Nea Nti a Ɛsɛ sɛ Wokɔ Bi
WUBENYA nnanan honhom mu kyerɛkyerɛ a mfaso wɔ so wɔ “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” Ɔmantam nhyiam, a ɛbɛkɔ so wɔ wiase nkurow pii mu wɔ ahohuru bere a ɛreba mu no ase. Wɔbɛyɛ nhyiam yi bɛboro 150 wɔ United States nkutoo wɔ June, July, ne August mu. Nhyiam no befi ase Yawda awia 1:20 na aba awiei Kwasida awia 4:15 wɔ baabiara. Nea ɛbɛyɛ ade titiriw wɔ nhyiam horow no bi ase ne amanneɛbɔ ahorow a efi asɛmpatrɛwfo a wɔaboa wɔn ma wɔasan aba wɔn man mu na wɔanya anigye bere yi mu kyɛfa no hɔ.
Sɛ́ woyɛ ɔpanyin anaa abofra—okunu, ɔyere, agya, ɛna, abarimaa anaa abeawa, anaa abofra—no wubenya ɔkyerɛkyerɛ a wɔma no fann, na ɛyɛ anigye a ɛso bɛba wo mfaso. Sɛ́ nhwɛso no, nnipa pii bisa nnɛ sɛ, Dɛn ne asetra atrimpɔw? Fida anɔpa, wubenya nsemmisa yi a wobesusuw ho a wubetie mu mfaso, na w‘ani begye nea wo nsa bɛka no ama woaboa afoforo ma wɔate asɛm no ase no ho.
Nea ɛbɛba Fida awia dwumadi no mu ne nsɛm “Aware a Wobɛma Ayɛ Nkabom a Ɛtra hɔ Kyɛ,” “Yɛ Adwumaden Ma Wo Fie Nkwagye,” ne “Awofo—Mo Mma Hia Mmoa Soronko.” Eyinom akyi pɛɛ no, wɔbɛdan adwene pɔtee akɔ nsɛnnennen a mmofra hyia ne ɔkwan a wɔbɛfa so adi ho dwuma so. Drama a wɔato din Mmofra a Wɔkae Wɔn Bɔfo Nnɛ no bɛhyɛ wɔn nkuran.
Memeneda dwumadi no besusuw Yesu nkɔmhyɛ a ɛfa nna a edi akyiri no ho, ne titiriw ne nsɛm yi ho: “Nna no mu ahohiahia akyi no, ntɛm ara na owia beduru sum.” (Mateo 24:29) Wobɛpɛ sɛ wofa bere a saa ahohiahia no bɛba ho asɛm. Memeneda dwumadi no bɛka nnɛ bere mu Yehowa Adansefo kyerɛwtohɔ ahorow ho asɛm, no akyerɛ nea wɔatumi ayɛ.
Kwasida, drama foforo a wɔato din, Ɛnsɛ sɛ Modaadaa Mo Ho Anaasɛ Musi Onyankopɔn Atwetwe, no bɛka nsɛnnennen a ɛwɔ Kristoni mudi mu kura ho esiane nnɛ video ne nnwom ahorow a agye din nti, ho asɛm. Baguam ɔkasa a ɛbɛba so awia no asɛmti ne “Ɔkyerɛkyerɛ a Mfaso wɔ so Ma Yɛn Mmere a Emu yɛ Den Yi.” Afotu a ɛne “Monkɔ so Nkura Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ Mu” na ɛde dwumadi no bɛba awiei. Akyinnye biara nni ho sɛ wubenya mfaso denam nnanan no nyinaa a wɔbɛkɔ no so! Yɛde anigye to nsa frɛ wo sɛ kɔ bi. Sɛ wopɛ sɛ wuhu beae a ɛbɛn wo kɛse a, kɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa a ɛwɔ wo mpɔtam hɔ, anaa kyerɛw nsɛmma nhoma yi akyerɛwfo anaasɛ hwɛ June 8 Awake!, a mmeae a wɔbɛyɛ nhyiam horow no wɔ United States, Canada, Britain, ne Ireland nyinaa address wom no mu.