Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/02 kr. 8
  • Fi Ɔdɔ Mu Kyerɛ “Nyisaa” Ho Anigye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fi Ɔdɔ Mu Kyerɛ “Nyisaa” Ho Anigye
  • Yɛn Ahenni Som—2002
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsemmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nnyanka Agya
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Ɔwofo-Biako Mmusua Betumi Adi Nkonim!
    Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba
  • Hu Awofo a Wonni Ahokafo no Mmɔbɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2002
km 11/02 kr. 8

Fi Ɔdɔ Mu Kyerɛ “Nyisaa” Ho Anigye

1 Yehowa yɛ ‘nyisaa agya.’ (Dw. 68:5) Sɛnea odwen wɔn yiyedi ho no da adi wɔ ahyɛde yi a ɔde maa tete Israel man no mu: “Monnhyɛ ɔbaakunafo anaa ayisaa so. Sɛ wohyɛ wɔn so, na wosu frɛ me pɛ a, otie na metie wɔn sufrɛ no.” (Ex. 22:22, 23) Na nhyehyɛe a ɛbɛboa saafo no ma wɔanya wɔn honam fam ahiade nso ka Onyankopɔn Mmara no ho. (Deut. 24:19-21) Wɔ Kristofo nhyehyɛe mu no, wotu nokware asomfo fo sɛ ‘wɔnkɔhwɛ nyisaa ne akunafo wɔn ahohia mu.’ (Yak. 1:27) Yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua Yehowa wɔ anigye a ɔkyerɛ wɔ nyisaa a wɔretete wɔn wɔ ɔwofo biako mmusua anaa mmusua a emufo nni ɔsom biako mu ho wɔ ɔdɔ mu no mu?

2 Honhom Fam Ntetee: Sɛ woyɛ ɔwofo a onni ɔhokafo anaa ɔwofo a ɔwɔ ɔhokafo a onnye nni a, ebetumi ayɛ den sɛ wo ne wo mma bɛyɛ ofie Bible adesua daa. Nanso Bible adesua a wɔyɛ no daa na mfaso wɔ so ho hia na ama wɔanyin abɛyɛ mpanyimfo a wɔkari pɛ na wɔn ho akokwaw. (Mmeb. 22:6) Honhom fam nneɛma ho nkɔmmɔ a mobɛbɔ daa nso ho hia. (Deut. 6:6-9) Ɛtɔ mmere bi a, w’abam betumi abu, nanso mpa abaw. Kɔ Yehowa nkyɛn kɔhwehwɛ ahoɔden ne akwankyerɛ bere a ‘wotete wo mma wɔ Yehowa kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu’ no.—Efe. 6:4.

3 Sɛ wuhia mmoa bi a wode bedi Kyerɛwnsɛm mu asɛyɛde ahorow ho dwuma a, ma mpanyimfo no nhu w’ahiade ahorow no. Wobetumi ama wo nyansahyɛ ahorow a mfaso wɔ so anaasɛ wobetumi aboa ma woayɛ honhom fam nhyehyɛe pa ama w’abusua no.

4 Sɛnea Afoforo Betumi Aboa: Wɔ afeha a edi kan no mu no, ɛmfa ho sɛ Timoteo nyinii wɔ abusua a na emufo nni ɔsom biako mu no, ɔbɛyɛɛ Yehowa somfo a ɔyɛ nnam. Akyinnye biara nni ho sɛ mmɔden kɛse a ne maame ne ne nana bɔe kyerɛkyerɛɛ no kyerɛw kronkron no wɔ ne mmofraase no ka ho bi titiriw na ɛma ɔyɛɛ nnam no. (Aso. 16:1, 2; 2 Tim. 1:5; 3:15) Na onyaa mfaso nso wɔ fekubɔ a ɔne Kristofo foforo, a na Ɔsomafo Paulo a ɔfrɛɛ Timoteo sɛ ne “ba dɔfo ne nokwafo Awurade mu” ka ho, nyae no mu.—1 Kor. 4:17.

5 Ɛnnɛ nso, hwɛ sɛnea mfaso wɔ so bere a honhom fam anuanom mmarima ne mmea fi ɔdɔ mu kyerɛ nyisaa a wɔwɔ asafo no mu ho anigye no! So wunim wɔn mu biara din? So wo ne wɔn kasa wɔ Kristofo nhyiam ase ne mmere foforo? To nsa frɛ wɔn na wɔne wo nkɔ asɛnka. Ebia bere ne bere mu no, wubetumi de wɔn, wɔn wofo a onni ɔhokafo no anaa ɔwofo a ɔyɛ gyidini no, aka w’abusua adesua anaa nhyehyɛe ahorow a woyɛ ma ahomegye a ɛfata no ho. Sɛ saa mmofra yi fa wo sɛ wɔn adamfo a, ɛda adi pefee sɛ wobesuasua wo nhwɛso na wɔagye wo nkuranhyɛ atom.—Fil. 2:4.

6 Nyisaa ho hia Yehowa yiye, na ɔrehyira mmɔden a yefi ɔdɔ mu rebɔ sɛ yɛbɛboa wɔn ma wɔagye nokware no atom no so. Nnipa pii a wɔtetee wɔn wɔ ɔwofo biako mmusua anaa mmusua a emufo nni ɔsom biako mu nyaa nkuranhyɛ a ɛte saa, na wɔde nokwaredi resom sɛ akwampaefo, asafo mu asomfo, mpanyimfo, ahwɛfo akwantufo, wɔn a wɔawie Asomfo Ntetee Sukuu, anaa Betel abusua mufo. Ɛmmra sɛ yɛn nyinaa bɛhwehwɛ akwan a yɛbɛfa so “atrɛw” yɛn dɔ mu ma aka nyisaa, de asuasua yɛn soro Agya no.—2 Kor. 6:11-13.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena