Yehowa Nsa A Ɔdɔ Wom Ase A Mesom
SƐNEA LAMBROS ZOUMBOS KA KYERƐE
Mihyiaa biribi a ɛsɛ sɛ mepaw ho gyinaesi bi a emu yɛ den bi: sɛ́ megye hokwan a me papa kumaa a ɔwɔ sika de maa me sɛ memmɛyɛ n’adan ne ne nsase pii no so panyin—a menam saayɛ so bedi m’abusua sikasɛm ho haw ahorow ho dwuma—anaasɛ mɛyɛ Yehowa Nyankopɔn bere nyinaa somfo. Ma menkyerɛkyerɛ nokwasɛm ahorow a awiei koraa no ɛmaa misii gyinae a misii no mu.
WƆWOO me wɔ kurow Volos a ɛwɔ Greece no mu wɔ 1919 mu. Na me papa tɔn mmarima ntade, na na yedi yiye honam fam. Nanso sikasɛm a ɛsɛee wɔ 1920 mfe no awiei mu no maa Paapa bɔɔ ka, na ne sotɔɔ no fii ne nsa. Bere biara a mihui sɛ me papa anim ayɛ basaa no, me werɛ howee.
Ankyɛ na m’abusua no bedii hia buruburoo. Da biara na mifi sukuu bere a aka dɔnhwerew biako ma yɛapɔn no kɔto santen kogye aduan a wɔkyekyɛ. Nanso, ɛmfa ho sɛ na yedi hia no, na yɛwɔ asomdwoe wɔ yɛn abusua mu. Na me botae ne sɛ mɛyɛ oduruyɛfo, nanso midii bɛyɛ mfe dunum kosi dunson mu hɔ no na ɛsɛ sɛ migyae sukuu na mifi ase yɛ adwuma na ama matumi aboa m’abusua no ma agyina.
Afei, wɔ Wiase Ko II no mu no, Germanfo ne Italiafo ko faa Greece, na ɔkɔm kɛse bae. Mpɛn pii na mihui sɛ ɔkɔm rekunkum nnamfo ne amannifo wɔ mmɔnten so—ahude a me werɛ remfi da! Bere bi, yɛn abusua no kyenee kɔm nnafua 40 a yɛanni paanoo, aduan titiriw a ɛwɔ Greece. Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛakɔ so atra ase no, me ne me nuabarima panyin kɔɔ akuraa bi a ɛbɛn ase kogyee ntɔmmɔ fii nnamfo ne abusuafo hɔ.
Ɔyare Bi Bɛdan Nhyira
Mpafe bi a emu yɛ den sii me wɔ 1944 mfiase. Wɔ asram abiɛsa a midii wɔ ayaresabea no mu no, me papa nua ba bi brɛɛ me nhomawa abien kae sɛ: “Kenkan eyi; mewɔ awerɛhyem sɛ w’ani begye ho.” Ɔwɛn Aban Asafo no na wotintimii Who Is God? ne Protection nhomawa no. Mekenkan wiei no, mekaa mu nsɛm kyerɛɛ me mfɛfo a wɔyare no.
Mifii ayaresabea no, mede me ho bɔɔ Yehowa Adansefo Asafo a ɛwɔ Volos no. Nanso, mekaa fie ɔsram biako sɛ ɔyarefo a ne ho resan no, na da koro mede nnɔnhwerew asia kosi awotwe kenkan Ɔwɛn-Aban dedaw, ne nhoma foforo a Ɔwɛn Aban Asafo no tintimii no. Ne saa nti, minyinii honhom fam ntɛmntɛm.
Gye a Wogyee Me Fii Owu Mu
Wɔ 1944 mfinimfini mu da bi no, na mete benkyi bi a esi prama bi so so wɔ Volos. Mpofirim ara na nkurɔfokuw bi a wɔte sɛ asraafo a wɔtaa German asraafo a wɔako afa ɔman no akyi betwaa beae no ho hyiae kyeree obiara a na ɔwɔ hɔ. Wɔmaa yɛn a na yɛn dodow bɛyɛ aduonu anan no too santen faa mmɔnten so de yɛn kɔɔ Gestapo adwumayɛbea ti a ɛwɔ ofie bi a wɔde tawa sie mu no mu.
Simma kakraa bi akyi no, metee sɛ obi rebɔ me ne onipa a na me ne no rekasa wɔ prama no so no din. Greece ɔsraani panyin bi frɛɛ yɛn ka kyerɛɛ yɛn sɛ bere a me busuani bi hui sɛ asraafo de yɛn rekɔ no na ɔka kyerɛɛ no sɛ yɛyɛ Yehowa Adansefo. Afei Greece sraani panyin no kae sɛ yebetumi akɔ fie, na ɔde ne tumi krataa maa yɛn na sɛ ɛba sɛ wɔkyere yɛn bio a yɛde akyerɛ.
Ɛda a edi hɔ no yɛtee sɛ Germanfo no akunkum wɔn a wɔkyeree wɔn no mu dodow no ara sɛ nea wɔde retɔ German asraafo baanu a Greece akofofo a wɔko tia Germanfo no kunkum wɔn no so were. Sɛ mede gye a wogyee me fii owu a anka mereyɛ awu mu no to nkyɛn a, misuaa mfaso a ɛwɔ afã biara a Kristofo nni no so saa da no.
Wɔ 1944 otwabere mu no, mede nsu mu asubɔ yɛɛ m’ahosohyira ho sɛnkyerɛnne. Ahohuru bere a edi hɔ mu no, Adansefo no yɛɛ nhyehyɛe maa mekɔɔ Sklithro Asafo a ɛwɔ mmepɔw so no mu, baabi a na metumi ate apɔw ankasa. Ná ɔmanko a ɛbae bere a Germanfo fii Greece akyi no rekɔ so. Ɛbae sɛ na akuraa a mewɔ ase no ne akofofo a wɔnyɛ asraafo no asoɛe. Ɛhɔ sɔfo no ne ɔbarima tirimɔdenfo bi bɔɔ me sobo sɛ meyɛ aban asraafo kwansrafo, na wɔma wɔkɔbisabisaa me nsɛm wɔ akofofo a wɔnyɛ asraafo no asɛnnibea bi a wɔn ankasa ahyehyɛ anim.
Ná akofofo a wɔnyɛ asraafo a wɔwɔ beae no panyin no wɔ asɛnni a wonnye bere nhwehwɛ nneɛma mu yiye no ase. Bere a mekyerɛkyerɛɛ nea enti a mewɔ akuraa no ase, na mekyerɛɛ wɔn sɛ sɛ́ Kristoni no, minni ɔfã biara koraa wɔ ɔmanko mu no, ɔpanyin no ka kyerɛɛ afoforo no sɛ: “Sɛ obi de ne nsa ka saa nipa yi a, me ne no bedi!”
Akyiri yi mesan kɔɔ me kurom, Volos, a na mayɛ den kɛse wɔ gyidi mu mpo sen me honam fam akwahosan.
Honhom Fam Nkɔso
Ɛno akyi bere tiaa bi na wɔpaw me sika sohwɛfo wɔ ɛhɔ asafo no mu. Ɛmfa ho ahokyere a ɔmanko no de bae—a akyekyeakyekye pii a sobo a asɔfo no bɔɔ yɛn wɔ sakra a yɛsakra nkurɔfo kɔ yɛn som mu ka ho—no, Kristofo som adwuma mu kyɛfa a yenyae no maa me ne yɛn asafo no mufo a aka no nyaa anigye kɛse.
Afei, wɔ 1947 mfiase no, Yehowa Adansefo ɔhwɛfo kwantufo bi bɛsraa yɛn. Na eyi yɛ nsrahwɛ a ɛte saa a edi kan wɔ Wiase Ko II no akyi. Saa bere no wɔkyɛɛ yɛn asafo a ɛwɔ Volos a ɛredɔ no mu ma ɛbɛyɛɛ abien, na wɔpaw me sɛ ɔhwɛfo guamtrani wɔ asafo biako mu. Saa bere no na nkurɔfo bi a wɔte sɛ asraafo ne ɔmampɛ ahyehyɛde ahorow ama ehu aka nnipa. Asɔfo no de hokwan no dii dwuma. Wɔmaa atumfoɔ no sɔre tiaa Yehowa Adansefo denam yɛn ho atosɛm a wɔkekae sɛ yɛyɛ Komunisfo anaasɛ yɛyɛ akuw a wɔyɛ katee akyitaafo no so.
Akyekyeakyekye ne Afiasenna
Wɔ 1947 mu no, wɔkyeree me bɛyɛ mpɛn du, na wɔde me kɔɔ asɛnnibea mprɛnsa. Emu biara no, wogyaee me. Wɔ 1948 osutɔbere mu no, wɔde me too afiase asram anan sɛ meresakra nkurɔfo kɔ me som mu. Mitwaa afiase nna no wɔ Volos. Saa bere no yɛn asafo mu Ahenni adawurubɔfo bu bɔɔ ho abien, na anigye hyɛɛ anuanom koma ma.
Wɔ October 1948 mu, bere a me ne afoforo baasia a na wodi yɛn asafo no anim reyɛ nhyiam no, polisifo baanum bɔ wuraa fie hɔ de tuo kyerɛɛ yɛn so kyeree yɛn. Wɔde yɛn kɔɔ polisifo adwumayɛbea a wɔankyerɛ nea enti a wɔakyere yɛn, na wɔhwee yɛn wɔ hɔ. Polisini bi a wabɔ akuturuku pɛn de akuturuku bobɔɔ m’anim. Afei wɔde yɛn guu afiase dan ketewa bi mu.
Ɛno akyi no, ɛhɔ panyin no frɛɛ me kɔɔ ne dwumadibea. Bere a mibuee pon no, ɔtoo adubiri toa bi a ammɔ me, na ɛbɔɔ ɔfasu ho paee. Ɔyɛɛ eyi de bɔɔ mmɔden sɛ ɔde behunahuna me. Afei ɔmaa me kratasin ne kyerɛwdua hyɛe sɛ: “Kyerɛw Yehowa Adansefo a wɔwɔ Volos nyinaa din, na fa brɛ me anɔpa. Sɛ woanyɛ a, wunim nea ɛda hɔ retwɛn wo!”
Mammua, na bere a mekɔɔ afiase dan ketewa mu no, me ne anuanom a aka no bɔɔ Yehowa mpae. M’ankasa me din nko na mekyerɛw guu krataa no so twɛnee sɛ ɔbɛfrɛ me. Nanso mante biribi foforo biara amfi ɔpanyin no hɔ bio. Anadwo no, sɛɛ na asraafo a wɔko tia wɔn no baa hɔ, na odii ne mmarima no anim ko tiaa wɔn. Wopiraa no kɛse wɔ ɔko a ɛbae no mu ma na ɛsɛ sɛ wotwa ne nan biako. Awiei koraa no, wodii yɛn asɛm no, na wɔbɔɔ yɛn sobo sɛ yɛayɛ nhyiam a mmara mma ho kwan. Wɔde yɛn baason no nyinaa guu afiase mfe anum.
Esiane sɛ mankɔ Kwasida Mass wɔ afiase nti, wɔde me kɔtoo obiakofo afiase dan mu. Ne nnansa so no, meyɛɛ sɛ me ne afiase hwɛfo panyin no bɛkasa. Meka kyerɛɛ no sɛ: “Mede nidi nyinaa ka sɛ, ɛte sɛ nea nyansa nnim sɛ wɔbɛtwe obi a ɔpɛ sɛ ɔda afiase mfe anum esiane ne gyidi nti no aso.” Osusuw asɛm no ho anibere so, na awiei koraa no ɔkae sɛ: “Efi ɔkyena rekɔ wobɛyɛ adwuma wɔ me dwumadibea ha pɛɛ.”
Awiei koraa no, minyaa adwuma sɛ oduruyɛfo boafo wɔ afiase. Ne saa nti, misuaa akwahosan ho ade pii, ade a ɛso aba mfaso kɛse mfe bi akyi. Bere a meda afiase no, minyaa hokwan pii de kaa asɛm no, na nnipa baasa tiei bɛyɛɛ Yehowa Adansefo.
Aka kakra ma matwa mfe anan wɔ afiase no, woyii me wɔ 1952 mu a na wɔrehwɛ me sɛ mɛsesa. Akyiri yi, na ɛsɛ sɛ mekɔ asɛnnibea wɔ Corinth wɔ afã biara a wonni ho ɔsɛmpɔw ho. (Yesaia 2:4) Wɔde me too asraafo afiase bere tiaa bi wɔ hɔ, na wofii ase yɛɛ me ayayade bio. Asraafo no bi faa akwan foforo koraa so hunahunaa me kae sɛ: “Mede sekamma beyi wo koma atwitwa mu asinasin,” anaasɛ, “Nhwɛ kwan sɛ mede akorabo asia pɛ bɛbɔ wo ma woawu ntɛm.”
Sɔhwɛ Soronko Bi
Nanso, ankyɛ na mebaa fie, ne Volos Asafo no bɛsomee bio, na mede bere fã yɛɛ honam fam adwuma. Da bi, minyaa krataa fii Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ Athens no hɔ a na wɔreto nsa afrɛ me sɛ memmra mma wɔntete me adapɛn abien, na afei mimfi ase nsrasra Yehowa Adansefo asafo ahorow sɛ ɔmansin sohwɛfo. Saa bere no ara, me papa nuabarima kumaa bi a onni ba na ɔwɔ adan ne nsase pii, kae sɛ memmɛhwɛ n’agyapade no so. Na m’abusua no da so ara redi hia, na anka saa adwuma yi bedi wɔn sikasɛm mu haw ahorow no ho dwuma.
Mekɔsraa me papa kumaa no kɔkyerɛɛ anisɔ a mewɔ wɔ nea wayɛ ama me no ho, nanso meka kyerɛɛ no sɛ magye dwumadi titiriw bi atom wɔ Kristofo som adwuma no mu. Mekaa saa no, ɔsɔre gyinae hwɛɛ me dinn, na ofii dan no mu mpofirim. Ɔsan bae a na okura akyɛde a ɛyɛ sika a na ebetumi ahwɛ m’abusua no asram bi. Ɔkae sɛ: “Gye eyi, na fa yɛ nea wopɛ biara.” Mintumi nkyerɛkyerɛ nkate a minyae saa bere no mu de besi nnɛ. Na ɛte sɛ nea metee Yehowa nne sɛ ɛreka akyerɛ me sɛ, ‘Woapaw nea eye. Medi w’akyi.’
Mekɔɔ Athens December 1953 mu a na m’abusua no pene so. Ɛwom sɛ me maame nkutoo na ɔbɛyɛɛ Ɔdansefo de, nanso abusuafo a aka no ansɔre antia me Kristofo adwuma no. Bere a mekɔɔ baa dwumadibea wɔ Athens no, na asɛm foforo a m’ani nna so wɔ hɔ retwɛn me. Na me nuabea ayɛ telegram aba hɔ a ɛreka sɛ wɔapene Paapa pɛnhyen akatua a ɔde mfe abien apere ho sɛ ne nsa bɛka no so saa da no. Na dɛn bio na metumi abisa? Metee nka te sɛ nea mewɔ ntaban a masiesie me ho sɛ metu akɔ soro wɔ Yehowa som adwuma mu!
Ahwɛyiye a Meyɛe
Wɔ me mansin adwuma no mfiase mu no, na ɛsɛ sɛ meyɛ ahwɛyiye kɛse efisɛ na nyamesom ne amammui mu atumfoɔ retaa Yehowa Adansefo no denneennen. Sɛnea ɛbɛyɛ na makɔsra yɛn nuanom, titiriw wɔn a wɔtete nkurow nketewa ne nkuraase no, na menantew sum mu nnɔnhwerew pii. Anuanom a na wobetumi akyere wɔn no de boasetɔ hyiae twɛnee me wɔ fie bi mu. Hwɛ nkuranhyɛ pa a saa nsrahwɛ no maa yɛn nyinaa nyae!—Romafo 1:11, 12.
Sɛnea ɛbɛyɛ na wonhu me no, ɛtɔ da bi a na mesakra me ho. Bere bi, misiesiee me ho sɛ oguanhwɛfo sɛnea ɛbɛyɛ na matumi atwam wɔ ɔkwan mu baabi a wɔhwehwɛ nkurɔfo nneɛma mu akodu anuanom a wɔahyiam a na wohia honhom fam ɔhwɛ nkutoo no nkyɛn. Bere foforo, wɔ 1955 mu no, me ne ɔyɔnko Dansefo bi yɛɛ yɛn ho sɛnea yɛtɔn aanwo sɛnea ɛbɛyɛ a polisifo ani mma yɛn so. Na yɛn adwuma ne sɛ yebehu anuanom Kristofo bi a na wɔayɛ mmerɛw wɔ kurow ketewa Árgos Orestikón mu.
Yesiesiee yɛn aguade wɔ kurow no mu gua so. Nanso, polisini aberante bi a na ɔredi akɔneaba wɔ beae hɔ no ani baa yɛn so, na bere biara a otwaam hɔ no, ɔhwɛɛ yɛn yiye. Awiei koraa no, ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Wonsɛ obi a ɔtɔn aanwo.” Saa bere no ara na mmabaa baasa bae sɛ wɔrebɛtɔ aanwo. Bere a mede me nsa kyerɛɛ m’aguade no so no, meteɛɛm sɛ: “Saa polisini aberante yi di aanwo a ɛte sɛ eyi, na hwɛ sɛnea ne ho yɛ den na ne ho yɛ fɛ!” Mmea no hwɛɛ polisini no serewee. Ɔno nso serewee, na afei ofii hɔ kɔe.
Bere a ɔkɔe no, mede hokwan no kɔɔ aguadidan a yɛn honhom fam anuanom yɛ adwuma wɔ hɔ sɛ adepamfo no mu. Mekae sɛ wɔn mu biako nsi pɔtwom bi a na mate afi m’atade soro ho no. Bere a ɔyɛɛ eyi no, mebɔɔ me mu ase ka kyerɛɛ no sɛ: “Mifi baa dwumadibea na aba sɛ merebehu mo.” Mfiase no na anuanom no suro, efisɛ na wonhuu wɔn mfɛfo Adansefo mfe pii. Mehyɛɛ wɔn nkuran sɛnea metumi biara, na meyɛɛ nhyehyɛe sɛ mehyia wɔn akyiri yi wɔ kurow no amusiei na me ne wɔn akasa bio. Anigyesɛm ne sɛ, nsrahwɛ no hyɛɛ wɔn nkuran, na wɔbɛyɛɛ nsi bio wɔ Kristofo som adwuma no mu.
Ɔhokafo Nokwafo a Minyae
Mifii akwantu adwuma no ase mfe abiɛsa akyi no, mihyiaa Niki, Kristoni ababaa bi a na ɔwɔ dɔ kɛse ma asɛnka adwuma no, na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔde ne nkwa nna bɛyɛ bere nyinaa som adwuma no wɔ 1956 mu. Yenyaa ɔdɔ maa yɛn ho yɛn ho, na yɛwaree wɔ June 1957 mu. Na midwen ho sɛ ebia Niki betumi agyina akwantu adwuma no mu brɛ no ano, bere a na wɔtan Yehowa Adansefo kɛse wɔ Greece saa bere no anaa. Ɛdenam Yehowa mmoa so no otumii, enti ɔbɛyɛɛ ɔbea a odi kan a ɔkaa ne kunu ho wɔ ɔmansin adwuma no mu wɔ Greece.
Yɛboom yɛɛ akwantu adwuma no mfe du, somee asafo a ɛwɔ Greece no mu dodow no ara. Mpɛn pii na yɛsakraa yɛn ntade, nantew sum mu nnɔnhwerew pii kɔɔ asafo bi mu a na yekurakura yɛn nnaka. Ɛmfa ho ɔsɔretia kɛse a yehyiae no, yɛn ani gyei sɛ yehuu nkɔanim a ɛyɛ nwonwa a ɛbaa Adansefo no dodow mu no.
Betel Som
Wɔ January 1967 mu no, wɔtoo nsa frɛɛ me ne Niki sɛ yɛmmɛsom wɔ Betel, sɛnea wɔfrɛ Yehowa Adansefo baa dwumadibea no. Nsa a wɔto frɛɛ yɛn no maa yɛn baanu nyinaa ho dwiriw yɛn, nanso yɛpenee so, a na yɛwɔ ahotoso sɛ Yehowa na ɔrekyerɛ nneɛma kwan. Bere kɔɔ so no, yebenyaa anisɔ maa hokwan kɛse a ɛyɛ sɛ yɛbɛsom wɔ teokrase dwumadibea yi.
Yɛyɛɛ Betel adwuma asram abiɛsa akyi no, asraafo kuw bi bedii tumi, na na ɛsɛ sɛ Yehowa Adansefo kɔ so yɛ wɔn adwuma no wɔ sum ase. Yefii ase hyiae wɔ akuw nketewa mu, yɛɛ yɛn amansin nhyiam horow wɔ wuram, kaa asɛm anifere kwan so, na yetintimii Bible ho nhoma kyekyɛɛ no sum ase. Na ɛnyɛ den sɛ yɛbɛsakra yɛn dwumadi ma ɛne tebea horow yi ahyia, efisɛ na ɛyɛ akwan a yɛfaa so yɛɛ yɛn nnwuma mfe a atwam no ara na yɛasan akɔfa. Ɛmfa ho anohyeto ahorow no, Adansefo no dodow kɔɔ anim fi nea na ennu 11,000 wɔ 1967 mu koduu bɛboro 17,000 wɔ 1974 mu.
Bere a aka kakra na me ne Niki de mfe 30 ayɛ Betel som adwuma no, yɛkɔ so nya yɛn honhom fam nhyira horow a akwanside a akwahosan ne onyin de ba mfa ho. Yɛtraa baa dwumadibea adan a ɛwɔ Kartali Street a ɛwɔ Athens no mu bɛboro mfe du. Yehyiraa baa dwumadibea foforo a ɛwɔ Marousi, Athens borɔn bi so no so wɔ 1979 mu. Nanso efi 1991 reba no, yɛatra baa dwumadibea foforo a nneɛma nkyere so wɔ hɔ a ɛwɔ Eleona, Athens kusuu fam kilomita 60 no. Ɛha no mesom wɔ Betel ayaresabea, baabi a ntetee a minyae sɛ afiase oduruyɛfo boafo no so aba mfaso kɛse.
Bɛboro mfe aduanan a mede ayɛ bere nyinaa som adwuma no mu no, te sɛ Yeremia no, mabehu sɛnea Yehowa bɔhyɛ no yɛ nokware: “Na wɔne wo bedi ako, nanso wɔrentumi wo, efisɛ midi w’akyi, Awurade asɛm ni, na megye wo.” (Yeremia 1:19) Yiw, me ne Niki anya Yehowa nhyira kuruwa a ayɛ ma abu so no mu anigye. Yedi ahurusi daa wɔ ɔdɔ kɛse mu a ofi dwen yɛn ho ne ne dom no mu.
Nkuranhyɛ a mede ma mmofra a wɔwɔ Yehowa ahyehyɛde no mu ne sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ bere nyinaa som adwuma no mu. Wɔ saa kwan yi so no, wobetumi agye nsa a Yehowa to frɛ sɛ wɔnsɔ no nhwɛ sɛ obedi ne bɔhyɛ so ‘abue ɔsoro mfɛnsere na wahwie nhyira ma aboro so’ no so. (Malaki 3:10) Mifi m’ankasa suahu mu betumi ama mo mmofra awerɛhyem sɛ Yehowa behyira mo a mode mo ho to ne so koraa no nyinaa ankasa.
[Kratafa 26 mfonini]
Lambros Zoumbos ne ne yere, Niki