Monhwɛ Ɔnokwafo No!
“Yehowa, hena na ɔrensuro wo ankasa, na ɔnhyɛ wo din anuonyam, efisɛ wo nko na woyɛ ɔnokwafo?”—ADIYISƐM 15:4, NW.
1. C. T. Russell nokwaredi ho adanse bɛn na J. F. Rutherford a odii n’ade no dii?
JOSEPH F. RUTHERFORD, a obedii C. T. Russell ade sɛ Ɔwɛn Aban Asafo no titrani wɔ 1917 mu no fii ne nsɛm a ɔkae wɔ Russell ayi ase no ase sɛ: “Charles Taze Russell dii Onyankopɔn nokware, odii Kristo Yesu nokware, odii Mesia ahenni no ho nneɛma mu nokware. Odii nokware kosii ase—yiw, odii nokware koduu owu mu mpo.” Nokwarem no, na ɛno yɛ nneɛma a Yehowa Nyankopɔn somfo nokwafo bi yɛe wɔ asetram ho nsɛm a ɛyɛ anigye a wɔkae. Nneɛma a obi yɛe wɔ asetram ho nsɛm a yebetumi aka biara nsen ka a yɛbɛka sɛ odii nkonim wɔ nokwaredi ho sɔhwɛ mu, ɛne sɛ na ɔyɛ ɔnokwafo—ɔde nokwaredi traa ase kosii ase.
2, 3. (a) Dɛn nti na nokwaredi yɛ den? (b) Henanom nso na wɔasiesie wɔn ho reko tia nokware Kristofo wɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wobedi nokware no mu?
2 Ɛyɛ den sɛ obi bedi nokware. Dɛn ntia? Efisɛ pɛsɛmenkominya ne nokwaredi di asi. Wɔn a wonni Onyankopɔn nokware mu atitiriw ne Kristoman mu asɔfo. Saa ara nso na aware mu nkontompo mmuu so kɛse sɛnea ɛte nnɛ no saa da. Awaresɛe abu so. Nkontompo nso abu so wɔ aguadi mu. Wɔ eyi ho no, wɔka kyerɛ yɛn sɛ: “Adwumawuranom ne adwumam mpanyimfo pii . . . gye di sɛ wɔn a wɔyɛ ntetekwaa ne tibɔnkɔsɔfo nko na wodi wɔn nnwuma nokware nnɛ.” Wobu nnipa a wodi “nokware kɛse” no animtiaa. “W’ankasa wo ho nkutoo na ɛsɛ sɛ wudi nokware titiriw,” saa na adwumakuw bi a ɛde afotu ma adwuma mpanyimfo titrani bi kae. Sɛ obi bedi ne ho nokware no yɛ asɛmfua no nkyerɛase a ɔresɛe no. Ɛkae yɛn nea wɔaka wɔ Mika 7:2, NW no: “Nokwaredifo ayera afi asase so.”
3 Wɔ ɔkwan a ɛsen biara so no, Satan ne n’adaemone asiesie wɔn ho reko tia yɛn, na wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛma yɛatwa Onyankopɔn nkontompo. Ɛno nti na wɔka kyerɛ Kristofo wɔ Efesofo 6:12 sɛ: “Ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na anya, na mmom yɛne mpanyinni ne tumidi ne wiase yi sum mu atumfo ne ahonhommɔne a ɛwɔ ɔsoro hɔnom.” Yiw, ehia sɛ yetie kɔkɔbɔ yi: “Mo ani nna hɔ, monwɛn, efisɛ mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene.”—1 Petro 5:8.
4. Dɛn ne nneɛma bi a ɛma nokware a obi bedi yɛ den saa?
4 Pɛsɛmenkominya su horow a yɛn awofo de woo yɛn no nso ma ɛyɛ den ma yɛn sɛ yebedi nokware, sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ Genesis 8:21 no: “Onipa komam adwene yɛ bɔne”—ne pɛsɛmenkominya—“fi ne mmofraase.” Yɛn nyinaa wɔ ɔhaw a ɔsomafo Paulo gye toom sɛ ɔwɔ no bi: “Papa a mepɛ no, menyɛ, na mmom bɔne a mempɛ no, ɛno na meyɛ.”—Romafo 7:19.
Nokwaredi Yɛ Ade a Ɛda Nsow
5, 6. Dɛn na yebetumi aka wɔ dekode a nokwaredi yɛ ho, na ɔkwan bɛn so na wɔakyerɛkyerɛ mu?
5 “Nokwaredi” yɛ asɛmfua a ɛda nsow kɛse. Enti Insight on the Scriptures ka sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ yenni Engiresi nsɛmfua a ɛkyerɛkyerɛ Hebri ne Hela nsɛmfua ma ‘nokwaredi’ [Engiresi asɛmfua ‘loyalty’] no mu pɛpɛɛpɛ, nanso ahofama ne nokwaredi [Engiresi asɛmfua faithfulness] ho adwene wom, na sɛ wɔde di dwuma wɔ Onyankopɔn ne ne som mu a, wɔde asɛmfua a ɛbɛn no kakra na ɛyɛ saa.”a Ɛdefa “nokwaredi” ho no, Ɔwɛn-Aban kae bere bi sɛ: “Nokwaredi [faithfulness], adwuma, ɔdɔ, asɛyɛde, ɔsom. Nsɛdi bɛn na nsɛmfua yi wɔ? Ɛyɛ nokwaredi [loyalty] afã horow.” Yiw, nokwaredi ho su pa bebree na ɛwɔ hɔ, na ɛwɔ afã horow. Nokwarem no, ɛfata sɛ yɛhyɛ mpɛn dodow a wɔde nokwaredi bata trenee ho wɔ Kyerɛwnsɛm mu no nsow.
6 Nkyerɛase a edidi so yi nso boa: ‘Nokwaredi [loyalty] betumi akyerɛ nokwaredi [faithfulness] a ahotoso wom ne ɔsom a obi kɔ so de gyina adwenem naayɛ anaa sɔhwɛ ano pintinn.’ ‘Nokwaredi kyerɛ nokware a obi kɔ so di wɔ asɛm a waka anaa ɔsom a ɔkɔ so de ma ahyehyɛde anaa nnyinasosɛm horow a ɔte nka sɛ ɛfata sɛ odi so; ɛnyɛ bata a obi bata biribi ho nko ho adwene na ɛwɔ asɛmfua no mu na mmom ɛma otumi ko tia nneɛma a ebetumi atwetwe no na adaadaa no ma wawae afi bata a ɔbata dekode no ho nso.’ Enti, ɛfata sɛ wɔfrɛ nnipa a wɔkɔ so di nokware ɛmfa ho sɔhwɛ, ɔsɔretia, ne ɔtaa ahorow no “nokwaredifo.”
7. Nsonsonoe bɛn na ɛwɔ loyalty [nokwaredi] ne faithfulness [nokwaredi] mu?
7 Nanso, wɔ eyi mu no, yebetumi akyerɛkyerɛ nsonsonoe a ɛwɔ loyalty [nokwaredi] ne faithfulness [nokwaredi] mu. Wɔ United States atɔe fam no, asuti bi wɔ hɔ a ɛkame ayɛ sɛ dɔnhwerew biara epuw nsu gu. Ɛyɛ saa bere nyinaa araa ma wɔato no din sɛ Tete Ɔnokwafo Dedaw. Bible ka nneɛma a nkwa nnim te sɛ ɔsram ho asɛm sɛ ɛyɛ nokwafo, efisɛ wotumi de ho to so. Dwom 89:37 ka ɔsram ho asɛm sɛ ‘ɔsoro dansefo nokwafo [faithful].’ Wɔka sɛ Onyankopɔn nsɛm yɛ nokware. Adiyisɛm 21:5 ka sɛ: “Nea ɔte ahengua no so no se: “Hwɛ, meyɛ ade nyinaa foforo. Na ose: Kyerɛw, efisɛ nsɛm yi wom na ɛyɛ nokware.” Eyinom nyinaa yɛ nokware, nea wotumi de ho to so, nanso ɛnyɛ nea wotumi bata ho anaa ɛwɔ su pa ahorow sɛnea nokwaredi [loyalty] te no.
Yehowa, Ɔnokwafo a Ɔda Nsow
8. Kyerɛwnsɛm mu adanse bɛn na ɛda nokwaredi ho nhwɛso a ɛsen biara no adi?
8 Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa Nyankopɔn yɛ nokwaredi [loyalty] ho nhwɛso pa a ɛsen biara. Yehowa ne adesamma abusua no adi wɔ nokware mu, ma ɔde ne Ba no mpo mae na ama nnipa atumi anya daa nkwa. (Yohane 3:16) Yɛkenkan wɔ Yeremia 3:12 sɛ: “San w’akyi, ɔkobɔfo Israel! Awurade asɛm ni. Meremmuna m’anim menkyerɛ mo bio, na ɔdomfoɔ [ɔnokwafo, NW] ne me.” Ade foforo a edi ɔnokwafo a Yehowa yɛ ho adanse ne nsɛm a wɔakyerɛw wɔ Adiyisɛm 16:5 no: “Wo a wowɔ hɔ, na wowɔ hɔ dedaw, na woyɛ kronkron [Ɔnokwafo, NW], woteɛ.” Afei nso, wɔka kyerɛ yɛn wɔ Dwom 145:17, NW, sɛ: “Yehowa teɛ wɔ n’akwan nyinaa mu na ɔyɛ ɔnokwafo wɔ ne nnwuma nyinaa mu.” Nokwarem no, Yehowa da nsow wɔ ne nokwaredi mu araa ma Adiyisɛm 15:4, NW, ka sɛ: “Hena na ɔrensuro wo ankasa, Yehowa, na ɔrenhyɛ wo din anuonyam, efisɛ wo nko ara ne ɔnokwafo?” Yehowa Nyankopɔn yɛ ɔnokwafo a obiara ne no nsɛ.
9, 10. Nokwaredi ho kyerɛwtohɔ bɛn na Yehowa yɛe wɔ sɛnea ɔne Israel man dii nsɛm no mu?
9 Sɛnea Yehowa ne ne nkurɔfo dii nokwarem ho nsɛm pii wɔ Israel man abakɔsɛm mu titiriw. Wɔ Atemmufo no nna no mu no, Israel dan fii nokware som ho mpɛn pii, nanso ɛyɛɛ Yehowa yaw ma ogyee wɔn mpɛn bebree. (Atemmufo 2:15-22) Yehowa ne Israel dii nsɛm nokware mu wɔ mfeha anum a ahemfo dii wɔn so no nyinaa mu.
10 Yehowa nokwaredi ma onyaa ne nkurɔfo ho boasetɔ sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ 2 Beresosɛm 36:15, 16 no: “Awurade wɔn agyanom Nyankopɔn no somaa n’abɔfo baa wɔn nkyɛn, otua ahema somaa wɔn, efisɛ ne yam hyehyee no maa ne man ne ne trabea no. Nanso wodii Onyankopɔn abɔfo no ho fɛw, na wobuu ne nsɛm no animtiaa, na wɔsereserew n’adiyifo no de kosii sɛ Awurade abufuhyew no sɔre hyɛɛ ne man no a wonnya ano aduru bio.”
11. Awerɛhyem anaa awerɛkyekye bɛn na Yehowa nokwaredi no ma yenya?
11 Esiane sɛ Yehowa yɛ ɔnokwafo kɛse a ɔsen biara nti, ɔsomafo Paulo tumi kyerɛw asɛm a ɛwɔ Romafo 8:38, 39 no: “Migye midi ampa sɛ owu anaa nkwa anaa abɔfo anaa atumfo anaa nneɛma a ɛwɔ hɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa ahoɔden anaa ɔsoro anaa ebun anaa abɔde foforo biara rentumi ntetew yɛne Nyankopɔn dɔ a ɛwɔ yɛn Awurade Kristo Yesu mu no mu.” Yiw, Yehowa ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Merennyaw wo, nanso merempa wo da.” (Hebrifo 13:5) Ampa, ɛyɛ awerɛkyekye sɛ wubehu sɛ Yehowa Nyankopɔn yɛ ɔnokwafo bere nyinaa!
Yesu Kristo, Ɔba Nokwafo
12, 13. Onyankopɔn Ba no nokwaredi ho adanse bɛn na yɛwɔ?
12 Obi a otumi suasuaa Yehowa pɛpɛɛpɛ wɔ nokwaredi ho sɔhwɛ ano a ogyinae mu ne Yesu Kristo. Ɛfata sɛ ɔsomafo Petro tumi de Dwom 16:10 kaa Yesu Kristo ho asɛm wɔ Asomafo no Nnwuma 2:27 sɛ: “Worennyaw me kra asaman, na woremma wo kronkronni [nokwafo, NW] no nhu porɔw.” Ɛfata sɛ wɔfrɛ Yesu Kristo “ɔnokwafo.” Wadi n’Agya ne Onyankopɔn Ahenni nokware akosi ase. Nea edi kan no, Satan bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛfa sɔhwɛ ahorow ne pɛsɛmenkominya akɔnnɔ so ama Yesu agyae ne mudi mu. Bere a Ɔbonsam dii nkogu no, ɔfaa ɔtaa so, na awiei koraa no, ɔmaa wokum Yesu wɔ dua so. Yesu annan amfi nokware a odi ma ne soro Agya, Yehowa Nyankopɔn, ho da.—Mateo 4:1-11.
13 Yesu Kristo adi n’akyidifo nokware ma ɛne ne bɔhyɛ a ɛwɔ Mateo 28:20 no ahyia: “Hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.” Wɔ saa bɔhyɛ no mmamu mu no, wadi n’asafo no anim nokwaredi mu fi Pentekoste afe 33 Y.B. de abesi nnɛ.
Nnipa a Wɔnyɛ Pɛ a Wodii Nokware
14. Nokwaredi ho nhwɛso bɛn na Hiob yɛe?
14 Afei, nnipa a wɔnyɛ pɛ nso ɛ? Wobetumi adi Onyankopɔn nokware? Yɛwɔ Hiob asɛm a ɛda nsow no. Satan maa ɔsɛmpɔw no mu daa hɔ wɔ n’asɛm no mu. So na Hiob di Yehowa Nyankopɔn nokware, anaa pɛsɛmenkominya nti na na ɔresom no? Satan dii anosɛm kae sɛ ɔnam ɔhaw a ɔbɛma aba Hiob so betumi adan Hiob afi Yehowa ho. Bere a na Hiob ahwere n’ahode nyinaa, ne mma nyinaa, na n’akwahosan asɛe mpo no, ne yere ka kyerɛɛ no sɛ: “Dome Onyankopɔn, na wu!” Nanso Hiob dii nokware, efisɛ ɔka kyerɛɛ ne yere no sɛ: “Sɛ mmea nnyennyentwi no mu bi kasa na wokasa yi. Yɛagye Onyankopɔn hɔ adepa, na adebɔne na yɛrennye anaa? Eyi nyinaa mu no Hiob amfa n’ano anyɛ bɔne.” (Hiob 2:9, 10) Nokwarem no, Hiob ka kyerɛɛ wɔn a na wɔrebɛkyekye ne werɛ no sɛ: “Sɛ ɔno [Onyankopɔn] kum me mpo a, m’ani da ne so ara.” (Hiob 13:15, New International Version) Ɛnyɛ nwonwa sɛ Hiob nyaa Yehowa anim dom! Enti Yehowa ka kyerɛɛ Temanni Elifas sɛ: “Me bo afuw wo ne wo mfɛfo baanu no, efisɛ moanka me ho asɛm a ɛteɛ sɛ m’akoa Hiob.”—Hiob 42:7, 10-16; Yakobo 5:11.
15. Kyerɛwnsɛm mu adanse a ɛfa Yehowa Nyankopɔn asomfo pii nokwaredi ho bɛn na yɛwɔ?
15 Yebetumi aka mmarima ne mmea gyidifo a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Hebrifo ti 11 no nyinaa ho asɛm sɛ wɔyɛ anokwafo. Na ɛnyɛ gyidi nko na wɔwɔ, na mmom wodii nokware wɔ nhyɛso mu nso. Enti, yɛkenkan wɔ wɔn mu bi ho sɛ “wɔnam gyidi so . . . siw agyata ano, dum ogya tumi, guan nkrante ano . . . Na afoforo huu animguasede ne ɔhwe, mpokyerɛ ne duam nna nso. Wosiw wɔn abo, de ɔwan paee wɔn mu, sɔɔ wɔn hwɛe, de nkrante kunkum wɔn. Wokyinii nguanten ne mmerekyi nhoma mu, ehiaa wɔn, wɔn ho guan wɔn, wohuu amane.”—Hebrifo 11:33-37.
16. Nokwaredi ho nhwɛso bɛn na ɔsomafo Paulo yɛe?
16 Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no nso ka ɔsomafo Paulo nhwɛso a ɛyɛ nwonwa ho asɛm. Na obetumi aka ne som adwuma ho asɛm akyerɛ Tesalonika Kristofo no ma afata sɛ: “Mo ne Nyankopɔn ne adansefo, sɛnea yɛyɛɛ yɛn ho kronkron [anokwafo, NW] ne trenee ne nnipa a wɔn ho nni asɛm maa mo a mugye di.” (1 Tesalonikafo 2:10) Yehu Paulo nokwaredi ho adanse foforo wɔ ne nsɛm a ɛwɔ 2 Korintofo 6:4, 5 no, baabi a yɛkenkan sɛ: “Ade nyinaa mu yeyi yɛn ho kyerɛ sɛ Onyankopɔn asomfo: boasetɔ pii mu, ahohia mu, ahokyere mu, ahometew mu; ɔhwe mu, afiaseda mu, mansotwe mu, ɔbrɛ nnwuma mu, pɛsi mu, mmuada mu.” Eyinom nyinaa di obu a na ɔsomafo Paulo wɔ ma ne ho no ho adanse efisɛ na ɔyɛ ɔnokwafo.
Ɛnnɛ Mmere Yi Mu Anokwafo
17. Nsɛm bɛn na J. F. Rutherford kae a na ɛkyerɛ sɛnea wasi ne bo sɛ obedi nokware?
17 Sɛ yɛba ɛnnɛ mmere yi mu a, yɛwɔ nhwɛso pa a yɛadi kan aka ho asɛm wɔ yɛn nnianim asɛm no mu no. Hyɛ asɛm a wɔaka wɔ Worldwide Security Under the “Prince of Peace” nhoma no, kratafa 146 wɔ asɛmti ketewa “Nokwaredi Wɔ Afiaseda Mu” ase no nsow. Wɔaka wɔ hɔ sɛ: “Bere a Ɔwɛn Aban Asafo no titrani Joseph F. Rutherford, reda ne nokwaredi ma Yehowa ahyehyɛde no adi wɔ n’afiasenna mu no, ɔkyerɛw asɛm a edi so yi wɔ December 25, 1918 mu: ‘Esiane sɛ me ne Babilon anyɛ adwene, na mmom mabɔ mmɔden sɛ mɛsom m’Awurade nokwarem nti, meda afiase, na mede ho aseda ma. . . . M’ani begye ho koraa sɛ menya N’anim dom na mada afiase sen sɛ megyae me mudi mu anaa megyae me ho mu ama Aboa no na manya ahofadi ne wiase nyinaa anim dom.’”b
18, 19. Ɛnnɛ mmere yi mu nokwaredi ho nhwɛso akɛse bɛn na yɛwɔ?
18 Yɛwɔ nokwaredi ho nhwɛso ahorow a edi mu wɔ Kristofo foforo pii a wɔagyina ɔtaa ano fam. Nokwaredifo a wɔte saa no mu bi ne Germanfo Yehowa Adansefo a wɔtraa ase wɔ Nasi nniso mu, sɛnea wɔada no adi wɔ Purple Triangles video a wɔakyekyɛ no kɛse wɔ Engiresi kasa mu no. Nea ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow nso ne Afrika Yehowa Adansefo nokwaredifo pii, te sɛ wɔn a wɔwɔ Malawi no. Ɛhɔ no, afiasehwɛfo bi dii Adansefo no nokwaredi ho adanse, kae sɛ: “Wɔrennyae wɔn mudi mu da. Wɔkɔ so dɔ.”
19 Obi ntumi nkekan nnansa yi Yearbook of Jehovah’s Witnesses ahorow a nokwaredi a nokware Kristofo te sɛ wɔn a wɔwɔ Greece, Mozambique, ne Poland, no ada no adi no mma ne ho nnwiriw no. Wɔn mu bebree hyiaa ayayade a emu yɛ den; wokum afoforo nso. Kristofo mmarima baakron a wogyinaa nokwaredi ho sɔhwɛ ano wɔ Ethiopia kosii sɛ wokunkum wɔn no mfonini wɔ 1992 Yearbook no kratafa 177. Sɛ́ Yehowa Adansefo no, ɛnyɛ yɛn anigye sɛ yɛwɔ nhwɛso pa bebree a ɛbɛkanyan yɛn ma yɛagyina nokwaredi ho sɔhwɛ ano no?
20. Sɛ yɛkɔ so di nokware a, dɛn na ɛbɛba?
20 Sɛ yɛde nokwaredi ko tia sɔhwɛ ne nhyɛso ahorow a, obu a yɛwɔ ma yɛn ho no yɛ kɛse. Enti, afei, hena afã na yɛpɛ sɛ yegyina wɔ nokwaredi ho ɔsɛmpɔw no mu? Sɛ yegyina nokwaredi ho sɔhwɛ no ano a, yegyina Yehowa Nyankopɔn afã wɔ ɔsɛmpɔw no mu, na yɛma Satan Ɔbonsam yɛ ɔtorofo dapaafo ankasa! Yɛnam saayɛ so nya yɛn Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn, anim dom ne akatua a ɛne daa nkwa wɔ anigye mu. (Dwom 37:29; 144:15b) Nea edi hɔ a yebesusuw ho ne nea ɛma obi tumi gyina nokwaredi ho sɔhwɛ ano.
[Ase hɔ nsɛm]
a Bible ho nhoma a ɛka nneɛma pii ho nsɛm a ekura apo abien a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii.
b Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wɔyɛe.
Wubebua Dɛn?
◻ Dɛn nti na ɛyɛ den sɛ obi bedi nokware?
◻ Dɛn nti na yebetumi aka sɛ “nokwaredi” yɛ asɛmfua a ɛda nsow kɛse?
◻ Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso ahorow a ɛfa nnipa a wɔnyɛ pɛ a wodii nokware ho bɛn na yɛwɔ?
◻ Ɛnnɛyi nokwaredi ho nhwɛso pa bɛn na yɛwɔ?
[Kratafa 11 mfonini]
Charles Taze Russell
[Kratafa 12 mfonini]
Na Yesu yɛ Yehowa “nokwafo” ampa
[Kratafa 13 mfonini]
Ɛwom sɛ na Hiob nyɛ pɛ de, nanso odii Onyankopɔn nokware
[Kratafa 14 mfonini]
Paulo yɛɛ nokwaredi ma Yehowa ho nhwɛso pa