So Akansi na Ɛde Yiyedi Ba?
“BIRIBIARA nni hɔ a ɛsom bo sen nkonimdi.” Ɛnnɛ nnipa pii na wɔn asetra gyina saa nsɛm yi a wɔtaa ka sɛ Amerikani bi a ɔkyerɛ bɔɔlbɔ, Vince Lombardi na ɔkae no so. Mprempren, kan Komunist aman nso kamfo akansi honhom kyerɛ. Wɔkyerɛ sɛ akansi a wɔde bɛba wɔn aguadi nhyehyɛe mu no ne ade a ɛho hia na ama wɔanya nkɔso. Wɔ Apuei fam no, awofo pii ma wɔn mma ne afoforo si akan, na wɔde wɔn kɔ sukuu a ɛnyɛ aban de a wɔde bere tiaa kyerɛ wɔn nneɛma pii na ama wɔatumi adi nkonim wɔ sɔhwɛ a wɔde kɔ ntoaso sukuu no mu. Awofo a asɛm no ho hia wɔn yiye no gye di sɛ ade a ɛbɛma wɔn mma atumi adi yiye daakye ne sukuu a agye din a wɔde wɔn bɛkɔ.
Nnipa pii gye di yiye sɛ, akansi ne ade a ɛde nkɔso ba. Sɛnea wogye di no, nnipa nam akan a wɔne wɔn ho wɔn ho si so adi yiye. Nnwumakuw akɛse no mu mpanyimfo a [Japan’s Federation of Economic Organizations] bisabisaa wɔn nsɛm no mu ɔha biara mu nkyem 65.9 kae sɛ, “adwumam dibea a wɔpere na ɛma Japanfo nnwumakuw no nya nkɔso.” Na ɛkame ayɛ sɛ Japan nnwumakuw akɔ so adi yiye. Nanso, so akansi na ɛde yiyedi ba ankasa?
So Ɛso wɔ Mfaso Ampa?
Nnipa a wɔne afoforo si akan da pɛsɛmenkominya su adi, na wɔpɛ sɛ wodi kan wɔ biribiara mu. Wɔn ani gye bere a nneɛma ankɔ yiye amma afoforo, na wosusuw sɛ ɛno bɛma wɔn nkɔso ada adi yiye. Nea ɛbɛyɛ na wɔanya wɔn ankasa mfaso no, ebia wɔbɛfa akwan bi a ebepira afoforo so. Ɛhe na yiyedi a ɛte saa a wɔnam akansi so hwehwɛ no bɛkɔ akowie? Yasuo a ɔde ne ho hyɛɛ dibea ho apereperedi bi mu wɔ n’adwumam no kae ne kan abrabɔ no, na ɔka sɛ: “Bere a akansi honhom ahyɛ me mã na me nsusuwii nyinaa gyina adwumam dibea a menya so no, mede me ho totoo afoforo ho na metee nka sɛ mekorɔn sen wɔn. Sɛ wɔma saa nkurɔfo no dibea bi a ɛkorɔn sen me de a, na ɛyɛ me yaw, minwiinwii da biara wɔ adwuma no mu mpanyimfo gyinaesi ho. Ná menhyɛ da nni nnamfo ankasa.”
Akansi honhom nso tumi de ɔpatuwu ba. Ɔkwan bɛn so? Japan atesɛm krataa Mainichi Daily News kyerɛ sɛ, su bi a wɔato din sɛ type A na ɛde karoshi, anaa owu a adwumayɛ ntraso na ɛde ba no ba. Type A kyerɛ obi bere a ɔde bedi dwuma yiye de ayɛ adwuma atra so a nhyɛso, akansi honhom ne nitan mfa ho. Amerikafo Friedman ne Rosenman a wɔyɛ koma ho animdefo kyerɛ sɛ type A su ma komayare. Yiw, akansi honhom betumi adi awu.
Adwumam akansi tumi de honam ne adwenem nyarewa afoforo nso ba. Nhwɛso biako ne Keinosuke a na ɔyɛ Japan kar ho aguadi adwuma kɛse bi mu adetɔnfo panyin no. Ogyee abodin bi denam kar 1,250 a ɔtɔnee so. Wɔde ne mfonini too ahwehwɛ mu sɛn ɔdan a adwumam mpanyimfo yɛ nhyiam wom wɔ adwumayɛbea ti hɔ mu. Ɛwom sɛ na ɔmpɛ koraa sɛ ɔbɛfa ne mfɛfo adwumayɛfo a ɔne wɔn besi akan so anya dibea ahorow de, nanso adwuma no piapiaa no ma osii akan. Eyi nti, ne yam ne ne nsono akɛse mu tutuu akuru afe biako mu. Saa afe no ara, wogyee n’adwuma no mu mpanyimfo 15 guu ayaresabea, na obiako kum ne ho.
Mepɛ sɛ meyɛ te sɛ ‘asiamasi anaa ɔbenten’ su ma nkurɔfo de wɔn asetra mu nneɛma hoahoa wɔn ho ma ɛde akansi a enni awiei ba wɔ afie anaa mmeae a wɔte no. (1 Yohane 2:16) Eyi so ba mfaso ma aguadi nkutoo, na ɛma asase so aguadifo nya sika.—Fa toto Adiyisɛm 18:11 ho.
Ɛwom sɛ ebia apereperedi ne akansi honhom bɛma adwuma anya nkɔso, nanso ɛnyɛ nwonwa sɛ Ɔhene Salomo kaa eyi: “Mihuu ɔbrɛ nyinaa ne adwumayɛ mu yiyedi nyinaa nso, sɛ ɛno ho na obi ne ne yɔnko twe ninkunu. Eyi nso yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu.” (Ɔsɛnkafo 4:4) Enti ɔkwan bɛn so na yebetumi anya asomdwoe bere a yɛte akansi wiase yi mu? Ansa na yebenya eyi ho mmuae no, momma yenni kan nhwehwɛ beae a akansi fii ase.