Asɔre a Emu Apaapae—Asɛe Dɛn?
“ƐTE sɛ abusua kɛse bi a ehu aka wɔn a wɔte ofi dedaw bi a ɛreyɛ abu agu a anim ɔfasu adwiriw mpofirim mu, na ayɛ sɛ nea nteɛteɛm rekɔ so wɔ adan no mu biara mu—a nkurɔfokuw bi a wɔfrɛ wɔn ho Yesu mma bɔ mpintin denneennen teɛteɛm gu Anglikan asɔre no mu mmarima a wɔne wɔn ho da a wɔhyehyɛ sirikyi ntade tuntum soro ne fam so.”—The Sunday Times, London, April 11, 1993.
Saa abusua yi ne Anglikan Asɔre no. Akasakasa no fa mmea a wɔbɛhyɛ wɔn asɔfo ho. Mpaapaemu kɛse a yɛaka ho asɛm atifi hɔ no fã Kristoman mu asɔre ahorow no nyinaa ho. Bere a Ortodɔks Asɔre no mpanyimfo ne pope kasa tia gyinae a wɔasi sɛ wɔbɛma mmea ayɛ asɔfo no, amanneɛbɔ bi de ba awiei sɛ, nea ɛde aba ara ne sɛ “asɛe anidaso a ɛwɔ hɔ sɛ ɛne Kristoman mu asɔre nkae no bɛka abom no asen bere biara.”
Asɔre no mu Apaapae Dɛn?
Sɛ yɛkan Mateo 7:21 a, Yesu Kristo kae sɛ nnipa pii bɛka sɛ wɔwɔ ne mu gyidi sɛ Awurade nanso na ‘wɔnyɛ n’Agya no apɛde.’ Maclean’s nsɛmma nhoma ka sɛ: “Wobetumi ahu wɔn a wɔrepɛ nkwa a wɔkenkan Mateo nhoma no mmɔbɔ wɔ hu a wonhu dekode a ɛne Onyankopɔn apɛde pɔtee no ho, efisɛ Kristofo ne wɔn asɔre ahorow no adwene nhyia koraa wɔ saa asɛm no ho.” Bere a wɔyɛɛ nhwehwɛmu bi wɔ Canadafo mu no, ɛdaa sɛ “gyidi ne nneyɛe a egu ahorow wɔ Canadafo Kristofo mu kɛse—nokwarem no, gyidi a egu ahorow dɔɔso wɔ asɔre biako mu mpo sen nea ɛwɔ asɔre ahorow no mu.”
Sɛnea nhwehwɛmu bi daa no adi no, Katolekfo ɔha biara mu 91 pene so sɛ wɔmfa nnuru nsiw nyinsɛn ano, ɛwom mpo sɛ wɔn asɔre no kasa tia de; ɔha biara mu 78 susuw sɛ ɛsɛ sɛ wɔma mmea kwan ma wodi sɔfo; na ɔha biara mu 41 pene nyinsɛn a wotu gu “wɔ tebea horow bi mu” so. Ɛdefa adwene a enhyia wɔ asɔre ahorow mu ho no, Maclean’s ka sɛ “nkyerɛkyerɛ ho nsemmisa pii kyerɛ mpaapaemu a aba asɔre akɛse no mu.”
Gyinapɛn Abien
Abrabɔ ho gyinapɛn abien ne gyinapɛn ahorow a enhyia wɔ hɔ. Ebinom ka sɛ wogye Bible nnyinasosɛm horow tom, nanso afoforo bu no animtiaa. Sɛ nhwɛso no, mmea a wɔne wɔn ho da baanu a “wɔwaree” wɔ Metropolitan Asɔre a ɛwɔ Toronto mu no yɛ Onyankopɔn apɛde a wodi so? Ɛda adi sɛ wɔn a wɔde wɔn ho hyɛɛ mu no susuw saa. Wɔkae sɛ: “Yɛpɛ sɛ yɛda yɛn dɔ adi wɔ nnipa ne Onyankopɔn anim.”
Sɛnkyerɛwfo bi bisaa nea enti a “Katolek sɔfopɔn bi a wɔde asɔfo a wɔto mmofra mmonnaa ho nsɛm pii kɔtoo n’anim no yii saa asɔfo no kɔɔ asɔre foforo a wɔbɛkɔ akɔto mmarimaa foforo a wɔsom wɔ afɔrepon ho.” Ɔsɔfo Andrew Greeley susuw sɛ efi asɔfo bɛyɛ 2,000 kosi 4,000 na wɔato mmofra a wonnim nna ho hwee koraa 100,000 mmonnaa, na mpɛn pii no wɔnyɛ wɔn hwee.
Asɔre a koroyɛ nnim de nnipa a wɔn adwene nhyia na ɛba. Wɔ Balkan no, Serbiafo ne Croatfo “Kristofo” nyinaa te nka sɛ Kristo wɔ wɔn afã wɔ wɔn ko a wosusuw sɛ “ɛteɛ” no mu. Kristo a wɔabɔ no mmeamudua mu ahoni sensɛn wɔn mu pii kɔn mu; wɔbɔɔ amanneɛ sɛ obiako “de ne mmeamudua hyɛɛ n’anom bere biara a ɔko no mu yɛɛ den kɛse no.”
‘Mommma Mpaapaemu Mmma Mo Mu’
Ɛwom sɛ Bible gyaw nsɛm bi ma obiara na ɔde n’ahonim adi ho dwuma de, nanso ɛnsɛ sɛ eyi de mpaapaemu a ɛte saa ba. Ɔsomafo Paulo kaa no pefee sɛ: “Mo nyinaa nyɛ nokoro [ade koro], na mpaapaemu amma mo mu.”—1 Korintofo 1:10; Efesofo 4:15, 16.
Nokwaredi mu a yebefi ahwehwɛ “Kristosom” mu bɛyɛ mfe mpem abien akyi ni a ɔsomafo Paulo kyerɛw saa nsɛm yi no ma nsemmisa bi a anibere wom sɔre. Dɛn nti na “Kristofo” mu apaapae saa? So asɔre a emu apaapae saa no betumi agyina? So Kristoman bɛyɛ biako da bi? Asɛm a edi hɔ no bedi saa nsemmisa yi ho dwuma.
[Kratafa 3 mfonini]
Ɔyɛkyerɛ a asɔfo yɛ de kyerɛe sɛ wɔmpene nyinsɛn a wotu gu so
[Asɛm Fibea]
Anim hɔ ne ɛha mfonini: Eleftherios/Sipa Press