Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 9/1 kr. 13-18
  • Bata Teokrase Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bata Teokrase Ho
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Ne Nokware Teokrase?
  • Teokrase Ahyehyɛde Bi
  • Teokrase Adwene Wɔ Wiase Nniso Ho
  • Di Kan Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam
  • “Munsua Onyankopɔn”
  • Yehowa Di Tumi—Denam Teokrase So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nguanhwɛfo ne Nguan a Wɔwɔ Teokrase Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Ɔhwɛ Adwuma a Yɛne Yɛn Bɔfo Kɛse No Bɛyɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Kristofo Adwene wɔ Tumidi Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 9/1 kr. 13-18

Bata Teokrase Ho

“Yehowa ne yɛn Temmufo, Yehowa ne yɛn Mmarahyɛfo, Yehowa ne yɛn Hene.”—YESAIA 33:22, NW.

1. Dɛn nti na nniso ho asɛm hia nnipa dodow no ara saa?

NNISO ho asɛm hia obiara. Nniso pa de asomdwoe ne yiyedi ba. Bible ka sɛ: “Ɔhene de atemmu ma ɔman gyina.” (Mmebusɛm 29:4) Nea ɛne no bɔ abira no, nniso bɔne de atɛnkyea, amumɔyɛ, ne nhyɛso na ɛba. “Ɔbɔnefo di so a, ɔman si apini.” (Mmebusɛm 29:2) Wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, nnipa asɔ nniso horow pii ahwɛ, nanso awerɛhosɛm ne sɛ, mpɛn pii no ‘wosi apini’ esiane hyɛ a wɔn sodifo hyɛ wɔn so nti. (Ɔsɛnkafo 8:9) So nniso bi betumi ama ne manfo anya akomatɔyam a ɛtra hɔ daa?

2. Dɛn nti na “teokrase” yɛ tete Israel nniso ho nkyerɛkyerɛmu a ɛfata?

2 Abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus kaa nniso soronko bi ho asɛm bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Nnipa binom de amammui tumi a ɛkorɔn no ahyɛ kankabi nniso ase, ebinom nso de ahyɛ mmarahyɛ baguafo nsa, na afoforo de ahyɛ kwasafo nniso ase. Nanso amansɛm yi mu biara annya yɛn mmarahyɛfo [Mose] so nkɛntɛnso, na mmom ogyinaa nea—sɛ yɛbɛpɛ asɛm bi agyina hɔ ama no a—yebetumi afrɛ no ‘teokrase,’ a ɛkyerɛ tumidi ne tumi nyinaa a wɔde hyɛ Onyankopɔn nsa so na ɛhyehyɛɛ ne mmara.” (Against Apion, II, 164-5) Sɛnea Concise Oxford Dictionary kyerɛ no, teokrase kyerɛ “nniso a Onyankopɔn ahyehyɛ.” Asɛmfua no mpue wɔ Bible mu, nanso etumi kyerɛkyerɛ tete Israelfo nniso mu ma ɛfata. Ɛwom sɛ Israelfo no benyaa ɔhene a wotumi hu no de, nanso na wɔn sodifo ankasa ne Yehowa. Israel diyifo Yesaia kae sɛ: “Yehowa ne yɛn Temmufo, Yehowa ne yɛn Mmarahyɛfo, Yehowa ne yɛn Hene.”—Yesaia 33:22, NW.

Dɛn Ne Nokware Teokrase?

3, 4. (a) Dɛn ne nokware teokrase? (b) Nhyira horow bɛn na ɛrenkyɛ biara teokrase de bɛbrɛ adesamma nyinaa?

3 Efi bere a Josephus nwenee asɛmfua no, wɔaka nnipa nhyehyɛe horow pii ho asɛm sɛ teokrase. Ná emu binom nni afoforo ho koma, ɛyɛ katee, na ɛhyɛ afoforo so atirimmɔden so. So na ɛyɛ teokrase ampa? Dabi, ɛnyɛ sɛnea Josephus de asɛmfua no dii dwuma no. Asɛm no ne sɛ wɔatrɛw nea “teokrase” kyerɛ no mu. World Book Encyclopedia no kyerɛ ase sɛ “nniso a ɔsɔfo anaa asɔfo na edi ɔman so, a asɔfokuw no mufo wɔ ɔmanfo ne nyamesom mu nsɛm so tumi.” Nanso, ɛnyɛ asɔfo na wodi ade wɔ nokware teokrase mu. Ɛyɛ Onyankopɔn nniso ankasa, nniso a amansan Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn di so.

4 Ɛrenkyɛ, asase nyinaa bɛhyɛ teokrase nniso ase, na hwɛ nhyira ara a ɛno bɛyɛ! “Onyankopɔn ankasa ne [adesamma] bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.” (Adiyisɛm 21:3, 4) Asɔfokuw nniso a nnipa a wɔnyɛ pɛ na ahyehyɛ biara ntumi mfa anigye a ɛte saa mma. Onyankopɔn nniso nkutoo na ebetumi ayɛ saa. Enti, nokware Kristofo mmɔ mmɔden sɛ wɔbɛfa amansɛm so de teokrase aba. Wɔde boasetɔ twɛn sɛ Onyankopɔn de wiase nyinaa teokrase bɛba wɔ n’ankasa ne bere mu wɔ ɔkwan a ɔpɛ so.—Daniel 2:44.

5. Ɛhefa na nokware teokrase yɛ adwuma nnɛ, na nsɛmmisa bɛn na ɛsɔre wɔ ho?

5 Nanso ɛnkosi saa bere no, nokware teokrase reyɛ adwuma. Ɛhefa? Ɛwɔ wɔn a wofi wɔn pɛ mu gye Onyankopɔn nniso tom na wɔde biakoyɛ yɛ n’apɛde no ntam. Wɔaboaboa anokwafo a wɔte saa ano sɛ wiase nyinaa honhom fam “ɔman” wɔ wɔn honhom fam “asase” so. Wɔne “Onyankopɔn Israel” no nkaefo ne wɔn mfɛfo Kristofo a wɔboro ɔpepem anum ne fa no. (Yesaia 66:8; Galatifo 6:16) Eyinom hyɛ Yesu Kristo, ɔsoro Hene a Yehowa Nyankopɔn, “mmeresanten hene” no de no asi agua so no ase. (1 Timoteo 1:17; Adiyisɛm 11:15) Ɔkwan bɛn so na ahyehyɛde yi yɛ teokrase? Ɔkwan bɛn so na emufo no bu tumi a wiase nniso horow di no? Na ɔkwan bɛn so na nnipa a wodi tumi wɔ wɔn honhom fam man no mu no kura teokrase nnyinasosɛm mu?

Teokrase Ahyehyɛde Bi

6. Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn betumi adi nnipa ahyehyɛde a aniwa hu so?

6 Ɛbɛyɛ dɛn na Yehowa a ɔte ɔsoro a wonhu hɔ no betumi adi nnipa ahyehyɛde so? (Dwom 103:19) Ebetumi aba saa efisɛ wɔn a wɔwom no di afotu a efi honhom mu yi so: “Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa, NW] ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu.” (Mmebusɛm 2:6; 3:5) Wɔma Onyankopɔn di wɔn so bere a wodi “Kristo mmara” so na wɔde Bible mu nnyinasosɛm ahorow a efi honhom mu di dwuma wɔ wɔn da biara da asetram no. (Galatifo 6:2; 1 Korintofo 9:21; 2 Timoteo 3:16; hwɛ Mateo 5:22, 28, 39; 6:24, 33; 7:12, 21.) Nea ɛbɛyɛ na wɔayɛ eyi no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ Bible asuafo. (Dwom 1:1-3) Te sɛ tete Beroiafo a na wɔwɔ “adwempa” no, wonni nnipa akyi, na mmom bere nyinaa wɔhwehwɛ nneɛma a wosua no mu fi Bible mu. (Asomafo no Nnwuma 17:10, 11, NW; Dwom 119:33-36) Te sɛ odwontofo no, wɔbɔ mpae sɛ: “Kyerɛkyerɛ me nhumu pa ne nimdeɛ, na magye wo mmara nsɛm madi.”—Dwom 119:66.

7. Ɔkwan bɛn so na wɔahyehyɛ tumidi wɔ teokrase mu?

7 Wɔ ahyehyɛde biara mu no, ɛsɛ sɛ wonya nkurɔfo a wodi tumi anaa wɔde akwankyerɛ ma. Saa ara na ɛte wɔ Yehowa Adansefo mu, na wodi tumidi nhyehyɛe a ɔsomafo Paulo bobɔɔ so no akyi: “Ɔbarima biara ti ne Kristo, na ɔbea ti ne ɔbarima, na Kristo ti ne Nyankopɔn.” (1 Korintofo 11:3) Nea ɛne eyi hyia no, mmarima a wɔfata nkutoo na wɔsom sɛ mpanyimfo wɔ asafo horow no mu. Na ɛwom sɛ Yesu—“ɔbarima biara ti” no—wɔ soro de, nanso ne nuanom a wɔasra wɔn ‘nkaefo’ a wɔwɔ anidaso sɛ wɔne no bedi ade ɔsoro no da so ara wɔ asase so. (Adiyisɛm 12:17; 20:6) Eyinom na wɔka bom yɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no. Kristofo da no adi sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase ma Yesu, ne afei Yesu ti, Yehowa, denam saa “akoa” no ɔhwɛ adwuma a wogye tom no so. (Mateo 24:45-47; 25:40) Saa kwan yi so no, teokrase no kɔ so pɛpɛɛpɛ. “Onyankopɔn nyɛ sakasakayɛ Nyankopɔn na mmom asomdwoe Nyankopɔn.”—1 Korintofo 14:33.

8. Ɔkwan bɛn so na Kristofo mpanyimfo gyina teokrase nnyinasosɛm akyi?

8 Kristofo mpanyimfo gyina teokrase nnyinasosɛm akyi efisɛ wohu sɛ wobebu sɛnea wɔde tumi kakra a ɛhyɛ wɔn nsa no di dwuma no ho akontaa akyerɛ Yehowa. (Hebrifo 13:17) Wɔ wɔn gyinaesi ahorow mu no, wɔde wɔn ho to Onyankopɔn nyansa so, ɛnyɛ wɔn ankasa de so. Wɔ eyi mu no, wosuasua Yesu nhwɛso no. Ɔno ne onyansafo a ɔsen biara a watra ase pɛn. (Mateo 12:42) Ne nyinaa akyi no, ɔka kyerɛɛ Yudafo no sɛ: “Ɔba no ankasa ntumi mmɔ ne tirim nyɛ hwee, gye nea wahu agya no sɛ ɔyɛ.” (Yohane 5:19) Mpanyimfo nso kura Ɔhene Dawid su no bi. Odii tumi kɛse wɔ teokrase bi mu. Nanso, ɔfaa Yehowa kwan, ɛnyɛ n’ankasa ne de so. Ɔbɔɔ mpae sɛ: “[Yehowa, NW], kyerɛ me wo kwan, na fa me fa ɔtempɔn tamaa so.”—Dwom 27:11.

9. Adwene a ɛkari pɛ bɛn na Kristofo a wɔahyira wɔn ho so wɔ wɔ anidaso ne ɔsom mu hokwan a egu ahorow wɔ teokrase mu no ho?

9 Ebinom abisa sɛ ebia ɛyɛ ne kwan so sɛ mmarima a wɔfata nkutoo na ɛsɛ sɛ wodi anim wɔ asafo no mu anaasɛ ebia ɛyɛ ne kwan so sɛ ebinom nya ɔsoro anidaso bere a afoforo wɔ asase so anidaso no. (Dwom 37:29; Filipifo 3:20) Nanso Kristofo a wɔahyira wɔn ho so no gye tom sɛ wɔahyehyɛ eyinom wɔ Onyankopɔn Asɛm mu. Ɛyɛ teokrase. Mpɛn pii no, wɔn a wommu Bible nnyinasosɛm no na wonwiinwii. Sɛ ɛno da nkyɛn a, Kristofo nim sɛ, ɛdefa daa nkwa ho no, mmarima ne mmea nyinaa yɛ pɛ wɔ Yehowa ani so. (Galatifo 3:28) Wɔ nokware Kristofo fam no, amansan Hene no asomfo a wɔbɛyɛ no yɛ hokwan a ɛkorɔn sen biara a wobetumi anya, na wɔn ani gye adwuma biara a Yehowa de ma wɔn no ho. (Dwom 31:23; 84:10; 1 Korintofo 12:12, 13, 18) Bio nso, daa nkwa, sɛ́ ɛyɛ ɔsoro anaa paradise asase so no, yɛ anidaso a ɛyɛ anigye ankasa.

10. (a) Su pa bɛn na Yonatan daa no adi? (b) Ɔkwan bɛn so na Kristofo da su a ɛte sɛ Yonatan de no adi nnɛ?

10 Enti, Yehowa Adansefo ne Yonatan, Ɔhene Saul ba a na osuro Nyankopɔn no, di nsɛ. Ná Yonatan betumi ayɛ ɔhene a asɛm nni ne ho. Nanso, esiane nokware a Saul anni nti, Yehowa paw Dawid sɛ Israel hene a ɔto so abien. So Yonatan dii eyi ho yaw? Dabi. Ɔbɛyɛɛ Dawid adamfo pa, na mpo ɔbɔɔ ne ho ban fii Saul nsam. (1 Samuel 18:1; 20:1-42) Wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so no, wɔn a wɔwɔ asase so anidaso no ani mmere wɔn a wɔwɔ ɔsoro anidaso no. Na nokware Kristofo ani mmere wɔn a wɔnam teokrase so di anim wɔ asafo no mu no. Mmom no, ‘wobu wɔn papaapa, ɔdɔ mu,’ na wɔn ani gye adwumaden a wɔyɛ ma wɔn honhom fam anuanom mmarima ne mmea no ho.—1 Tesalonikafo 5:12, 13.

Teokrase Adwene Wɔ Wiase Nniso Ho

11. Ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ teokrase nniso ase no bu wiase tumidi?

11 Sɛ Yehowa Adansefo hyɛ teokrase, Onyankopɔn nniso ase a, ɔkwan bɛn so na wobu ɔman sodifo ahorow? Yesu kae sɛ n’akyidifo ‘renyɛ wiase yi fã.’ (Yohane 17:16) Nanso Kristofo gye asɛyɛde a wɔwɔ wɔ “Kaesare,” wiase nniso ahorow no anim no tom. Yesu kae sɛ ɛsɛ sɛ ‘wɔde Kaesare de ma Kaesare ne Nyankopɔn de ma Nyankopɔn.’ (Mateo 22:21) Sɛnea Bible kyerɛ no, “Onyankopɔn na ɔde atumfoɔ a wɔwɔ hɔ no agyina wɔn sɛso gyinabea.” Yehowa, tumi nyinaa Fibea no ma nniso ahorow kwan ma wɔtra hɔ, na ɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ wɔn a wodi wɔn so no yiye. Sɛ wɔyɛ saa a, wɔyɛ ‘Onyankopɔn asomfo.’ Esiane ‘Kristofo ahonim nti,’ wɔbrɛ wɔn ho ase ma ɔman a wɔte mu no nniso. (Romafo 13:1-7) Nanso, sɛ ɛba sɛ ɔman no hwehwɛ biribi a ɛne Onyankopɔn mmara bɔ abira a, Kristoni ‘betie Onyankopɔn sɛ sodifo sen onipa.’—Asomafo no Nnwuma 5:29.

12. Sɛ atumfo taa Kristofo a, hena nhwɛso na wodi akyi?

12 Na sɛ ɔman atumfo de ɔtaa ba nokware Kristofo so nso ɛ? Sɛ ɛba saa a, wodi tete Kristofo a wogyinaa ɔtaa a emu yɛ den ano mpɛn pii no nhwɛso akyi. (Asomafo no Nnwuma 8:1; 13:50) Na gyidi ho sɔhwɛ horow yi nyɛ ade a na wɔnhwɛ kwan efisɛ na Yesu de ho kɔkɔbɔ ama sɛ ɛbɛba. (Mateo 5:10-12; Marko 4:17) Nanso tete Kristofo no anyɛ biribiara amfa antua wɔn ataafo no ka; saa ara nso na nhyɛso no amma wɔn gyidi anyɛ mmerɛw. Mmom no, wodii Yesu nhwɛso akyi: “Wɔyaw no, na wanyaw bi, ohuu amane, na wanteɛteɛ, na ɔde hyɛɛ nea obu ntɛntrenee no nsa.” (1 Petro 2:21-23) Yiw, Kristofo nnyinasosɛm ahorow dii Satan ntuatuano so.—Romafo 12:21.

13. Dɛn na Yehowa Adansefo ayɛ wɔ ɔtaa a wohyia ne atosɛm ahorow a wɔka fa wɔn ho no ho?

13 Saa ara na ɛte nnɛ nso. Wɔ afeha yi mu no, katabaakofo nnisofo ama Yehowa Adansefo ahu amane kɛse—sɛnea Yesu hyɛɛ ho nkɔm no ara pɛ. (Mateo 24:9, 13) Wɔ aman bi so no, wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ atumfo so ma wɔasɔre atia Kristofo anokwafo yi trɛw wɔn ho atosɛm mu sɛe wɔn din. Nanso ɛmfa ho ‘wɔn ho nsɛmmɔne’ a wɔka nyinaa no, Adansefo no nam wɔn abrabɔ pa so da wɔn ho adi sɛ Onyankopɔn asomfo. (2 Korintofo 6:4, 8) Sɛ wonya hokwan a, wɔde wɔn nsɛm kɔdan mpanyimfo ne ɔman no so asɛnnibea sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛda wɔn ho adi sɛ wɔn ho nni asɛm. Wɔfa hokwan biara a wobenya so de yi asɛmpa no ano wɔ baguam. (Filipifo 1:7) Nanso bere a wɔnam mmara kwan so ayɛ nea wobetumi biara awie no, wogyae nsɛm mu ma Yehowa. (Dwom 5:8-12; Mmebusɛm 20:22) Te sɛ tete Kristofo no, sɛ ɛho behia a, wonsuro sɛ trenee nti, wobehu amane.—1 Petro 3:14-17; 4:12-14, 16.

Di Kan Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam

14, 15. (a) Dɛn na edi kan koraa wɔ wɔn a wogyina teokrase nnyinasosɛm akyi no fam? (b) Bere bɛn na Salomo daa ahobrɛase ho nhwɛso pa adi wɔ ne dibea sɛ ɔhwɛfo no mu?

14 Bere a Yesu kyerɛɛ n’akyidifo mpaebɔ no, ade a odii kan kaa ho asɛm ne Yehowa din ho a ɛbɛtew. (Mateo 6:9) Nea ɛne eyi hyia no, wɔn a wɔhyɛ teokrase ase no hwehwɛ sɛ wɔbɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam, ɛnyɛ wɔn ankasa ho. (Dwom 29:1, 2) Bible bɔ amanneɛ sɛ wɔ afeha a edi kan mu no, na eyi to ebinom a wɔampɛ sɛ wobedi Yesu akyi no hintidua, efisɛ na “wɔpɛ nnipa anuonyam,” na wɔpɛ sɛ nnipa hyɛ wɔn anuonyam. (Yohane 12:42, 43) Nokwarem no, egye ahobrɛase na obi abu Yehowa asen n’ankasa ne ho.

15 Salomo daa su pa adi wɔ eyi mu. Fa ne nsɛm a ɔkae bere a na ɔrebue asɔrefie a ɛwɔ anuonyam a osii no ano, no toto nea Nebukadnesar ka faa adan a osisii no ho hwɛ. Nebukadnesar fi ahantan a ɛboro so mu tuu ne ho sɛ: “So ɛnyɛ Babel kɛse a makyekye mayɛ ahenni gyinabea, me tumi denyɛ so, na ama m’anuonyam agye din no ni anaa?” (Daniel 4:30) Nea ɛne no bɔ abira no, Salomo fi ahobrɛase mu buu nea ɔyɛe no nyinaa adewa, kae sɛ: “So ampa sɛ Onyankopɔn bɛtra nnipa nkyɛn asase so anaa? Hwɛ, ɔsoro ne ɔsoro mu soro ntumi nkora wo, na menne ɔdan yi a masi yi.” (2 Beresosɛm 6:14, 15, 18; Dwom 127:1) Salomo amma ne ho so. Ná onim sɛ ɔyɛ Yehowa nanmusini ara kwa, na ɔkyerɛwee sɛ: “Ahantan ba a, na aniwu ba, na ahobrɛasefo na nyansa ne wɔn te.”—Mmebusɛm 11:2.

16. Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo ada wɔn ho adi sɛ wɔyɛ nhyira ankasa denam hyɛ a wɔnhyɛ wɔn ho anuonyam no so?

16 Saa ara nso na Kristofo mpanyimfo mma wɔn ho so na mmom wɔma Yehowa so. Wodi Petro afotu no akyi sɛ: “Sɛ obi ka asɛm a, ɔnka no sɛ Onyankopɔn nsɛm. Sɛ obi som a, ɔnsom sɛ efi ahoɔden a Onyankopɔn de ma, na wɔnam Yesu Kristo so ahyɛ Onyankopɔn anuonyam, ade nyinaa mu.” (1 Petro 4:11) Ɔsomafo Paulo anka “hwɛfodwuma” ho asɛm sɛ dibea titiriw a wɔde gye din, na mmom sɛ “adwuma pa.” (1 Timoteo 3:1) Wɔpaw mpanyimfo sɛ wɔnsom, ɛnyɛ sɛ wobedi tumi. Wɔyɛ Onyankopɔn nguankuw no akyerɛkyerɛfo ne ahwɛfo. (Asomafo no Nnwuma 20:28; Yakobo 3:1) Mpanyimfo a wɔbrɛ wɔn ho ase na wɔwɔ ahofama su yɛ nhyira ankasa ma asafo no. (1 Petro 5:2, 3) ‘Munkura wɔn a wɔte saa no nidi mu,’ na monna Yehowa ase sɛ wɔama yɛanya mpanyimfo a wɔfata pii a wɔtaa teokrase akyi wɔ “nna a edi akyiri” yi mu.—Filipifo 2:29; 2 Timoteo 3:1.

“Munsua Onyankopɔn”

17. Akwan bɛn so na wɔn a wɔhyɛ teokrase ase no sua Onyankopɔn?

17 Ɔsomafo Paulo tuu fo sɛ: “Munsua Onyankopɔn sɛ mma adɔfo.” (Efesofo 5:1) Wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ teokrase ase no bɔ mmɔden biara sɛ wɔbɛyɛ te sɛ Onyankopɔn sɛnea nnipa a wɔnyɛ pɛ betumi ayɛ akodu. Sɛ nhwɛso no, Bible ka Yehowa ho asɛm sɛ: “Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ, na n’akwan nyinaa yɛ trenee; ɔyɛ nokware Nyankopɔn na nkontompo nni no mu; ɔtreneeni ne teefo ne no.” (Deuteronomium 32:3, 4) Nea ɛbɛyɛ na Kristofo asua Onyankopɔn saa kwan yi so no, wodi nokware, adetreneeyɛ, ne atɛntrenee a ɛkari pɛ akyi. (Mika 6:8; 1 Tesalonikafo 3:6; 1 Yohane 3:7) Wɔkwati nneɛma pii a wiase no agye atom, te sɛ ɔbrasɛe, anibere, ne adifudepɛ. (Efesofo 5:5) Esiane sɛ Yehowa asomfo di ɔsoro gyinapɛn akyi na wonni nnipa de akyi nti, n’ahyehyɛde no yɛ teokrase kwan so de, ɛho tew, na ɛma denhyɛ.

18. Dɛn ne Onyankopɔn su titiriw, na ɔkwan bɛn so na Kristofo da su yi adi?

18 Yehowa Nyankopɔn su titiriw ne ɔdɔ. Ɔsomafo Yohane ka sɛ: “Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yohane 4:8) Esiane sɛ teokrase kyerɛ Onyankopɔn nniso nti, egyina hɔ ma ɔdɔ nniso. Yesu kae sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yohane 13:35) Teokrase ahyehyɛde no ada ɔdɔ soronko adi wɔ awiei mmere a emu yɛ den yi mu. Bere a mmusua asetɔre ho ntɔkwaw sii wɔ Afrika no, Yehowa Adansefo daa ɔdɔ adi kyerɛɛ obiara, ɛmfa ho abusua a wofi mu. Bere a kan Yugoslavia ɔko no kɔɔ so no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nyinaa boaa wɔn ho, bere a nyamesom akuw ahorow de wɔn ho hyɛɛ nea wɔfrɛ no mmusua ho aweredi mu no. Sɛ́ ankorankoro no, Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wobedi Paulo afotu yi so: “Momma wonyi anobow nyinaa ne bobɔne ne abufuw ne ano kurokuro ne abususɛm, ɛne bɔnepɛ nyinaa mfi mo mu. Na momma mo yam nyɛ yiye na ɛnhyehye mo mmoma mo ho, momfa mfirifiri mo ho, sɛnea Onyankopɔn nam Kristo so de firii mo no.”—Efesofo 4:31, 32.

19. Nhyira horow bɛn na wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ teokrase ase no nya no nnɛ ne daakye nso?

19 Wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ teokrase ase no nya nhyira pii. Asomdwoe wɔ wɔne Onyankopɔn ne mfɛfo Kristofo ntam. (Hebrifo 12:14; Yakobo 3:17) Wɔwɔ asetra mu atirimpɔw. (Ɔsɛnkafo 12:13) Wɔwɔ honhom fam ahobammɔ ne daakye mu anidaso a enni huammɔ. (Dwom 59:9) Nokwarem no, wonya sɛnea tebea no bɛyɛ daakye bere a teokrase di adesamma nyinaa so no ho mpopoe. Afei Bible no ka sɛ, “wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio, me bepɔw kronkron no nyinaa so, na [Yehowa, NW] hu bɛyɛ asase ma, sɛ nsu kata po so no.” (Yesaia 11:9) Hwɛ anigye ara a saa bere no bɛyɛ! Ɛmmra sɛ yɛn nyinaa bɛbata teokrase ho nnɛ na ama yɛanya daakye Paradise no mu atra.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

◻ Dɛn ne nokware teokrase, na ɛhefa na ɛwɔ nnɛ?

◻ Ɔkwan bɛn so na nnipa brɛ wɔn ho ase hyɛ teokrase nniso ase wɔ wɔn asetra mu?

◻ Akwan bɛn so na wɔn a wɔhyɛ teokrase ase nyinaa hyɛ Onyankopɔn anuonyam sen wɔn ho?

◻ Su horow a eye bɛn na wɔn a wogyina teokrase akyi no sua?

[Kratafa 17 mfonini]

Salomo hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam sen ne ho

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena