Yehowa Adansefo “Ayeyifo A Wɔwɔ Anigye” Ɔmantam Nhyiam
Nnansa Bible nkyerɛkyerɛ a mfaso wɔ so retwɛn wo. Wɔayɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛyɛ nhyiam 21 wɔ Ghana ne Togo nkutoo, na ebia wɔbɛyɛ bi wɔ beae a ɛbɛn faako a wote no. Du hɔ ansa na wɔde dwom afi dwumadi no ase Fida anɔpa 9:40.
Wɔbɛma akwaabama kasa ne ɔkasa titiriw a ekura asɛmti, “Wɔayi Wɔn Asi Hɔ sɛ Ayeyifo a Wɔwɔ Anigye wɔ Wiase Nyinaa” wɔ Fida anɔpa dwumadi no mu. Awia dwumadi no bɛtwe adwene akɔ mmofra, awofo, ne nhomasua so. “Mayɛ Ahoboa sɛ Mɛware?” yɛ ɔkasa a mmofra bɛpɛ sɛ wotie. Ɛsɛ sɛ awofo tie ɔkasa, “Awofo a Wonya Wɔn Mma Ho Anigye” no yiye. Wɔde ɔkasa “Nhomasua—Fa Yi Yehowa Ayɛ” na ebewie awia dwumadi no. Ɛsɛ sɛ nea wɔbɛka ho asɛm no boa mmofra ma wotumi kɔ sukuu wie nkonimdi mu.
Wɔbɛma asubɔ kasa no wɔ Memeneda anɔpa dwumadi no mu, na wɔbɛma wɔn a wɔfata no anya hokwan abɔ asu. Wɔbɛma sɛnea Satan fi tete de nna ho akɔnnɔ asum nkurɔfo afiri ho ɔkasa a ɛbɛda nsɛm adi pefee awia. Wɔbɛma ɔkasa a emu yɛ hyew a ɛne “Kwati Ɔbonsam Mfiri” nso. Wɔde ɔkasa a ɛho hia, “Nea enti a Adesamma Hia Onyankopɔn Ho Nimdeɛ” bewie da no dwumadi no.
Kwasida anɔpa no, ɔkasa a wɔakyekyem a ekura asɛmti, “Ayeyifo a Wɔwɔ Anigye wɔ Nhyehyɛe Yi Awiei mu” no bɛtwe adwene akɔ nsɛm a ɛnkyɛ ɛbɛwosow wiase no so. Ebesi sɛnea ɛho hia sɛ yɛhwehwɛ ahobammɔ ansa na “ahohiahia kɛse” a Yesu Kristo kaa ho asɛm a wɔakyerɛw wɔ Mateo 24:21 no afi ase so dua.
Wɔde drama titiriw a n’asɛmti ne “Wɔn a Wɔfata a Yebedi Wɔn Ni Bere a Wɔn Mfe Akɔ Anim” bewie Kwasida anɔpa dwumadi no. Afei, wɔbɛma baguam ɔkasa, “Yi Daa Hene no Ayɛ!” awia no. Ɛbɛyɛ nhyiam no asɛntitiriw.
Yɛ nhyehyɛe mprempren sɛ wobɛkɔ bi. Sɛnea ɛbɛyɛ na woahu beae a ɛbɛn wo no, hu Yehowa Adansefo wɔ wɔn Ahenni Asa so, anaasɛ kyerɛw wɔn a wɔyɛɛ saa nsɛmma nhoma yi no. June 8 Engiresi Nyan! no de mmeae a wɔbɛyɛ nhyiam no wɔ United States, Canada, Britain, ne Ireland no address ahorow bɛma.