Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w94 8/15 kr. 3-4
  • Anidaso Bɛn na Ɛwɔ hɔ ma Anifuraefo?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Anidaso Bɛn na Ɛwɔ hɔ ma Anifuraefo?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Anifuraefo Ayaresa wɔ Yesu Nna no Mu
  • Nkurɔfo Aniwa a Wobue wɔ Asɛmpa no Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Boa Anifuraefo Ma Wɔnhu Yehowa
    Yɛn Ahenni Som—2015
  • Anifurae a Nkontia De Ba—Ɔyare Bɔne a Wobetu Ase
    Nyan!—1995
  • Yesu Saa Obi a Wɔwoo No Onifuraefo Yareɛ
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
w94 8/15 kr. 3-4

Anidaso Bɛn na Ɛwɔ hɔ ma Anifuraefo?

JOHN MILTON kyerɛw n’anwensɛm nhoma Paradise Lost ne Paradise Regained no, ɛwom sɛ na n’ani afura koraa de. Helen Keller ani a na afura ne n’aso a na asiw no ansiw no kwan sɛ ɔbɛkyerɛ wɔn a wɔadi dɛm ade na waboa wɔn. Yiw, anifuraefo pii tumi gyina ɔhaw ahorow a anifurae de ba no ano yiye. Nanso hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ anigye sɛ anka obiara betumi ahu ade! Wo ne yɛn bɛyɛ adwene kɛse, titiriw sɛ wo dɔfo anaa w’adamfo bi ani afura anaa onhu ade yiye a.

Ɛyɛ nokware sɛ wɔayɛ nhyehyɛe a wɔde kyerɛ nnipa a wɔn aniwa nhu ade yiye ade ma wotumi yɛ da biara da nnwuma wɔ aman bi mu. Anifuraefo nkyerɛwee ne akraman a wɔtete wɔn boa anifuraefo ma wodi wɔn ahiade pii ho dwuma. Nanso, nnipa pii bu anifurae sɛ ɛno ne ɔyare a ɛyɛ hu sen biara. Ɔkyerɛwfo bi kae sɛ: “Sɛ w’ani fura a na woahwere nea wɔde nya nhumu wɔ wiase yi mu a ɛsen biara no.” Bere koro no ara, ɛsɛ sɛ anifuraefo pii de wɔn ho to afoforo so kɛse.

Ebia wubebisa wo ho sɛ dɛn nti na anifurae abu so saa? Wiɛ, so woate trachoma (aniwamkekaw) ho asɛm pɛn? Ɛno na efura nnipa bɛyɛ ɔpepem akron ani. New Encyclopædia Britannica ka ɛho asɛm sɛ: “Yare no yɛ nsan yare, na ɛkɔ so wɔ mmeae a nnipa kyere so na wɔn atrae hɔ ntew no. Nsu a wonnya nhoro nneɛma, ne nwansena mpempem pii a wotu gu tiafi so no boa ma yare no trɛw. Akwan bi so no, trachoma yɛ yare a ɔkwan a nnipa fa so tra ase na ɛde ba na ɛnhyɛ da nyɛ ɔyare mmoawa; sɛ wotumi ma nkurɔfo asetra tu mpɔn, tew nnipa nkyereso so, siw nwansena ano, na wɔma wonya nsu a ɛdɔɔso a, nnipa a trachoma yɛ wɔn no so tew ntɛmntɛm koraa.” Nnipa bɛyɛ ɔpepem biako bio na onchocerciasis a wɔsan frɛ no river blindness ayɛ wɔn. Na xerophthalmia nso ɛ? Ɛwom sɛ edin no bɔ yɛ den de, nanso nokwasɛm no ne sɛ ɛyɛ ade a ɛde anifurae ba kɛse. Asikre yare, menasekuru, ntoburo, atiridii, ne nyarewa a wonya fi ɔbarima ne ɔbea nna mu nso betumi ama obi ani afura.

Bere a yenyin no, ebia nneɛma te sɛ kooko ne glaucoma betumi ama yɛn aniwa so ayɛ wusiwusi, na ɛtɛ nso wɔ hɔ. The New Encyclopædia Britannica ka sɛ: “Ɛtɛ da so ara ka nneɛma a efura nnipa pii ani wɔ wiase aman pii mu no ho, na eyi yɛ awerɛhosɛm kɛse efisɛ ɛyɛ mmerɛw koraa sɛ wɔnam oprehyɛn so beyi ɛtɛ.”

Ɛmfa ho sɛ wɔanya aniwa mu nyarewa sa ho nimdeɛ foforo no, ɛte sɛ nea anifurae ase a wobetu da so ara yɛ daakye asɛm a ɛwɔ akyirikyiri. Encyclopedia koro no ara ka sɛ: “Nnipa a wonya ayarehwɛ nkutoo na wobetumi anya nkɔso a aba wɔ anifurae anosiw, ɛho aduruyɛ ne oprehyɛn a wɔyɛ no mu mfaso. Enkosi sɛ wobetumi ama wiase no mu nnipa dodow no ara nnuan a ahoɔden wom adi na wɔn atrae atew no, anifurae a wobetumi asiw ano bɛkɔ so ayɛ nnipa pii sɛnea ɛte mprempren yi ara.”

Bere a nnuru a wɔnom de bɔ nipadua ho ban fi ɔyare mmoawa ho ne oprehyɛn a wɔyɛ boa ma wɔko tia anifurae no, ase a wobetu koraa ho anidaso gyina biribi a esii bɛyɛ mfe mpem abien a atwam ni so.

Anifuraefo Ayaresa wɔ Yesu Nna no Mu

Twa ɔbarima bi a ɔwɔ ne mfe 30 mfiase mu a ɔnam mfutukwan bi so ho mfonini wɔ w’adwenem. Bere a mmarima baanu a wɔn ani afura a wɔtete kwankyɛn te sɛ ɔretwam no, wɔteɛteɛm sɛ: “Hu yɛn mmɔbɔ.” Ɛwom sɛ nkurɔfo a wɔrehwɛ nea ɛrekɔ so no hyɛ wɔn sɛ wommua wɔn ano de, nanso anifuraefo no teɛteɛm denneennen sɛ: “Hu yɛn mmɔbɔ.” Ɔbarima no fi ayamye mu bisa sɛ: Dɛn na mopɛ sɛ meyɛ mema mo?” Wɔde ahopere bua sɛ: ‘Ma yɛn aniwa mmue.’ Afei yɛ ho mfonini: Ɔbarima no de ne nsa ka wɔn aniwa, na ntɛm ara wohu ade!—Mateo 20:29-34.

Hwɛ anigye ara a wɔn a na wɔn ani afura yi nyae! Nanso, anifurae abu so. Ná eyi yɛ nhwɛso biako pɛ. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wode w’adwene kɔ eyi so? Efisɛ Yesu a ofi Nasaret na ofi ayamye mu maa wohuu ade. Nokwarem no, nea ɛka ‘sra a na wɔasra no sɛ ɔmmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafo’ ho no, ‘wɔsomaa Yesu sɛ ommebue anifuraefo aniwa’ nso.—Luka 4:18.

Anwonwakwan so ayaresa a ɛte saa a ɔnam Onyankopɔn honhom kronkron so yɛe no maa nkurɔfo ho dwiriw wɔn. Yɛkenkan sɛ: “Ɛyɛɛ nkurɔfokuw no nwonwa, sɛ wohui sɛ mum rekasa, na mpakye ho san, na mmubuafo nantew, na anifuraefo hu ade; na wɔhyɛɛ Israel Nyankopɔn anuonyam.” (Mateo 15:31) Yesu daa Yehowa Nyankopɔn dɔ ne ne mmɔborohunu adi bere a wannyigye sika, wanhoahoa ne ho anaa wanhwehwɛ anuonyam amma ne ho no. Nanso, na Yesu wɔ ayamhyehye ma honhom fam anifuraefo ne nnipa a wɔahaw na “wɔabrɛ, na wɔsam hɔ sɛ nguan a wonni hwɛfo” no.—Mateo 9:36.

Ebia abakɔsɛm a ɛte saa bɛyɛ wo anigye, nanso ebia wubebisa wo ho sɛ, Na ɛnnɛ nso ɛ? Esiane sɛ obiara nsa nnipa yare te sɛ nea Yesu yɛe no nti, so ayaresa a ɛte saa no kyerɛ biribi ma yɛn? So anidaso bi wɔ hɔ ma anifuraefo? Yɛsrɛ wo kenkan asɛm a edi hɔ no.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 4]

“Enkosi sɛ wobetumi ama wiase no mu nnipa dodow no ara nnuan a ahoɔden wom adi na wɔn atrae atew no, anifurae a wobetumi asiw ano bɛkɔ so ayɛ nnipa pii sɛnea ɛte mprempren yi ara.”

—The New Encyclopædia Britannica

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena