Yehowa Yi N’anuonyam Adi Kyerɛ Ahobrɛasefo
“Nea edi ahobrɛase ne [Yehowa, NW] suro akyi ne ahonyade ne anuonyam ne nkwa.”—MMEBUSƐM 22:4.
1, 2. (a) Ɔkwan bɛn so na Asomafo no Nnwuma nhoma no da no adi sɛ na Stefano yɛ “ɔbarima a gyidi ne Honhon Kronkron ayɛ no ma”? (b) Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ na Stefano yɛ ɔhobrɛasefo?
NÁ Stefano yɛ “ɔbarima a Honhon Kronkron ayɛ no ma.” Bio nso, na “gyidi ne tumi ayɛ no ma.” Sɛ́ Yesu akyidifo a wodi kan no mu biako no, na ɔreyɛ anwonwade ne nsɛnkyerɛnne akɛse wɔ ɔman no mu. Da bi, mmarima bi sɔree sɛ wɔne no begye akyinnye, nanso “wɔantumi annyina nyansa ne honhom a ɔde kasae no ano.” (Asomafo no Nnwuma 6:5, 8-10) Akyinnye biara nni ho sɛ na Stefano de nsiyɛ sua Onyankopɔn Asɛm no ma enti otumi fii ahokokwaw mu kaa ho asɛm wɔ ne bere so Yudafo nyamesom akannifo no anim. Adanse a odii no fefeefe a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Asomafo no Nnwuma ti 7 no ma yehu anigye kɛse a na ɔwɔ wɔ Onyankopɔn atirimpɔw a na wɔreda no adi nkakrankakra no ho no.
2 Esiane sɛ na Stefano nte sɛ nyamesom akannifo a na wɔn dibea ne wɔn nimdeɛ ama wɔte nka sɛ wɔkorɔn sen nnipa a wɔba fam no nti, na ɔbrɛ ne ho ase. (Mateo 23:2-7; Yohane 7:49) Ɛwom sɛ na onim Kyerɛwnsɛm no yiye de, nanso n’ani sɔe kɛse sɛ wɔka kyerɛɛ no sɛ ‘ɔnkɔsom anaa ɔnkɔkyekyɛ aduan wɔ apon so’ sɛnea ɛbɛyɛ a asomafo no benya bere ama ‘mpaebɔ ne asɛm no mu som.’ Na anuanom no bɔ Stefano din pa, enti wɔpaw no kaa mmarima baason a na wɔwɔ din pa a woyii wɔn sɛ wɔnhwɛ nkyekyɛ aduan no ho. Ɔde ahobrɛase gyee adwuma no toom.—Asomafo no Nnwuma 6:1-6.
3. Onyankopɔn adom a ɛkyɛn so bɛn na woyii no adi kyerɛɛ Stefano?
3 Yehowa ammu n’ani angu ahobrɛase a Stefano daa no adi, ne mudi, ne n’ani a na egye nneɛma a ɛfa Onyankopɔn som ho no so. Bere a na Stefano redi adanse wɔ Yuda akannifo anuɔdenfo no anim wɔ Sanhedrin hɔ no, n’atamfo no hui sɛ “n’anim te sɛ ɔbɔfo anim.” (Asomafo no Nnwuma 6:15) N’animdua bɛyɛɛ te sɛ Onyankopɔn bɔfo, maa no nyaa asomdwoe a efi Yehowa, anuonyam Nyankopɔn no, nkyɛn. Bere a Stefano fi akokoduru mu dii Sanhedrin no mufo adanse wiei no, wɔdaa Onyankopɔn dom adi kyerɛɛ no wɔ ɔkwan a na ɛda nsow koraa so. “Ɔno de, na Honhom Kronkron ayɛ no ma, na ɔhwɛɛ ɔsoro dinn huu Onyankopɔn anuonyam ne Yesu sɛ ogyina Onyankopɔn nifa.” (Asomafo no Nnwuma 7:55) Wɔ Stefano fam no, saa anisoadehu nwonwaso yi sii so dua ma ohuu Yesu gyinabea sɛ ɔne Onyankopɔn Ba ne Mesia no ampa. Eyi hyɛɛ ɔhobrɛasefo Stefano den maa no nyaa ahotoso sɛ wanya Yehowa anim dom.
4. Henanom na Yehowa da n’anuonyam adi kyerɛ wɔn?
4 Sɛnea ɛda adi wɔ Stefano anisoadehu no mu no, ɛyɛ ahobrɛasefo a wosuro Onyankopɔn na wɔkyerɛ wɔne ne ntam abusuabɔ ho anisɔ no na Yehowa da n’anuonyam ne n’atirimpɔw adi kyerɛ wɔn. Bible no ka sɛ: “Nea edi ahobrɛase ne [Yehowa, NW] suro akyi ne ahonyade ne anuonyam ne nkwa.” (Mmebusɛm 22:4) Ɛno nti, ɛho hia sɛ yɛte nea ahobrɛase kyerɛ ankasa no ase, na yehu sɛnea yebetumi anya saa su a ɛho hia yi, ne mfaso a yenya bere a yɛda no adi wɔ yɛn asetra afã nyinaa mu no.
Ahobrɛase—Ɛyɛ Su Pa
5, 6. (a) Dɛn ne ahobrɛase? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa ada ahobrɛase adi? (d) Ɛsɛ sɛ ahobrɛase a Yehowa da no adi no ka yɛn dɛn?
5 Ebia ɛbɛyɛ ebinom nwonwa sɛ wɔbɛte sɛ Yehowa, Onyankopɔn a ɔwɔ tumi ne anuonyam sen biara wɔ amansan no mu no yɛ ahobrɛase ho nhwɛsofo a ɔsen biara. Ɔhene Dawid ka faa Yehowa ho sɛ: “Ɔwo edze wo nkwagye kyɛm no so ama me: na wo nsa enyimfa esuo mo mu, Na w’ahobradze ama mayɛ kɛse.” (Dwom 18:35, Fante Bible) Bere a Dawid reka Yehowa ho asɛm sɛ ɔbrɛ ne ho ase no, na ɔde tete Hebri asɛmfua a ɛkyerɛ sɛ “wobɛbɔ wo mu ase” na ɛredi dwuma. Wɔ “ahobrɛase” akyi no, nsɛm a ɛne saa Hebri asɛmfua no wɔ abusuabɔ ne “sɛ wubedwo,” ne “sɛ wobɛba fam.” Enti bere a Yehowa bɔɔ ne mu ase ne Dawid a ɔnyɛ pɛ benyaa nkitahodi de no dii dwuma sɛ Ne hene a osi n’ananmu no, na ɛyɛ ahobrɛase a ɔreda no adi. Sɛnea Dwom 18 atifi hɔ asɛm no kyerɛ no, Yehowa bɔɔ Dawid ho ban “gyee no n’atamfo nyinaa ne Saul nsam.” Dawid nso hui sɛ, sɛ́ ɔhene no, na kɛseyɛ anaa anuonyam biara a obenya no befi ahobrɛase mu a Yehowa befi aboa no no mu. Eyi a Dawid hui no maa ɔkɔɔ so brɛɛ ne ho ase.
6 Na yɛn nso ɛ? Yehowa abu no sɛ ɛfata sɛ ɔkyerɛkyerɛ yɛn nokware no, na ebi mpo a ɔnam n’ahyehyɛde no so ama yɛanya ɔsom hokwan soronko bi anaa ebia ɔde yɛn adi dwuma wɔ ɔkwan bi so ama n’atirimpɔw abam. Ɛsɛ sɛ yɛte nka dɛn wɔ eyinom nyinaa ho? So ɛnsɛ sɛ ɛma yɛbrɛ yɛn ho ase? So ɛnsɛ sɛ yɛda Yehowa ase wɔ ahobrɛase a ɔda no adi no ho na yɛkwati ahantan a akyinnye biara nni ho sɛ ɛde yɛn bɛkɔ ɔsɛe mu no?—Mmebusɛm 16:18; 29:23.
7, 8. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa daa ahobrɛase adi wɔ sɛnea ɔne Manase dii no mu? (b) Ɔkwan bɛn so na Yehowa ne Manase yɛ nhwɛso ma yɛn wɔ ahobrɛase a yɛda no adi ho?
7 Ɛnyɛ ahobrɛase kɛse nko na Yehowa ada no adi wɔ sɛnea ɔne nnipa a wɔnyɛ pɛ di no mu, na mmom wada no adi sɛ ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛda mmɔborohunu adi akyerɛ wɔn a wodwo na mpo wama ahobrɛasefo so. (Dwom 113:4-7) Sɛ nhwɛso no, susuw Yudafo hene Manase ho hwɛ. Ɔde hokwan a onyae sɛ ɔhene no dii dwuma ɔkwammɔne so de hyɛɛ abosonsom ho nkuran, na “ɔyɛɛ [Yehowa, NW] ani so bɔne bebree pa de huruu ne bo.” (2 Beresosɛm 33:6) Akyiri yi, Yehowa maa Asiria hene tuu Manase fii n’ahengua so de twee n’aso. Bere a na Manase da afiase no, “ɔhwehwɛɛ [Yehowa, NW] ne Nyankopɔn, na ɔbrɛɛ ne ho ase pii” ma enti Yehowa maa wɔsan de no baa Yerusalem ma wɔde n’ahenni maa no bio. Eyi maa Manase “hui sɛ [Yehowa, NW] ne Nyankopɔn.” (2 Beresosɛm 33:11-13) Yiw, ahobrɛase a Manase daa no adi no sɔɔ Yehowa ani na ɔno nso daa ahobrɛase adi denam ne bɔne a ɔde kyɛɛ no na ɔma wɔsan de n’ahenni maa no no so.
8 Yenya ahobrɛase ho asuade bi a mfaso wɔ so fi ɔpɛ a Yehowa nyae sɛ ɔde Manase a na wanu ne ho bɔne bɛkyɛ no no mu. Ɛsɛ sɛ yɛkae bere nyinaa sɛ sɛnea yɛne wɔn a ebia wɔafom yɛn bedi ne su a yɛda no adi bere a yɛayɛ bɔne no betumi aka ɔkwan a Yehowa bɛfa so ne yɛn adi nsɛm no. Sɛ yefi yɛn pɛ mu de afoforo mfomso kyɛ wɔn na yɛde ahobrɛase gye yɛn mfomso tom a, yebetumi ahwɛ kwan sɛ Yehowa bɛda mmɔborohunu adi akyerɛ yɛn.—Mateo 5:23, 24; 6:12.
Woyi Onyankopɔn Anuonyam Adi Kyerɛ Ahobrɛasefo
9. So ahobrɛase kyerɛ mmerɛwyɛ? Kyerɛkyerɛ mu.
9 Ɛnsɛ sɛ yɛte nka sɛ, sɛ obi wɔ ahobrɛase ne su afoforo a ɛne no wɔ abusuabɔ no a, ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ mmerɛw na ɔbɛpene bɔneyɛ so. Sɛnea Kyerɛw Kronkron no ma yehu no, Yehowa brɛ ne ho ase, nanso sɛ tebea no hwehwɛ sɛ ɔda abufuw a ɛyɛ ne kwan so ne ne tumi kɛse adi a, ɔyɛ saa. Esiane Yehowa ahobrɛase nti, osusuw wɔn a wodwo ho yiye nanso ɔtwe ne ho fi ahantanfo ho. (Dwom 138:6) Ɔkwan bɛn na Yehowa afa so ada no adi sɛ osusuw ne nkoa ahobrɛasefo ho ankasa?
10. Sɛnea wɔada no adi wɔ 1 Korintofo 2:6-10, dɛn na Yehowa yi no adi kyerɛ ahobrɛasefo?
10 Yehowa ayi ɔkwan a ɔnam so bɛma n’atirimpɔw abam adi akyerɛ ahobrɛasefo wɔ ne bere a wahyɛ mu, na ɔnam n’ahyehyɛde a ɔnam so ne yɛn di nkitaho no so yɛ saa nso. Nanso anuonyam a ɛte saa no da so ara ahintaw wɔn a wofi ahantan mu anaa wopirim wɔn koma de wɔn ho to nnipa nyansa so no. (1 Korintofo 2:6-10) Esiane sɛ ahobrɛasefo abɛte Yehowa atirimpɔw ase na wɔn ani sɔ n’anuonyam kɛse no yiye nti, woyi Yehowa ayɛ daa.
11. Wɔ afeha a edi kan no mu no, dɛn na ebinom yɛe de kyerɛe sɛ wonni ahobrɛase, na ɔkwan bɛn so na ɛno yɛɛ asiane kɛse maa wɔn?
11 Wɔ afeha a edi kan no mu no, nnipa pii a na wɔn mu binom kyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo anna ahobrɛase adi ma enti Onyankopɔn atirimpɔw a ɔsomafo Paulo yii no adi kyerɛɛ wɔn no too wɔn hintidua. Ɛnyɛ ɔman a na Paulo fi mu, ne nhomasua, mfe a na wadi anaa mfe pii a na ɔde ayɛ nnwuma pa no nti na ɛma ɔbɛyɛɛ “amanaman mu somafo.” (Romafo 11:13) Mpɛn pii no, wɔn a wodwen honam adwene no te nka sɛ nneɛma a ɛtete saa na ɛma yehu nea ɛsɛ sɛ Yehowa de no di dwuma. (1 Korintofo 1:26-29; 3:1; Kolosefo 2:18) Nanso, ɛyɛ Yehowa adɔe ne n’atirimpɔw a ɛteɛ nti na ɔpaw Paulo. (1 Korintofo 15:8-10) Wɔn a Paulo frɛɛ wɔn sɛ “asomafo atitiriw” no ne asɔretiafo afoforo annye Paulo ne nea ɔne wɔn susuw ho fii Kyerɛwnsɛm no mu no antom. Ahobrɛase a wɔanna no adi no amma wɔannya sɛnea Yehowa da n’atirimpɔw adi anuonyam mu no ho nimdeɛ ne ntease. Ɛmmra sɛ yɛremmu wɔn a Yehowa paw wɔn de di n’atirimpɔw ho dwuma no abomfiaa anaa animtiaa da.—2 Korintofo 11:4-6.
12. Ɔkwan bɛn so na Mose nhwɛso no da no adi sɛ Yehowa dom ahobrɛasefo?
12 Nea ɛne eyi bɔ abira no, nhwɛso ahorow pii wɔ Bible no mu a ɛma yehu sɛnea wɔma ahobrɛasefo hu Onyankopɔn anuonyam. Mose, ɔbarima a “odwo pii sen” nnipa nyinaa no huu Onyankopɔn anuonyam, na ɔne Onyankopɔn nyaa abusuabɔ a na emu yɛ den nso. (Numeri 12:3) Akyinnye biara nni ho sɛ saa ɔbarima yi a ɔde mfirihyia 40 mu fã kɛse no yɛɛ adwuma sɛ oguanhwɛfo a ɔba fam wɔ Arabia Supɔw no so no nyaa Ɔbɔadeɛ no anim dom ankasa. (Exodus 6:12, 30) Ɛdenam Yehowa mmoa so no, Mose bɛyɛɛ Israel man no kasamafo ne kannifo. Onyaa hokwan ne Onyankopɔn dii nkitaho ano ne ano. Ohuu “[Yehowa, NW] suban” wɔ anisoadehu mu. (Numeri 12:7, 8; Exodus 24:10, 11) Wohyiraa wɔn a wogyee saa ɔsomfo ɔhobrɛasefo ne Onyankopɔn nanmusifo yi toom no. Saa ara na sɛ yɛn nso yegye Yesu, odiyifo a ɔyɛ kɛse sen Mose, ne “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” a wapaw no no tom a, wobehyira yɛn.—Mateo 24:45, 46; Asomafo no Nnwuma 3:22.
13. Ɔkwan bɛn so na woyii Yehowa anuonyam adi kyerɛɛ nguanhwɛfo ahobrɛasefo bi wɔ afeha a edi kan no mu?
13 Henanom na woyii ‘Yehowa anuonyam’ adi kyerɛɛ wɔn bere a wɔnam ɔbɔfo so de amanneɛbɔ a ɛfa “agyenkwa a ɔne Kristo no, Awurade,” awo ho asɛmpa too gua no? Ɛnyɛ nyamesom akannifo ahantanfo no anaa nnipa atitiriw bi, na mmom ɛyɛ nguanhwɛfo a wɔba fam a na ‘wɔda wuram rewɛn wɔn nguankuw anadwo’ na woyii no adi kyerɛɛ wɔn. (Luka 2:8-11) Na saa nkurɔfo yi nyɛ nnipa a wobu wɔn ne wɔn adwuma no. Nanso, ɛyɛ wɔn na Yehowa tee nka sɛ ɛfata sɛ ɔpaw wɔn na ɔka Mesia awo no ho asɛm kyerɛ wɔn kan. Yiw, Yehowa da n’anuonyam adi kyerɛ ahobrɛasefo a wosuro Onyankopɔn.
14. Onyankopɔn nhyira bɛn na ahobrɛasefo nya?
14 Dɛn na saa nhwɛso ahorow yi ma yehu? Ɛma yehu sɛ Yehowa dom ahobrɛasefo na ɔma wonya n’atirimpɔw ho nimdeɛ ne ntease. Ɔpaw ankorankoro bi a ebetumi aba sɛ wɔ nnipa fam no wɔmfata, na ɔnam saafo no so da n’atirimpɔw a anuonyam wom adi. Ɛsɛ sɛ eyi kanyan yɛn ma yɛkɔ so hwehwɛ akwankyerɛ fi Yehowa, ne nkɔmhyɛ Asɛm no, ne n’ahyehyɛde no hɔ. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛkɔ so ada nea ɛfa n’atirimpɔw a anuonyam wom a ɛrenya mmamu ho no adi akyerɛ ne nkoa ahobrɛasefo. Odiyifo Amos kae sɛ: “[Yehowa, NW] Nyankopɔn renyɛ biribi gye sɛ wayi n’agyina adi akyerɛ ne nkoa adiyifo no ansa.”—Amos 3:7.
Brɛ Wo Ho Ase na Nya Onyankopɔn Anim Dom
15. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛyere yɛn ho kura yɛn ahobrɛase mu, na ɔkwan bɛn so na eyi da adi wɔ Israel hene Saul asɛm no mu?
15 Sɛ yebenya Onyankopɔn anim dom daa a, ɛho hia sɛ yɛkɔ so brɛ yɛn ho ase. Sɛ obi yɛ ɔhobrɛasefo nnɛ a, ɛnkyerɛ da sɛ ɔbɛkɔ so abrɛ ne ho ase daa. Obi a ɔyɛ ɔhobrɛasefo betumi abɛyɛ obi a ɔhoahoa ne ho anaa ɔma ne ho so, su a ɛne ahantan ne animguase na ɛnam. Saa pɛpɛɛpɛ na Saul, Israel hene a odi kan a na wɔasra no no yɛe. Bere a wosii no hene no, na ‘ɔyɛ n’ankasa aniso ketewa.’ (1 Samuel 15:17) Nanso bere a odii ade mfe abien pɛ no, ɔyɛɛ ade ahantan so. Obuu n’ani guu nhyehyɛe a na Yehowa ayɛ sɛ wɔmfa odiyifo Samuel so mmɔ afɔre no so, na ɔkekaa atosɛm de yii ne ho ano wɔ nea ɔyɛe no ho. (1 Samuel 13:1, 8-14) Eyi ne nneɛma ahorow a na ɛbɛda no adi ampa ara sɛ ɔyɛ ɔhantanfo no mfiase. Nea efii mu bae ne Onyankopɔn honhom ne n’adom a woyi fii ne so a akyiri yi koraa no ɛmaa ogyee n’animguase wu no. (1 Samuel 15:3-19, 26; 28:6; 31:4) Asuade a ɛwɔ eyi mu no mu da hɔ pefee: Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho kura yɛn ahobrɛase mu na yɛka biribiara a ɛbɛma yɛate nka sɛ yɛsom bo sen afoforo no hyɛ, na amma yɛamfi ahantan mu anyɛ ade biara a ɛbɛma yɛahwere Yehowa anim dom.
16. Ɔkwan bɛn so na yɛne Yehowa ne yɛn yɔnko nnipa ntam abusuabɔ a yebesusuw ho no betumi aboa yɛn ma yɛabrɛ yɛn ho ase?
16 Ɛwom sɛ ahobrɛase nka Onyankopɔn honhom aba no ho de, nanso ɛyɛ su pa a ɛsɛ sɛ yenya. (Galatifo 5:22, 23; Kolosefo 3:10, 12) Esiane sɛ ahobrɛase yɛ su a ɛwɔ yɛn mu—sɛnea obi bu ne ho ne nnipa afoforo—nti, ɛhwehwɛ sɛ yefi yɛn pɛ mu da no adi. Yɛne Yehowa ne yɛn yɔnko nnipa ntam abusuabɔ a yebesusuw ho akɔ akyiri no betumi aboa yɛn ma yɛakɔ so abrɛ yɛn ho ase. Wɔ Onyankopɔn ani so no, nnipa a wɔnyɛ pɛ nyinaa te sɛ sare momono a enyin kakraa a na aguan no. Nnipa nyinaa te sɛ mmɛbɛ wɔ n’ani so. (Yesaia 40:6, 7, 22, NW) So sare ahaban biako betumi ahoahoa ne ho esiane sɛ ɛware sen nea aka no kakra nti? So abɛbɛ bi betumi anya biribi agyina so ahoahoa ne ho esiane sɛ otumi huruw kɔ n’anim kakra sen mmɛbɛ a aka no nti? Ntease nnim koraa sɛ yebenya adwene a ɛte saa. Ɛno nti, ɔsomafo Paulo kaee ne mfɛfo Kristofo sɛ: “Hena na obu sɛ ɛsono wo? Na ɛdɛn na wowɔ a woannya? Na sɛ wunyae a, adɛn na wohoahoa wo ho sɛnea ɛnyɛ onya na wunyae.” (1 Korintofo 4:7) Bible mu nsɛm te sɛ eyinom a yebesusuw ho yiye no bɛboa yɛn ma yɛasua ahobrɛase na yɛada no adi.
17. Dɛn na ɛboaa odiyifo Daniel ma onyaa ahobrɛase, na dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛayɛ saa?
17 Esiane Hebrini diyifo Daniel ‘ahobrɛase’ nti, wɔkaa ne ho asɛm sɛ “ɔdɔfo” anaa nea Onyankopɔn pɛ n’asɛm paa. (Daniel 10:11, 12) Dɛn na ɛboaa Daniel ma onyaa ahobrɛase? Nea edi kan koraa no, ɔde ne ho too Yehowa so korakora, na na daa ɔkɔ n’anim wɔ mpaebɔ mu. (Daniel 6:10, 11) Bio nso, na Daniel de nsiyɛ ne komapa sua Onyankopɔn Asɛm no, na ɛno boaa no ma otumi de n’ani sii Onyankopɔn atirimpɔw a anuonyam wom no so daa. Afei nso, ɛnyɛ ne manfo mfomso nko na ogye toom na mmom na ɔwɔ ɔpɛ nso sɛ obegye n’ankasa sintɔ ahorow atom. Na Onyankopɔn trenee a nkurɔfo behu no ho hia no paa sen n’ankasa de. (Daniel 9:2, 5, 7) So yebetumi asua biribi afi Daniel nhwɛso a ɛda nsow no mu na ama yɛabɔ mmɔden anya ahobrɛase na yɛada no adi wɔ biribiara a yɛyɛ mu?
18. Anuonyam bɛn na wɔn a wɔda ahobrɛase adi nnɛ no benya?
18 Mmebusɛm 22:4 ka sɛ: “Nea edi ahobrɛase ne [Yehowa, NW] suro akyi ne ahonyade ne anuonyam ne nkwa.” Yiw, Yehowa dom ahobrɛasefo, na ɔde anuonyam ne nkwa hyira wɔn. Bere a ɛkaa kakraa bi na anka odwontofo Asaf regyae Onyankopɔn som adwuma na akyiri yi Yehowa twee n’adwene baa ne ho so no, ofi ahobrɛase mu gye toom sɛ: “Wonam w’atirimpɔw so kyerɛkyerɛ me kwan, na akyiri no, woagye me akɔ anuonyam mu.” (Dwom 73:24) Na nnɛ nso ɛ? Anuonyam bɛn na wɔn a wɔda ahobrɛase adi no benya? Nea ɛka ɔdom ne abusuabɔ a nhyira wom a wɔne Yehowa benya ho no, wobetumi ahwɛ kwan sɛ wobehu asɛm a Onyankopɔn nam Ɔhene Dawid so kae yi mmamu: “Ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.” Ɛyɛ akwanhwɛ a anigye wom ankasa!—Dwom 37:11.
So Wokae?
• Ɔkwan bɛn so na Stefano yɛ ahobrɛasefo a Yehowa yii N’anuonyam kyerɛɛ wɔn no ho nhwɛso?
• Akwan bɛn so na Yehowa Nyankopɔn ada ahobrɛase adi?
• Nhwɛso ahorow bɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa yi n’anuonyam adi kyerɛ ahobrɛasefo?
• Ɔkwan bɛn so na Daniel nhwɛso no betumi aboa yɛn ma yɛanya ahobrɛase?
[Adaka wɔ kratafa 12]
Na Ɔyɛ Den Nanso na Ɔwɔ Ahobrɛase
Wɔ Bible Asuafo (seesei wɔfrɛ wɔn Yehowa Adansefo) nhyiam bi a wɔyɛe wɔ afe 1919 mu wɔ Cedar Point, Ohio, U.S.A. ase no, J. F. Rutherford a saa bere no na wadi mfirihyia 50 a na ɔhwɛ adwuma no so no tuu ne ho mae som sɛ obi a ɔsoasoa nhyiamfo bag kyerɛ wɔn kwan kɔ wɔn adan mu. Wɔ nhyiam no da a etwa to no, nnipadɔm 7,000 de anigye wɛn wɔn aso tiee Onua Rutherford anigye so, bere a ɔkaa nsɛm a edi so yi no: “Moyɛ ahene mu Hene ne awura mu Awurade no ahemmɔfo a moreka yɛn Awurade . . . anuonyam ahenni no ho asɛm akyerɛ nkurɔfo.” Ɛwom sɛ na wonim Onua Rutherford sɛ obi a ɔyɛ den wɔ gyidi mu na ɔde akokoduru ka nneɛma a ogye di sɛ ɛyɛ nokware ho asɛm a nea afoforo ka mma onnyae nea onim sɛ ɛyɛ nokware no mu de, nanso na ɔyɛ obi a ɔbrɛ ne ho ase ankasa wɔ Onyankopɔn anim. Na wɔtaa hu eyi titiriw wɔ ne mpaebɔ mu bere a Betel abusua no ahyia anɔpa resusuw daa asɛm ho no.
[Mfonini wɔ kratafa 9]
Stefano a na onim Kyerɛwnsɛm no yiye no brɛɛ ne ho ase kyekyɛɛ aduan
[Mfonini wɔ kratafa 10]
Ahobrɛase a Manase daa no adi no sɔɔ Yehowa ani
[Mfonini wɔ kratafa 12]
Dɛn na ɛmaa Daniel bɛyɛɛ “ɔdɔfo” anaa nea na wɔpɛ n’asɛm paa?