Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 3/1 kr. 4-7
  • Asomdwoe wɔ Akansi Wiase Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asomdwoe wɔ Akansi Wiase Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akansi Honhom Mfiase
  • Nkonimdi a Akansi Nnim
  • Sɛnea Wɔkɔ so Nya Asomdwoe
  • So Akansi na Ɛde Yiyedi Ba?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Ɛnyɛ Nnwuma Nko Na Wɔnam So Begye Yɛn Nkwa, Na Mmom Adom So Nso
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Wobɛkɔ So ‘Anantew Honhom Mu’?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Mommma Yɛne Yɛn Ho Nnsi Akan—Momma Yɛnhwehwɛ Asomdwoe
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 3/1 kr. 4-7

Asomdwoe wɔ Akansi Wiase Mu

YESU KRISTO tuu n’asomafo no fo sɛ: “Sɛ obi pɛ kan adi a, ma onni wɔn nyinaa akyi, na ɔnyɛ wɔn nyinaa somfo.” Ná asomafo no regye nea ɔbɛyɛ wɔn mu kɛse ho akyinnye. Ná wonim sɛ Yesu ani nnye saa su no ho. Wɔamfa n’asuafo no mu bi antwa ɔfoforo mpoa na ama wɔanya honhom mu nkɔso da.—Marko 9:33-37.

Ansa na Yesu Kristo reba asase so no, onyaa kyɛfa wɔ nnipa baanu a wodi kan no bɔ mu na na onim sɛnea wɔyɛɛ wɔn. (Kolosefo 1:15, 16) Wɔbɔɔ nnipa baanu a wodi kan no a na wobetumi adi yiye bere a wɔne afoforo nsi akan atirimɔden so. Ná ɛho nhia sɛ nnipa ne wɔn ho wɔn ho di ako na wɔnam saayɛ so ahu nea ɔyɛ wɔn so panyin, na saa ara nso na wɔne mmoa ansi akan wɔ apereperedi a ɛbɛma wɔatra nkwa mu mu.—Genesis 1:26; 2:20-24; 1 Korintofo 11:3.

Akansi Honhom Mfiase

Ɛnde ɔkwan bɛn so na atirimɔden akansi honhom abɛyɛ tumi a edi adesamma abusua no so saa? Awudi a edi kan wɔ nnipa abakɔsɛm mu no ma yehu eyi ho biribi. Akansi honhom a Kain, nnipa baanu a wodi kan no babarima panyin, daa no adi no na ɛde awerɛhosɛm yi bae. Esiane sɛ Habel afɔrebɔ sɔɔ Nyankopɔn ani na Kain de ansɔ n’ani nti na okum no. Na Bible no ka sɛ Kain ‘fi ɔbɔne no mu na okum ne nua no.’—1 Yohane 3:12; Genesis 4:4-8.

Yiw, Satan Ɔbonsam, ɔbɔnefo no ne akansi honhom farebae ne nea ɔma enya nkɔso. Ɛwom sɛ na ɔyɛ Onyankopɔn honhom mu ba a ɔwɔ hokwan akɛse de, nanso na ɔhwehwɛ pii. (Fa toto Hesekiel 28:14, 15 ho.) Ɔdaa akɔnnɔ a ɔno ankasa wɔ adi bere a ɔdaadaa Hawa no. Ɔkae sɛ ɔnam aduaba a wɔabara a obedi no so ‘bɛyɛ sɛ Onyankopɔn.’ (Genesis 3:4, 5) Nokwarem no, na ɛyɛ Satan ankasa na ɔpɛ sɛ ɔyɛ sɛ Onyankopɔn, ná n’ani bere Yehowa. Honhom a na ɔwɔ sɛ ɔne Onyankopɔn besi akan no kanyan no maa ɔtew atua.—Yakobo 1:14, 15.

Saa honhom yi sane. Ɛdenam Satan nkɛntɛnso so no, Onyankopɔn asomdwoe a na ɛwɔ abusua nhyehyɛe mu mfiase no yerae. (Genesis 3:6, 16) Efi bere a Satan Ɔbonsam tew atua tiaa Onyankopɔn no, wadi adesamma so ma akansi honhom anya nkɔso, na wadaadaa mmarima ne mmea ma wɔagye adi mpo sɛ ade a ɛde yiyedi ba ne atirimɔden akansi. Nanso, Bible no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nea nitan ne atutuw wɔ no, ɛhɔ na sakasaka ne nneyɛe bɔne nyinaa wɔ.” (Yakobo 3:14-16) Enti Satan ama onipa ahwere n’anigye ne asomdwoe.

Nkonimdi a Akansi Nnim

Nea ɛne Satan nnaadaasɛm no bɔ abira no, Bible no ma yɛn nkonim a ebinom dii a na akansi biara nnim ho nhwɛso ahorow. Yesu Kristo de no ne nhwɛso titiriw. Ɛwom sɛ na ɔwɔ Onyankopɔn tebea mu de, nanso wammu no sɛ ɔne Nyankopɔn yɛ pɛ da, na mmom ɔfaa akoa tebea too ne ho so baa asase so. Nea ɛsen saa no, ɔbrɛɛ ne ho ase na ɔyɛɛ osetie de kosii asɛndua so wu mu. Saa osetieyɛ a akansi honhom biara nnim yi na ɛma onyaa Onyankopɔn anim dom. “Ɛno nti na Onyankopɔn nso ama no so kɛse, na wadom ama no din a edi din nyinaa so.” (Filipifo 2:5-9) Nkonim foforo bɛn na abɔde biara betumi adi a ɛsen eyi? Ɔsɔɔ n’Agya ani wɔ ɔkwan a abɔde foforo biara ntumi nnu ho so, na ɔyɛɛ eyi a na ninkuntwe anaa akansi honhom biara nnim.—Mmebusɛm 27:11.

Abɔfo mpempem pii a wɔwɔ soro no nso da saa su yi adi. Ɛwom sɛ Yesu a na ɔyɛ abɔfo no nyinaa panyin no baa fam kakra sen wɔn bere a ɔbaa asase so no de, nanso wofi ɔpɛ mu som no. Ɛda adi sɛ wɔannya adwene bi sɛ wɔbɛfa tebea no so na wɔabɔ mmɔden afa ne dibea sɛ Ɔbɔfo Panyin no.—Mateo 4:11; 1 Tesalonikafo 4:16; Hebrifo 2:7.

Yehu kyi a wokyi akansi no yiye bere a yesusuw sɛnea wɔayɛ wɔn ade wɔ Onyankopɔn atirimpɔw a ɛne sɛ ɔbɛma adesamma a wɔnyɛ pɛ bi so ma wɔakɔ honhom tebea a owu nnim mu, ma wɔabu ‘abɔfo atɛn’ wɔ saa tebea no mu no ho ho no. (1 Korintofo 6:3) Abɔfo wɔ osuahu pii wɔ Yehowa som mu na wobetumi ayɛ pii asen nea adesamma a wɔnyɛ pɛ no betumi ayɛ. Nanso abɔfo no kɔ so de anigye som wɔn a wɔasra wɔn a wɔwɔ asase so no, a wɔn ani mmere nea saafo yi nsa bɛka no da. (Hebrifo 1:14) Akansi honhom a wonni no ma wɔkɔ so som wɔ Amansan Hene Yehowa ahengua anim.

Afei, susuw Onyankopɔn tete asomfo anokwafo a wobenyan wɔn aba asase so no ho hwɛ. Abraham yɛɛ gyidi ho nhwɛso a ɛda nsow, na wɔfrɛɛ no “gyidifo nyinaa agya.” (Romafo 4:9, 11) Hiob yɛɛ boasetɔ ho nhwɛso kɛse. (Yakobo 5:11) Mose a na “odwo pii sen nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa” no na odii Israel man anim kɔɔ ahofadi mu. (Numeri 12:3) Nnipa a wɔnyɛ pɛ mu hena na wayɛ gyidi, boasetɔ, ne odwo ho nhwɛso asen saa mmarima yi? Nanso, wɔn anidaso ne sɛ wobenya Onyankopɔn Ahenni wɔ asase so. (Mateo 25:34; Hebrifo 11:13-16) Te sɛ Yohane Osuboni no, wobebu wɔn sɛ nnipa a wɔba fam sen nea “ɔyɛ aketewa koraa ɔsoro ahenni mu no.” (Mateo 11:11) So wobenya adwene bi sɛ wobenwiinwii, de akyerɛ sɛ wɔn gyidi, boasetɔ, anaa wɔn dwo ne wɔn a wɔama wɔn ɔsoro asetra no de yɛ pɛ anaasɛ ɛsen ebinom mpo de? Nokwarem, wɔrenyɛ saa! Wɔbɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no asase so nkoa a wɔwɔ anigye.

Ɛnnɛ nso, ɛyɛ anigye sɛ wɔne nnipa a wonni akansi su bɛbɔ. Yasuo a yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm a edi kan no mu no bɔɔ ka kɛse wɔ sika kɔkɔɔ ho aguadi mu na ɔhweree n’agyapade nyinaa. Wɔn a na osusuw sɛ wɔyɛ ne “nnamfo” no gyaw no. Bere a na ne yere afi ase ne Yehowa Adansefo sua Bible no, amane a na ɔde aba n’abusua so no ho ahonu kaa no ma ɔkɔɔ wɔn asafo nhyiam ahorow. Awiei koraa no, ɔtwee ne ho fii akansi ho na ɔbɛyɛɛ Yehowa Adansefo no mu biako. N’ani gye sɛ mprempren ɔwɔ Kristofo nnamfo pii, nnipa a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛboa no wɔ n’ahokyere mu.

Sɛnea Wɔkɔ so Nya Asomdwoe

Ɛnyɛ mmerɛw bere nyinaa sɛ wubenya asomdwoe wɔ adesamma abusua a wonhu nnipa mmɔbɔ na akansi honhom wom no mu. Nyansa wom sɛ yɛhyɛ no nso sɛ Bible no kasa tia “ɔtan, akayɛ, ahoɔyaw, abufuw, atutuw, kunsunkunsun, mpaapaemu, nitan” sɛ ɛyɛ “ɔhonam nnwuma” a ɛmma nnipa nnya Onyankopɔn Ahenni. Saa nnwuma yi nyinaa ne akansi honhom na ɛnam. Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔsomafo Paulo hyɛɛ Galatifo nkuran sɛ: “Mommma yemmmu yɛn ho dodo, yɛnnkanyan akansi wɔ yɛn mu, na yɛn ani mmmere yɛn ho yɛn ho.”—Galatifo 5:19-21, 26, New World Translation.

Wɔ ha no, Paulo krataa no daa ade a ɛma wotumi gyina ahopɛ akansi ano adi. Ɔkae sɛ: “Honhom aba ne ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, anidahɔ. Mmara bi ngu eyinom.” (Galatifo 5:22, 23) Honhom aba no boa yɛn ma yeyi akansi ho adwene fi yɛn tirim. Fa ɔdɔ su sɛ nhwɛso. Paulo kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw; ɔdɔ nyɛ ahoahoa, ɛnhoran, ɛnyɛ ne ho sɛnea ɛmfata, ɛnhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de, ne bo nhaw no.” (1 Korintofo 13:4-7) Ɛdenam ɔdɔ a yebenya so no, yebetumi atutu ahoɔyaw, tumi a ɛhyɛ akansi honhom akyi no ase. Honhom aba afoforo no nso boa yɛn ma yeyi atirimɔden akansi honhom nkekae biara a ɛwɔ yɛn koma ne yɛn adwene mu fi hɔ. Bere a yɛwɔ ahosodi no, yebetumi adi akɔnnɔ biara a ɛbɛsɔre yɛn mu sɛ yɛne afoforo besi akan na yɛadi nkonim ɛmfa ho nea ebefi mu aba biara no so ntɛm!—Mmebusɛm 17:27.

Nanso, nea ɛbɛyɛ na yɛanya saa su ahorow yi no, ɛsɛ sɛ yɛma Onyankopɔn honhom no kwan ma ɛyɛ adwuma wɔ yɛn so. Yebetumi ama honhom kronkron a ɛbɛyɛ adwuma pa wɔ yɛn so yi hokwan denam mpaebɔ mu a yebekura na yɛabisa Onyankopɔn honhom no mmoa so. (Luka 11:13) Dɛn na Onyankopɔn bɛyɛ ama yɛn de abua yɛn mpaebɔ no? Bible no bua sɛ: “Monnna nnnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.”—Filipifo 4:6, 7.

Eyi daa adi wɔ Yesu asomafo no ho. Bere a na Yesu de Awurade Anwummeduan no asi hɔ wɔ anadwo a etwa to a na ɔne asomafo no wɔ hɔ no akyi mpo, wɔkɔɔ so kasakasaa wɔn mu sɛ wɔn mu hena na ɔyɛ kɛse. (Luka 22:24-27) Ná Yesu abɔ mmɔden mpɛn pii sɛ ɔbɛboa wɔn ma wɔateɛ wɔn nsusuwii, nanso na saa akansi su yi atim wɔn mu yiye. (Marko 9:34-37; 10:35-45; Yohane 13:12-17) Nanso, bere a wonyaa honhom kronkron no wɔ saa ntawntawdi no akyi bɛyɛ nna 50 no, wɔn su sakrae. Wɔannye akyinnye wɔ nea obegyina wɔn ananmu akasa akyerɛ nnipadɔm a na wɔrepɛ biribi atie a wohyiaam saa Pentekoste da no ho.—Asomafo no Nnwuma 2:14-21.

Wɔamma kwan amma onipa biara anni Kristofo asafo no so. Bere a na ɛsɛ sɛ wodi twetiatwa ho asɛnnennen bi ho dwuma no, Yakobo a bere a Yesu wui no mpo na ɔnyɛ osuani no na ɔyɛɛ saa nhyiam titiriw no guamtrani. Wonhu akameakame ho mpopoe bi wɔ nea na obedi saa Kristofo asafo no sodikuw no nhyiam no anim ho. Hwɛ nsakrae a na aba fi bere a na akansi honhom wɔ asomafo no mu no! Ɛdenam honhom kronkron no mmoa so no, wɔkaee Yesu nkyerɛkyerɛ ahorow no na wofii ase nyaa mu ntease.—Yohane 14:26.

Ebetumi aba saa wɔ yɛn fam. Ɛdenam honhom kronkron no mmoa so no, yebetumi adi akansi ho akɔnnɔ biara a ɛbɛsɔre wɔ yɛn mu sɛ yɛne afoforo besi akan na yɛanya nkɔso ama wɔn ho akam no so. Mmom no, yebetumi anya asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no. Bible no ma yɛn awerɛhyem sɛ, ɛrenkyɛ wɔde atirimɔden akansi farebae, Satan Ɔbonsam bɛto ebun mu a ontumi nyɛ adwuma bio. (Adiyisɛm 20:1-3) Afipamfo ntam akansi befi hɔ. So nea ebefi mu aba no bɛyɛ wiase a nkɔso nnim? Ɛnte saa koraa! Ɛnyɛ akansi a ɛbɛkɔ so wɔ nnipa mu bi so na wɔnam bɛkɔ pɛyɛ mu, na mmom ɛdenam Yesu ogye afɔre a wɔde bedi ama wɔn no so.—1 Yohane 2:1, 2.

Keinosuke a yɛadi kan aka ne ho asɛm a bere bi onyaa wiase abodin denam kar pii a ɔtɔnee so no brɛɛ yiye wɔ adwene ne honam mu, nanso awiei koraa no ogyaee n’adwuma no. Ɔka sɛ: “Afei, mewɔ nokware anigye wɔ m’asetra mu.” Obehuu nea enti a Yesu dii nkonim ankasa wɔ asetra mu no. Afei de onya anigye wɔ nea otumi yɛ biara wɔ Onyankopɔn wiase nyinaa asafo mu no mu. Wɔnam eyi so resiesie no ama wiase foforo a obiara rensi akan wom no. Wo nso wubetumi anya saa wiase foforo asafo no ho nimdeɛ bi denam Ahenni Asa ahorow a ɛwɔ wo mpɔtam no biako a wobɛkɔ hɔ nsrahwɛ ne wo ho a wode bɛbɔ Yehowa Adansefo no so.

[Kratafa 7 mfonini]

Adesamma abusua benya asomdwoe ne biakoyɛ wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena