“Ayeyifo a Wɔwɔ Anigye” Ɔmantam Nhyiam—Wobɛkɔ Bi?
ANIGYE! Wontee saa asɛmfua no da, anaa ɛyɛ foforo mpo wɔ bere a ɔhaw ahyɛ mu ma yi mu? Ɛda adi sɛ atesɛm nkrataa nka nsɛm pii a ɛbɛma yɛn ani agye. Mmusua ntam akodi, ɔkɔm a atrɛw, adwuma a wonnya nyɛ, efĩ a ɛsɛe nneɛma wɔ ɔkwan a ɛyɛ hu so, amammuisɛm mu basabasayɛ, nsɛmmɔnedi—eyinom nyɛ nneɛma a ɛma koma no nya anigye, ɛnte saa?
Ɛnnɛ, nnipa dodow no ara so anigye biara a wobetumi anya wɔ asetram no mu ntɛm ara. Nanso ɛno yɛ anigye? Wɔakyerɛkyerɛ anigye mu sɛ “tebea a ahomeka wom; ahurusidi.” Nnipa pii nnya anigye ankasa, na sɛ wonya mpo a, ɛntaa nkyɛ.
Nanso, bere a Bible no reka yɛn bere yi ho asɛm no, ɛka siei sɛ: ‘Sɛ Amansan hene Yehowa se ni: Hwɛ, me nkoa ani begye. Hwɛ, me nkoa de koma pa bɛto ahurusi dwom.’ (Yesaia 65:13, 14) Ɛno bɛyɛ dɛn atumi aba?
Sɛnea ɛbɛyɛ na woanya mmuae no, yɛto nsa frɛ wo sɛ, kɔ Yehowa Adansefo ɔmantam nhyiam ahorow a wɔbɛyɛ no 1995 mu no mu biako ase. Nhyiam no asɛmti ne “Ayeyifo a Wɔwɔ Anigye,” na obiara a ɔbɛkɔ bi no rentua hwee. Nnansa nhyiam dwumadi no bi ne ɔkasa ahorow a egyina Bible so, ɔyɛkyerɛ ahorow, nkɔmmɔbɔ ne nneɛma pii. Wobesi asɛmti a ɛne anigye no so dua wɔ dwumadi no nyinaa mu.
Nhyiam no befi ase wɔ United States wɔ June mu, na wɔbɛkɔ so ayɛ akosi 1996 mfiase wɔ wiase nyinaa. Ɛda adi sɛ, emu biako bɛbɛn wo. Dɛn nti na wummisa Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ no? Yɛde anigye to nsa frɛ wo sɛ kɔ bi.