Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/98 kr. 3-6
  • Akwampae Adwuma—So Wubetumi Ayɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Akwampae Adwuma—So Wubetumi Ayɛ?
  • Yɛn Ahenni Som—1998
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akwampaefo Boa Afoforo na Wonya Nhyira
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nhyira a Akwampae Adwuma No De Ba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Bere Nyinaa Asomfo A Wɔwɔ Anigye
    Yɛn Ahenni Som—1980
  • So Woasom Sɛ Ɔkwampaefo Bere Bi A Atwam?
    Yɛn Ahenni Som—1980
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1998
km 7/98 kr. 3-6

Akwampae Adwuma—So Wubetumi Ayɛ?

1 “Biribi foforo nni hɔ a ɛto nea mereyɛ yi. Nokwarem no, minsusuw sɛ biribi foforo bi wɔ hɔ a ebetumi ama manya anigye saa.” Hena na ɔkaa eyi? Ɛyɛ Yehowa Adansefo ɔpehaha pii a wɔde bere nyinaa som adwuma ayɛ wɔn asetra mu adwuma a anigye wom no mu biako. So wode mpaebɔ asusuw ho ahwɛ sɛ ebia wubetumi ayɛ akwampae adwuma no bi? Bere a yɛahyira yɛn ho so koraa ama Yehowa no, akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ yesusuw ho sɛ ebia yebetumi anya Ahenni ho asɛmpaka adwuma no mu kyɛfa akosi ase anaa. Wɔ eyi ho no, yɛsrɛ sɛ, susuw nsɛmmisa bi a nnipa pii bisa fa akwampae adwuma ho no ho.

ASƐMMISA 1: “Ebinom ka sɛ ɛnyɛ obiara na obetumi ayɛ akwampae adwuma. Mɛyɛ dɛn ahu sɛ metumi ayɛ?”

2 Mmuae no gyina wo nsɛm tebea ne Kyerɛwnsɛm mu asɛyɛde ahorow so. Nnipa pii wɔ hɔ a wɔn akwahosan ne asetra a wɔwom mprempren mma wontumi mfa nnɔnhwerew 90 nyɛ ɔsom adwuma ɔsram biara. Ebi ne anuanom mmea anokwafo pii a wɔyɛ Kristofo ɔyerenom ne awofo no. Wonya ɔsom adwuma no mu kyɛfa sɛnea wɔn nsɛm tebea ma wɔn kwan. Sɛ wonya hokwan a, wɔyɛ akwampaefo aboafo ɔsram biako anaa nea ɛboro saa afe biara, na wonya anigye a efi ɔsom adwuma no a wɔyɛ no pii mu ba no. (Gal. 6:9) Ɛwom sɛ wɔn nsɛm tebea mma wɔn kwan mma wɔnsom sɛ bere nyinaa akwampaefo mprempren de, nanso wɔhyɛ akwampae adwuma ho nkuran na wɔyɛ nhyira ma asafo no sɛ asɛmpa no ho adawurubɔfo a wɔyɛ nsi.

3 Ɔkwan foforo so no, anuanom mmarima ne mmea pii a wonni asɛyɛde pii no atumi ayɛ akwampae adwuma no denam wɔn ahiade ahorow a wɔayɛ mu nsakrae so. Wo nso ɛ? So woyɛ abofra a woawie sukuu? So woyɛ ɔyere a wo kunu tumi hwɛ mo abusua no yiye? So woyɛ ɔwarefo a wunni mma a wɔda so wɔ wo hwɛ ase? So woakɔ pɛnhyen? Sɛ́ obi bɛyɛ akwampae adwuma anaa ɔrenyɛ no yɛ n’ankasa gyinaesi. Asɛm no ne sɛ, So wubetumi ayɛ nsakrae wɔ w’asetra mu ayɛ akwampae adwuma no?

4 Satan nam ne wiase nneɛma nhyehyɛe no so de nneɛma twetwe yɛn adwene, na ɛma yɛde yɛn ho hyɛ pɛsɛmenkominya asetra kwan mu. Sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛrenyɛ wiase no fã a, Yehowa bɛboa yɛn ma yɛde Ahenni nneɛma adi kan, na yɛagye teokrase dwumadi hokwan ahorow a ɛwɔ hɔ ma yɛn no atom. Sɛ wubetumi ayɛ w’asetra mu nsakrae asom sɛ ɔkwampaefo a, dɛn nti na wonyɛ saa?

ASƐMMISA 2: “Mɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ metumi anya sika ahwɛ me ho wɔ bere nyinaa som adwuma no mu?”

5 Ɛyɛ ampa sɛ wɔ aman pii mu no, nnɔnhwerew a ehia sɛ wɔde yɛ honam fam adwuma dapɛn biara na ama wɔanya nea wobu no sɛ asetra mu ahiade no anya nkɔanim nnansa yi. Nanso, anuanom pii de mfe pii ayɛ akwampae adwuma no, na Yehowa kɔ so wowaw wɔn. Gyidi ne ahofama ho hia na obi atumi ayɛ akwampae adwuma no. (Mat. 17:20) Yɛwɔ asɛm a ɛwɔ Dwom 34:10 no mu awerɛhyem sɛ ‘wɔn a wɔhwehwɛ Yehowa no, adepa biara remmɔ wɔn.’ Ɛsɛ sɛ obiara a ɔrebɛyɛ akwampae adwuma no nya ahotoso koraa sɛ Yehowa bɛhwɛ no. Saa pɛpɛɛpɛ na ɔreyɛ ma akwampaefo anokwafo a wɔwɔ mmaa nyinaa! (Dw. 37:25) Nokwarem no, nea ɛne nnyinasosɛm a ɛwɔ 2 Tesalonikafo 3:8, 10, ne 1 Timoteo 5:8 hyia no, akwampaefo nhwɛ kwan sɛ afoforo bɛboa wɔn wɔ sika fam.

6 Ɛsɛ sɛ obiara a ɔresusuw akwampae adwuma ho no yɛ sɛnea Yesu kae no: ‘Ɔntra ase mmu ho akontaa ansa.’ (Luka 14:28) Eyi a ɔbɛyɛ no kyerɛ nyansa a ɔreda no adi. Wo ne wɔn a wɔatumi de mfe bi ayɛ akwampae adwuma no mmɔ ho nkɔmmɔ. Bisa wɔn sɛnea Yehowa awowaw wɔn. Wo mansin sohwɛfo yɛ ɔkwampaefo a ɔwɔ suahu a n’ani begye ho sɛ ɔbɛma wo nyansahyɛ ahorow wɔ sɛnea wubetumi ayɛ bere nyinaa som adwuma no ho.

7 Obi rentumi nhu nokware a Yesu bɔhyɛ a ɛwɔ Mateo 6:33 no yɛ da gye sɛ ɔde ne ho hyɛ Yehowa nsa. Ɔkwampaefo nokwafo bi kae sɛ: “Bere a me ne me hokafo koduu baabi a wɔmaa yɛn dwumadi foforo wɔ hɔ sɛ akwampaefo no, na yɛwɔ nhabamma kakraa bi, bɔta ketewa bi, na na yenni sika koraa. Yedii aduan no wiee anwummere, na yɛkae sɛ, ‘Seesei yenni biribiara a yebedi ɔkyena.’ Yɛbɔɔ ho mpae kɔdae. Ade kyee anɔpatutuutu no, ɛhɔnom Ɔdansefo bi bae bɛdaa ne ho adi kae sɛ, ‘Mebɔɔ mpae sɛ Yehowa mfa akwampaefo mmra. Seesei, metumi ne mo ayɛ adwuma pii awiabere, nanso esiane sɛ mete akuraa nti, ɛsɛ sɛ me ne mo didi awia, enti mede aduan yi aba na ɛyɛ a yɛadi.’ Ná ɛyɛ nantwinam ne nnuadewa pii bi.” Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yesu maa yɛn awerɛhyem sɛ yebetumi ‘agyae yɛn kra ho adwennwen’! Afei ɔde kaa ho sɛ: “Mo mu hena na odwinnwen a, obetumi de basafa biako ato ne tenten so?”—Mat. 6:25, 27.

8 Honam fam ade dodowpɛ regye ntini kɛse wɔ wiase a yɛte mu yi mu. Ɛrehyɛ yɛn ma yɛayɛ sɛ wɔn. Nanso, ahobrɛase mu a yebefi akyerɛ bere nyinaa som adwuma ho anisɔ no ma honam fam nneɛma kakra a yɛwɔ no dɔɔ yɛn so. (1 Tim. 6:8) Akwampaefo a wɔkwati akɛsesɛm na wɔyɛ nneɛma wɔano wɔano no nya bere pii ma adwuma no, na wonya anigye ne honhom fam ahoɔden pii fi nokware no a wɔde kyerɛkyerɛ afoforo no mu. Ɛwom sɛ ɛnyɛ asetra mu nneɛma na wɔde rekame wɔn ho de, nanso wɔn sikasɛm tebea a wɔma ɛkari pɛ no ama wɔanya akwampae adwuma mu nhyira ahorow.

9 Sɛ wuhu no yiye sɛ yɛte nna a edi akyiri mu, ne sɛ wiase bɔne yi bere resa a, ɛbɛhyɛ wo nkuran wɔ honhom fam ma wode nneɛma a ɛfata abɔ afɔre na ama wode hokwan biara a wubenya aka asɛmpa no. Wonam wo sikasɛm mu a wobɛsan ahwehwɛ ne asɛm no a wode bɛhyɛ Yehowa nsa no so betumi ahu sɛ wubetumi de wo bere nyinaa asom no. Sɛ ɛsɛ sɛ wohwere honam fam nneɛma bi ansa na woatumi ayɛ akwampae adwuma no mpo a, wubenya Yehowa nhyira pii.—Dw. 145:16.

ASƐMMISA 3: “Sɛ́ abofra a madu me mpanyin mfe so no, dɛn nti na ɛsɛ sɛ mepaw akwampae adwuma sɛ m’asetra mu adwuma?”

10 Bere a aka kakra ma woawie sukuu no, akyinnye biara nni ho sɛ wususuw wo daakye ho. Wopɛ sɛ ɛyɛ nea ahobammɔ, anigye, ne atirimpɔw wom. Ebia sukuu akwankyerɛ ho afotufo bɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛtwe w’adwene asi adwuma a sika wom a ɛhwehwɛ sɛ wode mfe pii kɔ kɔlege no so. Wo Kristofo ahonim a woatete no yiye no ka kyerɛ wo sɛ ɛsɛ sɛ wusiesie wo ho sɛ wobɛsom Yehowa koraa sɛnea wubetumi. (Ɔsɛnk. 12:1) Ebia wubesusuw ho nso sɛ bere bi bɛba a wobɛware anya abusua. Dɛn na wobɛyɛ?

11 Gyinae a wubesi saa bere yi wɔ w’asetram no betumi akyerɛ nea wobɛyɛ daakye. Sɛ woyɛ Yehowa Ɔdansefo a woahyira wo ho so agye asubɔ dedaw a, wufi ɔkra nyinaa mu de wo ho ama Yehowa. (Heb. 10:7) Hokwan a edi kan a wowɔ ne sɛ, wobɛsɔ akwampaefo aboafo adwuma no ahwɛ ɔsram biako anaa nea ɛboro saa. Eyi bɛma woaka anigye ne asɛyɛde a ɛwɔ daa akwampae adwuma mu no ahwɛ, na akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛma woahu nea ɛsɛ sɛ wode w’asetra yɛ ankasa. Afei, sɛ́ anka wuwie sukuu a, wode bere a aka nyinaa bɛyɛ honam fam adwuma no, dɛn nti na wumfi daa akwampae adwuma ase? Ebinom a wɔtwɛnee araa ansa na wɔreyɛ akwampae adwuma no anu wɔn ho sɛ wɔamfi ase ntɛm.

12 Sɛ́ abofra no, fa hokwan horow a wowɔ no di sigya, na nya mfaso horow a ɛma wonya wɔ bere nyinaa asɛnka adwuma mu no. Sɛ ɛyɛ wo pɛ sɛ wobɛware daakye a, fapem pa biara nni hɔ a wubetumi ato ama aware sen sɛ wubedi kan asom sɛ daa ɔkwampaefo. Bere a wunyin wɔ honam ne honhom fam no, ebia wo ne w’aware mu hokafo a ɔne wo yɛ adwene no de akwampae adwuma no bɛyɛ mo adwuma. Awarefo bi a wɔayɛ akwampae adwuma no abom no de wɔn ho ahyɛ ɔmansin anaa asɛmpatrɛw adwuma no mu. Asetra a abotɔyam wom ankasa ni!

13 Ɛmfa ho bere tenten a wode bɛyɛ akwampae adwuma no, wo nhomasua bɛyɛ nea edi mũ, na woanya ntetee a ɛso bi nni a adwuma foforo biara rentumi mma wunnya wɔ asase so. Akwampae adwuma no kyerɛkyerɛ sɛnea obi bɛteɛ ne ho so, sɛnea ɔbɛyɛ nhyehyɛe pa, sɛnea ɔne nnipa bedi nsɛm, sɛnea ɔde ne ho bɛto Yehowa so, ne sɛnea obenya boasetɔ ne ayamye—su ahorow a ebesiesie wo ama woatumi adi asɛyɛde akɛse ho dwuma.

14 Adesamma asetra nyɛɛ akomatu sɛɛ da. Sɛ Yehowa bɔhyɛ da nkyɛn a, nneɛma kakraa bi pɛ na ɛtra hɔ daa. Esiane sɛ nneɛma pii wɔ w’anim daakye nti, bere pa bɛn na wubetumi de asusuw nea wode w’asetra bɛyɛ wɔ mfe a ɛreba no mu ho anibere so sen saa bere yi? Susuw akwampae adwuma hokwan no ho yiye. Worennu wo ho da sɛ wode akwampae adwuma yɛɛ w’adwuma.

ASƐMMISA 4: “So ɛrenyɛ nhyɛso daa sɛ medu me nnɔnhwerew ho? Na minnu ho nso ɛ?”

15 Sɛ wohyehyɛ daa akwampaefo akwammisa kratasin no a, ɛsɛ sɛ wubua asɛmmisa yi: “So woayɛ wo nhyehyɛe a ɛbɛma woatumi ahwɛ kwan ma afata sɛ wubedu nnɔnhwerew 1,000 a wɔhwehwɛ no afe biara no ho?” Sɛ wubedu ho a, ɛsɛ sɛ wutumi de nnɔnhwerew abiɛsa yɛ asɛnka adwuma da biara. Ɛda adi sɛ, eyi gye bere nhyehyɛe pa ne ahosodi. Akwampaefo dodow no ara tumi de asram kakraa bi yɛ bere nhyehyɛe a ɛfata na wɔde di dwuma.

16 Nanso, Ɔsɛnkafo 9:11 ka no nokwarem sɛ, ‘Ɛbere ne asiane to yɛn nyinaa.’ Yare a emu yɛ den ne tebea ahorow a wɔnhwɛ kwan nti, ebetumi aba sɛ ɔkwampaefo bi rennu ne nnɔnhwerew ho. Sɛ ɔhaw no nyɛ nea ɛbɛkyɛ, na sɛ esi ɔsom afe no mfiase a, ebia nea ebehia ara ne nhyehyɛe a wobɛsan ayɛ no yiye na ama wo nsa aka nnɔnhwerew a woahwere no. Na sɛ ɔhaw a anibere wom bi sɔre bere a aka asram kakraa bi ma ɔsom afe no aba awiei, na ɔkwampaefo no ntumi nnu ne bere ho nso ɛ?

17 Sɛ woyare bere tiaa bi wɔ asram kakraa bi mu anaasɛ esiane biribi foforo a egye ntɛmpɛ a wuntumi nyɛ ho hwee nti, wuntumi nnu wo nnɔnhwerew ho a, wubetumi akɔ Asafo Ɔsom Boayikuw no muni bi hɔ akɔkyerɛkyerɛ ɔhaw no mu akyerɛ no. Sɛ saa mpanyimfo yi susuw sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛtoa akwampae adwuma no so a ɛho nhia sɛ wohaw wo ho wɔ bere a aka mu no ho a wubedu a, wobetumi asi saa gyinae no. Ɔkyerɛwfo no bɛhyɛ Asafo no Ɔdawurubɔfo Kyerɛwtohɔ kratasin no so agyirae de akyerɛ sɛ ɛho nhia sɛ woyɛ bere a aka mu no ho adwuma. Eyi nkyerɛ sɛ wɔrema woagye w’ahome kakra, na mmom, susuw na wɔasusuw wo tebea no ho wɔ ɔkwan titiriw bi so.—Hwɛ krataa a ɛhyɛ September 1986 Yɛn Ahenni Som mu no nkyekyem 18.

18 Akwampaefo a wɔwɔ suahu no di kan pɛ nnɔnhwerew pii gu hɔ ɔsom afe no mfiase. Wɔde akwampae adwuma no di kan, enti ɛtɔ mmere bi a wohu sɛ ɛho hia sɛ wotwa nnwuma bi a ɛho nhia mu. Sɛ ɔkwampaefo bi nnu ne nnɔnhwerew ho esiane nhyehyɛe pa a ɔnyɛ anaasɛ ahosodi a wamfa anni bere nhyehyɛe no so nti a, ɛsɛ sɛ ɔte nka sɛ ɛyɛ n’asɛyɛde sɛ ɔbɛyɛ adwuma de ahyɛ bere a aka mu no ananmu, na ɛnsɛ sɛ ɔhwɛ kwan sɛ wobesusuw ne ho wɔ ɔkwan titiriw bi so.

19 Ɛtɔ mmere bi a ɔkwampaefo bi hyia tebea ahorow a ontumi nyɛ ho hwee. Ebia obehu sɛ ontumi nnu ne nnɔnhwerew ho bere tenten esiane yare bi a ɛkɔ so haw no, abusua mu asɛyɛde a ɛyɛ kɛse, ne nea ɛkeka ho, nti. Wɔ saa tebea yi mu no, ade a nyansa wom sɛ ɔyɛ ne sɛ ɔbɛsan akɔyɛ ɔdawurubɔfo na bere biara a ɛbɛyɛ yiye no wayɛ akwampaefo boafo. Daa nsiesiei bi nni hɔ a ɛbɛma obi akɔ so atra akwampae adwuma no mu bere a ne nsɛm tebea mma no kwan bio sɛ obedu ne nnɔnhwerew ho no.

20 Yɛwɔ anidaso sɛ nsiesiei a ɛne sɛ wonsusuw wɔn a wɔfata ho wɔ ɔkwan titiriw so no bɛhyɛ pii nkuran ma wɔde wɔn ho ahyɛ akwampae adwuma no mu a wɔrenhaw wɔn ho kwa. Ɛsɛ sɛ ɛhyɛ wɔn a wɔwɔ bere nyinaa som adwuma no mu dedaw no nso nkuran ma wɔkɔ so yɛ akwampae adwuma no. Yɛpɛ sɛ akwampaefo tumi yɛ bere nyinaa som adwuma no.

ASƐMMISA 5: “Mepɛ sɛ meyɛ biribi, na mepɛ sɛ minya ne yɛ mu anigye. So akwampae adwuma bɛma manya saa anigye no?”

21 Nokware anigye gyina abusuabɔ a emu yɛ den a yɛne Yehowa benya ne nim a yenim sɛ yɛresom no nokware mu no so kɛse. Yesu tɔɔ ne bo ase huu asɛndua ho amane bere a “ɔhwɛɛ anigye a ɛda n’anim no.” (Heb. 12:2) Onyankopɔn apɛde a ɔyɛe na ɛma onyaa anigye. (Dw. 40:8) Wɔ mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne yi mu no, yebetumi anya nokware anigye bere a yɛde yɛn asetra fã kɛse no ara yɛ nnwuma a ɛfa Yehowa som ho no. Honhom fam nnwuma ma yenya atirimpɔw bi efisɛ yefi yɛn komam nim sɛ yɛreyɛ nea ɛteɛ. Anigye fi ɔma mu, na ɔkwan titiriw biara nni hɔ a yebetumi afa so de yɛn ho ama sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ afoforo ma wɔahu sɛnea wobenya daa nkwa wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu.—Aso. 20:35.

22 Ɔkwampaefo a yɛfaa n’asɛm kae wɔ nkyekyem a edi kan mu no kyerɛkyerɛ mu saa kwan yi so sɛ: “So biribi wɔ hɔ a ebetumi ayɛ anigye asen sɛ wubehu sɛ obi a wo ne no sua ade abɛyɛ obi a ɔde nsi yi Yehowa ayɛ? Ɛma ahomeka na ɛhyɛ gyidi den sɛ wubehu sɛnea Onyankopɔn Asɛm tumi kanyan nkurɔfo ma wɔyɛ nsakrae wɔ wɔn asetram ma wɔyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani.” (Hwɛ October 15, 1997, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 18-23.) Enti, dɛn na ɛma wunya anigye? Sɛ́ anka wubedi bere tiaa mu anigye a wiase de ma akyi no, sɛ wokyerɛ nnwuma a mfaso wɔ so a ɛtra hɔ daa ho anisɔ a, akwampae adwuma no bɛma woanya abotɔyam, na ama w’ani agye ankasa.

ASƐMMISA 6: “Sɛ ɛho nhia na ama obi anya daa nkwa de a, so ɛnyɛ m’ankasa asɛm sɛ mɛyɛ akwampae adwuma anaa menyɛ?”

23 Ampa, gyinae a wubesi sɛ wobɛyɛ akwampae adwuma no yɛ w’ankasa asɛm. Yehowa nkutoo na obetumi ahu w’asetra mu nsɛm tebea ankasa. (Rom. 14:4) Ɔfata sɛ ɔhwɛ kwan sɛ wubefi koma, ɔkra, adwene ne w’ahoɔden nyinaa mu asom no. (Marko 12:30; Gal. 6:4, 5) Ɔdɔ obi a ɔtew n’anim ma ade, obi a ɔde anigye som no, na ɛnyɛ amemenemfe anaa ɔhyɛ mu. (2 Kor. 9:7; Kol. 3:23) Ɛsɛ sɛ nea enti a woreyɛ bere nyinaa som adwuma no fi ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa ne nnipa a wɔwɔ asasesin no mu no. (Mat. 9:36-38; Marko 12:30, 31) Sɛ saa na wote nka a, ɛnde ɛsɛ sɛ wususuw akwampae adwuma no ho anibere so.

24 Yɛwɔ anidaso sɛ nea yɛaka ho asɛm wɔ ha no bɛboa wo ma woasusuw anigye a wowɔ ma akwampae adwuma no ho. So wubetumi ayɛ nsakrae wɔ wo nsɛm tebea mu na ama woayɛ akwampae adwuma no? Nea wɔatintim wɔ ase hɔ no yɛ kalenda a wɔato din “Me Dapɛn Dapɛn Bere Nhyehyɛe Ma Akwampae Adwuma.” Hwɛ sɛ w’ankasa wubetumi agyina so ayɛ bere nhyehyɛe a ɛbɛma woanya nnɔnhwerew 23 wɔ asɛnka mu dapɛn biara a. Afei, nya Yehowa mu gyidi ne ahotoso koraa. Ɛdenam ne mmoa so no, wubetumi ayɛ! Wahyɛ bɔ sɛ: ‘Mehwie nhyira ama wo ma aboro so.’—Mal. 3:10.

25 Enti yebisa sɛ, “Akwampae adwuma—so wubetumi ayɛ?” Sɛ wutumi bua “Yiw” a, paw da a wode befi daa akwampae adwuma ase ntɛm ara, na nya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛma woanya asetra a anigye wom!

Fa pɛnsere hyehyɛ bere a wode bɛyɛ asɛnka dapɛn no mu da biara.

Yɛ nhyehyɛe sɛ wode nnɔnhwerew 23 bɛyɛ asɛnka adwuma no dapɛn biara.

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 6]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Dapɛn Dapɛn Nnɔnhwerew Nkabom

DWODA: Anɔpa asɛnka

BENADA: Anɔpa asɛnka

WUKUDA: Anɔpa asɛnka

YAWDA: Anɔpa asɛnka

FIDA: Anɔpa asɛnka

MEMENEDA: Anɔpa asɛnka

KWASIDA: Anɔpa asɛnka

DWODA: Awia asɛnka

BENADA: Awia asɛnka

WUKUDA: Awia asɛnka

YAWDA: Awia asɛnka

FIDA: Awia asɛnka

MEMENEDA: Awia asɛnka

KWASIDA: Awia asɛnka

DWODA: Anwumere asɛnka

BENADA: Anwumere asɛnka

WUKUDA: Anwumere asɛnka

YAWDA: Anwumere asɛnka

FIDA: Anwumere asɛnka

MEMENEDA: Anwumere asɛnka

KWASIDA: Anwumere asɛnka

Fa pɛnsere hyehyɛ bere a wode bɛyɛ asɛnka dapɛn no mu da biara.

Yɛ nhyehyɛe sɛ wode nnɔnhwerew 23 bɛyɛ asɛnka adwuma no dapɛn biara.

Dapɛn Dapɛn Nnɔnhwerew Nkabom ․․․․․․․․․․․․․․․․․․․․

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena