Yehowa Di Tumi—Denam Teokrase So
“[Yehowa] di hene daa.”—DWOM 146:10.
1, 2. (a) Dɛn nti na mmɔden a nnipa abɔ wɔ nniso mu adi huammɔ? (b) Nniso bɛn nkutoo na ayɛ yiye ankasa?
EFI Nimrod bere so na nnipa asɔ akwan horow pii a wɔde di adesamma abusua so ahwɛ. Wɔasɔ kankabi, katabaako, ne dodow amammu ahorow ahwɛ. Yehowa ama ne nyinaa ho kwan. Nokwarem no, esiane sɛ Onyankopɔn ne tumi nyinaa Wura nti, ɔno na ɔde sodifo ahorow no asisi wɔn sɛso gyinabea wɔ ɔkwan bi so. (Romafo 13:1) Nanso, nniso a nnipa asɔ ahwɛ nyinaa adi nkogu. Onipa sodifo biara ntumi nnyaa ɔman a asomdwoe ne trenee tra mu kyɛ. Mpɛn pii no, “onipa di onipa so tumi ma ɛdan no bɔne.”—Ɔsɛnkafo 8:9.
2 So ɛsɛ sɛ eyi yɛ yɛn nwonwa? Dabida! Wanyɛ onipa a ɔtɔ sin sɛ onni ne ho so. “Onipa kwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” (Yeremia 10:23) Ɛno nti na wɔ nnipa abakɔsɛm nyinaa mu no, nniso biako pɛ na atumi ayɛ yiye ankasa no. Ɛno ne nea ɛwɔ he? Teokrase nniso a Yehowa Nyankopɔn di so no. Wɔ Hela kasa a wɔde kyerɛw Bible no mu no, “teokrase” kyerɛ Onyankopɔn [the·osʹ] nniso [kraʹtos]. Nniso bɛn na ɛbɛyɛ papa asen Yehowa Nyankopɔn ankasa de?—Dwom 146:10.
3. Tete nhwɛso ahorow a ɛkyerɛ sɛ na teokrase wɔ asase so no bi ne nea ɛwɔ he?
3 Teokrase nniso dii tumi bere tiaa bi wɔ Eden kosii sɛ Adam ne Hawa tew atua tiaa Yehowa. (Genesis 3:1-6, 23) Wɔ Abraham bere so no, ɛda adi sɛ na teokrase bi wɔ Salem kurow mu, na Melkisedek na na ɔyɛ ɔhene ne ɔsɔfo. (Genesis 14:18-20; Hebrifo 7:1-3) Nanso, wɔde ɔman teokrase a Yehowa Nyankopɔn di so sii hɔ nea edi kan wɔ afeha a ɛto so 16 A.Y.B. mu wɔ Sinai sare no so. Ɛyɛɛ dɛn na ɛbae? Na saa teokrase nniso no dii dwuma dɛn?
Wɔawo Teokrase Bi
4. Ɔkwan bɛn so na Yehowa de teokrase man Israel sii hɔ?
4 Yehowa gyee Israelfo fii Misraim nkoasom mu, na ɔsɛee Farao asraafo a na wodi wɔn akyi no wɔ Po Kɔkɔɔ no mu wɔ 1513 A.Y.B. mu. Afei Odii Israelfo no anim kɔɔ Bepɔw Sinai so. Bere a wɔbɔɔ nsra wɔ bepɔw no ase no, Onyankopɔn nam Mose so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo ara moahu nea meyɛɛ Misraim no ne sɛnea mesoaa mo akɔre ntaban so, na mede mo maba me nkyɛn yi. Na afei sɛ mubetie me nne na moadi m’apam so a, ɛnde mobɛyɛ me ahode afi aman nyinaa mu.” Israelfo no buae sɛ: “Nea [Yehowa] aka nyinaa, yɛbɛyɛ.” (Exodus 19:4, 5, 8) Wɔyɛɛ apam bi, na wɔwoo teokrase man Israel.—Deuteronomium 26:18, 19.
5. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa dii tumi wɔ Israel?
5 Nanso, ɔkwan bɛn so na Yehowa a nnipa aniwa ntumi nhu no no, dii Israel so? (Exodus 33:20) Ɛne sɛ, Yehowa na ɔde mmara ne asɔfodi no maa ɔman no. Wɔn a wodii mmara yi so na wɔsom sɛnea ɛne nhyehyɛe a efi soro no hyia no som Teokrase Sodifo Kɛse no, Yehowa. Afei nso, na ɔsɔfo panyin no wɔ Urim ne Tumim a na Yehowa Nyankopɔn nam so de akwankyerɛ ma bere a asɛm bi asi. (Exodus 28:29, 30) Bio nso mpanyimfo a wɔfata na na wɔyɛ Yehowa ananmusifo wɔ teokrase no mu, na wɔhwɛ maa wɔde Onyankopɔn Mmara no dii dwuma. Sɛ yesusuw saa mmarima yi binom ho kyerɛwtohɔ ho a, yɛbɛte ɔkwan a ɛsɛ sɛ nnipa fa so brɛ wɔn ho ase hyɛ Onyankopɔn nniso ase no ase yiye.
Tumidi Wɔ Teokrase Ase
6. Dɛn nti na na egye mmɔdenbɔ na nnipa atumi adi tumi wɔ teokrase nniso ase, na mmarima bɛn na na wohia wɔn ma asɛyɛde yi?
6 Ná wɔn a wodi tumi wɔ Israel no wɔ hokwan kɛse, nanso na egye mmɔdenbɔ kɛse na wɔatumi akari pɛ. Ná ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yiye na wɔn ankasa anuonyam anhia wɔn ansen Yehowa din ho a ɛbɛtew no da. Ná asɛm a wɔnam honhom so kyerɛwee a ese “enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn” no yɛ nokware wɔ Israelfo no ho sɛnea na ɛte wɔ adesamma a wɔaka no fam no ara pɛ. Bere a mpanyimfo no kaee sɛ Israel yɛ teokrase man na ɛsɛ sɛ wɔyɛ Yehowa apɛde na ɛnyɛ wɔn de no nkutoo na ɔman no nyaa nkɔso. Bere a wɔde Israel sii hɔ akyi bere tiaa bi no, Yetro a ɔyɛ Mose ase no kyerɛkyerɛɛ nnipa ko a ɛsɛ sɛ mmarima no yɛ no mu yiye sɛ, “mmarima a wɔyɛ den, wosuro Onyankopɔn, wɔyɛ anokwafo na wɔnyɛ sikanibere.”—Exodus 18:21.
7. Akwan bɛn so na Mose yɛɛ nhwɛso pa sɛ obi a odii tumi wɔ Yehowa Nyankopɔn ase?
7 Mose na odii kan dii tumi a ɛkorɔn wɔ Israel. Ɔyɛɛ nhwɛso pa sɛ obi a ɔwɔ tumi wɔ teokrase nhyehyɛe no mu. Ampa, bere bi, ɔdaa nnipa mmerɛwyɛ adi. Nanso, Mose de ne ho too Yehowa so bere nyinaa. Sɛ nsɛm bi a wonnya nkyerɛkyerɛɛ mu sɔre a, na ɔhwehwɛ Yehowa akwankyerɛ. (Fa toto Numeri 15:32-36 ho.) Ɔkwan bɛn so na Mose gyinaa sɔhwɛ a na ɛwɔ hɔ sɛ ɔde ne dibea a ɛkorɔn no bɛhwehwɛ n’ankasa anuonyam no ano? Ɛwom sɛ odii ɔman a na emu nnipa yɛ ɔpepem pii anim de, nanso na “odwo pii sen nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa.” (Numeri 12:3) Ná n’ankasa nni botae akɛse biara, na mmom na Onyankopɔn anuonyam na ehia no. (Exodus 32:7-14) Ná Mose gyidi mu yɛ den. Ɔsomafo Paulo reka bere a na onnya mmɛyɛɛ ɔman no kannifo ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Omiaa n’ani traa mu sɛnea ohu nea wonhu no no.” (Hebrifo 11:27) Ɛda adi pefee sɛ Mose werɛ amfi da sɛ Yehowa ne ɔman no Sodifo ankasa. (Dwom 90:1, 2) Hwɛ nhwɛso pa a ɛyɛ ma yɛn nnɛ!
8. Ahyɛde bɛn na Yehowa de maa Yosua, na dɛn nti na ɛho hia?
8 Bere a ɛyɛɛ den dodo sɛ Mose nkutoo bedi ɔman no anim no, Yehowa hwiee ne honhom guu mpanyimfo 70 a na wɔbɛboa no ma wabu ɔman no atɛn so. (Numeri 11:16-25) Mfe bi akyi no, kurow biara nyaa ne mpanyimfo. (Fa toto Deuteronomium 19:12; 22:15-18; 25:7-9 ho.) Bere a Mose wui no, Yehowa yɛɛ Yosua ɔman no kannifo. Yebetumi atwa ho mfonini wɔ yɛn adwene mu sɛ esiane saa hokwan yi nti, na Yosua wɔ pii yɛ. Nanso, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ ɛnsɛ sɛ obu n’ani gu ade biako so da: “Mma mmara nhoma yi mmfi w’anom, na dwen ho awia ne anadwo, na woahwɛ ayɛ sɛ nea wɔakyerɛw wɔ mu nyinaa te no.” (Yosua 1:8) Hyɛ no nsow sɛ ɛwom sɛ na Yosua asom boro mfe 40 dedaw de, nanso na ehia sɛ ɔkɔ so kenkan Mmara no. Ehia sɛ yɛn nso yesua Bible no na yɛkae yɛn ho Yehowa mmara ne ne nnyinasosɛm ahorow no—ɛmfa ho sɛ mfe ahe na yɛde asom anaa hokwan bɛn ara na yɛwɔ no.—Dwom 119:111, 112.
9. Dɛn na ɛkɔɔ so wɔ Israel wɔ atemmufo no bere so?
9 Wɔ Yosua akyi no, atemmufo pii didii so bae. Awerɛhosɛm ne sɛ, wɔ wɔn bere so no, Israelfo no “yɛɛ nea ɛyɛ [Yehowa] ani so bɔne” mpɛn pii. (Atemmufo 2:11) Ɛdefa atemmufo no bere ho no, kyerɛwtohɔ no se: “Nna no mu no, ná ɔhene bi nni Israel; obiara yɛ nea ɛteɛ n’ani so.” (Atemmufo 21:25) Obiara sii n’ankasa gyinae wɔ abrabɔ ne ɔsom ho, na abakɔsɛm kyerɛ sɛ Israelfo pii sisii gyinae a ɛnteɛ. Wɔde wɔn ho kɔhyɛɛ abosonsom mu na ɛtɔ mmere bi a na wodi amumɔyɛsɛm a ɛyɛ hu. (Atemmufo 19:25-30) Nanso, ebinom yɛɛ gyidi ho nhwɛso pa.—Hebrifo 11:32-38.
10. Ɔkwan bɛn so na nsakrae kɛse baa Israel nniso mu wɔ Samuel bere so, na dɛn na ɛmaa eyi bae?
10 Wɔ ɔtemmufo a otwa to Samuel nna no mu no, Israel hyiaa nniso ho asɛnnennen. Atamfo aman a na atwa Israelfo no ho ahyia a na ahene di wɔn nyinaa so nti wosusuwii sɛ wɔn nso wohia ɔhene. Wɔn werɛ fii sɛ na wɔwɔ Ɔhene dedaw, ne sɛ wɔn nniso no yɛ teokrase. Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Ɛnyɛ wo na wɔapa wo, na me na wɔapa me, sɛ minnni wɔn so hene.” (1 Samuel 8:7) Nea wɔyɛe no ma yɛkae sɛnea ɛyɛ mmerɛw sɛ yebegyae honhom fam nneɛma a yebesusuw ho na yɛama wiase a yɛte mu no anya yɛn so nkɛntɛnso.—Fa toto 1 Korintofo 2:14-16 ho.
11. (a) Ɛmfa ho nsakrae a ɛbaa Israel nniso mu no, dɛn nti na yebetumi aka sɛ ɛkɔɔ so yɛɛ teokrase wɔ ahemfo no ase? (b) Ahyɛde bɛn na Yehowa de maa Israel ahemfo no, na atirimpɔw bɛn ntia?
11 Nanso, Yehowa penee Israelfo no abisade no so na ɔno na ɔpaw wɔn ahene baanu a wodi kan, Saul ne Dawid. Israel kɔɔ so yɛɛ teokrase man a Yehowa dii so. Sɛnea ɛbɛyɛ a ahene no bɛkae eyi nti, ná wɔhwehwɛ sɛ wɔn mu biara kyerɛw Mmara no bi na ɔkenkan no da biara, “na wasua [Yehowa] ne Nyankopɔn suro, ne mmara yi mu nsɛm nyinaa ne ahyɛde yi hwɛ ne ɛsodi, na ne koma amma ne ho so ansen ne nuanom.” (Deuteronomium 17:19, 20) Yiw, na Yehowa mpɛ sɛ wɔn a wɔwɔ tumi wɔ ne teokrase no mu no ma wɔn ho so, na na ɛsɛ sɛ wɔn nneyɛe ne Mmara no hyia.
12. Nokwaredi ho nhwɛso pa bɛn na Ɔhene Dawid yɛe?
12 Ná Ɔhene Dawid wɔ Yehowa mu gyidi kɛse, na Onyankopɔn ne no yɛɛ apam sɛ ɔbɛyɛ ahene a wɔbɛba nnidiso nnidiso a ɛto ntwa da no agya. (2 Samuel 7:16; 1 Ahene 9:5; Dwom 89:29) Ɛfata sɛ wosuasua sɛnea Dawid brɛɛ ne ho ase hyɛɛ Yehowa ase no. Ɔkae sɛ: “[Yehowa], ɔhene ani gye w’ahoɔden mu, na wo nkwagye nti ne ho san no dɛn ara.” (Dwom 21:1) Ɛwom sɛ esiane honam mmerɛwyɛ nti Dawid yɛɛ bɔne mmere bi de, nanso mpɛn pii no, ɔde ne ho too Yehowa ahoɔden so, ɛnyɛ n’ankasa de.
Nneyɛe ne Su Horow a Ɛnyɛ Teokrase De
13, 14. Nneɛma a ɛnyɛ teokrase de bɛn na ahemfo a wodii Dawid akyi bae no yɛe?
13 Ɛnyɛ Israel akannifo nyinaa na na wɔte sɛ Mose ne Dawid. Wɔn mu pii buu teokrase nhyehyɛe no animtiaa, na wɔmaa atoro som ho kwan wɔ Israel. Sodifo anokwafo no bi mpo yɛɛ nneɛma a ɛmfa teokrase kwan so mmere bi. Nea na n’asɛm yɛ awerɛhow kɛse ne Salomo a wɔmaa no nyansa ne ahonyade pii no. (1 Ahene 4:25, 29) Ne nyinaa akyi no, obuu Yehowa mmara no animtiaa, waree yerenom pii na ɔmaa abosonsom ho kwan wɔ Israel. Ɛda adi sɛ Salomo hyɛɛ ne manfo so wɔ ne nniso mfe a edi akyiri no mu.—Deuteronomium 17:14-17; 1 Ahene 11:1-8; 12:4.
14 Wɔsrɛɛ Salomo ba Rehabeam sɛ ɔmma ne nkoa kɔndua nyɛ hare. Sɛ́ anka obedi tebea no ho dwuma odwo mu no, ofii atutupɛ mu kyerɛɛ ne tumi—na ɔhweree mmusuakuw 12 no mu 10. (2 Beresosɛm 10:4-17) Ná Yerobeam ne mmusuakuw du a wɔtew wɔn ho no hene a odi kan. Wɔ mmɔden a ɔbɔe sɛ ɔmma n’ahenni no ne Isrealfo a wɔaka no nsan nkɔyɛ biako mu no, ɔde nantwi ba som sii hɔ. Ɛte sɛ nea na nyansa wɔ adeyɛ yi mu wɔ amammui mu, nanso wɔde buu teokrase animtiaa koraa. (1 Ahene 12:26-30) Akyiri yi, bere a na Ɔhene Asa de nokwaredi asom mfe pii no, ɔmaa ahantan sɛee ne nhwɛso no. Ɔyɛɛ odiyifo a ɔde afotu a efi Yehowa hɔ brɛɛ no no basabasa. (2 Beresosɛm 16:7-11) Yiw, ɛtɔ da bi a, wɔn a wɔasom mfe pii mpo hia afotu.
Teokrase Bi Awiei
15. Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔkwan bɛn so na Yudafo akannifo no dii nkogu sɛ teokrase mu tumidifo?
15 Bere a Yesu Kristo wɔ asase so no, na Israel da so ara yɛ teokrase man. Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ, na mpanyimfo a asɛyɛde hyɛ wɔn nsa no pii nnwen honhom fam nneɛma ho. Ɛda adi sɛ wɔannya odwo a Mose daa no adi no bi. Yesu twee adwene sii wɔn honhom fam tebea bɔne no so sɛ: “Mose akongua so na kyerɛwfo ne Farisifo atra. Enti nea wobese mo sɛ munni so no nyinaa, munni so na monyɛ. Na wɔn nnwuma de, monnyɛ; efisɛ wɔka, nanso wɔnyɛ.”—Mateo 23:2, 3.
16. Ɔkwan bɛn so na afeha a edi kan mu Yudafo akannifo no kyerɛe sɛ wɔnkyerɛ obu biara mma teokrase?
16 Bere a Yudafo akannifo no de Yesu kɔmaa Pontio Pilato no, wɔdaa sɛnea na wɔatwe wɔn ho koraa afi teokrase nniso ase no adi. Pilato hwehwɛɛ Yesu nsɛm mu, na ɔkae sɛ mfomso biara nni ne ho. Pilato de Yesu baa adiwo bɛkyerɛɛ Yudafo no kae sɛ: “Hwɛ, mo hene ni!” Bere a Yudafo no teɛɛm sɛ wonkum Yesu no, Pilato bisae sɛ: “Memmɔ mo hene asɛnduam anaa?” Asɔfo mpanyin no buae sɛ: “Yenni hene bi sɛ Kaesare.” (Yohane 19:14, 15) Kaesare na wogyee no toom sɛ ɔhene, na ɛnyɛ Yesu a ‘ɔnam Yehowa din mu bae no’!—Mateo 21:9.
17. Dɛn nti na honam fam Israel ankɔ so anyɛ teokrase man?
17 Yudafo no nam Yesu a wɔpow no no so pow teokrase, efisɛ ɔno na na ɔbɛyɛ onipa titiriw wɔ daakye teokrase nhyehyɛe ahorow mu. Ná Yesu ne Dawid ba a obedi ade daa no. (Yesaia 9:6, 7; Luka 1:33; 3:23, 31) Enti, honam fam Israel ankɔ so anyɛ Onyankopɔn man a wapaw bio.—Romafo 9:31-33.
Teokrase Foforo
18. Teokrase foforo bɛn na wɔwoo no wɔ afeha a edi kan no mu? Kyerɛkyerɛ mu.
18 Nanso, honam fam Israel a Onyankopɔn pow wɔn no anyɛ asase so teokrase awiei. Yehowa nam Yesu Kristo so de teokrase foforo sii hɔ. Ná eyi yɛ Kristofo a wɔasra wɔn asafo a na ɛyɛ ɔman foforo ankasa no. (1 Petro 2:9) Ɔsomafo Paulo frɛɛ no “Nyankopɔn Israel,” na awiei no, emufo no fi “mmusua ne ɔkasa ne nkurɔfo ne aman nyinaa mu” na wɔbae. (Galatifo 6:16; Adiyisɛm 5:9, 10) Ɛwom sɛ teokrase foforo yi mufo brɛɛ wɔn ho ase hyɛɛ nnipa nniso a na wɔhyɛ ase no ase de, nanso Onyankopɔn na odii wɔn so ankasa. (1 Petro 2:13, 14, 17) Wɔwoo teokrase foforo no akyi bere tiaa bi no, honam fam Israel sodifo bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ asuafo no bi na wɔanni ahyɛde bi a na Yesu de ama wɔn so. Dɛn na wɔkae? “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn mmom sen nnipa.” (Asomafo no Nnwuma 5:29) Ɛyɛ teokrase adwene ampa!
19. Ɔkwan bɛn so na na wobetumi afrɛ afeha a edi kan Kristofo asafo no teokrase?
19 Nanso, teokrase foforo no dii dwuma dɛn? Nea ɛte ne sɛ, na Ɔhene bi, Yesu Kristo, yɛ Teokrase Sodifo Kɛse Yehowa Nyankopɔn ananmusifo. (Kolosefo 1:13) Ɛwom sɛ na Ɔhene no wɔ soro a aniwa nhu no de, nanso na ne nkoa no hu ne nniso no ankasa, na ne nsɛm na wɔde bɔɔ wɔn bra. Ɛdefa nneɛma a aniwa hu sohwɛ ho de, ɔpaw mpanyimfo a wɔn ho akokwaw wɔ honhom fam. Ekuw bi a na mmarima a wɔte saa wom dii dwuma sɛ sodikuw wɔ Yerusalem. Ná mpanyimfo akwantufo te sɛ Paulo, Timoteo ne Tito yɛ saa kuw no ananmusifo. Na mpanyimfo kuw na wɔhwɛɛ asafo biara so. (Tito 1:5) Sɛ asɛnnennen bi sɔre a, na mpanyimfo no kohu sodikuw no anaa n’ananmusifo no biako, te sɛ Paulo. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 15:2; 1 Korintofo 7:1; 8:1; 12:1 ho.) Afei nso, asafo no muni biara yɛɛ ne fam de de gyinaa teokrase no afã. Ná obiara wɔ asɛyɛde wɔ Yehowa anim sɛ ɔde Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm bedi dwuma wɔ n’asetra mu.—Romafo 14:4, 12.
20. Dɛn na wobetumi aka wɔ asomafo no akyi teokrase no ho?
20 Paulo bɔɔ kɔkɔ sɛ ɔwae bɛba wɔ asomafo no wu akyi, na saa ara na ɛbae. (2 Tesalonikafo 2:3) Bere kɔɔ so no, wɔn a wɔkae sɛ wɔyɛ Kristofo no dodow kɔɔ anim koduu ɔpepem pii ne ɔpepem ɔhaha pii. Wonyaa asɔre mu nniso ahorow ahorow te sɛ asɔfo a wɔmoma wɔn dibea, asɔre mu mpanyinni ne tumidi ahorow. Nanso, asɔre ahorow yi abrabɔ anaa wɔn gyidi anna Yehowa nniso adi. Ná wɔnyɛ teokrasefo!
21, 22. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa asan de teokrase asi hɔ wɔ awiei bere yi mu? (b) Teokrase ho nsemmisa bɛn na wobebua bio?
21 Ná nokware Kristofo bɛda nsow wɔ atoro Kristofo ho wɔ nneɛma nhyehyɛe yi awiei bere mu. (Mateo 13:37-43) Eyi sii wɔ 1919 a ɛyɛ afe titiriw wɔ teokrase abakɔsɛm mu no mu. Saa bere no, Yesaia 66:8 nkɔmhyɛ a anuonyam wom no nyaa ne mmamu: “Hena na wahu eyi bi da? So wɔkyem wo asase da koro, anaasɛ wɔwo ɔman prɛko?” Ná saa nsemmisa no ho mmuae yɛ yiw! Wɔ 1919 mu no, Kristofo asafo no san daa ne ho adi sɛ “ɔman” a atew ne ho. Ɛyɛɛ te sɛ nea wɔwoo teokrase “asase” bi da koro! Bere a awiei bere no kɔɔ anim no, wɔyɛɛ nsakrae wɔ saa ɔman foforo yi ahyehyɛde no mu na abɛn nea na ɛwɔ hɔ afeha a edi kan mu no ho sɛnea ebetumi biara. (Yesaia 60:17) Nanso na ɛyɛ teokrase bere nyinaa. Edii mmara ne ahyɛde ahorow a wɔnam honhom so kyerɛwee wɔ Kyerɛwnsɛm mu no so bere nyinaa. Na ɛbrɛɛ ne ho ase hyɛɛ nea wɔde no asi Hene, Yesu Kristo ase bere nyinaa.—Dwom 45:17; 72:1, 2.
22 So wode wo ho abɔ saa teokrase yi? Wudi tumi bi wom? Sɛ ɛte saa a, so wunim nea ade a wobɛyɛ no teokrase kwan so no kyerɛ? Wunim mfiri ahorow a ɛsɛ sɛ wokwati? Wobesusuw nsemmisa abien a edi akyiri no ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.
Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?
◻ Dɛn ne teokrase?
◻ Ɔkwan bɛn so na na Israel yɛ teokrase man?
◻ Nhyehyɛe bɛn na Yehowa yɛe de kaee ahemfo no sɛ Israel yɛ teokrase man?
◻ Ɔkwan bɛn so na na Kristofo asafo no yɛ teokrase asafo, na ɔkwan bɛn na wɔnam so hyehyɛe?
◻ Teokrase ahyehyɛde bɛn na wɔde asi hɔ wɔ yɛn bere yi mu?
[Kratafa 12 mfonini]
Bere a Yudafo sodifo no wɔ Pontio Pilato anim no, wogyee Kaesare toom sen Yehowa Hene a wapaw no teokrase kwan so no