Yehowa Adansefo a Wɔwɔ Wiase Nyinaa—Poland
WƆ 1989 ahohoru bere mu no, Komunis nniso a na ɛwowɔ efi Baltic no so kosi Black Sea no so no fii ase sɛ ɛregu. Bere a wofii ase dwiriw Amammui Akwanside no gui no, Europa Apuei Fam aman fii ase hwehwɛɛ ahofadi. Emu biako ne Poland, ɔman a mmepɔw akɛse, nsasetaw, ne mmepɔw a ɛso mmonkyimmɔnka ayɛ hɔ ma no.a
Polandfo yɛ nsiyɛfo, na adwumfo ne nyansahufo a wɔagye din wɔ wiase no bi fi Poland. Nanso nea ɛsen saa no, Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no ho adawurubɔfo dɔm a wɔredɔɔso wɔ hɔ mprempren.
Ɔde Akokoduru Pa Atosɛm ho Ntama
Nnipa pii wɔ Poland a wɔpɛ sɛ wosua Bible mu nokware no. Nanso ebinom abusuafo anaa wɔn afipamfo ho suro nti wɔtwe san. Sɛ́ nhwɛso no, wɔ beae bi a ɛbɛn Wrocław no, onigyefo bi gyaee Bible adesua a ɔne Yehowa Adansefo yɛ no bere a n’abusuafo ne ne nnamfo sɔre tiaa no no. Nanso, ne babea kumaa bi kenkan Ɔwɛn-Aban mu nsɛm bi a ɛpaa atoro som ho ntama. Eyi maa obenyaa nokware no ho anigye.
Bere a saa abofra yi suaa Bible no asram asia akyi no, ɔyɛɛ n’adwene sɛ obetwa abusuabɔ biara a ɔne atoro som wɔ no mu. Ɔkɔɔ n’asɔre no sɔfo hɔ kɔkaa ne gyinaesi no kyerɛɛ no. Ɔka kyerɛɛ abofra no sɛ ɔnkyerɛw nea edi so yi: “Me, K—— P——, mepow Katolekfo gyidi no.”
Kwasida a edi hɔ no, wɔkenkan saa asɛm yi kyerɛɛ asɔremma no. Ade tɔɔ ne nanabarima so, na ne nanabea nso fii ase sui prɛko pɛ. Nanso ɛyɛɛ asɔremma afoforo anigye, na wɔkae sɛ: “Afei de obi atumi anya akokoduru a ɛsɛ aka sɛ atosɛm pii wɔ yɛn asɔre yi mu.” Mprempren wɔabɔ abofra kumaa yi asu sɛ honhom mu nuabea, na wafi ase mpo reyɛ Bible adesua ahorow ason wɔ n’akuraa no ase.
‘Ɛnam Wɔn Aba So’
Atesɛm krataa a ɛba dapɛn biara Kujawy i Pomorze tintim amanneɛbɔ a ɛne sɛ “Wɔn Aba na Mode Behu Wɔn.” Asɛm no fã bi kae sɛ Kristoman mu asomfo “mmu nyamesom nnyinasosɛm ahorow a wɔagye atom no aniberesɛm biara. Wɔne Yehowa Adansefo a wɔde nea wɔka no di dwuma na wɔka nea Bible no ahyɛ no bɔ abira koraa.”
Bere a amanneɛbɔ no kyerɛɛ nsonsonoe a ɛda Adansefo no su ne wɔn a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo no de ntam wiei no, ɛtoaa so sɛ: “Ɛda adi yiye sɛ wɔn a yɛkaa wɔn ho asɛm akyiri yi no nnim wɔn gyidi no mu nokware ne nnyinasosɛm atitiriw no, ma mpɛn pii no wɔmfa nni dwuma. . . . Yehowa Adansefo nam wɔn nneyɛe so kyerɛ sɛ nea wɔka no ne wɔn nneyɛe hyia, na edi adanse sɛ ɛnyɛ wɔne ‘atoro adiyifo no,’ na mmom wɔnam wɔn aba so betumi ahu wɔn. ‘Wɔtetew obobe nsɔe so, anaasɛ wɔtetew borɔdɔma akraate so?’ (Mateo 7:15-20).”
Ɔbea bi kyerɛw krataa kɔmaa atesɛm krataa a ɛba dapɛn biara Przyjaciółka kaa sɛnea ne werɛ ahow sɛ ne babarima agyae Katolek Asɔre no akɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako no. Afotu bɛn na samufo no de maa no? “Sɛ wo babarima no ne Yehowa Adansefo benyaa fekubɔ ma osuaa wɔn gyidi no gye toom a, ɛyɛ n’ankasa gyinaesi a ɛsɛ sɛ wugye tom na wokyerɛ obu wɔ ho. . . . Asetra kwan a ɛyɛ fɛ ne nea ɛma asetra yɛ anigye pii da adi wɔ saa nyamesom kuw yi ho, a ebi ne wɔn biakoyɛ soronko ne onuadɔ a emu yɛ den, nokwaredi kɛse ne ahyɛde ahorow a wogye tom wɔ asetra mu a wodi so pɛpɛɛpɛ, ne awiei koraa no, sɛnea wotumi tra ase ma ɛne wɔn nokware no hyia ma enti wɔde gyinapɛn horow a ɛsom bo a wokura mu no di dwuma ankasa no. Eyinom yɛ su pa ahorow a ɛsom bo.”
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ wopɛ sɛ wunya ɛho nsɛm pii a, hwɛ 1994 Calendar of Jehovah’s Witnesses no so.
[Kratafa 9 adaka]
ƆMAN NO HO AKONTAABU
1993 Ɔsom Afe
DODOW A ƐSEN BIARA A WODII ADANSE: 113,551
NKYEKYEM: Ɔdansefo 1 kasa kyerɛ 339
DODOW A WƆBAA NKAEDI ASE: 235,642
AKWAMPAEFO DODOW NKYEKYEM: 7,961
BIBLE ADESUA DODOW NKYEKYEM: 79,131
DODOW A WƆBƆƆ WƆN ASU: 8,164
ASAFO AHOROW: 1,397
BAA DWUMADIBEA: Nadarzyn
[Kratafa 9 mfonini]
Poland baa dwumadibea a na ɛwɔ Lodz wɔ 1948 mu
[Kratafa 9 mfonini]
Dawurubɔ nkrataa adwuma wɔ June 1948 mu wɔ kan East Prussia
[Kratafa 9 mfonini]
Poland Betel no adwumayɛfo aduɔson abien, wɔ January 1993 mu
[Kratafa 9 mfonini]
Baa dwumadibea foforo a ɛwɔ Nadarzyn no