea yehu wɔ kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Galatifo 2:14 no: “Na mihui sɛ wɔnnantew tee sɛnea asɛmpa no nokware te no, meka mekyerɛɛ Kefa [Petro] wɔn nyinaa anim sɛ: Sɛ wo a woyɛ Yudani bɔ wo bra sɛ amanaman muni, na ɛnyɛ Yudani a, adɛn na wohyɛ amanaman mufo sɛ wɔnyɛ sɛ Yudafo?” So ɔsomafo Petro maa ɛhaw no? Sɛ ɛhaw no mpo a, wamfa anhyɛ ne mu, sɛnea yetumi hu wɔ nea akyiri yi ɔkaa wɔ 2 Petro 3:15, 16 sɛ “yɛn nua dɔfo Paulo” mu no.
15. Abusuabɔ bɛn na ɛda ahobrɛase a yebenya ne anigye a yebenya ntam?
15 Ade foforo nso ne sɛ ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani sɔ nea yɛwɔ. Yɛn ani ntumi nnye da, gye sɛ yɛn ani sɔ nea yɛwɔ, yɛn hokwan ahorow, ne yɛn nhyira ahorow. Esu a Kristoni a ɔbrɛ ne ho ase nya ne sɛ: “Sɛ Onyankopɔn ma kwan a, metumi agyina mu,” na saa ara na ɔsomafo Paulo ka, sɛnea yɛkenkan wɔ 1 Korintofo 10:13 no: “Ɔsɔhwɛ bi ntoo mo ɛ, gye nea ɛyɛ nnipa de; na Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo a ɔmmma wɔnsɔ mo nhwɛ ntra nea mutumi so, na mmom ɔbɛma ɔkwan a mode befi sɔhwɛ no mu abɛda ho, na moatumi asoa.” Enti yehu sɛ nyansa wom sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase, efisɛ ɛboa yɛn ma yɛn ani gye ɛmfa ho sɛnea yɛn tebea bɛyɛ biara.
Ɔdɔ Bɛboa Yɛn ma Yɛabrɛ Yɛn ho Ase
16, 17. (a) Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso bɛn na esi su a ɛsen biara a ɛbɛboa yɛ ma yɛabrɛ yɛn ho ase so dua? (b) Asɛm a esii bɛn nso na ɛkyerɛkyerɛ asɛm yi mu?
16 Nea ɛsen biara no, ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim, a·gaʹpe, bɛboa yɛn ma yɛabrɛ yɛn ho ase. Dɛn nti na ‘Yesu tumi de ahobrɛase gyinaa asɛndua ho osuahu a Paulo ka ho asɛm kyerɛ Filipifo no ano saa? (Filipifo 2: 5-8) Dɛn nti na wansusuw ho koraa sɛ ɔne Onyankopɔn bɛyɛ pɛ? Efisɛ, sɛnea n’ankasa kae no: “Medɔ agya no.” (Yohane 14:31) Ɛno nti na bere nyinaa ɔde anuonyam ne nidi maa Yehowa, ne soro Agya no. Enti, bere foforo bi no, osii so dua sɛ ne soro Agya no nkutoo na ɔyɛ papa.—Luka 18:18, 19.
17 Asɛm bi a esii wɔ Amerika tete anwensɛm akyerɛwfo no biako a wɔfrɛ no John Greenleaf Whittier asetram no kyerɛkyerɛ saa asɛm no mu. Ná abarima yi wɔ adamfo abeawa bi a ɔdɔ no bere a ɔyɛ abofra no, na bere bi a ɔne no resi kane wɔ sɛnea wɔkyerɛw nsɛmfua mu no, abeawa no kyerɛw asɛmfua bi yiye, na ɔno de otii. Ɛhaw abeawa no yiye. Dɛn ntia? Sɛnea anwensɛm kyerɛwfo no kae no, abeawa no kae sɛ: “Ɛyɛ me yaw sɛ mekyerɛw saa asɛm no yiye. Mempɛ sɛ mekɔ m’anim asen wo . . . efisɛ, medɔ wo.” Yiw, sɛ yɛdɔ obi a, yɛbɛpɛ sɛ onii no kɔ n’anim sen yɛn, na ɛnyɛ sɛ ɔbɛba fam, efisɛ ɔdɔ brɛ ne ho ase.
18. Ahobrɛase bɛboa yɛn ma yɛatie Kyerɛwnsɛm mu afotu bɛn?
18 Eyi yɛ ade pa a ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa sua, titiriw anuanom mmarima. Sɛ ɛba sɛ yɛannya ɔsom hokwan titiriw bi na yɛn nua bi nya a, so yɛn ani begye, anaasɛ yɛbɛyɛ ho ahoɔyaw? Sɛ yɛdɔ yɛn nua no ankasa a, yɛn ani begye sɛ onyaa dwumadi titiriw anaa ɔsom hokwan no. Yiw, ahobrɛase bɛma ayɛ mmerɛw sɛ yebetie afotu yi: “Munni kan nnidi mo ho ni.” (Romafo 12:10) Nkyerɛase foforo bi kenkan sɛ: “Munnidi mo ho mo ho ni nsen mo ho.” (New International Version) Afei nso, ɔsomafo Paulo tu yɛn fo sɛ: “Momfa ɔdɔ so nsonsom mo ho!” (Galatifo 5:13) Yiw, sɛ yɛwɔ ɔdɔ a, ɛbɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛbɛsom yɛn nuanom, ayɛ nkoa ama wɔn, na yɛde wɔn ahiade ahorow ne wɔn yiyedi adi yɛn de anim, adeyɛ a egye ahobrɛase. Ahobrɛase nso bɛma yɛakwati ahohoahoa na amma yɛankanyan ahoɔyaw honhom wɔ afoforo mu. Paulo kyerɛwee sɛ “ɔdɔ nyɛ ahoahoa, ɛnhoran.” Dɛn nti na ɛnyɛ saa? Efisɛ pɛsɛmenkominya ne ahopɛ na ɛde ahohoahoa ne ahomaso ba, na ɔdɔ titiriw na ɛma yesusuw afoforo ho.—1 Korintofo 13:4.
19. Bible mu nhwɛso ahorow bɛn na ɛkyerɛ sɛ ahobrɛase ne ɔdɔ wɔ abusuabɔ kɛse sɛnea ahantan ne pɛsɛmenkominya wɔ no?
19 Dawid ne Ɔhene Saul ne ne ba Yonatan ntam abusuabɔ no yɛ nhwɛso fɛfɛ a ɛkyerɛ sɛnea ɔdɔ ne ahobrɛase wɔ abusuabɔ kɛse ne sɛnea ahantan ne pɛsɛmenkominya nso wɔ abusuabɔ kɛse no. Esiane sɛ Dawid dii nkonim wɔ akodi mu nti, Israelfo mmea no too dwom sɛ: “Saul akum n’apem, na Dawid akum ne pedu.” (1 Samuel 18:7) Esiane sɛ Saul ammrɛ ne ho ase koraa, na ahantan hyɛɛ no so nti, efi saa bere no, onyaa Dawid ho tan pɛe sɛ okum no. Hwɛ sɛnea saa honhom yi bɔ nea na ne ba Yonatan wɔ no abira! Yɛkenkan sɛ na Yonatan dɔ Dawid sɛ n’ankasa ne kra. (1 Samuel 18:1) Enti dɛn na Yonatan yɛe bere a nsɛm a esisii daa no adi sɛ na Yehowa rehyira Dawid, na na ɔno mmom na obedi Saul ade sɛ Israel hene na ɛnyɛ ɔno Yonatan no? So Yonatan nyaa ahoɔyaw su? Dabida! Esiane sɛ na ɔdɔ Dawid kɛse nti, otumi kaa nea yɛkenkan wɔ 1 Samuel 23:17 yi: “Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, na m’agya Saul nsa renka wo, na wo na wubedi Israel so hene, na mayɛ w’adiakyiri; na m’agya Saul nso nim saa.” Ɔdɔ kɛse a Yonatan wɔ ma Dawid no nti ɔde ahobrɛase penee nea ohui sɛ ɛyɛ Onyankopɔn apɛde defa nea obedi ne papa ade sɛ Israel hene ho no so.
20. Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛe abusuabɔ kɛse a ɛda ɔdɔ ne ahobrɛase ntam?
20 Nea esi abusuabɔ a ɛda ahobrɛase ne ɔdɔ ntam so dua bio ne asɛm a esii bere a na Yesu Kristo ne n’asomafo no wɔ hɔ anadwo a etwa to ansa na ɔrewu no. Yɛkenkan wɔ Yohane 13:1 sɛ Yesu, a “ɔdɔɔ n’ankasa ne de a wɔwɔ wiase no, ɔdɔɔ wɔn kosii ase.” Wɔ ɛno akyi no, yɛkenkan sɛ, Yesu hohoroo n’asomafo no nan ho, te sɛ akoa a ɔba fam. Ahobrɛase ho nhwɛso kɛse bɛn ara ni!—Yohane 13:1-11.
21. Sɛ yɛbɛbɔ no mua a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase?
21 Nokwarem no, ntease pii wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase. Yɛn ho ase a yɛbɛbrɛ no teɛ, na ɛda nokwaredi adi. Ɛkyerɛ gyidi. Ɛma yɛne Yehowa Nyankopɔn ne yɛn mfɛfo gyidifo nya abusuabɔ pa. Nyansa wom. Nea ɛsen biara no, ɛkyerɛ ɔdɔ na ‘ɛde nokware anigye brɛ yɛn.
Wubebua Dɛn?
◻ Akwan bɛn so na nokwaredi boa yɛn ma yɛbrɛ yɛn ho ase?
◻ Dɛn nti na Yehowa mu gyidi betumi aboa yɛn ma yɛabrɛ yɛn ho ase?
◻ Dɛn na ɛkyerɛ sɛ nyansa wom sɛ yɛbɛbrɛ yɛn ho ase?
◻ Dɛn nti na ɔdɔ titiriw boa yɛn ma yɛbrɛ yɛn ho ase?
[Mfonini wɔ kratafa 21]
Hiob fi ahobrɛase mu de ne ho hyɛɛ Yehowa ase. ‘Wannome Onyankopɔn anwu’
[Mfonini wɔ kratafa 23]
Bere a Paulo kaa Petro anim wɔ baguam no, ɔde ahobrɛase gye toom