Yehowa Adansefo a Wɔwɔ Wiase Nyinaa—Thailand
“NNIPA a wɔade wɔn ho asase.” Edin Thailand asekyerɛ ne no. Ɔman no mu nnipa a wɔboro 57,000,000 a wodwo na wɔpɛ adwuma no wɔ nyamesom nsusuwii ahorow pii. Ɛwom sɛ Buddhasom na agye ntini kɛse wɔ hɔ de, nanso Kristoman mu asɔre ahorow nso wɔ saa ɔman yi a ɛwɔ Asia kesee fam apuei no mu. Ehia sɛ saa nnipa yi nyinaa te Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no.—Mateo 24:14.a
Aguanfo Te Asɛmpa No
Bible mu nokware no regye ntini wɔ Karen aguanfo a wɔboro 10,000 a wɔtete aguanfo atrae wɔ Thailand mmepɔw mmepɔw so wɔ Myanmar hye so no mu. Karen abusua bi mufo a wɔte saa beae no yɛ Yehowa Adansefo. Wɔatrɛw asɛmpa no mu wɔ aguanfo no mu. Ɔkwan bɛn so na wofii wɔn adwuma no ase?
Mfe pii bi a atwam no, aberante bi gyaee Anglikan Asɔre no bɛyɛɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Wɔn sɔfo hyɛɛ n’abusuafo nkuran ma wɔsɔre tiaa no. Nanso, ɔde boasetɔ gyinaa mu, na n’abusuafo no sɔretia no ano brɛɛ ase nkakrankakra. Anglikan Asɔre asɔfo no kɔɔ so dii ne ho fɛw araa de besii bɛyɛ mfe abien a atwam no mu, bere a wɔn brasɛe nti woyii wɔn adi no. Esiane sɛ na ɔhwɛfo biara nni asɔre no mu bio nti Ɔdansefo no abusuafo a wɔbɛn no yiye ne afoforo ho dwiriw wɔn na wɔn adwenem yɛɛ wɔn basaa. Wɔn mu dubiako gyaee asɔre no na wɔkae sɛ Ɔdansefo no ne wɔn nsua Bible no.
Adesua yi kɔɔ so yiye a na aguanfo foforo nya mu kyɛfa. Nokware no mu trɛwee ntɛmntɛm ma wɔbɔɔ Adansefo foforo 17 asu wɔ asubɔnten bi a ɛda aguanfo atrae hɔ mu. Hwɛ anigye a ɛyɛe bere a wɔbɔɔ nanabea bi a wadi mfe 88 asu kaa wɔn ho no!
Video Kanyan Anigye
Nkɔso a ebetumi aba wɔ aguanfo no mu yɛ kɛse. Wɔ Nkaedi ho fã a wɔhyɛe wɔ 1993 mu no, nnipa 57 na wɔbaa ase. Wɔ ɔmansin sohwɛfo no nsrahwɛ mu wɔ May mu wɔ saa afe no mu no, nnipa 67 na wohyiaam tiee ne kasa ahorow no mu biako. Na bɛyɛ nnipa 250 na wohyiaam hwɛɛ Ɔwɛn Aban Asafo no video a wɔato din Jehovah’s Witnesses—The Organization Behind the Name no.
Baptist sɔfo bi yere a ɔwɔ aguanfo atrae hɔ kotiee baguam ɔkasa a Adansefo no yɛɛ ho nhyehyɛe no bi na ɔyɛɛ Bible mu nsɛm a wɔkaa ho asɛm no ho kyerɛwtohɔ. Ɔkaa sɛnea n’ani nnye nsɛm koro ara a woti mu ka wɔ wɔn asɔre mu no ho asɛm kyerɛɛ ne kunu. Ne kunu kasa tiae kae sɛ sɛ ɔtoa so kɔ Yehowa Adansefo nhyiam a, asɔremma a aka no nyinaa nso bɛkɔ bi. Bere a ɔkɔɔ nhyiam no bio no, ne kunu twee sekan pamoo no na ɔhyew nkrataa a ɔkyerɛkyerɛw nsɛm wɔ so wɔ nhyiam ase ne ne Bible ho nhoma ahorow no. Ɛmfa ho nea esii no, bere a woyii video no, ɔbae bio. Saa ɔbea yi kaa nea ohui no ho asɛm kyerɛɛ ne kunu akyiri yi. Bere a na n’adwene asesa no, ɔpɛe sɛ ɔhwɛ video no, na onuu ne ho sɛ ɔhyew ne yere nkrataa a ɔkyerɛw so ne ne Bible ho nhoma no.
Saa na nkurɔfo retie asɛmpa no wɔ Thailand. Wɔnam eyi so renya honhom mu ahofadi wɔ “nnipa a wɔade wɔn ho asase no” so.—Yohane 8:32.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ wopɛ sɛ wunya ɛho nsɛm pii a, hwɛ 1994 Calendar of Jehovah’s Witnesses no so.
[Kratafa 24 adaka]
ƆMAN NO HO AKONTAABU 1993 Ɔsom Afe
DODOW A ƐSEN BIARA A WODII ADANSE:1,434
NKYEKYEM:Ɔdansefo 1 kasa kyerɛ nnipa 40,299
DODOW A WƆBAA NKAEDI ASE:3,342
AKWAMPAEFO DODOW NKYEKYEM:232
BIBLE ADESUA DODOW NKYEKYEM:1,489
DODOW A WƆBƆƆ WƆN ASU:92
ASAFO AHOROW:39
BAA DWUMADIBEA:BANGKOK
[Kratafa 25 mfonini]
Ahenni adawurubɔfo a wɔde nsi reka asɛmpa no
[Kratafa 25 mfonini]
Baa dwumadibea a edi kan, 1947
[Kratafa 25 mfonini]
Betel abusua a wogyina baa dwumadibea foforo a wohyiraa so February 8, 1992 anim wɔ Bangkok