Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 1/15 kr. 31
  • Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnyanka Agya
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Fi Ɔdɔ Mu Kyerɛ “Nyisaa” Ho Anigye
    Yɛn Ahenni Som—2002
  • Mmusua a Agyanom Nnim—Ɔhaw No a Yebesiw Ano
    Nyan!—2000
  • Mmusua a Agyanom Nnim—Ade a Abu So Nnɛ
    Nyan!—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 1/15 kr. 31

Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Esiane sɛ “New World Translation” Bible no taa ka “abarimaa a onni agya” ho asɛm nti, so eyi kyerɛ sɛ mmeawa de wonnwen wɔn ho kɛse?

Ɛnte saa koraa.

New World Translation of the Holy Scriptures de asɛm “abarimaa a onni agya” di dwuma wɔ nkyekyem ahorow pii a ɛda sɛnea Onyankopɔn dwen mmofra a wɔahwere ɔwofo bi ho adi mu. Onyankopɔn daa dwen a odwen mmofra a wɔte saa yi ho adi wɔ mmara a ɔde maa Israel no mu.

Sɛ nhwɛso no, Onyankopɔn kae sɛ: “Monnhyɛ ɔbaakunafo anaa abarimaa a onni agya so. Sɛ mohyɛ no so, na osu frɛ me pɛ a, otie na metie ne sufrɛ no, na m’abufuw ano ayɛ den, na mede nkrante makum mo, na mo yerenom adannan akunafo, na mo mma mmarima ayeyɛ mmarimaa a wonni agyanom.” (Exodus 22:22-24; New World Translation) “Yehowa mo Nyankopɔn yɛ anyame mu Nyankopɔn ne awurade mu Awurade, Onyankopɔn kɛse no, otumfoɔ a ne ho yɛ hu a ɔnhwɛ nnipa anim na onnye adanmude, obu atɛn ma abarimaa a onni agya ne okunafo.”—Deuteronomium 10:17, 18; 14:29; 24:17; 27:19, NW.

Wɔ Bible nkyerɛase pii mu no, saa nkyekyem ahorow yi kenkan sɛ “abofra a onni agya” anaa “ayisaa,” ma enti ɛfa mmarimaa ne mmeawa nyinaa ho. Nanso, sɛ wɔka no saa kwan no so a, Hebri asɛmfua (ya·thohmʹ) a ɛwɔ barima kabea mu no ntease ankasa nna adi. Mmom no, New World Translation of the Holy Scriptures kyerɛ ase pɛpɛɛpɛ sɛ “abarimaa a onni agya” anaa “mmarimaa a wonni agya” te sɛ nea ɛwɔ Dwom 68:5 no, na ɛkenkan sɛ: “Mmarimaa a wonni agya se ne akunafo sɛnnifo ne Onyankopɔn, ne trabea kronkron mu.” Esiane Hebri kasa no mu ntease koro no ara nti, wɔde adeyɛ asɛm a ɛwɔ ɔbea kabea mu a ɛwɔ Dwom 68:11 no di dwuma ma ɛfata, ɛkenkan sɛ: “Mmea a wɔka nkonim asɛmpa no asafo sõ.”a

Ɛwom sɛ ya·thohmʹ nkyerɛase titiriw ne “abarimaa a onni agya” de, nanso eyi nkyerɛ sɛ wonnwen mmeawa a wɔhwere ɔwofo bi ho. Kyerɛw nsɛm a yɛafa mu nsɛm aka no ne afoforo da no adi sɛ wɔhyɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo nkuran sɛ wɔnhwɛ mmea ne akunafo. (Dwom 146:9; Yesaia 1:17; Yeremia 22:3; Sakaria 7:9, 10; Malaki 3:5) Onyankopɔn ma wɔde Selofehad mmabea a wonni agya no asenni a ɛma wonyaa agyapade no ho kyerɛwtohɔ kaa Mmara no ho. Saa atemmu no bɛyɛɛ mmara a wogyinaa so dii nsɛm ahorow a ɛtete saa ho dwuma, na ama wɔapene hokwan a mmeawa a wonni agya wɔ so.—Numeri 27:1-8.

Yesu annyina bɔbeasu so anyɛ nyiyimu bere a ɔreda ayamye adi akyerɛ mmofra no. Mmom no yɛkenkan sɛ: “Wɔde mmofraa brɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa ngu wɔn so; na n’asuafo no kaa wɔn a wɔde wɔn bae no anim. Na Yesu hui no, anyɛ no abodwo, na osee wɔn sɛ: Momma mmofraa no kwan na wɔmmra me nkyɛn, na munnsiw wɔn kwan; na eyinom sɛɛ na Onyankopɔn ahenni yɛ wɔn dea. Nokware mise mo sɛ: Obiara a ɔrennye Onyankopɔn ahenni sɛ abofraa no, ɔrenkɔ mu koraa. Na ɔyɛɛ wɔn atuu . . . hyiraa wɔn.”—Marko 10:13-16.

Hela asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha sɛ “mmofraa” no nni ɔbarima anaa ɔbea kabea mu. Hela nsɛm asekyerɛ nhoma a agye din bi ka sɛ wɔde saa asɛmfua yi “ka mmarimaa ne mmeawa ho asɛm.” Ná Yesu reda anigye a Yehowa wɔ wɔ mmofra nyinaa, mmarimaa ne mmeawa ho adi. (Hebrifo 1:3; fa toto Deuteronomium 16:14; Marko 5:35, 38-42 ho.) Enti ɛsɛ sɛ yehu sɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu afotu a ɛfa “mmarimaa a wonni agya” ho no yɛ afotu a ɛkyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛma mmofra nyinaa a wɔahwere wɔn wofo bi anaa wɔn awofo no hia yɛn.

[Ase hɔ asɛm]

a Yudafo Tanakh no kenkan sɛ: “AWURADE de ahyɛde ma; mmea a wɔde asɛm no ba no yɛ nnipa a wɔdɔɔso.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena