Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w95 11/1 kr. 22-25
  • ‘Wɔahwe me Ase Nanso Wɔnsɛee Me’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Wɔahwe me Ase Nanso Wɔnsɛee Me’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Akwanside Ankasa
  • Abusua a Wɔwɔ Anigye
  • Honhom Mu Mmubui a Midi So
  • Akwanside Foforo a Midi So
  • Nea Metumi Biara a Meyɛ
  • Yehowa Ama Me Ahoɔden
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Anisɔ Ma Yehowa Mmoa a Enni Huammɔ No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Me Ho Nyɛ Den, Nanso Me Gyidi Yɛ Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Menyaa Anidasoɔ Berɛ Pa Mu
    Nyan!—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
w95 11/1 kr. 22-25

‘Wɔahwe me Ase Nanso Wɔnsɛee Me’

SƐNEA ULF HELGESSON KA KYERƐE

Wɔ July 1983 mu no, nnuruyɛfo a wɔatwa me ho ahyia no teɛɛm sɛ: “Wanyan!” Ná wɔayi ade a ne kɛse yɛ sɛntimita 12 a ahon m’akyi berɛmo mu no wɔ oprehyɛn dennen bi a egyee nnɔnhwerew 15 no mu. Mibubui koraa.

NNA kakraa bi akyi no, woyii me kɔɔ ayaresabea bi a ɛbɛyɛ kilomita 60 fi me kurom Hälsingborg a ɛwɔ Sweden kesee fam no. Mifii apɔw-mu-teɛteɛ ayaresa ase wɔ hɔ. Oduruyɛfo a ɔhwɛ apɔw-mu-ateɛteɛ ho dwumadi so no ka kyerɛɛ me sɛ ɛrenyɛ mmerɛw koraa, nanso na mepɛ sɛ efi ase ntɛm. Ná mepɛ sɛ mitumi nantew bio ankasa. Ɛdenam apɔw-mu-ateɛteɛ a mede mmɔdenbɔ dii ho dwuma nnɔnhwerew anum da biara no so no, minyaa nkɔso ntɛmntɛm.

Ɔsram biako akyi, bere a ɔmansin sohwɛfo bɛsom yɛn asafo no, ɔne Kristofo mpanyimfo a aka no twaa kwan tenten bɛyɛɛ mpanyimfo nhyiam no wɔ ayaresabea dan a meda mu no mu. Hwɛ sɛnea minyaa komam anigye wɔ onuadɔ a wɔdaa no adi yi ho! Nhyiam no akyi no, ayarehwɛfo a wɔwɔ hɔ no maa kuw no nyinaa tii ne paanoo.

Mfiase no nkɔso a minyae no yɛɛ nnuruyɛfo no ahodwiriw. Asram abiɛsa akyi no, na mitumi tra mmubuafo agua so yiye sɔre gyina hɔ kakra mpo. M’ani gyei na na masi me bo sɛ mɛnantew bio. M’abusua ne me mfɛfo Kristofo hyɛɛ me nkuran kɛse bere a wɔbɛsraa me no. Na mitumi kodi nna kakra mpo wɔ fie.

Akwanside Ankasa

Nanso ɛno akyi no, mannya nkɔso biara bio. Ankyɛ na oduruyɛfo a ɔhwɛ apɔw-mu-ateɛteɛ ho dwumadi so no de amanneɛbɔ a ɛyɛ awerɛhow maa me sɛ: “Nea wo tebea no betumi ayɛ yiye akodu ara ni!” Afei na botae no ne sɛ wɔbɛma manya ahoɔden atra mmubuafo agua so na m’ankasa matumi adi akɔneaba. Ná minnim nea ɛbɛto me. Me yere bɛyɛ dɛn? Na wɔayɛ no oprehyɛn kɛse bi ma me na mehwɛ no. So na ɛho behia sɛ wɔde me kɔto ayarefo mu a memma fie bio?

Mehawee yiye. Mehweree m’ahoɔden, akokoduru, ne tumi. Nna pii twaam a na mete faako. Na ɛnyɛ sɛ mabubu wɔ ɔhonam mu nko, na mmom na mabotow na minni honhom fam nneɛma ho atenka nso. Ná ‘wɔahwe me ase.’ Bere nyinaa na anka mibu me ho sɛ obi a ɔyɛ den honhom mu. Ná mewɔ gyidi a enhinhim wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu. (Daniel 2:44; Mateo 6:10) Ná migye Bible bɔhyɛ a ese nyarewa ne ahoɔmmerɛw nyinaa yɛ nea wɔbɛsa wɔ Onyankopɔn trenee wiase foforo no mu, na adesamma nyinaa bɛsan anya asetra a ɛyɛ pɛ wɔ hɔ no di. (Yesaia 25:8; 33:24; 2 Petro 3:13) Afei de na mete nka sɛ ɛnyɛ honam fam nko na mabubu, na mmom honhom fam nso. Metee nka sɛ ‘wɔasɛe me.’—2 Korintofo 4:9.

Ansa na mɛtoa so no, momma menka me ho nsɛm kakra nkyerɛ mo.

Abusua a Wɔwɔ Anigye

Wɔwoo me 1934, na na m’akwahosan ye bere nyinaa. Wɔ 1950 mfe no mfiase no, mihyiaa Ingrid, na yɛwaree wɔ 1958 mu ma yɛkɔtraa Sweden mfinimfini fam kurow Östersund mu. Nsakrae kɛse baa yɛn asetram 1963 bere a yefii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no. Saa bere no na yɛwɔ mmofra nkumaa baasa—Ewa, Björn, ne Lena. Ankyɛ, yɛn abusua no nyinaa suaa ade a na yɛrenya nkɔanim yiye wɔ Bible mu nokware nimdeɛ ahorow mu.

Yefii adesua no ase bere tiaa bi akyi no, yetu kɔɔ Hälsingborg. Ɛhɔ na me ne me yere hyiraa yɛn ho so maa Yehowa, na wɔbɔɔ yɛn asu wɔ 1964 mu. Yɛn anigye no yɛɛ kɛse bere a wɔbɔɔ yɛn babea panyin, Ewa, asu wɔ 1968 mu no. Mfe ason akyi, wɔ 1975 mu no, wɔbɔɔ Björn ne Lena nso asu, na afe a edi hɔ no, wɔpaw me sɛ ɔpanyin wɔ Kristofo asafo no mu.

M’adwuma maa mitumi dii m’abusua honam fam ahiade ho dwuma yiye. Na yɛn anigye yɛɛ kɛse bere a Björn ne Lena de wɔn ho hyɛɛ bere nyinaa ɔsom adwuma no mu no. Ankyɛ na wɔtoo nsa frɛɛ Björn sɛ ɔmmɛsom wɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Arboga hɔ. Ná asetra ye ma yɛn yiye. Afei, wɔ 1980 mfe no mfiase no, ade a ɛhon me a awiei koraa woyii wɔ oprehyɛn kɛse a wɔyɛɛ me wɔ 1983 no fii ase nyaa me nipadua so tumi.

Honhom Mu Mmubui a Midi So

Bere a wɔka kyerɛɛ me sɛ merennantew bio no, ɛyɛɛ te sɛ nea minni anidaso biara wɔ asetram bio. Ɛyɛɛ dɛn na minyaa honhom fam ahoɔden bio? Na ɛyɛ mmerɛw sen sɛnea misusuwii. Ɛno ara ne sɛ mefaa me Bible no fii ase kenkanee. Dodow a mekenkanee no, dodow no ara na minyaa honhom mu ahoɔden. Nea ɛsen ne nyinaa no, Yesu Bepɔw so Asɛnka no bɛyɛɛ nea ɛsom bo ma me. Mekenkan no mpɛn pii na misusuw ho.

Mesan nyaa asetra mu anigye a na mewɔ no. Menam akenkan ne nsusuwho so de m’adwene sii hokwan ahorow so sen sɛ mede besi akwanside ahorow so. Mesan nyaa ɔpɛ sɛ mɛka Bible mu nokware ahorow ho asɛm akyerɛ afoforo, na midii saa ɔpɛ yi ho dwuma denam ayaresabea adwumayɛfo ne afoforo a me ne wɔn hyiae a midii wɔn adanse no so. M’abusua boaa me kosii ase, na wonyaa ntetee wɔ sɛnea wɔbɛhwɛ me no ho. Awiei koraa no, mitumi fii ayaresabea hɔ.

Afei de na maba fie. Hwɛ anigye da kɛse a na saa da no yɛ ma yɛn nyinaa! M’abusua no de me sohwɛ kaa wɔn nhyehyɛe ho. Me babarima Björn gyaee adwuma a na ɔyɛ wɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea hɔ no, na ɔbɛboa ma wɔhwɛɛ me wɔ fie. Ná ɛyɛ awerɛkyekye kɛse sɛ m’abusua dɔ me na wosusuw me ho yiye saa.

Akwanside Foforo a Midi So

Nanso, bere rekɔ so no, m’akwahosan baa fam, na na ɛyɛ den ma me sɛ mɛkeka me ho. Awiei koraa no, ɛmfa ho mmɔden a m’abusua no bɔe no, wɔantumi anhwɛ me wɔ fie bio. Enti misusuwii sɛ nea eye kyɛn so ne sɛ mɛkɔ akɔtra beae a wɔhwɛ nnipa a wohia ɔhwɛ soronko hɔ. Saa bere no nso, na egye nsakrae ne nhyehyɛe foforo. Nanso mamma ɛno antwe me ansan wɔ honhom mu.

Mannyae Bible akenkan ne nhwehwɛmu da. Mekɔɔ so susuw nea metumi ayɛ ho, na ɛnyɛ nea mintumi nyɛ. Misusuw honhom mu nhyira a Yehowa Adansefo nyinaa wɔ no ho. Mebɛnee Yehowa wɔ mpaebɔ mu, na mede hokwan biara kaa asɛm kyerɛɛ afoforo.

Mprempren, meda beae a wɔhwɛ nnipa a wohia ɔhwɛ soronko hɔ, na ade kye nso a metra hɔ kakra. Awia ne anwummere to me wɔ fie anaa Kristofo nhyiam horow ase. Yiyedi kuw bi yɛ nhyehyɛe ma minya kar kɔ nhyiam horow ne me fie san ba. M’abusua a wɔfam me ho, anuanom a wɔwɔ asafo no mu, ne wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ beae a wɔhwɛ wɔn a wohia ɔhwɛ soronko no hwɛ me yiye paa.

Nea Metumi Biara a Meyɛ

Mimmu me ho sɛ nea ontumi nyɛ hwee, na m’abusua ne me Kristofo anuanom nso mmu me saa. Wofi ɔdɔ mu hwɛ me, na ɛma mitumi kɔ so som yiye sɛ ɔpanyin. Nnawɔtwe biara, mehwɛ Asafo Nhoma Adesua so ne afei Ɔwɛn-Aban adesua so wɔ Ahenni Asa so. Esiane sɛ ɛyɛ den ma me sɛ mebue Bible nti, wɔapaw obi a ɔboa me wɔ ɛno fam bere a nhyiam horow no rekɔ so no. Mehwɛ nhyiam horow so ma ɔkasa bere a mete me mmubuafo agua so no.

Enti meda so ara tumi yɛ nneɛma a na meyɛ dedaw no, a nguankuw nsrahwɛ nso ka ho. (1 Petro 5:2) Meyɛ eyi bere a anuanom mmarima ne mmea ba me nkyɛn bɛhwehwɛ afotu anaa mmoa no. Afei nso mede telefon di dwuma, di kan frɛ afoforo. Eyi hyɛ yɛn nyinaa nkuran. (Romafo 1:11, 12) Nnansa yi ara m’adamfo bi kae sɛ: “Bere bi a mete abasamtu nka no, saa bere no ara na wofrɛ me wɔ telefon so hyɛ me den.” Nanso ɛyɛ nea me nso minya nkuranhyɛ, efisɛ minim sɛ Yehowa rehyira nea mitumi yɛ no so.

Ansa na wobefi nhyiam ase ne bere a wɔawie no, me ne mmofra a wɔwɔ asafo no mu nya nkitahodi a ɛyɛ anigye. Esiane sɛ mete mmubuafo agua so nti, me ne wɔn bɔ nkɔmmɔ a ɛho nhia sɛ mebɔ me mu ase. M’ani gye wɔn nsɛm a efi komam a wɔka no penpen no ho. Bere bi, abarimaa bi ka kyerɛɛ me sɛ: “Woyɛ ɔyarefo a w’anigye yɛ soronko!”

M’adwene a mede si nea mitumi yɛ so sen sɛ anka mede nea mintumi nyɛ bɛhaw m’adwene no ma m’ani gye ɔsom a mede rema Yehowa no ho. Masua pii afi nea ato me no mu. Mahu sɛ ɔtaa a ɛba yɛn so no siesie yɛn na ɛhyɛ yɛn den.—1 Petro 5:10.

Mahu sɛ wɔn a wɔwɔ apɔwmuden pii nhu sɛ ɛsɛ sɛ yɛfa yɛn som a yɛde ma yɛn soro Agya no aniberesɛm bere nyinaa. Sɛ yɛanyɛ no saa a, yɛn nhyehyɛe ma adesua, nhyiam, ne asɛnka adwuma betumi abɛyɛ ade a yɛyɛ no da biara kɛkɛ. Mibu saa nsiesiei yi sɛ ade titiriw a ehia na obi anya nkwagye wɔ wiase yi awiei akɔ asase so Paradise a Onyankopɔn de ahyɛ bɔ no mu.—Dwom 37:9-11, 29; 1 Yohane 2:17.

Ɛsɛ sɛ yɛma asetra wɔ Onyankopɔn wiase foforo a ɛreba no mu anidaso tra yɛn komam yiye bere nyinaa. (1 Tesalonikafo 5:8) Masua nso sɛ meremma m’aba mu mmu wɔ nea ɛde abasamtu ba a meko tia no mu. Masua sɛ mɛfa Yehowa sɛ m’Agya ne n’ahyehyɛde no sɛ me Na. Mabehu sɛ sɛ yɛyere yɛn ho a, Yehowa betumi de yɛn mu biara adi dwuma sɛ ne somfo a otu mpɔn.

Ɛwom sɛ ɛtɔ mmere bi a na mete nka sɛ ‘wɔahwe me ase’ de, nanso ‘wɔnsɛee me.’ Yehowa ne n’ahyehyɛde no mpow me, na saa ara nso na m’abusua anaa Kristofo anuanom no mpow me. Esiane Bible no a mefae na mifii ase kenkanee no nti, minyaa honhom fam ahoɔden bio. Meda Yehowa Nyankopɔn a ɔma yɛn “tumi a ɛboro so” bere a yɛde yɛn ho to no so no ase.—2 Korintofo 4:7.

Mede Yehowa mu awerɛhyem ne ahotoso a edi mu rehwɛ daakye kwan denneennen. Mewɔ awerɛhyem sɛ ɛrenkyɛ, Yehowa Nyankopɔn bedi ne bɔhyɛ a ɛne sɛ ɔbɛsan de paradise ne nhyira a ɛbata ho no nyinaa aba asase so ha no ho dwuma.—Adiyisɛm 21:3, 4.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena