Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 8/1 kr. 4-7
  • Mmere Pa wɔ Yɛn Anim

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmere Pa wɔ Yɛn Anim
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔkaa Ɔkɔm Ho Asɛm Siei
  • Yehowa Hwɛɛ Ne Nkoa Wɔ Tete Mmere no Mu
  • Onyankopɔn Boa Ne Nkoa Nnɛ
  • Mmere Pa Wɔ Yɛn Anim
  • Ahiafo a Wɔyɛ Adefo—Ɛbɛyɛ Dɛn na Atumi Ayɛ Yiye?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nkwa Paanoo No Woaka Ahwɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Ɔkɔm a Ɛwɔ Wiase Nnɛ—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Nokware Ahobammɔ Nnɛ ne Daa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 8/1 kr. 4-7

Mmere Pa wɔ Yɛn Anim

ƆBEA bi ka sɛ: “Yedidi anɔpa ne anwummere nkutoo.”

N’adamfo bi buae sɛ: “Me de nye koraa. Mididi anwummere nkutoo.”

Wɔ Afrika Atɔe Fam afã bi no, nkɔmmɔbɔ a ɛte saa no nhia nkyerɛkyerɛmu biara. Sɛ anka obi bedidi mprɛnsa da koro (anɔpa, awia, ne anwummere) no, nea otumi yɛ ara ne sɛ odidi mprenu da koro—pɛnkoro anɔpa, pɛnkoro anwummere. Aberante bi a odidi anwummere nkutoo kyerɛkyerɛ ne tebea mu sɛ: “Mididi pɛnkoro pɛ da biara. Nsu na mede hyɛ me fridge mã. Midi gari anadwo ansa na makɔda. Saa na meyɛ de gyina tebea no ano.”

Eyi ne nnipa dodow no ara tebea nnɛ. Nneɛma bo yɛ den, na sika a wɔde tɔ ade bo so tew.

Wɔkaa Ɔkɔm Ho Asɛm Siei

Wɔ anisoadehu ahorow a wɔde maa ɔsomafo Yohane mu no, Onyankopɔn kaa tebea a emu yɛ den a nnipa pii hyia nnɛ ho asɛm siei. Ná emu bi ne ɔkɔm. Yohane ka sɛ: “Mihui, na hwɛ, ɔpɔnkɔbiri bi ni, na nea ɔte no so no kura nsenia ne nsam.” (Adiyisɛm 6:5) Saa ɔpɔnkɔ krabirifo yi ne ne sotefo no yɛ ɔkɔm ho mfonini—aduan ho bɛyɛ den araa ma wɔde nsenia na ɛbɛkari.

Yohane san ka sɛ: “Na metee nne bi . . . a ese: Awi susukora taku, na aburow susukora abiɛsa taku.” Wɔ Yohane bere so no, na ɔsraani akatua yɛ awi susukora, na na taku ne akatua a wɔde ma wɔ da koro adwumayɛ ho. Enti na nkyerɛase a Richard Weymouth yɛe no kyerɛ saa nkyekyem no ase sɛ: “Wɔde da mu nyinaa akatua bɛtɔ paanoo sebɔw, na wɔde da mu nyinaa akatua bɛtɔ awi keeki abiɛsa.”—Adiyisɛm 6:6.

Da mu nyinaa akatua yɛ ahe nnɛ? Amanneɛbɔ a ɛne State of World Population, 1994 no ka sɛ: “Nnipa bɛyɛ ɔpepepem 1.1, bɛyɛ nnipa dodow a wɔwɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso mu no ɔha biara mu 30 di da koro akatua a ɛyɛ $1.” Enti, wɔ ahiafo a wɔwɔ wiase no fam no, da koro akatua ankasa tɔ paanoo sebɔw, ɛboro ɛno anaa nea ennu saa.

Nokwarem no, eyi nyɛ wɔn a wodi hia buruburoo no nwonwa. Ɔbarima bi kae sɛ: “Paanoo! Hena na odi paanoo? Paanoo yɛ aduan a ne bo yɛ den nnɛ!”

Anwonwasɛm ne sɛ, aduan ho nyɛɛ den. Sɛnea Amanaman Nkabom amanneɛbɔ kyerɛ no, wɔ mfe du a atwam mu no, aduan a wonya wɔ wiase nyinaa no dodow nyaa nkɔanim ɔha biara mu 24, a na ɛboro sɛnea wiase no mu nnipa redɔɔso no. Nanso, ɛnyɛ nnipa nyinaa na wonyaa aduan a ebuu so yi bi dii. Sɛ nhwɛso no, wɔ Afrika no, bere a nnipa no dodow kɔɔ soro ɔha biara mu 34 no, aduan a wonyae no so tew ɔha biara mu 5. Enti ɛmfa ho sɛ aduan buu so wɔ wiase nyinaa no, ɔkɔm da so ara wɔ aman pii mu.

Aduan ho a ɛyɛ na kyerɛ sɛ ne bo yɛ den. Adwuma a wonnya nyɛ, akatua a esua, ne nneɛma bo a ɛrekɔ soro no ma ɛyɛ den kɛse sɛ wobenya sika de atɔ nea ɛwɔ hɔ no. Human Development Report 1994, ka sɛ: “Ɛnyɛ aduan a enni hɔ nti na ɔkɔm de nnipa—na mmom, esiane sɛ wontumi ntɔ nti.”

Abasamtu renya nkɔanim. Glory a ɔte Afrika Atɔe Fam no kae sɛ: “Nkurɔfo te nka sɛ ɛnnɛ nyɛ, nanso ɔkyena bɛsen nnɛ.” Ɔbea foforo kae sɛ: “Nkurɔfo te nka sɛ wɔrebɛn asiane bi. Wɔte nka sɛ bere bi bɛba a biribiara renka wɔ gua so.”

Yehowa Hwɛɛ Ne Nkoa Wɔ Tete Mmere no Mu

Onyankopɔn nkoa nim sɛ Yehowa tua ne nkoa anokwafo ka denam wɔn ahiade a ɔde ma wɔn ne ahoɔden a ɔde ma wɔn ma wogyina tebea a emu yɛ den ano no so. Nokwarem no, awerɛhyem a ɛte saa a wɔwɔ sɛ Onyankopɔn betumi ahwɛ wɔn no yɛ wɔn gyidi no fã titiriw. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Ɛsɛ nea ɔba Onyankopɔn nkyɛn no sɛ ogye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo.”—Hebrifo 11:6.

Yehowa ahwɛ ne nkoa anokwafo bere nyinaa. Wɔ mfe abiɛsa ne fã ɔpɛ bi a esii mu no, Yehowa maa odiyifo Elia aduan. Mfiase no, Onyankopɔn maa nkwaakwaadabi de abodoo ne nam brɛɛ Elia. (1 Ahene 17:2-6) Akyiri yi, Yehowa nam anwonwakwan so maa okunafo a ɔmaa Elia aduan no asikresiam ne ngo ansa. (1 Ahene 17:8-16) Wɔ saa ɔkɔm koro no ara mu no, ɛmfa ho sɛ ɔhemmaa tirimɔdenfo Yesebel de nyamesom mu ɔtaa a emu yɛ den baa adiyifo so no, Yehowa nso hwɛ hui sɛ ɔbɛma wɔn abodoo ne nsu.—1 Ahene 18:13.

Akyiri yi, bere a Babilon hene kaa Yerusalem a awae no hyɛɛ mu no, na ɛsɛ sɛ nkurɔfo ‘di abodoo nkarii so ne nkɔmmɔdi mu.’ (Hesekiel 4:16) Tebea no mu bɛyɛɛ den araa ma mmea binom wee wɔn yafumma. (Kwadwom 2:20) Ɛwom mpo sɛ na Yeremia da afiase esiane n’asɛnka no nti de, nanso Yehowa hwɛ hui sɛ ‘wɔbɛma Yeremia abodoo sebɔw da biara afi abodootofo borɔn mu kosi sɛ abodoo nyinaa bɛsa kurow no mu.’—Yeremia 37:21.

Yehowa werɛ fii Yeremia bere a abodoo nyinaa sae no? Ɛda adi sɛ ne werɛ amfi no, efisɛ bere a Babilonfo ko faa kurow no, wɔmaa Yeremia ‘akwansoduan ne ayɛyɛde na wogyaa no kwan.’—Yeremia 40:5, 6; Hwɛ Dwom 37:25 nso.

Onyankopɔn Boa Ne Nkoa Nnɛ

Sɛnea Yehowa wowaw ne nkoa awo ntoatoaso ahorow a abɛsen kɔ mu no, saara na ɔyɛ nnɛ, na ɔhwɛ wɔn honam ne honhom fam nyinaa. Sɛ nhwɛso no, susuw Lamitunde, a ɔte Afrika Atɔe Fam no suahu no ho. Ɔka sɛ: “Ná mewɔ nkokɔ bebree. Da bi, awifo a wokura akode baa hɔ na wobewiaa nkokɔ no mu fã kɛse no ara, ne yɛn anyinam ahoɔden nkanea afiri ne sika a yɛwɔ. Ɛno akyi bere tiaa bi no, ɔyare kunkum nkokɔ kakra a aka no nyinaa. Ɛno maa me nkokɔyɛn adwuma no gui. Mede mfe abien hwehwɛɛ adwuma, nanso mannya bi. Ná nneɛma mu ayɛ den, nanso Yehowa wowaw yɛn.

“Nea ɛboa ma migyinaa mmere a emu yɛ den no mu ne hu a mihui sɛ Yehowa ma ho kwan ma nsɛm to yɛn de siesie yɛn. Me ne me yere kɔɔ so yɛɛ yɛn abusua Bible adesua a yɛyɛ daa no, na eyi boaa yɛn ankasa. Mpaebɔ nso ma yenyaa ahoɔden kɛse. Ɛtɔ mmere bi a, na mete nka sɛ ɛnsɛ sɛ mebɔ mpae, nanso sɛ mebɔ mpae a, ɛma me koma tɔ me yam.

“Wɔ saa ahokyere mmere no mu no, mihuu Kyerɛwnsɛm no a yebesusuw ho no so mfaso. Ná metaa susuw Dwom 23, a ɛka Yehowa ho asɛm sɛ yɛn Hwɛfo no ho kɛse. Kyerɛwsɛm foforo a ɛhyɛɛ me nkuran ne Filipifo 4:6, 7, a ɛtwe adwene si ‘Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so’ so no. Asɛm foforo a ɛhyɛɛ me den nso ne 1 Petro 5:6, 7, a ɛka sɛ: ‘Enti mommrɛ mo ho ase Onyankopɔn tumi nsa no ase, na wama mo so, bere a ɛsɛ mu. Momfa mo dadwen ne haw nyinaa nto no so, efisɛ odwen mo ho’ no. Nkyekyem ahorow yi nyinaa boaa me wɔ saa ahokyere mmere no mu. Sɛ wususuw ho a, ɛma wutumi nya biribi si nneɛma a ɛwɔ w’adwenem a ɛma wobotow no ananmu.

“Seesei manya adwuma bio, nanso sɛ mɛka nokware a, nneɛma nyɛ mmerɛw. Sɛnea Bible no ka siei wɔ 2 Timoteo 3:1-5 no, yɛte ‘nna a edi akyiri,’ a ‘mmere a emu yɛ den’ hyɛ no agyirae no mu. Yɛrentumi nsakra nea kyerɛwsɛm no ka no. Enti, menhwɛ kwan sɛ asetra bɛyɛ mmerɛw. Nanso, mete nka sɛ Yehowa honhom reboa me ma magyina mu.”

Ɛmfa ho sɛ yɛte mmere a emu yɛ den mu no, wɔrenni wɔn a wonya Yehowa ne ne Ba a ɔyɛ Ɔhene, Yesu Kristo, mu awerɛhyem no huammɔ. (Romafo 10:11) Yesu ankasa ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Eyi nti mise mo sɛ: Munnnwinnwen mo kra ho sɛ dɛn na mubedi anaasɛ dɛn na mobɛnom, anaasɛ mo nipadua ho sɛ dɛn na mubefura. Ɔkra nsen aduan, na nipadua nsen ntama anaa? Monhwɛ wim nnomaa sɛ wongu na wontwa, na wɔmmoaboa ano ngu asan so, nanso mo soro agya yɛn wɔn; na monsom bo nsen wɔn anaa? Mo mu hena na odwinnwen a, obetumi de basafa biako ato ne tenten so? Na adɛn na mudwinnwen ntama ho?”—Mateo 6:25-28.

Nokwarem no, ɛno yɛ nsemmisa a ɛma obi pɛɛpɛɛ ne koma mu wɔ mmere a emu yɛ den yi mu. Nanso Yesu de awerɛhyem nsɛm yi toaa so sɛ: “Monhwɛ wuram sukooko, sɛnea enyin; ɛnyɛ adwuma, nso ɛnto asaawa, nanso mise mo sɛ, Salomo anuonyam nyinaa mu po wankekã ne ho sɛ eyinom mu biako. Na sɛ Onyankopɔn fura wuram ahaban a ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena wɔde gu fononoo mu no ntama saa a, ɔrenyɛ nea ɛkyɛn eyi mma mo, mo a mo gyidi sua? Enti munnnwinnwen sɛ: Dɛn na yebedi anaasɛ dɛn na yɛbɛnom anaasɛ dɛn na yebefura? Na eyinom nyinaa akyi na wiase amanaman no di. Na mo soro agya nim sɛ eyi nyinaa hia mo. Na monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan; na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho.”—Mateo 6:28-33.

Mmere Pa Wɔ Yɛn Anim

Adanse horow wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ, wɔ wiase afã horow pii no, sikasɛm ne asetra mu nsɛm tebea a ɛresɛe no bɛkɔ so asɛe ara. Nanso, Onyankopɔn nkurɔfo nim sɛ saa tebea yi yɛ bere tiaa mu de. Ɔhene Salomo anuonyam nniso no yɛɛ Ɔhene a ɔso sen Salomo a obedi asase nyinaa so tumi trenee nniso no ho sunsuma. (Mateo 12:42) Saa Ɔhene no ne Yesu Kristo, “ahene mu hene ne awuranom mu awurade” no.—Adiyisɛm 19:16.

Dwom 72, a edii kan nyaa ne mmamu wɔ Ɔhene Salomo ho no, ka Yesu Kristo trenee nniso no ho asɛm. Susuw nsɛm a ɛyɛ anigye a ɛka fa asase no daakye ho wɔ Kristo sɛ Ɔhene no ase ho.

Asomdwoe Tebea Wɔ Wiase Nyinaa: “Ɔtreneeni besi frɔmm, ne bere so, na asomdwoe pii bɛba akodu sɛ ɔsram nni hɔ bio. Obedi hene fi po so kosi po so, de afi asubɔnten no so akosi asase ano.”—Dwom 72:7, 8.

Wobedwen Abrɛfo Ho: “Na obegye ohiani a osu frɛ no, ne ɔmanehunufo a onni boafo. Ɔbɛkora ɔbrɛfo ne ohiani so, na wagye ahiafo kra nkwa. Obegye wɔn kra afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu, na wɔn mogya bo ayɛ den n’anim.”—Dwom 72:12-14.

Aduan Bebu So: “Asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi.”—Dwom 72:16.

Yehowa Anuonyam Hyɛ Asase Ma: “Nhyira ne [Yehowa] Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn a ne nko yɛ anwonwade, na nhyira ne n’anuonyam din daa, na n’anuonyam nhyɛ asase ma.”—Dwom 72:18, 19.

Enti ɛyɛ nokware sɛ mmere pa wɔ yɛn anim.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena