Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 3/15 kr. 28-30
  • Ná Hena Ne Theophilus A Ofi Antiokia?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ná Hena Ne Theophilus A Ofi Antiokia?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ne Ho Abakɔsɛm
  • Ne Nkyerɛwee no Mu a Yɛbɛhwehwɛ
  • Adanse a Ɛsom Bo
  • Luka—Ɔdɔfo Ne Yɔnko Dwumayɛni
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • “Mobɛyɛ M’Adansefo”
    ‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
  • Ɔtaa De Nkɔso Ba Antiokia
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • So Wokae?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 3/15 kr. 28-30

Ná Hena Ne Theophilus A Ofi Antiokia?

“MOFRƐ me Kristoni, te sɛ nea ɛyɛ abusudin a ɛda me so, nanso me fam no, meka no pen sɛ, meyɛ Kristoni, na edin yi da me so sɛ obi a Onyankopɔn pɛ n’asɛm a mehwɛ kwan sɛ metumi asom Onyankopɔn.”

Theophilus de nsɛm yi na ebuee ne nhoma a ɛwɔ afa abiɛsa a wɔato din Theophilus to Autolycus no ano. Ɛyɛ nsɛm a ɔde yii ne ho ano tiaa afeha a ɛto so abien mu awaefo no mfiase. Theophilus fi akokoduru mu daa ne ho adi sɛ Kristo kyidini. Ɛda adi sɛ na wasi ne bo sɛ ɔbɛbɔ ne bra ma wabɛyɛ obi a “Onyankopɔn pɛ n’asɛm,” na ama ɛne ne din no Hela nkyerɛase no ahyia. Ná hena koraa ne Theophilus? Bere bɛn na ɔtraa ase? Na dɛn na otumi yɛe?

Ne Ho Abakɔsɛm

Wonnim Theophilus ho abakɔsɛm pii. Ná n’awofo a wɔtetee no no nyɛ Kristofo. Akyiri yi na Theophilus bɛyɛɛ Kristoni nanso ɔhwehwɛɛ Kyerɛwnsɛm no mu yiye ansa. Ɔbɛyɛɛ Siria Antiokia a nnɛ wɔfrɛ hɔ Antakya a ɛwɔ Turkey no asafo no mu sɔfo panyin.

Nea ɛne Yesu ahyɛde hyia no, afeha a edi kan Kristofo kaa asɛm no wɔ Antiokiafo no mu. Luka yɛɛ wɔn mmɔdenbɔ no ho kyerɛwtohɔ, na ɔkae sɛ: “Na Yehowa nsa ka wɔn ho, na nnipa pii gye dii, na wɔdan baa Awurade nkyɛn.” (Asomafo no Nnwuma 11:20, 21 NW) Sɛnea wofi soro de akwankyerɛ mae no, wɔbɛfrɛɛ Yesu Kristo akyidifo sɛ Kristofo. Siria Antiokia na wodii kan de abodin yi dii dwuma. (Asomafo no Nnwuma 11:26) Ɔsomafo Paulo tuu kwan kɔɔ Siria Antiokia wɔ afeha a edi kan Y.B. no mu, na ɛhɔ bɛyɛɛ n’akwantu mfiase. Barnaba ne Paulo a na Yohane Marko ka wɔn ho no, fi Antiokia na etuu wɔn asɛmpatrɛw kwan a edi kan no.

Ɛbɛyɛ sɛ asomafo no nsrahwɛ a ɛde wɔn kɔɔ tete Kristofo a na wɔwɔ Antiokia kuropɔn mu no hyɛɛ wɔn nkuran yiye. Akyinnye biara nni ho sɛ, ɔkwan bi so no, anigye kɛse a wɔdaa no adi wɔ Onyankopɔn Asɛm mu nokware ho no fi afeha a edi kan sodikuw no ananmusifo nsrahwɛ a ɛhyɛ gyidi den no. (Asomafo no Nnwuma 11:22, 23) Hwɛ nkuranhyɛ ara a eyi bɛyɛ ama wɔn sɛ wobehu sɛ nnipa a wɔte Antiokia no pii ahyira wɔn nkwa so ama Yehowa Nyankopɔn! Nanso, Theophilus traa Antiokia wɔ ɛno akyi bɛboro mfirihyia 100.

Abakɔsɛm kyerɛwfo Eusebius kae sɛ, sɛ wɔkan fi Kristo asomafo no so a, na Theophilus yɛ Antiokia sɔfo panyin a ɔto so asia. Theophilus kyerɛwee nkɔmmɔbɔ ne akyinnyesɛm ahorow a etia ɔwae dodow bi. Ná ɔka ne bere so nnipa 12 anaa nea ɛboro saa a wogyinaa wɔn Kristofo gyidi akyi no ho.

Ne Nkyerɛwee no Mu a Yɛbɛhwehwɛ

Ɔrema nkɔmmɔbɔ bi ho mmuae no, Theophilus de nsɛm yi fii ne krataa a ɔkyerɛw kɔmaa ɔbosonsonni Autolycus no ase sɛ: “Nnipa a wɔyɛ mmɔbɔ na wɔasɛe wɔn adwene na wɔn ani gye anotew ne kasadɛw ne ayeyi ho te sɛ anuonyam hunu.” Theophilus kyerɛkyerɛ mu, na ɔka sɛ: “Obi a ɔdɔ trenee no ntie kasadɛw, na mmom, ɔhwehwɛ aba ankasa a ɛwɔ kasa no mu . . . Mode nsɛm huhuw ahaw me, na mode mo nnua ne abo anyame a moabobɔ na moayɛ no suban bi so, moasen na moanwene, a enhu ade nte asɛm, esiane sɛ wɔyɛ ahoni, nnipa nsa ano adwuma nti no, tu mo ho.”—Fa toto Dwom 115:4-8 ho.

Theophilus paa abosonsom nnaadaa ho ntama. Sɛnea ɔtaa kyerɛw no, ɔbɔ mmɔden ka sɛnea Onyankopɔn su ankasa te ma emu da hɔ ɛmfa ho sɛ ne nsɛm no ware ma ɛboro so. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Onyankopɔn hwɛbea yɛ nea wontumi nka na wɔnkyerɛkyerɛ mu, na wontumi mfa honam aniwa nhu. Efisɛ wontumi nte N’anuonyam ase, ne kɛseyɛ nni ahuye, wontumi nhu ne korɔn ano, ne tumi nni kabea, ne nyansa nni sɛso, wɔ papayɛ mu obiara ne no nsɛ, n’adɔe nni ano.”

Ɔde bi reka Onyankopɔn ho nkyerɛkyerɛmu yi ho no, Theophilus toa so sɛ: “Nanso ɔyɛ Awurade, efisɛ Odi amansan so; Agya, efisɛ odi biribiara kan; Ɔyɛfo ne Ɔbɔadeɛ, efisɛ Ɔno ne amansan bɔfo ne ne yɛfo; Nea ɔkorɔn sen biara, efisɛ biribiara hyɛ n’ase; ne Ade Nyinaa so Tumfoɔ, efisɛ ɔno ankasa na odi ade nyinaa so na biribiara hyɛ ne nsa.”

Afei ɔretwe adwene asi nneɛma pɔtee a Onyankopɔn ayɛ so no, Theophilus kɔ so sɛnea ɔtaa yɛ no, na ɔka biribiara fefeefe ti nsɛm mu wɔ ɔkwan bi so, na ɔka sɛ: “Efisɛ ɔsoro yɛ N’adwuma, asase yɛ N’abɔde, ɛpo yɛ Ne nsa ano adwuma; Ɔno na ɔnwenee onipa wɔ Ne sɛso so; owia, ɔsram, ne nsoromma yɛ N’abɔde, a ɔyɛ maa sɛnkyerɛnne, ne mmere ne nna ne mfe, na asom nnipa sɛ nkoa; na Onyankopɔn ayɛ nneɛma nyinaa afi nneɛma a na enni hɔ mu ma abɛyɛ nea ɛwɔ hɔ, na yɛnam Ne nnwuma so ahu Ne kɛseyɛ ate ase.”

Yehu Theophilus ntua wɔ ne bere so atoro anyame so no ho nhwɛso foforo wɔ nsɛm a edidi so a ɔkyerɛw kɔmaa Autolycus yi mu: “Wɔn a moka sɛ mosom wɔn no yɛ nnipa a wɔawuwu din. . . . Na na wɔyɛ nnipa bɛn? So na wonnim Saturn sɛ obi a odi nnipa nam, a okum n’ankasa mma dii wɔn nam? Na sɛ moto ne babarima din Jupiter a, . . . sɛnea onum abirekyi nufu . . . Ɛne ne nnwuma foforo,—ne nua a ɔne no dae, n’awaresɛe, ne n’akɔnnɔ bɔne.”

Ɔrebae ne nsɛm mu no, Theophilus hyɛ ne gyinabea a etia abosonsom no mu den. Ɔkyerɛw sɛ: “Sɛ mɛkɔ so abobɔ mmoa a Misrifo som wɔn no din a, mmoa a wɔwea fam, ne anantwi, ne akekaboa, ne nnomaa, ne nsu mu mpataa . . . Helafo ne aman a aka no som abo ne nnua, ne nneɛma ahorow a wɔde nsa yɛ.” Theophilus ka sɛ: “Nanso Onyankopɔn, Onyankopɔn teasefo ne ɔnokwafo no na mesom no.”—Fa toto 2 Samuel 22:47; Asomafo no Nnwuma 14:15; Romafo 1:22, 23 ho.

Adanse a Ɛsom Bo

Afotu ne nkuranhyɛsɛm a ɛwɔ Theophilus nkyerɛwee a wɔakyɛ mu abiɛsa a ɔde bɔɔ Autolycus nsɛm gui no wɔ afã ahorow pii na nsɛm no kɔ akyiri. Theophilus nkyerɛwee afoforo nso kasa tiaa Hermogenes ne Marcion. Ɔkyerɛw nhoma ahorow a na ɛma akwankyerɛ ne nimdeɛ nso, na ɔde Nsɛmpa no ho nkyerɛkyerɛ ma kaa ho. Nanso nhoma abiɛsa a ɔkyerɛw kɔmaa Autolycus no na wɔaka abom akora so.

Ne nhoma a edi kan no yɛ gyidi ho nkyerɛkyerɛmu a ɔkyerɛw kɔmaa Autolycus de gyinaa Kristosom akyi. Nhoma a ɛto so abien a ɔde kɔmaa Autolycus no kasa tia abosonsom a agye din, adwenkyerɛ hunu, nyansapɛfo, ne anwensɛm akyerɛwfo. Wɔde abosonsom nhoma toto Kyerɛwnsɛm no ho wɔ Theophilus nhoma a ɛto so abiɛsa no mu.

Ɛda adi sɛ bere a Theophilus fii ne nhoma a ɛto so abiɛsa ase no, na Autolycus da so ara kura adwene sɛ Asɛm a ɛyɛ nokware no yɛ anansesɛm ara kwa. Theophilus kasa tia Autolycus, na ɔka sɛ “W’ani gye nkwaseafo ho. Ɛnte saa a anka nnipa a wonnim nyansa ntumi mfa wɔn nsɛm hunu nnaadaa wo mma wunnye atesɛm a aba so nni.”

Ná dɛn ne saa “atesɛm a aba so” no? Theophilus kyerɛ ne fibea. Ntwirifo “de wɔn ano a ennye Onyankopɔn ntom no bɔ yɛn a yɛsom Onyankopɔn na wɔfrɛ yɛn Kristofo no atoro sobo sɛ yɛn mu biara tumi fa ne yɔnko yere ne no da; na mpo, yɛne yɛn ankasa nuabeanom deda, na nea ɛyɛ atantanne ne aniwusɛm sen ne nyinaa ne sɛ yedi nnipa nam.” Theophilus bɔɔ mmɔden ko tiaa adwene a ɛmfata koraa a abosonsom nyae wɔ afeha a ɛto so abien Kristofo ho no. Ɔde nokware hann a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm a wɔde ne honhom kyerɛwee no na edii dwuma.—Mateo 5:11, 12.

Hebri ne Hela Bible mu nsɛm no nyinaa a na Theophilus taa de di dwuma no di adanse sɛ na onim Onyankopɔn Asɛm no mu. Ɔyɛ wɔn a wodii kan kyerɛkyerɛɛ Nsɛmpa no mu no biako. Theophilus adwene a ɔdan kɔɔ Kyerɛwsɛm so pii no ma yehu adwene a na ne bere sofo no wɔ no yiye. Ɔde nimdeɛ a na ɔwɔ wɔ nkyerɛwee a efi honhom mu no dii dwuma de kyerɛɛ korɔn a na ɛkorɔn sen abosonsom nyansapɛ koraa no.

Ebia sɛnea Theophilus hyehyɛɛ ne nsɛm, sɛnea ɔkaa ne nsɛm, ne sɛnea otii nsɛm mu no nyɛ nea ebinom ani gye ho. Yentumi nkyerɛ sɛnea ɔwae a wɔkaa ho asɛm siei no nyaa teɛ a ne nsusuwii teɛ no so nkɛntɛnso fae nnɛ. (2 Tesalonikafo 2:3-12) Nanso, ɛde kosi bere a owui wɔ bɛyɛ 182 Y.B. mu no, na ɛda adi sɛ Theophilus atumi ayɛ obi a ogyinaa ne gyidi akyi a wampa abaw, a ne nkyerɛwee ho wɔ mfaso ma yɛn nnɛ bere yi mu Kristofo anokwafo.

[Kratafa 30 mfonini]

Theophilus fi akokoduru mu bɔɔ Autolycus nsɛm gui

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 28]

Wɔfaa mfonini ahorow a ɛwɔ nkratafa 28 ne 30 no fii Illustrirte Pracht - Bibel/Heilige Schrift des Alten und Neuen Testaments, nach der deutschen Uebersetzung D. Martin Luther’s mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena