Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 7/1 kr. 4-7
  • Asɔre a Emu Apaapae—So Ebetumi Agyina?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɔre a Emu Apaapae—So Ebetumi Agyina?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Onipa a Onni Mmara”
  • Awi ne Wura Bɔne
  • Akuw Foforo
  • “Me Man Mumfi ne Mu”
  • Nokware Kristofo Gyidi Biako—Ɛwɔ Hɔ Ankasa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • “Treneefo Bɛhyerɛn Paa Sɛ Owia”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Awi Ne Nwura Bɔne Ho Mfatoho
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2018
  • “Hwɛ! Me Ne Mo Wɔ Hɔ Nna Nyinaa”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 7/1 kr. 4-7

Asɔre a Emu Apaapae—So Ebetumi Agyina?

“WƆN a wogye Kristo nokware nkwagye no tom nyinaa wɔ Asɔre a aniwa tua no mu. Kristoman mu mpaapaemu—nea ɛwɔ Apuei Fam Ortodɔks ne Atɔe Fam asɔre ne Roma Katolek ne Protestant asɔre ahorow no ntam—nyinaa yɛ Asɔre biako no mu mpaapaemu.” (Christians in Communion) Saa na nhoma kyerɛwfo bi bu Kristosom—sɛ nyamesom abusua bi a ahwete kɛse, a emu biara kyerɛ sɛ ɛwɔ Yesu Kristo mu gyidi bi.

Nanso, ɛyɛ abusua a emu apaapae a gyidi ahorow ne abrabɔ ho gyinapɛn ahorow a enhyia wom. Obi se: “Mmara a ɛsɛ sɛ obi di so ansa na wabɛyɛ Kristoni nnɛ no yɛ mmerɛw sen nea ɛsɛ sɛ odi so ansa na watumi de bɔs atu kwan.” Ɛnde, ɔkwan bɛn so na yɛbɛfa ahwehwɛ ne honhom mu tebea no mu? Katolek sɔfopɔn Basil Butler de ba awiei sɛ: “Kristosom a emu apaapae no yare yiye.” (The Church and Unity) Ɔkwan bɛn so na yare no fii ase? So anidaso bi wɔ hɔ sɛ yare no bɛkɔ?

“Onipa a Onni Mmara”

Ɔsomafo Paulo bɔɔ kɔkɔ sɛ mpaapaemu bɛba. Ɔkyerɛw kɔmaa Kristofo a na wɔwɔ Tesalonika a na wosusuw sɛ Kristo ba no abɛn no sɛ: “Mommma obiara nnnaadaa mo biribiara fam, efisɛ [Yehowa da no] ɛremma, gye sɛ ɔwae a wɔbɛwae no aba ansa, na wɔayi onipa a onni mmara no adi, ɔsɛe ba no.”—2 Tesalonikafo 2:3.

Saa “onipa a onni mmara” yi na ɔde ɔwae ne atuatew baa Kristofo asafo no mu. Ɔne hena? Ɔnyɛ onipa biako bi, na mmom Kristoman mu asɔfo no. Saa kuw yi maa ne ho so wɔ awaefo asafo no so wɔ Yesu asomafo no wu akyi bere tiaa bi, na awiei koraa no wɔbɛkyerɛkyerɛɛ abosonsomfo nyansapɛ ahorow, te sɛ Baasakoro ne onipa kra a enwu no. (Asomafo no Nnwuma 20:29, 30; 2 Petro 2:1-3) Te sɛ ɔyare mmoawa a edi awu no, ɛde ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ baa asafo a na wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no mu, na na ɛde mpaapaemu bɛba ɔkwan biara so.—Galatifo 5:7-10.

Ná nsanyare no afi ase dedaw wɔ ɔsomafo Paulo bere so. Ɔkyerɛwee sɛ: “Na mmarato ahintasɛm no anya reyɛ adwuma, nanso gye sɛ wɔayi nea ɔda so siw kwan no afi ntam ansa.” (2 Tesalonikafo 2:7) Asomafo no na na wɔresiw ɔwae nkɛntɛnso bɔne no ano. Bere a na wonni hɔ a wɔbɛma biakoyɛ aba no, ɔwae a biribiara nsiw no kwan no yerɛwee sɛ ɔyare bɔne.—1 Timoteo 4:1-3; 2 Timoteo 2:16-18.

Saa “onipa a onni mmara” yi gu so reyɛ adwuma denneennen. Wɔ nnansa yi amanneɛbɔ bi a ɛfa “asɔre a ɛwɔ nna ne nkyerɛkyerɛ ho ahoyeraw mu” ho no, wɔfaa Anglikan Asɔre no panyin bi asɛm kae sɛ: “Wɔpow nsusuwii ahorow a ɛkyerɛ sɛ asɔfo mmfa wɔn ho nnhyɛ aware akyi nna mu no. Wɔhyɛ mmarima a wɔne wɔn ho da asɔfo. Wɔadan papa bɔne ne bɔne sɛ papa.”—The Sunday Times Magazine, London, November 22, 1992.

Awi ne Wura Bɔne

Yesu Kristo ankasa kyerɛkyerɛe sɛ nokware Kristosom bɛyera kakra. Ɔkae sɛ Kristofo asafo no hyehyɛ te sɛ onipa bi a oguu aba pa wɔ n’afuw mu. Nanso, Yesu kae sɛ, “ne tamfo bae beguu wura bɔne bi awi no mu.” Bere a ne nkoa bisae sɛ wonkotutu wura bɔne no, afuw wura no kae sɛ: “Dabi, anyɛ a, moreboaboa wura bɔne no ano no, na moatu awi no bi afra mu.” Ná bere tenten bɛn na awi ne wura bɔne yi bɛkɔ so adi afra? Afuw wura no kae sɛ: “Momma n’abien no nyinaa nnyin nkosi twa bere.”—Mateo 13:25, 29, 30.

Ná atoro Kristofo ne nokware Kristofo bɛbom anyin de akosi “twa bere no,” anaa mpaapaemu bere no wɔ “nneɛma nhyehyɛe” no nna a edi akyiri no mu. (Mateo 28:20) Satan Ɔbonsam nam awaefo no so hyehyɛɛ atoro Kristofo asafo a ɔporɔw ne mpaapaemu wom. (Mateo 13:36-39) Wɔde atoro Kristosom a ɛyɛ aniwu bae. (2 Korintofo 11:3, 13-15; Kolosefo 2:8) Bere a asɔre no mu kyekyɛɛ pii wɔ mfehaha no mu no, ɛbɛyɛɛ den kɛse sɛ wobehu nokware Kristofo.

Akuw Foforo

The Testing of the Churches—1932-1982 ka sɛ, nnansa yi, “akuw foforo aba, titiriw ahonhonsɔre a esi ankorankoro gyidi ne ne suahu a wanya so dua no.” Nea ɛyɛ anika no, ebinom bu awo foforo ne ahonhonsɔre no sɛ honhom mu nkɔso a wasan anya ho sɛnkyerɛnne na ɛnyɛ akuw foforo. Sɛ nhwɛso no, nyamesom mu nkanyan a ɛte saa baa Northern Ireland wɔ 1850 mfe no mu. Wɔhwɛɛ nneɛma akɛse kwan. Amanneɛbɔ bi kaa “onuayɛ kuw . . . a na ɛwɔ Presbyterian, Methodist, ne Independent asomfo mu ho asɛm” na ɛde kaa ho sɛ “wɔtee adetɔso, nna, anisoadehu, adaeso ne anwonwade ahorow ho amanneɛbɔ da biara.”—Religious Revivals.

Nnipa pii buu anwonwade akɛse yi sɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn honhom rekanyan n’asɔre. Obi kae sɛ: “Wɔakanyan Onyankopɔn asɔre no asen bere biara wɔ saa amantam yi mu.” Ɛwom sɛ wɔkamfoo saa nkanyan yi sɛ “Northern Ireland nyamesom bere a anuonyam wom na ɛso sen biara” de, nanso ɛno ne nkanyan afoforo a ɛtete saa mfaa nyamesom mu biakoyɛ mmaa wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔawo wɔn foforo wɔ honhom mu no mu.

Nnipa a wɔte saa bɛka sɛ wɔyɛ biako wɔ nneɛma atitiriw a ɛho hia no mu. Nanso asɛm koro yi ara na Kristoman nkae no de yi wɔn ho ano na wosusuw sɛ, “nea ɛka Kristofo bom no ho hia kɛse koraa sen nea ɛda so de mpaapaemu ba wɔn mu no.” (The Church and Unity) Kristoman ka sɛ: “Biakoyɛ titiriw a ɛwɔ yɛne afoforo ntam ne yɛn mfɛfo Kristofo nyinaa mu no gyina yɛn Kristo mu asubɔ no so.” (Christians in Communion) Nanso, sɛ yɛka sɛ Yesu mu gyidi a yɛn nyinaa wɔ no nti mpaapaemu no ho nhia a, ɛte sɛ nea yɛreka sɛ bere dodow a wo koma wɔ ahoɔden no de kokoram nyɛ aniberesɛm biara.

Nokwasɛm no ne sɛ nnɛyi nyamesom akuw a ɛtete saa no ama mpaapaemu no ayɛ kɛse na ɛde honhom mu basabasayɛ aba bere a akyerɛkyerɛfo nnnaadaafo boaboa akyidifo ano fa no. Jim Jones ne David Koresh yɛ honhom mu akannifo a wɔadaadaa nnipa mpempem pii nnansa yi no ho nhwɛso. (Mateo 15:14) Baptist sɔfo bi yɛ Ku Klux Klan kuw (Amerika aborɔfo “Kristofo” sum ase kuw bi) no mpanyimfo no biako. Ɔde pɛ a ɔpɛ sɛ aborɔfo nya tumi no bata asɔreyɛ bi ho na ɔka sɛ wɔn a wɔde wɔn ho hyem no “benya ɔsoro akwankyerɛ ho tumi, na wobenya Nea owui wɔ Calvary [Yesu Kristo] akokoduru no bi.”

Na anwonwade, ahoɔdenne, ne nsɛnkyerɛnne a wɔyɛ wɔ Yesu din mu no nso ɛ? Kae Yesu Kristo kɔkɔbɔ a emu yɛ den no sɛ, ɛnyɛ wɔn a wɔka sɛ “Awurade, Awurade” no na wɔbɛsɔ n’ani, na mmom, ‘wɔn a wɔyɛ n’Agya apɛde no.’ Nnipa bebree wɔ hɔ nnɛ a wonnim n’Agya din Yehowa no. Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ wɔn a ‘wobetu ahonhommɔne wɔ ne din mu, na wɔayɛ ahoɔdenne wɔ ne din mu bɛba’ nanso wɔbɛyɛ ‘wɔn a wɔyɛ nea ɛnteɛ.’—Mateo 7:21-23.

“Me Man Mumfi ne Mu”

Anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ sɛ Kristoman yare no bɛkɔ? Anidaso pa biara nni hɔ. Ɛnde, so ɛsɛ sɛ yetie Katolek sɔfopɔn Butler afotu a ese “yɛmfa yɛn ho mmɔ [asɔre no] a yɛmma nneɛma nhaw yɛn pii na yɛntra mu mmoa no ma ɛnkɔ so ‘ntew’ ne ho”? Dabi! Kristoman a emu apaapae no rennyina. (Marko 3:24, 25) Ɛyɛ wiase nyinaa atoro som ahemman a wɔfrɛ no Babilon Kɛse no fã. (Adiyisɛm 18:2, 3) Onyankopɔn bɛsɛe saa nyamesom ahyehyɛde yi a edi mogya ho fɔ no ɔkwan biara so.

Bible no nka sɛ nokware Kristofo ntra saa nyamesom ahyehyɛde a aporɔw no mu na wɔmmɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ no yiye. Mmom no, etu fo sɛ: “Me man, mumfi no mu, na moanyɛ ne nnebɔne no bi, na moannya ne haw no bi. Efisɛ ne nnebɔne atoatoa abedu soro, na Onyankopɔn akae n’amumɔyɛ.”—Adiyisɛm 18:4, 5.

‘Yemfi ne mu’ nkɔ he? Kae, Yesu hyɛɛ bɔ sɛ wɔ twa bere no mu no, wɔbɛboaboa nokware Kristofo ano bio ma wɔayɛ biako wɔ wiase nyinaa. Odiyifo Mika nso kaa anoboaboa a ɛte saa ho asɛm siei sɛ: “Mɛka wɔn mabom sɛ nguan nguamman mu.” (Mika 2:12) So eyi aba?

Yiw! wɔreboaboa nokware Kristofo ano mprempren akɔ wiase nyinaa onuayɛ kuw biako mu. Wɔne henanom? Wɔne Yehowa Adansefo Kristofo asafo no a wɔde biakoyɛ ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no wɔ nsase 231 so no. Wɔapow Kristoman nkyerɛkyerɛ a ɛde mpaapaemu ba no na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsom Onyankopɔn sɛnea n’Asɛm a ɛyɛ nokware no kyerɛ.—Yohane 8:31, 32; 17:17.

Yɛde anigye to nsa frɛ wo sɛ ɛne wɔn nkasa. Sɛ wopɛ sɛ wuhu Yehowa Adansefo ho nsɛm pii a, yɛsrɛ sɛ hwehwɛ wɔn wɔ baabi a wote anaasɛ fa address a ɛwɔ nsɛmma nhoma yi kratafa 2 nea ɛfata no kyerɛw wɔn.

[Kratafa 7 mfonini]

“Onyankopɔn akae n’amumɔyɛ”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena