Nokwaredi Ho Sɔhwɛ Ano A Yebegyina
“Monhyɛ onipa foforo a wɔbɔɔ no Nyankopɔn so, nokware trenee ne ahotew [nokwaredi, “NW”] mu.”—EFESOFO 4:24.
1. Dɛn nti na ɛfata sɛ yedi Yehowa Nyankopɔn nokware?
NOKWAREDI ho sɔhwɛ ano a yebegyina wɔ afã horow pii. Nea ehia titiriw ne nokware a yebedi Yehowa Nyankopɔn ho sɔhwɛ ano a yebegyina. Ampa, esiane onipa ko a Yehowa yɛ ne nea wayɛ ama yɛn, ɛne yɛn ho so a yɛahyira ama no nti, ɛfata sɛ yedi no nokware. Ɔkwan bɛn so na yedi Yehowa Nyankopɔn nokware? Ɔkwan titiriw ne sɛ yebedi nokware wɔ Yehowa trenee nnyinasosɛm ahorow ho.
2, 3. Abusuabɔ bɛn na nokwaredi ne treneeyɛ wɔ?
2 Sɛ yebetumi agyina saa sɔhwɛ no ano a, ɛsɛ sɛ yetie nsɛm a ɛwɔ 1 Petro 1:15, 16 no: “Te sɛ nea ɔfrɛɛ mo no yɛ kronkron no, mo nso monyɛ kronkron abrabɔ nyinaa mu, na wɔakyerɛw sɛ: Monyɛ kronkron, efisɛ me, meyɛ kronkron.” Nokware a yebedi Yehowa Nyankopɔn no bɛma yɛatie no bere nyinaa, ama yɛn nsusuwii, yɛn nsɛm, ne yɛn nneyɛe ne n’apɛde kronkron ahyia. Ɛkyerɛ ahonim pa a yɛbɛkɔ so anya, sɛnea wɔhyɛ yɛn wɔ 1 Timoteo 1:3-5, NW no: “Nokwarem no, ahyɛde yi atirimpɔw [a ɛne sɛ ɛnsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ nkyerɛ foforo anaa yetie atosɛm no] yɛ ɔdɔ a efi koma kronn ne ahonim pa ne gyidi a nkontompo nnim mu.” Ampa, yɛn mu biara nyɛ pɛ, nanso ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden yɛ nea yebetumi biara, ɛnte saa?
3 Nokware a yebedi Yehowa no bɛma yɛakwati sɛ yebefi pɛsɛmenkominya mu abu trenee nnyinasosɛm ahorow so. Nokwarem no, nokwaredi bɛma yɛakwati sɛ yɛbɛma asono nnipa ko a yɛyɛ wɔ yɛn mu ne su a yɛda no adi. Nokwaredi na na ɛwɔ odwontofo no adwenem bere a ɔtoo dwom yi: “Awurade, kyerɛ me wo kwan, mɛnantew wo nokware mu, ka me koma bom ma ensuro wo din.” (Dwom 86:11) Nokwaredi hwehwɛ sɛ yɛyɛ nea wɔaka ho asɛm yiye sɛ “nea wontumi nhyɛ obi sɛ onni so” no sodi.
4, 5. Nokwaredi bɛma yɛayɛ ahwɛyiye, na yɛanyɛ dɛn?
4 Nokware a yebedi ama Yehowa Nyankopɔn nso bɛma yɛakwati biribiara a yɛbɛyɛ ma ɛde ahohorabɔ aba ne din ne n’Ahenni so. Sɛ nhwɛso no, Kristofo baanu bi ne wɔn ho wɔn ho nyaa ntawntawdi bi a emu yɛ den ma wɔanni ho dwuma yiye ma wɔde wɔn asɛm kɔɔ wiasefo asennibea. Ɔtemmufo no bisae sɛ, ‘Mo baanu nyinaa yɛ Yehowa Adansefo?’ Ɛda adi sɛ na ɔnte nea wɔreyɛ wɔ asennibea hɔ no ase. Hwɛ ahohorabɔ a ɛno yɛ! Anka ɛsɛ sɛ nokwaredi ma Yehowa ma saa anuanom no tie ɔsomafo Paulo afotu yi: “Mfomso anya aba mo mu dedaw sɛ mowowɔ mo ho nsɛmnsɛm. Adɛn na momma wonni mo amim mmom? Adɛn na momma wonsisi mo mmom?” (1 Korintofo 6:7) Akyinnye biara nni ho sɛ, nokwaredi ma Yehowa Nyankopɔn bɛma yɛahwere biribi mmom sen sɛ yɛde ahohorabɔ bɛba Yehowa ne n’ahyehyɛde so.
5 Nea ɛka nokwaredi ma Yehowa Nyankopɔn ho nso ne sɛ yɛremma onipa ho suro nni yɛn so. “Onipa ho suro sum afiri, na nea ɔde ne ho to Awurade so no ho bɛyɛ sonn.” (Mmebusɛm 29:25) Enti, sɛ yehyia ɔtaa a, yennyae yɛn mudi mu, na mmom yedi nhwɛso a Yehowa Adansefo a wɔwɔ kan Soviet Union, Malawi, Ethiopia, ne nsase foforo pii so ayɛ ato hɔ no akyi.
6. Nokwaredi bɛma yɛakwati henanom fekubɔ?
6 Sɛ yedi Yehowa Nyankopɔn nokware a, yɛne wɔn a wɔyɛ n’atamfo nyinaa remfa nnamfo. Ɛno nti na osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Awaresɛefo, munnim sɛ wiase adamfofa ne ɔtan a wɔtan Onyankopɔn? Enti obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfo no gyina hɔ sɛ Onyankopɔn tamfo.” (Yakobo 4:4) Yɛpɛ sɛ yenya nokwaredi a Ɔhene Dawid daa no adi bere a ɔkaa eyi no: “Awurade, wɔn a wɔtan wo no, mentan wɔn anaa? Na wɔn a wɔsɔre hyɛ wo no, me werɛ nhow wɔn anaa? Mede ɔtan pa metan wɔn, mibu wɔn m’atamfo.” (Dwom 139:21, 22) Yɛmpɛ sɛ yɛne wɔn a wɔhyɛ da yɛ bɔne bɔ fekuw, efisɛ yɛne wɔn nni hwee yɛ. So nokwaredi ma Yehowa no remma yɛnkwati sɛ yɛne Yehowa atamfo a wɔte saa mu biara bɛbɔ fekuw, sɛ yɛne wɔn behyiam anaa denam television so?
Yehowa Akyi a Yebegyina
7. Dɛn na nokwaredi bɛma yɛayɛ wɔ Yehowa ho, na ɔkwan bɛn so na Elihu yɛɛ eyi?
7 Nokwaredi bɛka yɛn ma yɛagyina Yehowa Nyankopɔn akyi. Hwɛ ɛno ho nhwɛso pa a Elihu yɛ maa yɛn! Hiob 32:2, 3 ka kyerɛ yɛn sɛ: “Elihu . . . bo fuwii. Hiob na ne bo fuw no, sɛ obu ne ho treneeni sen Nyankopɔn. Na ne bo fuw ne mfɛfo baasa no nso, sɛ wonnya mmuae bi bio, nanso wobuu Hiob fɔ.” Wɔ Hiob ti 32 kosi ti 37 no, Elihu begyinaa Yehowa akyi. Sɛ nhwɛso no, ɔkae sɛ: “Ma me kwan kakra, na menkyerɛ wo, na meda so wɔ nsɛm bi meka ma Onyankopɔn. . . . Mede me yɛfo no bem mama no. . . . Onyi n’ani mfi ɔtreneeni so.”—Hiob 36:2-7.
8. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yegyina Yehowa akyi?
8 Dɛn nti na ɛho hia sɛ yegyina Yehowa akyi? Ɛnnɛ, wɔka yɛn Nyankopɔn Yehowa ho abususɛm wɔ akwan pii so sen bere biara. Wɔkyerɛ sɛ onni hɔ, sɛ ɔyɛ Baasakoro bi fã, na ɔyɛ nnipa ayayade daa wɔ hell-gya bi mu, sɛ ɔpɛ sɛ ɔsakra wiase no nkakrankakra, sɛ ɔnnwen nnipa ho, ne nea ɛkeka ho. Yɛkyerɛ sɛ yedi no nokware denam n’akyi a yegyina ne kyerɛ a yɛkyerɛ sɛ Yehowa wɔ hɔ so; sɛ ɔyɛ ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn a onim nyansa, ɔteɛ, na ɔwɔ dɔ; sɛ ɔwɔ bere a ɔde yɛ biribiara; na sɛ ne bere a wahyɛ no du a, ɔde bɔne nyinaa bɛba awiei, na wayɛ asase nyinaa paradise. (Ɔsɛnkafo 3:1) Eyi hwehwɛ sɛ yɛde hokwan biara a yebenya di Yehowa din ne n’Ahenni ho adanse.
Nokware a Yebedi Yehowa Ahyehyɛde No
9. Nsɛmpɔw bɛn ho na ebinom ada wɔn ho adi sɛ wɔnyɛ nokwaredifo?
9 Afei yɛadu nokware a yebedi Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu no so. Akyinnye biara nni ho sɛ, ɛsɛ sɛ yedi ɛno, a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” a ne so na wɔnam ma Kristofo asafo no honhom fam aduan ka ho no, nokware. (Mateo 24:45-47) Fa no sɛ biribi pue wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow mu a yɛnte ase anaa yennye ntom saa bere yi. Dɛn na yɛbɛyɛ? Yɛn bo befuw na yɛafi ahyehyɛde no mu? Saa na ebinom yɛe mfe pii a atwam ni, bere a Ɔwɛn-Aban no kae sɛ apam foforo no fa Mfirihyia Apem no ho no. Afoforo nso bo fuwii wɔ nea Ɔwɛn-Aban kae wɔ afã biara a wonni ho ɔsɛmpɔw no ho bere bi no ho. Sɛ wɔn a saa nsɛm yi too wɔn hintidua no dii ahyehyɛde no ne wɔn nuanom no nokware a, anka wɔtwɛnee Yehowa ma ɔmaa nsɛm yi mu daa hɔ, sɛnea ɔyɛe wɔ ne bere a ɛsɛ mu no. Enti, boasetɔ a yɛde bɛtwɛn akosi sɛ akoa nokwafo ne ɔbadwemma no de ntease foforo bɛto gua no nso ka nokwaredi ho.
10. Dɛn na nokwaredi remma yɛmfa ahopere ntie?
10 Nokware a yebedi Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu no kyerɛ nso sɛ yɛbɛkwati awaefo fekubɔ. Kristofo a wodi nokware remfa ahopere ntie nsɛm a nnipa a wɔte saa keka no. Ɛyɛ nokware sɛ wɔn a Yehowa Nyankopɔn de wɔn di dwuma ma wɔkyerɛ n’adwuma kwan wɔ asase so no nyɛ pɛ. Nanso dɛn na Onyankopɔn Asɛm ka kyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ? Sɛ yemfi Onyankopɔn ahyehyɛde no mu? Dabi. Ɛsɛ sɛ onuadɔ ka yɛn ma yɛbata ho, na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ‘fi koma mu dodɔ yɛn ho denneennen.’—1 Petro 1:22.
Nokwaredi ma Mpanyimfo a Wodi Nokware
11. Adwene a ɛnteɛ bɛn na nokwaredi bɛboa ma yɛako atia?
11 Sɛ wɔka, anaa wɔyɛ biribi wɔ asafo no mu a ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛte ase a, nokwaredi bɛma yɛakwati sɛ yebebu afoforo nsusuwii ho atɛn, na ɛbɛboa yɛn ma yɛafa no sɛ ebia ɛyɛ biribi a egye nhumu. Ɛnyɛ papa sɛ yɛde yɛn adwene besi su pa ahorow a mpanyimfo a wɔapaw wɔn no ne mfɛfo gyidifo foforo wɔ so mmom sen sɛ yɛde besi wɔn sintɔ ahorow so? Yiw, yɛpɛ sɛ yɛko tia nsusuwii bɔne a ɛtete saa nyinaa, efisɛ ɛmma yenni nokware! Nokwaredi bɛboa yɛn nso ma yɛatie Paulo akwankyerɛ a ese ‘yenntwiri obi’ no.—Tito 3:1, 2.
12, 13. Sɔhwɛ atitiriw bɛn na mpanyimfo no hyia?
12 Mpanyimfo hyia nokwaredi ho sɔhwɛ atitiriw bi. Sɔhwɛ ahorow yi mu biako ne ahintasɛm so a wɔkora. Asafo no muni betumi aka ne kokoam asɛm akyerɛ ɔpanyin bi. Nokware a ɔpanyin no bedi ama onii no bɛma wakwati sɛ obebu ahintasɛm ho nnyinasosɛm no so. Obedi afotu a ɛwɔ Mmebusɛm 25:9 no so: “Nyi obi ahintasɛm adi.” Ɛno kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ ɔma n’ankasa yere mpo te!
13 Mpanyimfo wɔ nokwaredi ho sɔhwɛ afoforo a ɛsɛ sɛ wogyina ano. So wɔbɛyɛ wɔn a wɔsɔ nnipa ani, anaasɛ wɔde akokoduru ne odwo bɛboa wɔn a wohia nteɛso, sɛ ɛba mpo sɛ wɔyɛ wɔn honam fam abusuafo anaa wɔn nnamfo paa a? Nokware a wobedi ama Yehowa ahyehyɛde no bɛma yɛn mu bi a wɔyɛ mpanyimfo no abɔ mmɔden aboa obiara a ohia honhom fam mmoa no. (Galatifo 6:1, 2) Yɛbɛyɛ nkurɔfo a wɔn yam ye de, nanso nokwaredi bɛma yɛaka nsɛm pefee akyerɛ yɛn yɔnko panyin, sɛnea ɔsomafo Paulo kasa kyerɛɛ ɔsomafo Petro pefee no. (Galatifo 2:11-14) Nanso, ahwɛfo no bɛhwɛ yiye na wɔanyɛ wɔn nneɛma wɔ ɔkwan a nyansa nnim so, anaasɛ wɔanhwɛ nnipa anim, anaa ɔkwan foforo no so no, wɔamfa wɔn tumi no anni dwuma ɔkwammɔne so, na wɔamma anyɛ den amma wɔn a wɔwɔ wɔn hwɛ ase no sɛ wobedi Onyankopɔn ahyehyɛde no nokware.—Filipifo 4:5.
14, 15. Nneɛma bɛn na ebetumi asɔ asafo no mufo nokwaredi ahwɛ?
14 Nokware a yebedi asafo no ne ne mpanyimfo ho asɛm no wɔ afã foforo nso. Sɛ ɛte sɛ nea tebea horow bi a ɛhaw adwene wɔ asafo no mu a, eyi ma yenya hokwan de da yɛn nokwaredi ma Yehowa ne n’ananmusifo adi. (Hwɛ September 1, 1987, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 25-30.) Sɛ wɔatu obi a, nokwaredi hwehwɛ sɛ yegyina mpanyimfo no akyi, a yɛmmɔ mmɔden sɛ yɛbɛkyerɛ sɛ ebia wɔannya adanse a ɛdɔɔso a wogyinaa so yɛɛ saa.
15 Nokwaredi ma asafo no hwehwɛ nso sɛ yɛde yɛn ho hyɛ dapɛn dapɛn nhyiam ahorow anum no nyinaa mu kosi baabi a yɛn nsɛm tebea ne yɛn ahoɔden bɛma yɛn kwan biara. Nokwaredi hwehwɛ sɛ ɛnyɛ sɛ yɛbɛkɔ daa kɛkɛ, na mmom ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho, na yɛma mmuae ahorow a ɛma denhyɛ nso sɛnea yebenya hokwan no.—Hebrifo 10:24, 25.
Aware mu Nokwaredi
16, 17. Nokwaredi ho sɔhwɛ ahorow bɛn na Kristofo awarefo hyia?
16 Hena nso na ɛsɛ sɛ yedi no nokware? Sɛ yɛaware a, esiane yɛn aware ntanka no nti, ɛsɛ sɛ yegyina nokware a yebedi yɛn aware mu hokafo no ho sɔhwɛ no ano. Nokware a yebedi yɛn hokafo no bɛma yɛakwati sɛ yebedi mfomso akyerɛ mmea anaa mmarima foforo ho anigye asen yɛn yere anaa yɛn kunu. Nokware a yebedi ama yɛn hokafo nso hwehwɛ sɛ yɛnkeka yɛn hokafo no mmerɛwyɛ anaa ne sintɔ ahorow ho nsɛm nkyerɛ afoforo. Ɛyɛ mmerɛw sɛ yebenwiinwii akyerɛ afoforo sen sɛ yɛbɛbɔ mmɔden denneennen ama yɛne yɛn hokafo ntam nkitahodi atu mpɔn, na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa ma ɛne Mmara Pa no hyia. (Mateo 7:12) Nokwarem no, aware mu nsɛm yɛ sɔhwɛ ankasa wɔ nokware a yebedi sɛ Kristofo no ho.
17 Sɛ yebetumi agyina nokwaredi ho sɔhwɛ yi ano a, ɛnyɛ bɔne a anibere wom nko na ɛsɛ sɛ yɛkwati, na mmom ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn nsusuwii ne yɛn nkate ankasa nso ho ban. (Dwom 19:14) Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛn koma daadaafo no rehwehwɛ anigyede ne ahomeka adifudepɛ so a, ɛyɛ mmerɛw koraa sɛ yɛnam pɛsɛmenkominya so bɛkyerɛ biribi ho anigye akosi sɛ yebenya ho akɔnnɔ. Bere a Ɔhene Salomo rehyɛ aware mu nokwaredi ho nkuran no, otu okununom fo wɔ sɛnkyerɛnne kwan so sɛ ‘wɔnnom wɔn ankasa abura mu nsu nkutoo.’ (Mmebusɛm 5:15) Na Yesu kae sɛ: “Obiara a ɔhwɛ ɔbaa na ne kɔn dɔ no no, na wafa no ne komam dedaw.” (Mateo 5:28) Okununom a wɔn ani gye nguamansɛm ho wɔ asiane a ɛne sɛ ebetumi atwetwe wɔn ma wɔasɛe aware mu, na wɔnam saayɛ so atwa wɔn yerenom nkontompo wɔ nna ho. Saa ara na ɔyere a n’ani gye sini a ɛfa awaresɛe ho betumi abɛyɛ obi a onni ne kunu nokware. Nanso, sɛ yedi yɛn hokafo nokware ankasa a, yɛhyɛ aware abusuabɔ no mu den, na yɛboa yɛn ho yɛn ho wɔ mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛsɔ Yehowa Nyankopɔn ani no mu.
Nneɛma a Ɛboa Ma Yedi Nokware
18. Dɛn ho anisɔ na sɛ yenya a, ɛbɛboa yɛn ma yɛadi nokware?
18 Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛatumi agyina nokwaredi ho sɔhwɛ ano wɔ nneɛma anan yi mu: nokware a yebedi Yehowa, n’ahyehyɛde no, asafo no, ne yɛn aware mu ɔhokafo? Mmoa biako ne hu a yebehu sɛ nokwaredi ho sɔhwɛ ano a yebegyina ne Yehowa tumidi a yebebu no bem wɔ abusuabɔ. Yiw, sɛ yɛkɔ so di nokware a, yɛda no adi sɛ yebu Yehowa sɛ ɔne Amansan Sodifo no. Saa kwan no so no, yebetumi anya obu ama yɛn ho na yɛanya daa nkwa wɔ Yehowa wiase foforo no mu ho anidaso nso. Yɛnam nokwaredi ho nhwɛso pa ahorow ho a yebesusuw, fi Yehowa so kosi wɔn a wɔabobɔ wɔn din wɔ Bible mu ne yɛn Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow a Yearbook mu nsɛm ka ho no mu so betumi aboa yɛn ma yɛakɔ so adi nokware.
19. Dwuma bɛn na gyidi di wɔ nokware a yebedi mu?
19 Yehowa Nyankopɔn mu gyidi a ɛyɛ den, ne osuro a yɛwɔ sɛ yɛrenyɛ nea n’ani nnye ho no bɛboa yɛn ma yɛagyina nokwaredi ho sɔhwɛ no ano. Yɛnam Onyankopɔn Asɛm no a yɛde nsiyɛ sua ne Kristofo som adwuma mu a yɛde yɛn ho hyɛ so hyɛ Yehowa mu gyidi ne osuro a yɛwɔ no mu den. Eyi bɛboa yɛn ma yɛayɛ yɛn ade ma ɛne Paulo afotu a ɛwɔ Efesofo 4:23, 24 no ahyia: “Momma wɔnyɛ mo foforo mo adwene honhom mu, na monhyɛ onipa foforo a wɔbɔɔ no Nyankopɔn so, nokware trenee ne ahotew mu.”
20. Nea ɛsen ne nyinaa no, su bɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛadi Yehowa ne afoforo a ɛfata sɛ yedi wɔn nokware nyinaa no nokware?
20 Yehowa su ahorow ho anisɔ a yenya no boa yɛn ma yedi nokware. Nea ɛsen ne nyinaa no, ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim a yebenya ama yɛn soro Agya, ne aseda a yɛde bɛma no wɔ nea wayɛ ama yɛn nyinaa ho, na yɛde yɛn koma ne yɛn kra ne yɛn adwene ne yɛn ahoɔden nyinaa adɔ no no bɛboa yɛn ma yɛadi no nokware. Afei nso, ɔdɔ a Yesu kae sɛ wɔde behu n’akyidifo no a yebenya no bɛboa yɛn ma yɛadi Kristofo a wɔwɔ asafo no ne yɛn abusua mu nyinaa nokware. Sɛ yɛbɛka no ɔkwan foforo so a, ɛfa pɛsɛmenkominya a yɛbɛyɛ anaa yɛnyɛ ho ankasa. Sɛ obi nni nokware a na ɔyɛ pɛsɛmenkominya. Nokware a obi di kyerɛ sɛ ɔyɛ ɔyamyefo.—Marko 12:30, 31; Yohane 13:34, 35.
21. Ɔkwan bɛn so na yebetumi abɔ nokware a yebedi ho sɔhwɛ ano a yebegyina ho asɛm no mua?
21 Sɛ yɛbɛbɔ asɛm no mua a: Nokwaredi yɛ su a ɛkyɛn so a Yehowa Nyankopɔn, Yesu Kristo, ne Yehowa asomfo anokwafo nyinaa da no adi. Sɛ yɛne Yehowa Nyankopɔn benya abusuabɔ pa a, ɛsɛ sɛ yegyina nokware a yebedi no ho sɔhwɛ no ano denam tra a yɛbɛtra ase sɛnea ne trenee ahwehwɛde ahorow kyerɛ so, denam n’atamfo a yɛne wɔn nyɛ hwee so, ne Yehowa akyi a yebegyina wɔ adanse a yɛhyɛ da di ne bɔnnɔ so de so. Ɛsɛ sɛ yegyina nokware a yebedi ama Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu ho sɔhwɛ no nso ano. Ɛsɛ sɛ yedi yɛn asafo ahorow nokware, na yedi yɛn aware mu ahokafo nokware. Sɛ yegyina nokwaredi ho sɔhwɛ no ano nkonimdi mu a, na yɛrebu Yehowa tumidi bem, na na yɛregyina n’afã wɔ ɔsɛmpɔw no mu. Yɛnam saayɛ so benya n’anim dom, na yebenya daa nkwa akatua no. Yebetumi aka nea ɔsomafo Paulo kae wɔ onyamesom pa ho no nso afã nokwaredi ho sɔhwɛ ano a yebegyina no ho. Ɛho wɔ mfaso wɔ nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne nea ɛrebɛba no mu.—Dwom 18:25; 1 Timoteo 4:8.
Wubebua Dɛn?
◻ Akwan bɛn so na yebetumi agyina nokware a yebedi ama Onyankopɔn ho sɔhwɛ no ano?
◻ Dɛn na nokware a yebedi Yehowa ahyehyɛde no hwehwɛ sɛ yɛyɛ?
◻ Ɔkwan bɛn so na mpanyimfo betumi agyina nokwaredi ho sɔhwɛ no ano?
◻ Nokwaredi ho sɔhwɛ bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo awarefo gyina ano?
◻ Su horow bɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛatumi agyina nokwaredi ho sɔhwɛ no ano?
[Kratafa 17 mfonini]
Nokware a mpanyimfo bedi asafo no mufo no bɛma wɔakwati sɛ wobeyi ahintasɛm adi
[Kratafa 18 mfonini]
Nokware a obi di n’aware mu ɔhokafo no hyɛ aware abusuabɔ no mu den