Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 4/1 kr. 30-31
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea W’asubɔ no Kyerɛ
    Biako a Wɔayɛ De Resom Nokware Nyankopɔn Koro No
  • Ehia Sɛ Kristofo Bɔ Asu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Dɛn Ne Asubɔ?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Woyere Wo Ho Bɔ Asu a, Wubenya Nhyira!
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 4/1 kr. 30-31

Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Su bɛn na ɛsɛ sɛ wɔda no adi wɔ Kristofo asubɔ ase?

Ɛyɛ asemmisa a ɛyɛ anigye, efisɛ ɛwom mpo sɛ wɔabɔ yɛn akenkanfo no mu pii asu dedaw de, nanso ɛfa wɔn ho te sɛ wɔn a wɔbɔ wɔn asu no. Ma yenni kan nka wɔn a wɔbɔ wɔn asu, a wɔde wɔn hyɛ nsu mu koraa no ho asɛm. Su bɛn na ɛsɛ sɛ wɔda no adi?

Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo wɔ Mateo 28:19, 20 sɛ wɔnkɔyɛ nkurɔfo asuafo, nkyerɛkyerɛ wɔn na wɔmmɔ wɔn asu. Wanka sɛ asubɔ yɛ adeyɛ a efi nkate a emu yɛ den kɛse mu, ade a bere tiaa mu anigye ma wɔyɛ. Ɛyɛ adeyɛ a anibere wom, sɛnea yehu fi Yesu nhwɛso no mu no. Luka 3:21 ka sɛ: “Ɔbɔɔ Yesu nso asu, na ɔrebɔ mpae no, ɔsoro buei.” Yiw, yɛn Nhwɛsofo no buu asubɔ aniberesɛm, na ɔbɔɔ ho mpae. Yentumi mfa yɛn adwene nyɛ ne ho mfonini sɛ ɔreyɛ nkonimdi sɛnkyerɛnne, ɔteɛteɛm anaasɛ ɔremoma ne nsa so kɔ soro ba fam de kyerɛ sɛ wadi nkonim bere a ofii nsu no mu puei no, ɛwom sɛ ebinom ayeyɛ nneɛma a ɛtete saa nnansa yi de. Dabi, bere a na Yesu ne Yohane Suboni nkutoo wɔ hɔ no, ɔdan kɔɔ n’Agya nkyɛn wɔ mpaebɔ mu.

Nanso, Bible no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ asubɔ yɛ ade a obi yɛ n’anim mmɔbɔmmɔbɔ anaa okunkum n’anim wom, a ɛhwehwɛ sɛ ogyina hɔ akwan soronko bi so anaasɛ ɔworo nsɛm, sɛnea Kristoman mu asɔre ahorow bi hwehwɛ nnɛ no. Susuw Pentekoste da no ho, bere a wɔbɔɔ Yudafo ne wɔn a wɔadan Yudafo mpempem pii asu sɛ Kristofo no. Ná wɔasua Onyankopɔn Mmara ne no anya abusuabɔ dedaw. Enti na nea ehia ara ne sɛ wobesua Mesia, Yesu, ho ade na wɔagye no atom. Bere a wɔyɛɛ saa no, na wobetumi abɔ wɔn asu.

Asomafo no Nnwuma 2:41 bɔ amanneɛ sɛ: “Wɔn a wɔde fɛw gyee asɛm no ma wɔbɔɔ wɔn asu.” Weymouth Bible nkyerɛase no kenkan sɛ: “Enti, wɔbɔɔ wɔn a wɔde anigye gyee n’asɛm no toom no asu.” Wonyaa anigye wɔ Mesia no ho nsɛm a ɛyɛ anigye no mu, na ɛda adi sɛ saa anigye a efi komam no toaa so koduu asubɔ no ankasa mu, asu a wɔbɔe wɔ nnipa ɔhaha pii a wɔde anigye hwɛe anim. Ná ɔsoro abɔfo mpo rehwɛ na wɔredi ahurusi. Kae Yesu nsɛm yi: “Mise mo sɛ: Anigye ba Onyankopɔn abɔfo anim ɔdebɔneyɛfo biako a ɔsakra n’adwene ho.”—Luka 15:10.

Akwan pii wɔ hɔ a yɛn mu biara betumi afa so asusuw aniberesɛm ne anigye a asubɔ yɛ no ho. Wɔ asɔre ahorow bi mu no, wɔn a wɔrebɔ wɔn asu no hyɛ ntade atenten fitaa anaa tuntum. Hwee nni Kyerɛwnsɛm mu a ɛfoa ahwehwɛde a ɛte saa so. Afei nso, ɛremfata sɛ mmarima anaa mmea bɛhyɛ asuguare ntade a ɛkyekyere wɔn papee anaasɛ ɛnkata wɔn ho yiye. Na sɛnea yɛaka no, ɛnsɛ sɛ Kristoni foforo no yeyɛ nsɛnkyerɛnne soronko bi anaasɛ ɔyɛ n’ade sɛnea wadi nkonim kɛse bi, bere a ɔrefi nsu no mu no. Kristofo onuayɛ no mufo a wɔaka no ani agye sɛ wɔabɔ ɔfoforo no asu. Ɛsɛ sɛ ɔte nka sɛ gyidi a wada no adi yi yɛ adeyɛ a edi kan kɛkɛ wɔ ne mudi mu a ɛsɛ sɛ okura bere tenten na ama wanya Onyankopɔn anim dom no mu.—Mateo 16:24.

Yɛn a yɛhwɛ baguam asubɔ no nya adeyɛ no mu anigye no bi, titiriw sɛ onii a wɔrebɔ no asu no yɛ yɛn busuani anaa obi a yɛne no asua Bible no a. Nanso, sɛ yebenya mu kyɛfa akosi ase a, ɛsɛ sɛ yɛne wɔn a wɔhwehwɛ asubɔ no tie ɔkasa no nyinaa, na yɛte sɛ wobua nsɛm a wobisa wɔn wɔ baguam no, na yenya mpaebɔ no mu kyɛfa. Saa a yɛbɛyɛ no bɛboa yɛn ma yɛanya asubɔ ho adwene a ɛteɛ; yebenya Onyankopɔn adwene wɔ ho. Wɔ asubɔ no akyi no, yɛn anigye no nhwehwɛ sɛ yetu nkonimdi aperenten, kɔma nea wɔabɔ no asu no nhwiren, anaasɛ yɛtow pon ma no de hyɛ no anuonyam. Nanso yebetumi akɔ yɛn nuabarima anaa nuabea foforo no nkyɛn akɔda anigye a yɛanya wɔ adepa a wayɛ no ho adi akyerɛ no, na yɛde anigye kɛse ama no akwaaba aba yɛn Kristofo onuayɛ no mu.

Ɛnde, ne tiaatwa mu ara ne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa, a wɔn a wɔma wɔde wɔn hyɛ nsu mu ka ho no, bu asubɔ aniberesɛm sɛnea ɛfata. Ɛnyɛ ahurusidi ntraso, apontow anaa osebɔ bere. Saa ara nso na ɛnyɛ bere a yɛbɛyɛ yɛn anim mmɔbɔmmɔbɔ anaa yebekunkum yɛn anim. Yɛn ani betumi agye ma afata sɛ nnipa afoforo abɛka yɛn ho wɔ daa nkwa kwan no so. Na yebetumi de anigye ama yɛn nuanom mmarima ne mmea afoforo no akwaaba.

[Mfonini nkutoo na ɛwɔ kratafa 31]

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena