Nokware Ahobammɔ Nnɛ ne Daa
AKYINNYE biara nni ho sɛ Yehowa Nyankopɔn betumi de ahobammɔ ama ne nkurɔfo. Ɔno ne “Otumfoɔ.” (Dwom 68:14) Ne din a ɛda nsow no kyerɛ “Nea Ɔma Ɛyɛ.” Eyi da no adi sɛ ɔno nkutoo ne Nea ɔwɔ amansan no mu a obetumi adi akwanside biara so de ama ne bɔhyɛ ahorow abam na wadi n’apɛde ho dwuma. Onyankopɔn ankasa ka sɛ: “Saa ara na m’asɛm a efi m’anom bɛyɛ: ɛrensan mma me nkyɛn kwa, gye sɛ ɛyɛ nea mepɛ na ewie nea enti a mesomae no.”—Yesaia 55:11.
Onyankopɔn ma wɔn a wɔde wɔn ho to ne so no ahobammɔ. N’Asɛm de eyi ho awerɛhyem ma. Onyankopɔn de honhom kaa onyansafo Ɔhene Salomo ma ɔkae sɛ: “Aban dennen ne Yehowa din, ɛno mu na ɔtreneeni guan kɔ, na wɔkora no.” Ɔsan kae sɛ: “Nea ɔde ne ho to Yehowa so no ho bɛyɛ sonn.”—Mmebusɛm 18:10; 29:25, NW.
Ahobammɔ Ma Onyankopɔn Asomfo
Yehowa ama wɔn a wɔde wɔn ho to ne so no ahobammɔ bere nyinaa. Sɛ nhwɛso no, odiyifo Yeremia nyaa Onyankopɔn ahobammɔ. Bere a Babilon asraafo kaa Yerusalem a awae hyɛe no, na ɛsɛ sɛ nkurɔfo ‘di abodoo nkarii so ne nkɔmmɔdi mu.’ (Hesekiel 4:16) Tebea no mu yɛɛ den araa ma mmea binom noaa wɔn ankasa mma wee. (Kwadwom 2:20; 4:10) Ɛwom sɛ na wɔde Yeremia ato afiase saa bere no esiane sɛ ɔkaa asɛm a wansuro nti de, nanso Yehowa hwɛ hui sɛ “da koro wɔma no abodoo sebɔw fi abodootofo borɔn mu kosii sɛ abodoo nyinaa sãe kurow no mu.”—Yeremia 37:21.
Bere a Babilonfo dii Yerusalem so nkonim no, wɔankum Yeremia, na saa ara na wɔamfa no ankɔ Babilon sɛ deduani. Mmom no, “[Babilonfo] ankɔbeahene no maa no akwansoduan ne ayɛyɛde, na ogyaa no kwan.”—Yeremia 40:5.
Mfehaha bi akyi no, Yesu Kristo maa Onyankopɔn asomfo awerɛhyem sɛ: “Munnnwinnwen sɛ: Dɛn na yebedi anaasɛ dɛn na yɛbɛnom anaasɛ dɛn na yebefura? Na eyinom nyinaa akyi na wiase amanaman no di. Na mo soro agya nim sɛ eyi nyinaa hia mo. Na monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan; na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho.”—Mateo 6:31-33.
So eyi kyerɛ sɛ Yehowa asomfo benya Onyankopɔn ahobammɔ wɔ nnɛyi amanehunu nyinaa ho? Dabi, ɛnkyerɛ saa. Anokwafo mfaa wɔn ho nnii wɔ asiane ho. Nokware Kristofo yare, wohyia ɔtaa, wodi wɔn nsɛmmɔne, wowu wɔ akwanhyia mu, na wohu amane wɔ akwan foforo so.
Ɛwom sɛ Yehowa mmɔ obi ho ban mfi ɔhaw ho koraa de, nanso amanneɛbɔ kyerɛ sɛ ɔde ne tumi di n’asomfo ahiade ho dwuma, na ɔbɔ wɔn ho ban. Kristofo nya ahobammɔ nso fi ɔhaw pii ho efisɛ wɔde Bible nnyinasosɛm ahorow di dwuma wɔ wɔn asetra mu. (Mmebusɛm 22:3) Bio nso, wonya ahobammɔ fi wiase nyinaa onuayɛ a honhom fam anuanom mmarima ne mmea a wɔboaboa wɔn ho wɔn ho wɔ ahokyere bere mu na wɔwom no mu. (Yohane 13:34, 35; Romafo 8:28) Sɛ nhwɛso no, nea ɛbɛyɛ na wɔayɛ tebea a emu yɛ den a wɔn nuanom a wofi Rwanda a ɔko ayɛ hɔ pasaa no wom ho biribi no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ Europa yɛɛ ntɛm de sika ne ntama tɔn 65 ne nnuru ne nnuan, ne nneɛma foforo a ɛho ka si $1,600,000 kɔmaa wɔn.—Fa toto Asomafo no Nnwuma 11:28, 29 ho.
Ɛwom sɛ Yehowa ma kwan ma sɔhwɛ to nokware Kristofo de, nanso wɔwɔ awerɛhyem sɛ ɔbɛma wɔn ahoɔden, mmoa, ne nyansa a wɔde begyina ano. Bere a ɔsomafo Paulo rekyerɛw ne mfɛfo gyidifo no, ɔkae sɛ: “Ɔsɔhwɛ bi ntoo mo ɛ, gye nea ɛyɛ nnipa de; na Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo a ɔremma wɔnsɔ mo nhwɛ ntra nea mutumi so, na mmom ɔbɛma ɔkwan a mode befi sɔhwɛ no mu abɛda ho, na moatumi asoa.”—1 Korintofo 10:13.
Nea Onyankopɔn Yɛ Ma Ne Nkurɔfo
Ɛnnɛ, nnipa ɔpepem pii ani gye ho sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde. Wɔnhyɛ wɔn sɛ wɔnsom Nyankopɔn; wɔsom no efisɛ wonim no na wɔdɔ no. Esiane sɛ Yehowa nso dɔ ne nokware asomfo nti, wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛdan asase paradise, baabi a adesamma a wɔyɛ osetie benya asomdwoe, akwahosan, ne ahobammɔ daa.—Luka 23:43.
Onyankopɔn nam ɔsoro nniso a ne Hene a wapaw no, Yesu Kristo, ne ne Sodifo no so na ɛbɛyɛ eyi. (Daniel 7:13, 14) Bible ka saa nniso yi ho asɛm sɛ “Onyankopɔn ahenni” ne “Ɔsoro ahenni.” (1 Korintofo 15:50; Mateo 13:44) Onyankopɔn Ahenni no besi nnipa nniso nyinaa ananmu. Sɛ́ anka yebenya nniso pii wɔ asase so no, yebenya nniso biako pɛ. Trenee mu na ebedi asase nyinaa so.—Dwom 72:7, 8; Daniel 2:44.
Yehowa to nsa frɛ obiara sɛ ɔmmɛtra Ahenni no mu. Ɔkwan biako a ɔfa so yɛ eyi ne Bible, nhoma a ɛkyerɛkyerɛ nea Ahenni no bɛyɛ ama adesamma mu, no a wɔkyekyɛ no bebree no. Bible yɛ nhoma a wɔkyekyɛ no kɛse sen biara wɔ wiase, na mprempren ne nyinaa anaa ne fã bi wɔ kasa ahorow bɛboro 2,000 mu.
Yehowa Nyankopɔn fi ɔdɔ mu boa nkurɔfo ma wɔte nea Bible ka fa Ahenni no ho ase. Ɔyɛ saa denam nkyerɛkyerɛ ne nkurɔfo a ɔsoma wɔn ma wɔkɔkyerɛkyerɛ Kyerɛwnsɛm no mu kyerɛ afoforo so. Yehowa Adansefo bɛboro ɔpepem anum na mprempren wɔreka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no wɔ nsase bɛboro 230 so.
Nokware Ahobammɔ Ma Obiara?
Obiara betie nsato a ɛne sɛ yɛmmɛyɛ Onyankopɔn Ahenni no nkoa denam ne trenee gyinapɛn ahorow a yɛde bɛtra ase so no? Dabi, efisɛ nnipa pii nni ɔpɛ biara sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde. Wɔpow mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛboa wɔn ma wɔasiesie wɔn asetra no. Nokwarem no, wɔda wɔn ho adi sɛ wɔyɛ wɔn a Yesu kaa wɔn ho asɛm yi no: “Ɔman yi koma apirim, na wɔn aso ayɛ den, na wɔamuamua wɔn ani na wɔamfa wɔn ani anhu, na wɔamfa wɔn aso ante, na wɔamfa wɔn koma ante ase, na wɔannan wɔn ho, na [Onyankopɔn ansa] wɔn yare.”—Mateo 13:15.
Ɔkwan bɛn so na nokware ahobammɔ betumi aba asase so wɔ wɔn a wɔpow sɛ wɔde Onyankopɔn akwan trenee bɛtra ase mu? Ɛrentumi mma. Amumɔyɛfo de wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom Yehowa no ahobammɔ to asiane mu.
Onyankopɔn nhyɛ nkurɔfo sɛ wɔnsakra, nanso ɔremma nsɛmmɔnedi ho kwan daa. Ɛwom sɛ Yehowa de abotare kɔ so soma n’Adansefo sɛ wɔnkɔkyerɛ nkurɔfo n’akwan ne n’atirimpɔw ahorow de, nanso ɔrenkɔ so nyɛ saa nkyɛ. Yesu Kristo hyɛɛ nkɔm sɛ: “Wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”—Mateo 24:14.
Dɛn na “awiei” no bɛkyerɛ ama wɔn a wɔpow Onyankopɔn gyinapɛn ahorow no? Ɛbɛkyerɛ wɔn afobu ne wɔn sɛe. Bible ka sɛ wobedi “wɔn a wonnim Nyankopɔn ne wɔn a wɔantie yɛn Awurade Yesu asɛmpa no were. Wɔn na wobenya akatua, daa ɔsɛe.”—2 Tesalonikafo 1:6-9.
Awiei Koraa—Nokware Ahobammɔ a Ɛtra Hɔ Daa!
Bere a wɔasɛe wɔn a wɔpow Yehowa asomdwoe akwan awie no, Onyankopɔn Ahenni de ahobammɔ bere a ɛyɛ anigye bɛba, na aboa atreneefo a wɔte asase so no. (Dwom 37:10, 11) Hwɛ sɛnea saa wiase foforo no ne nea yɛte mu nnɛ no bɛbɔ abira!—2 Petro 3:13.
Ɔkɔm befi hɔ koraa. Obiara benya aduan pii adi. Bible ka sɛ ‘aman nyinaa bedi sradeduan.’ (Yesaia 25:6) Aduankɔm remma bio, efisɛ “asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi.”—Dwom 72:16.
Nnipa rentra asese ne asese nkurow mu bio. Wɔ Onyankopɔn Ahenni ase no, obiara benya fie papa, na wobedi wɔn ankasa asase so aduan. Bible hyɛ bɔ sɛ: “Wobesisi adan atra mu, na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba.”—Yesaia 65:21.
Sɛ́ anka nnipa pii rennya adwuma nyɛ no, wobenya adwuma pa, na nkurɔfo behu mu aba apa. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Wɔn a mapaw wɔn yi bedi wɔn nsa ano adwuma. Wɔrenyɛ adwumayɛhunu.”—Yesaia 65:22, 23.
Wɔ Ahenni tumidi ase no, nnipa renhu amane, na ɔyare renkunkum wɔn. Onyankopɔn Asɛm ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Magurow!”—Yesaia 33:24.
Wɔ asase so Paradise a ɛnkyɛ ɛbɛba mu no, amanehunu ne ɔyaw, awerɛhow ne owu, befi hɔ. Yiw, owu mpo! Nnipa bɛtra ase daa wɔ Paradise! Bible ka kyerɛ yɛn sɛ Onyankopɔn ‘bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.’—Adiyisɛm 21:4.
Wɔ Yesu Kristo, “Asomdwoe-hene,” no tumidi ase no, asase so asetra bɛyɛ nea nokware ahobammɔ wom awiei koraa. Nokwarem no, wobenya ahobammɔ wɔ wiase nyinaa wɔ nniso biako a edi tumi ɔdɔ ne trenee mu—Onyankopɔn Ahenni—no ase.—Yesaia 9:6, 7; Adiyisɛm 7:9, 17.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 4]
“Ahobammɔ a onipa benya no kyerɛ daakye mu gyidi a obenya, . . . [gyidi a obenya wɔ] amammui ne sikasɛm a enhinhim mu.”—Ɔbea bi a ɔwɔ Asia
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]
“Nea ɛma wote nka sɛ wunni ahobammɔ sen biara ne basabasayɛ ne mmofrabɔnesɛm.”—Ɔbarima bi a ɔte Amerika Kesee fam
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]
“Ná mente ahobammɔ nka bere a . . . ɔko no rekɔ so no. Sɛ ɔman bi reko a, ɛbɛyɛ dɛn na nnipa ate ahobammɔ nka?”—Mfitiase sukuuni abofra bi a ɔwɔ Mediterranea Supɔw so
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 7]
“Mɛte ahobammɔ nka bere a minim sɛ metumi anantew abɔnten so anadwo a wɔrento me mmonnaa.”—Sukuuni abeawa bi a ɔwɔ Afrika