Yehowa Adansefo a Wɔwɔ Wiase Nyinaa—Puerto Rico
PUERTO RICO supɔw a ɛhɔ yɛ frɔmm na osu tɔ na awia bɔ kɛse wɔ so no da Caribbean Po ne Atlantic Po no ntam. Wɔ 1493 mu no, Christopher Columbus gye maa Spainfo na ɔde Yohane Osuboni din too so, frɛɛ no San Juan Bautista. Wɔfrɛɛ ne kuropɔn a ɛso sen biara no Puerto Rico, anaa “Hyɛn Gyinabea Kɛse” bere tenten. Bere kɔɔ so no, wɔde saa din yi frɛɛ supɔw no nyinaa, na wɔbɛfrɛɛ kuropɔn no San Juan.
Puerto Rico abɛyɛ hyɛn gyinabea kɛse wɔ akwan pii so. Wɔde sika pii fii ha kɔɔ aman afoforo so wɔ Spain tumidi no mfiase. Mprempren, supɔw no tɔn ahwerew, kɔfe, borɔde, ne nnuaba horow ma aman afoforo, ɛwom sɛ nneɛma afoforo a wɔyɛ ne mfiridwuma na ɛde sika pii brɛ ɔman no nnɛ de. Nanso, Puerto Rico abɛyɛ hyɛn gyinabea kɛse wɔ ɔkwan a ɛho hia sen saa koraa so.
Wofii ase kaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no wɔ ha wɔ 1930 mfe no mu. Ɛnnɛ, asɛmpa no ho adawurubɔfo bɛboro 25,000 na wɔwɔ Puerto Rico. Wɔ 1993 mu no, adwumayɛfo a wɔwɔ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ ha yi no nyaa nkɔanim fi 23 kosii nea ɛboro 100. Ná saa nkɔanim yi ho hia, sɛnea ɛbɛyɛ a baa dwumadibea no betumi ahwɛ ma wɔakyerɛ Bible ho nhoma ahorow ase akɔ Spain kasa mu, na ama nnipa 350,000,000 a wɔka Spain kasa wɔ wiase nyinaa no anya nhoma a ɛte saa no bi.
Asasesin Foforo
Baa dwumadibea no bɔ amanneɛ bio sɛ: “Yɛabue asasesin foforo wɔ Puerto Rico, efisɛ yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛde Ahenni asɛm no bɛkɔ akɔma asotifo. Onuawa bi ka osuahu a edi so yi: ‘Ná mereyɛ adwuma wɔ asotifo mu na mekɔsraa ɔbea bi a ɔwɔ mma nkumaa baanu. Bere a ohui sɛ meyɛ Ɔdansefo no, ɔpow me ntɛmpa ara efisɛ na ne kunu a ɔno nso aso asiw no mpɛ Yehowa Adansefo asɛm.
“‘Asram bi akyi no, ɔbea koro yi ara kɔsraa n’adamfo bi a na ɔne Adansefo no resua Bible no. Ɔtraa mu bi na n’ani gyee ho yiye. Mekɔsraa ɔbea no bio, na ɔsan kae sɛ ne kunu mpɛ Adansefo no asɛm. Nanso, na ɔpɛ sɛ ɔte Bible no ase, na na n’asɔre afono no, efisɛ na wɔnkyerɛ hwee. Yɛde kratawa fii adesua ase. Da koro bi ɔka kyerɛɛ me sɛ memmra hɔ bio Memeneda, efisɛ ne kunu bɛwɔ hɔ. Mibisae sɛ: “Na sɛ ɔmpɛ yɛn asɛm, ɛnte saa?” Obuae sɛ: “Ɔpɛ sɛ ohu nea eyinom nyinaa kyerɛ.”
“‘Ɛda a edi hɔ no wɔn baanu nyinaa bae bɛbɔɔ me pon mu! Esiane sɛ na okunu no wɔ nsɛmmisa pii nti, metoo nsa frɛɛ wɔn baa nhyiam ahorow a yɛyɛ ma asotifo no ase. Oduu hɔ gyaa me, na efi saa bere no ɔntoo asafo nhyiam mu da. Ɔreka asɛm no kyerɛ nnipa afoforo a wɔn aso asiw, wakɔ ɔmansin nhyiam biako, na ɔrepere sɛ obegye asubɔ.’”
Baa dwumadibea no amanneɛbɔ no kɔ so sɛ: “Wɔ yɛn afe yi ɔmantam nhyiam ase no, yɛyɛɛ dwumadi no nyinaa wɔ asotifo kasa mu, enti asotifo pii ne wɔn mmusua bae. Tebea a ɛka koma yiye bae wɔ ɔkasa a etwa to no mu bere a ɔkasafo no kaa adwuma a wɔreyɛ wɔ asotifo mu ho asɛm, na ɔkae sɛ wɔn mu bɛyɛ 70 wɔ wɔn mu no. Wɔtee nsambɔ kɛse, nanso sɛnea ɔkasafo no hui no, asotifo no ante ase. Enti bere a ɔkasafo no srɛɛ asotifo no sɛ wɔnhwɛ atiefo no, otĩĩ asemmisa a ɛne sɛ, ‘Mo ani agye sɛ mo nuanom asotifo ka mo ho wɔ ha?’ mu bio, na ɔsrɛɛ atiefo no sɛ wɔnkyerɛ anisɔ denam wɔn nsa abien nyinaa a wobehim no so. Ná ɛyɛ nwonwa sɛ wohuu anuanom mmarima ne mmea 11,000 a wɔrekyerɛ anisɔ denam wɔn nsa a wohim so. Yɛn nuanom mmarima ne mmea asotifo no ani gyei mmoroso, na wɔtee nka sɛ wɔyɛ onuayɛ kɛse no fã. Pii de anigye sui.”
Bere a Yehowa Adansefo nya otwa adwuma no mu kyɛfa wɔ Puerto Rico no, akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛkɔ so ayɛ hyɛn gyinabea kɛse. Onyankopɔn “nguan,” a ɔfrɛ wɔn “amanaman nyinaa ade a wɔpɛ,” no bɛkɔ so aba sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde anuonyam bɛhyɛ Yehowa fie mã.—Yohane 10:16; Hagai 2:7.
[Kratafa 9 adaka]
ƆMAN NO HO AKONTAABU
1994 Ɔsom Afe
DODOW A ƐSEN BIARA A WODII ADANSE: 25,428
NKYEKYEM: Ɔdansefo 1 kasa kyerɛ nnipa 139
DODOW A WƆBAA NKAEDI ASE: 60,252
AKWAMPAEFO DODOW NKYEKYEM: 2,329
BIBLE ADESUA DODOW NKYEKYEM: 19,012
DODOW A WƆBƆƆ WƆN ASU: 919
ASAFO DODOW: 312
BAA DWUMADIBEA: GUAYNABO